< 撒母耳記下 8 >
1 此後,達味攻打培肋舍特人,將他們克服,由他們手中奪得了京城的治權。
Akyiri no, Dawid dii Filistifo no so, brɛɛ wɔn ase. Ɔko gyee Gat a ɛyɛ wɔn kuropɔn kɛse no.
2 他也打敗了摩阿布人,叫他們躺在地上,用繩子來量,兩繩子內的人處死,一繩內的人生存;如此,摩阿布人遂臣服達味,給他納貢。
Dawid san dii Moabfo so. Ɔmaa nnipa no dedaa fam, na ɔde hama susuw wɔn. Osusuw hama no abien a, na wakyerɛ sɛ wonkum saa nnipa no. Ɛnna osusuw hama no baako a, na wakyerɛ sɛ wonnyaa saa nkurɔfo no. Enti Moabfo a wonyaa wɔn ti didii mu no bɛyɛɛ Dawid asomfo a na afe biara woyi tow brɛ no.
3 當勒曷布的兒子,祚巴王哈達德則爾向幼發拉的河伸展自己的勢力時,達味也打敗了他,
Dawid sɛe Rehob babarima Hadadeser a na odi hene wɔ Soba no akofo, bere a Hadadeser kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho, pɛe sɛ ɔkɔhyɛ ne nniso mu den no.
4 擄獲了他的馬兵一千七百,步兵兩萬,割斷了所有拉戰車的馬蹄筋,只留下了足以拉一百輛車的馬。
Dawid kyeree ne nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafo mpem ason ne asraafo a wɔnam mpem aduonu. Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntin, na ogyaw mu ɔha pɛ.
Bere a Aramfo a wofi Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kum wɔn mu mpem aduonu.
6 達味遂在大馬士革阿蘭屯兵駐守,阿蘭也臣服於達味,給他進貢。達味無論往那裏去,上主總是輔助他。
Na ɔde asraafo a wɔyɛ bansifo kɔtenaa Damasko, maa Aramfo bɛyɛɛ Dawid nkurɔfo a na woyi tow brɛ no. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim.
7 達味奪了哈達德則爾臣僕所帶的金盾牌,送到耶路撒冷。
Dawid de Hadadeser asraafo mpanyimfo sikakɔkɔɔ nkatabo no baa Yerusalem.
8 達味王又由貝塔和貝洛泰,哈達德則爾的兩座城內,奪取了大量的銅。
Ɔde Beta ne Berotai a na ɛyɛ Hadadeser nkurow no mu kɔbere bebree kaa ne ho kɔe.
Bere a Hamathene Toi tee sɛ Dawid atɔre Hadadeser asraafo no ase pasaa no,
10 便派自己的兒子哈多蘭到達味王那裏,向他致敬,祝賀他攻打了哈達德則爾,並將他打敗,因為哈達德則爾原是托烏的敵人。哈多蘭帶來了一些金器銀器和銅器。
ɔsomaa ne babarima Yoram kɔɔ Dawid nkyɛn, kokyiaa no maa no mo. Na Hadadeser ne Toi yɛ atamfo fi teteete a wɔako atia wɔn ho wɔn ho mpɛn pii. Yoram kɔkyɛɛ Dawid nneɛma bebree a ɛyɛ, dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne kɔbere mfrafrae.
Ɔhene Dawid too akyɛde no nyinaa din de maa Awurade a, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a onya fii aman bi a odii wɔn so no nyinaa ka ho.
12 即阿蘭、摩阿布、阿孟子民、培肋舍特人、阿瑪肋克和祚爾王勒曷布之子哈達德則爾的戰利品中所得,且已奉獻了的金銀,一同獻給了上主。
Saa aman no ne Edom, Moab, Amon, Filistia, Amalek ne nea efi Sobahene Rehob babarima Hadadeser nkyɛn nso.
13 達味戰勝阿蘭人歸來時,在鹽谷又擊殺了一萬八千厄東人,他的聲譽就更大了。
Eyi maa Dawid gyee din. Ɔsan nʼakyi kɔe no, okunkum Edomfo mpem dunwɔtwe wɔ Nkyene Bon mu.
14 他遂屯兵厄東,全厄東都臣服了達味;達味無論往那裏去,上主總是輔助他。
Ɔde asraafo bansifo tuatuaa Edom nyinaa ano. Na Edomfo nyinaa bɛyɛɛ Dawid nkoa. Eyi yɛ nhwɛso foforo a ɛkyerɛɛ nkonim a Awurade maa Dawid dii wɔ baabiara a ɔkɔe no.
15 達味統治了全以色列,對自己所有的人民秉公行義。
Dawid dii Israel nyinaa so hene, a wanhyɛ obiara so na wansisi obiara nso.
16 責魯雅的兒子約阿布統領軍隊,阿希路得的兒子約沙法特為後御史。
Seruia babarima Yoab na na ɔyɛ ɔsafohene. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛmkyerɛwni.
17 阿希突布的兒子匝多克及阿希默肋客的兒子厄貝雅塔爾作司祭,沙委沙作秘書,
Sadok a na ɔyɛ Ahitub babarima ne Abiatar babarima Ahimelek na na wɔyɛ asɔfo. Na Seraia yɛ asennii kyerɛwfo.
18 約雅達的兒子貝納雅管理革勒提和培肋提人;達味的兒子也作司祭。
Yehoiada babarima Benaia na na odi Keretifo ne Peletifo so, na Dawid mmabarima tua asɔfodɔm ano.