< 申命記 27 >
1 梅瑟與以色列的長老吩咐人民說:「你們應遵守我今天吩咐你們的一切命令。
Mose ne Israel mpanyimfo hyɛɛ ɔmanfo no se, “Munni mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so.
2 在你們過約但河,進入上主你的天主賜給你的土地的那一天,應豎立幾塊大石,塗上石灰;
Sɛ mutwa Yordan kodu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so a, monhyehyɛ abo akɛse na momfa akaadoo nsra ho.
3 在你過河進入上主你的天主賜給你的地方,即上主你祖先的天主許給你的流奶流蜜的地方之後,要立即將這法律的一切話刻在上面。
Sɛ mutwa Yordan kɔ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so, asase a ɛwo ne nufusu resen so no so a, monkyerɛw mmara no nyinaa ngu so sɛnea Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no.
4 所以,你們一過了約但河,就該照我今日吩咐你們的,在厄巴耳山上豎立這些石頭,塗上石灰;
Na sɛ mutwa Yordan a, monhyehyɛ abo yi wɔ Ebal bepɔw so sɛnea merehyɛ mo nnɛ yi na momfa akaadoo nsra ho.
5 並在那裏給上主你的天主建築一座祭壇,一座未用斧鑿的石頭修的祭壇;
Munsi afɔremuka, abo afɔremuka wɔ hɔ mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Mommfa dade biribiara nka.
6 應用未加入人工的石頭建築上主你的天主的祭壇,在上面給上主你的天主奉獻全燔祭,
Momfa abo amuamu nsi Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no na mommɔ ɔhyew afɔre wɔ so mma Awurade, mo Nyankopɔn no.
7 祭獻和平祭,並在那裏設宴,在上主你的天主面前歡樂。
Mommɔ asomdwoe afɔre nso wɔ so na momfa anigye nnidi wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim.
8 在這些石頭上,應清清楚楚刻上這法律的一切話。」
Monkyerɛw mmara no mu nhyehyɛe nyinaa pɛpɛɛpɛ ngu abo a wɔde akaadoo asra ho no so.”
9 梅瑟和肋未司祭對全以色列人說:「以色列人! 你們應靜默細聽:你今天既成了上主你的天主的人民,
Afei, Mose ne Lewifo asɔfo kasa kyerɛɛ Israelfo no se, “Israel, monyɛ komm na muntie! Nnɛ, moabɛyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, manfo.
10 就應聽從上主你的天主的話,遵行我今日給你吩咐的上主的誡命和法令。」
Monyɛ osetie mma Awurade, mo Nyankopɔn no, na munni ne mmara ne nʼahyɛde a mede rema mo nnɛ yi so.”
Saa da no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfo no se:
12 你們過了約但河以後,應站在革黎斤山上祝福人民的,是西默盎、肋未、猶大、依撒加爾、若瑟和本雅明;
Sɛ mutwa Asubɔnten Yordan a Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuw na wonnyina Gerisim bepɔw so nhyira ɔman no.
13 站在厄巴耳山上宣布詛咒的,是勒烏本、加得、阿協爾、則步隆、丹和納斐塔里。
Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuw nso nnyina Ebal bepɔw so nnome.
Lewifo nteɛteɛ mu nworo ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so se:
15 那製造上主所憎惡的雕像或鑄像,並將匠人的作品,放在暗處的人,是可咒罵的。全體人民應答說:阿們。
“Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen anaa nea wɔagu de ahyɛ kokoa mu. Saa ahoni, adwumfo nsa ano nnwuma yi yɛ Awurade akyiwade.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
16 蔑視父親和母親的,是可咒罵的。全體人民應答說:阿們。
“Nnome nka obiara a obebu nʼagya anaa ne na animtiaa.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
17 移動鄰人地界的,是可咒罵的。全體人民應答說:阿們。
“Nnome nka obiara a opia ɔhye nam so bɔ ne yɔnko korɔn.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
18 領瞎子走錯路的,是可咒罵的。全體人民應答說:阿們。
“Nnome nka obiara a ɔma onifuraefo fom kwan.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
19 侵犯外方人、孤兒和寡婦權利的,是可咒罵的。全體人民應答說:阿們。
“Nnome nka obiara a osisi ahɔho, nyisaa ne akunafo.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
20 與父親的妻子同寢的,是可咒罵的,因為他揭開了父親的衣襟。全體人民應答說:阿們。
“Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, efisɛ wagu nʼagya mpa ho fi.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
21 與獸交合的,是可咒罵的。全體人民應答說:阿們。
“Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
22 與同父異母,或同母異父的姊妹同寢的,是可咒罵的。全體人民應答說:阿們。
“Nnome nka obiara a ɔne ne nuabea bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babea anaa ne na babea.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
23 與岳母同寢的,是可咒罵的。全體人民應答說:阿們。
“Nnome nka obiara a ɔne nʼasebea bɛda.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
24 暗殺鄰人的,是可咒罵的。全體人民應答說:阿們。
“Nnome nka obiara a obekum ɔfoforo wɔ kokoa mu.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
25 接受賄賂去殺害無辜的,是可咒罵的。全體人民應答說:阿們。
“Nnome nka obiara a ogye apaade, kum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”
26 不堅持這法律的話而執行的,是可咒罵的。全體人民應答說:阿們。
“Nnome nka obiara a wanni mmara nsɛm yi so na wannye anto mu.” Na ɔman no nyinaa begye so se, “Amen!”