< 但以理書 12 >

1 那時保佑你國家子民的偉大護守天使彌額爾必要起來;那將是一個災難的時期,是自開國以來,直到那時從未有過的;那時,你的人民,凡是名錄在那書上的,都必得救。
“Saa ɛberɛ no, Mikael, ɔhene babarima titire a ɔbɔ wo nkurɔfoɔ ho ban no bɛsɔre. Ahohia ɛberɛ bi bɛba a, ɛfiri aman no ahyɛaseɛ bɛsi saa da no, biribiara saa nsiiɛ da. Nanso saa ɛberɛ no, wo nkurɔfoɔ, obiara a wɔbɛhunu sɛ wɔatwerɛ ne din wɔ nwoma no mu no, wɔbɛgye no nkwa.
2 許多長眠於塵土中的人,要醒起來:有的要入於永生,有的要永遠蒙羞受辱。
Nnipadɔm a wɔadeda fam wɔ dɔteɛ mu no bɛnyane: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwuo ne daa ahohora mu.
3 賢明之士要發光有如穹蒼的光輝;那些引導多人歸於正義的人,要永遠發光如同星辰。
Wɔn a wɔyɛ anyansafoɔ no bɛhyerɛn te sɛ ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdanee afoforɔ kɔɔ tenenee mu no bɛhyerɛn sɛ nsoromma daapem.
4 至於你,達尼爾! 你要隱藏這些話,密封這部書,直到末期;將有許多人要探討,因而智識必要增長。
Nanso, wo Daniel, bobɔ na sɔ nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no ano, kɔsi awieeɛ ɛberɛ no. Bebree bɛkyinkyini akɔpɛ nimdeɛ.”
5 那時我達尼爾觀望:看見另有兩位天使,一位站在河岸這邊,一位站在河岸那邊。
Afei, me Daniel mehwɛ hunuu nnipa baanu bi wɔ mʼanim; ɔbaako gyina asubɔnten no konkɔn so, na ɔbaako nso gyina konkɔn a ɛhwɛ baako no anim no so.
6 我就問那身穿細麻衣,站在河水上的人說:「幾時這些奇事纔會實現呢﹖」
Wɔn mu baako bisaa ɔbarima a ɔfira nwera no a ɔgyina asuo no so no sɛ, “Ɛbɛdi nna ahe ansa na anwanwadeɛ yi aba mu?”
7 我聽見那身穿細麻衣,站在河水上的人向天舉起左手及右手,指著永生者起誓說:「的確,這事必須經過一段時期,另兩段時期和半段時期:直到摧殘聖民的勢力終止時,這一切事纔要實現。」
Ɔbarima no a ɔfira nwera na ɔwɔ nsuo no so no maa ne nsa nifa ne benkum so kyerɛɛ soro, na metee sɛ ɔde deɛ ɔte hɔ daa no kaa ntam sɛ, “Ɛbɛkɔ so saa ara akɔsi ɛberɛ bi, mmerɛ bi ne ɛberɛ sini bi. Sɛ nnipa kronkron no tumi sɛeɛ no ba awieeɛ koraa a, wɔbɛwie saa nneɛma yi nyinaa.”
8 我聽了以後,仍不明白,便問說:「我主! 這些事的結局究竟怎樣﹖」
Meteeɛ, nanso mante aseɛ. Enti, mebisaa sɛ, “Me Wura ɛdeɛn na ɛbɛfiri yeinom nyinaa mu aba?”
9 他回答說:「達尼爾,你去罷! 因為這些事隱藏密封,直到末期。
Na ɔbuaa sɛ, “Daniel kɔ, ɛfiri sɛ wɔabobɔ nsɛm no asɔ ano de akɔsi awieeɛ mmerɛ no.
10 將有許多人要使自己純潔清白,並受鍛鍊,而惡人卻要更加作惡;凡作惡的人不能明白,惟有賢明之士纔能明白。
Wɔbɛhohoro bebree ho a efi ne nkekaeɛ biara nni wɔn ho, nanso atirimuɔdenfoɔ bɛkɔ so ayɛ atirimuɔden; wɔn mu biara rente aseɛ, nanso anyansafoɔ deɛ, wɔbɛte aseɛ.
11 自從廢棄日常祭,設立那招致荒涼的可憎之物的時候起,必要經歷一千二百九十天。
“Ɛfiri da a wɔbɛbra daa afɔrebɔ na wɔde akyiwadeɛ a ɔsɛeɛ nam ne so bɛba abɛsi hɔ no bɛyɛ nnafua apem ahanu aduɔkron.
12 凡能守候直到一千三百三十五天的,是有福的。
Nhyira ne deɛ ɔtwɛn kɔsi nnafua apem ahasa aduasa enum awieeɛ no.
13 你應去等候末期,好好安息罷! 到末日,你要起來接受你的福分。」
“Wo Daniel deɛ, tintim kɔduru awieeɛ. Wobɛhome, na nna no awieeɛ no, wobɛsɔre na woakɔgye wo kyɛfa a ɛwɔ agyapadeɛ no mu.”

< 但以理書 12 >