< 但以理書 11 >

1 瑪待人達理阿王元年,他前來堅固我,協助我。
Na Mediani Dario ahennie afe a ɛdi ɛkan no, meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛgyina nʼakyi na mabɔ ne ho ban.)
2 現在我要把真事告訴你:看,在波斯還要興起三位君王,第四位要擁有大量的財富,遠遠超過以前所有的君王;他因財富而強盛,於是煽動萬國對抗雅汪國。
“Na afei, mɛka mu nokorɛ akyerɛ wo: ahemfo mmiɛnsa bɛsɔre wɔ Persia, wɔn akyi no, deɛ ɔtɔ so ɛnan a ɔbɛnya ne ho akyɛn nkaeɛ no bɛsɔre. Ɔde nʼahonya mu ahoɔden bɛhwanyane obiara atia Hela ahennie.
3 以後要興起一位英勇的君王,他獨掌大權,統治一切,為所欲為。
Afei, ɔhene kɛseɛ bi bɛsɔre wɔ tumi mu a ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ.
4 但當他極盛的時候,他的國必要瓦解,他的天下必要四分五裂,而不歸於他的後裔;也沒有相似他所有的統治權,他的國必要滅亡,歸屬不是他後裔的外人。
Ne ba no akyi, wɔbɛkyekyɛ nʼaheman no mu ɛnan. Ɛrenkɔ nʼasefoɔ nkyɛn, na ɔrennya tumi a na ɔwɔ no, ɛfiri sɛ, wɔbɛtutu nʼaheman no ase de ama afoforɔ.
5 南方的君王要強盛起來,但他的將領中,有一個比他更強的要獲得政權;他王國的勢力非常強大。
“Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no bɛyɛ den, nanso nʼasafohene no mu baako bɛyɛ den asene no na ɔde tumi a ɛyɛ den bɛdi ahemman no so.
6 幾年以後他們要締結同盟,南方君王的公主要嫁給北方的君王,以求修好;但是她得不到勢力,她和她所生的也不能久存;她和她的侍從,她的兒子以及輔助她的都要被殺害。到那時,
Mfeɛ bi akyi no, wɔbɛyɛ ayɔnkofoɔ. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no ba baa bɛkɔ ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nkyɛn akɔyɛ nnamfofa apam; nanso ɔbabaa no renkura ne tumi mu bio, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam ne ne tumi nso rennyina. Saa mmerɛ no mu no, ɔhene babaa, adehyeɛ a wɔka ne ho, nʼagya ne deɛ ɔgyinaa nʼakyi nyinaa no, wɔbɛyi wɔn ama.
7 必從她根上出生一個嫩枝,繼承父位;他必興師出征,進入北方君王的保壘,將他們擊敗,獲得勝利;
“Obi a ɔfiri anafoɔ fam babaa abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dom bɛba abɛhyɛne ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim.
8 並將他們的神像、鑄像和金銀寶器劫往埃及,從此數年之久與北方的君王對峙;
Ɔbɛfa wɔn anyame, nsɛsodeɛ a wɔde dadeɛ ayɛ ne wɔn ademudeɛ a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfeɛ bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afiri ɔhene a ɔwɔ atifi fam ho.
9 但北方的君王終要侵入南方君王的國土,事後仍返回本國。
Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛto ahyɛ ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no so, nanso ɔbɛsane nʼakyi akɔ nʼankasa asase so.
10 他的兒子必要備戰,招募強大的勁旅,親自出征;衝過時,相似洪水氾濫;他必猛攻,直逼敵軍的保壘。
Ne mmammarima bɛsiesie wɔn ho ama ɔko na wɔde akodɔm kɛseɛ bɛkɔ te sɛ nsuo a ayiri, akɔko ara akɔduru atamfoɔ no aban no ho.
11 南方的君王必然大怒,出師與北方的君王交戰,北方的君王也必調集大軍,但這支大軍必被交在敵方手中。
“Afei, ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no de abufuo kɛseɛ bɛsɔre na wako atia ɔhene a ɔwɔ atifi fam a ɔno nso wɔ akodɔm kɛseɛ, na ɔbɛdi wɔn so nkonim.
12 這支大軍被擄去以後,南方的君王便心高氣傲,不過他雖擊斃千萬大軍,仍不能強盛,
Sɛ wɔde akodɔm no kɔ a, ahantan bɛhyɛ anafoɔ fam ɔhene no mu ma, na ɔbɛkunkum mpempem, nanso, ne nkonimdie no, ɛnkyɛre.
13 因為北方君王必再調集大軍,比以前更為龐大,數年以後,再率領大軍,帶著大量的輜重,出征南下。
Ɔhene a ɔwɔ atifi fam nso bɛboa akodɔm foforɔ a wɔdɔɔso sene kane deɛ no, na mfirinhyia bebree akyi no, ɔde akodɔm kɛseɛ a wɔwɔ akodeɛ bɛtu ɔsa.
14 那時,將有許多人起來攻擊南方君王,你百姓中的匪徒也要起來,為應驗異象,但他們終必失敗。
“Saa mmerɛ no mu, bebree bɛsɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam. Wɔn a wɔdi akakabensɛm wɔ wʼankasa wo nkurɔfoɔ mu no bɛte atua sɛdeɛ ɛteɛ wɔ anisoadehunu no mu no, nanso wɔrenni nkonim.
15 北方的君王就前來,興建壁壘,攻取堅城,南方的軍隊不能抵抗,連精銳的部隊也無力抵禦。
Afei, ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛba abɛsisi mpie na ɔbɛko agye kuropɔn a wagye ho ban. Akodɔm a wɔwɔ anafoɔ fam no rennya ahoɔden nko, na wɔn a wɔyɛ den wɔ wɔn mu no mpo rentumi nnyina ɔko no ano.
16 來攻南方君王的,必任意而行,沒有人能抵抗;他還要立足在華麗之地,破壞之權操在他手中。
Ntohyɛsoni no bɛyɛ deɛ ɔpɛ na obiara ntumi nnyina nʼanim. Ɔbɛgye Asase Fɛɛfɛ no abɔ so, na ɔbɛnya tumi a ɔde bɛsɛe no.
17 他企圖征服整個南國,遂與南方君王立約通婚,將自己的女兒嫁給他,好傾覆他的國,但是他的企圖沒有成功,也沒有見效。
Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahennie no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babaa bɛma no awadeɛ, na ɔnam so agu nʼahennie no, nanso nʼatirimpɔ yi renyɛ yie na ɛremmoa no.
18 此後,他要轉向各島嶼,佔據了許多島嶼;但有一個將官要阻止他的蠻橫,使他的蠻橫害了自己。
Afei ɔde nʼani bɛkyerɛ mpoano aman so, na wadi emu bebree so nkonim, nanso, ɔsahene bi de ɔhene yi ahomasoɔ bɛba awieeɛ na wadane abɔ no.
19 他遂轉身回到他國內的保壘裏,終於一蹶不振,從此消失不見。
Yei akyi no, ɔde nʼani bɛkyerɛ aban a ɛwɔ nʼasase so no, nanso ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhunu no bio.
20 以後另有一人代他興起,他要派橫徵暴歛的人遍行國內華麗之地,但他沒有過幾天,就喪了命,不是由於叛變,也不是由於作戰。
“Deɛ ɔbɛdi nʼadeɛ no bɛsoma ɔtogyeni, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya deɛ ɛbɛma nʼahennie no animuonyam atena hɔ. Mfirinhyia kakra bi akyi no, wɔbɛsɛe no; nanso ɛmfiri abufuo anaa ɔko mu.
21 這以後將有一個下賤的人代他興起;原來人沒有將治國的權力授給他,他卻乘人不備,以陰謀篡奪了王位。
“Obi a wɔmmu no na ɔnnyɛ ɔdehyeɛ na ɔbɛdi nʼadeɛ. Ɔbɛto ahyɛ ahennie no so ɛberɛ a ɛso nnipa no asom adwo wɔn, na ɔde nnaadaa agye.
22 來進攻他的大軍要被他完全擊潰,同盟之君也要被擊敗。
Afei ɔbɛtɔre akodɔm a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ no ase. Wɔbɛsɛe akodɔm no ne ɔhene babarima a ɔhyɛ bɔhyɛ no ase no.
23 有人與他聯合,他即施行騙術;他借助少數的人民,就漸漸強大起來。
Wɔne no yɛ apam wie a, ɔnam nnaadaa ɛkwan so bɛnya nnipa kakra bi na wapere tumi.
24 他又乘人不備,侵入省內肥沃之區,實行他祖先及他祖先的祖先所未行過的事,將戰利品、掠奪物和財產分給自己的黨羽;又策劃陰謀進攻保壘,但只到某一限期。
Sɛ amantam a wɔyɛ adefoɔ no te nka sɛ wɔn asom adwo wɔn a, ɔbɛto ahyɛ wɔn so, na deɛ nʼagyanom ne ne nananom antumi anyɛ no, ɔbɛyɛ. Ɔbɛkyekyɛ afodeɛ ne ahonyadeɛ ama nʼakyidifoɔ. Ɔbɛbɔ abantuo ho pɔ, nanso ɛbɛyɛ nna tiawa bi mu.
25 他要竭盡自己的精力,鼓起勇氣,率領大軍進攻南方君王;南方君王亦率領極強大的勁旅奮起迎戰,但無法抵禦,因為有人籌劃陰謀陷害他;
“Ɔbɛnya akodɔm kɛseɛ na wanya ahoɔden ne akokoɔduru asɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no de akodɔm a wɔdɔɔso na wɔyɛ den bɛtu ɔsa, nanso, ɔrentumi nnyina, ɛsiane ɛpɔ ahodoɔ a wɔabɔ de atia no enti.
26 那些破壞他的,正是吃他飯的人;他的勁旅將潰不成軍,傷亡的極多。
Wɔn a ɔhene bɔ wɔn akɔnhoma no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwan nʼase; wɔbɛtwi afa ɔhene no asraafoɔ no so, na bebree nso bɛtotɔ wɔ ɔko mu.
27 兩位君王都存心不良,同坐一桌,各說謊話,而毫無成就,因為必須到所定的時期,纔有結局。
Ahemfo mmienu a bɔne adi wɔn tiri mu dɛm bɛtena ɛpono baako ho, adi atorɔ akyerɛ wɔn ho wɔn ho, nanso ɛnkɔsi hwee, ɛfiri sɛ, awieeɛ no bɛba ne ɛberɛ a wɔahyɛ no.
28 北方的君王卻要帶著大量的財物返回本國;他既存心與聖約作對,也必採取行動,然後纔回國。
Ɔhene a ɔwɔ atifi fam no de ahonyadeɛ bebree bɛsane akɔ ne ɔman mu, nanso, nʼakoma rempɛ apam kronkron no. Ɔbɛyɛ biribi atia apam kronkron no na wasane akɔ ne ɔman mu.
29 到了預定的時期,他必再度南征,但是第二次卻不如第一次,
“Ɛberɛ a wɔahyɛ no duru a, ɔbɛto ahyɛ anafoɔ aman so bio, nanso saa ɛberɛ yi deɛ, ɛrenyɛ yie mma no sɛ kane no.
30 因為此次基廷的船必來攻擊他,他只得驚慌而歸。他遂遷怒於聖約,任意妄為;回去以後,他必重用那些背棄聖約的人士。
Ahyɛn a wɔfiri aman a ɛwɔ mpoano wɔ atɔeɛ fam no bɛko atia no, na nʼabasa mu bɛbu. Enti ɔbɛsane nʼakyi na ɔde nʼabufuo akɔwie apam kronkron no so, na ɔne wɔn a wɔpo apam kronkron no bɛyɛ baako.
31 那些迎合他意思的軍隊,也去褻瀆聖所的保壘,廢除日常祭,在那裏設立了那招致荒涼的可憎之物。
“Na nʼasraadɔm bɛsɔre. Wɔbɛgu asɔredan no aban ho fi, na wɔagu daadaa afɔrebɔ no. Wɔde abusudeɛ a ɛde ɔsɛeɛ ba bɛsi anan mu.
32 至於那些作惡違犯聖約的人士,他要用詐術使他們更加敗壞,但那認識自己天主的人民必也更加堅強有力。
Ɔde nnaadaa bɛkɔ so asɛe wɔn a wɔbu apam no so, nanso wɔn a wɔnim wɔn Onyankopɔn no bɛsɔre atia no dendeenden.
33 民間賢明之士必要訓誨民眾,但他們有很多日子要受刀劍、烈火、充軍和劫掠的迫害。
“Anyansafoɔ bɛkyerɛkyerɛ bebree, nanso, berɛ bi mu no, wɔbɛtotɔ akofena ano, wɔbɛhye wɔn, wɔbɛfa wɔn nnommum anaa wɔbɛfom wɔn nneɛma.
34 在他們受迫害時,稍微得到一些援助,但是有許多人卻懷著奸詐的心與他們聯合。
Sɛ wɔhwe ase a, wɔbɛnya mmoa kakra, na bebree a wɔnni nokorɛ bɛkɔ akɔdɔm wɔn.
35 有些賢明之士要受迫害,是為鍛鍊、洗滌和潔淨他們,直到時期結束,因為預定的時期尚未來到。
Anyansafoɔ no mu bi bɛsuntisunti. Ɛnam so bɛma wɔasiesie wɔn, ahohoro wɔn ho fi na wɔayɛ wɔn a wɔn ho nni nkekaawa akɔsi awieeɛ berɛ no, ɛfiri sɛ ɛbɛba ɛberɛ a wɔahyɛ no.
36 這位君王要任意妄為,妄自尊大,高舉自己在眾神之上,要發出怪謬的言論,反抗萬神之神,他暫時行事順利,直到天主的義怒洩盡,因為天主決定的事必要應驗。
“Ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, ɔbɛma ne ho so, ayɛ ne ho kɛseɛ asene onyame biara, na waka deɛ obi ntee da afa anyame mu Onyame no ho. Ɔbɛnya nkɔsoɔ akɔsi sɛ abufuo berɛ no bɛba awieeɛ, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ deɛ wɔahyɛ ato hɔ no ba mu.
37 他不尊重自己祖先的神,也不尊重婦女們所愛的神,他不尊重任何神明,因為他將自己高舉在一切之上;
Ɔbɛbu nʼagyanom anyame animtia. Ɔremfa mmaa no nyame a wɔdɔ no anaa onyame foforɔ biara nyɛ hwee, na mmom ɔbɛma ne ho so aboro wɔn nyinaa so.
38 卻去敬拜保壘之神,以金銀、寶石和珍品恭奉他祖先所不認識的神。
Ɔde aban no nyame, nyame a nʼagyanom nnim bɛsi wɔn anan mu; ɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔdemmoɔ ne akyɛdeɛ a ɛsom bo bɛdi no ni.
39 他要憑藉外神的助佑,攻擊堅固的保壘;凡附和他的,他必增加他們的光榮,使他們治理民眾,分封土地,做為賞報。
Ɔde mmoa a ɔnya firi ananafoɔ nyame hɔ no bɛto ahyɛ aban a ɛyɛ den pa ara so, na wɔn a wɔgye no to mu no, ɔbɛhyɛ wɔn animuonyam. Ɔbɛyɛ wɔn sodifoɔ wɔ nnipa bebree so, na ɔbɛkyekyɛ asase no mu de ayɛ akatua.
40 到末期,南方的君王將要與他交戰;北方的君王也要率領戰車、騎兵和許多戰艦,像旋風般向他還擊,侵入他的國土;所經之地,有如洪水破堤。
“Awieeɛ no duru a, ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no ne no bɛko, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nso de nteaseɛnam, apɔnkɔsotefoɔ ne ɛpo so akodɔm bebree ahyia no. Ɔbɛto ahyɛ aman bebree so na watwi afa wɔn so te sɛ nsuyire.
41 他要侵入華麗之地,千萬人要喪亡,但是厄東、摩阿布和大部分阿孟子民,卻要逃脫他的手。
Ɔbɛto ahyɛ Asase Fɛɛfɛ no so. Aman bebree bɛhwehwe ase, nanso wɔbɛgye Edom, Moab ne Amon mu fa kɛseɛ afiri ne nsa mu.
42 他又要伸手攻擊各國,埃及地亦不能幸免;
Ɔde ne tumi bɛkɔ aman bebree so; na Misraim remfiri mu mfi.
43 他要佔有金銀府庫和埃及的一切寶物。利比亞和雇士人也要來與他聯合。
Ɔde ne nsa bɛto ademudeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne Misraim ahonyadeɛ nyinaa so, na Libiafoɔ ne Etiopiafoɔ ayɛ nʼasomfoɔ.
44 但是來自東方和北方的消息要使他震驚;他遂懷著盛怒去討伐,要許多人殺盡滅絕。
Nanso, amaneɛ a ɔbɛte afiri apueeɛ ne atifi fam bɛbɔ no hu, na ɔde abufuhyeɛ bɛfiri akɔ akɔsɛe bebree atɔre wɔn ase.
45 他要在海洋和美麗聖山之間,支搭他堂皇的帳幕,但此時已到了他的末日,已沒有任何人能援助他。
Ɔbɛsi nʼadehye ntomadan wɔ ɛpo no ne bepɔ kronkron fɛfɛ no ntam. Na nʼawieeɛ bɛba a ɔrennya mmoa biara.

< 但以理書 11 >