< 撒母耳記下 22 >

1 當上主救達味脫離了仇敵和撒烏耳的毒手時,達味向上主唱了詩歌說:
Bere a Awurade gyee Dawid fii nʼatamfo nyinaa ne Saulo nsam akyi no, ɔtoo saa dwom yi de yii Awurade ayɛ.
2 「上主,我的盤石,我的保障,我的避難所;
Nsɛm a ɛwɔ dwom no mu ni: “Awurade yɛ me botan, mʼaban ne mʼagyenkwa;
3 天主是我所倚靠的盤石,是我的盾牌,我的大救主,我的堡壘,我的藏身處。我的救主,是你救我脫離了強暴。
me Nyankopɔn yɛ me botan; ne mu na minya guankɔbea. Ɔyɛ me kyɛm, me nkwagye mu ahoɔden, mʼabandennen, mʼagyenkwa, nea ogye me fi basabasayɛ mu.
4 我一呼求應受頌揚的上主,我便獲救,脫離了我的仇敵。
“Misu frɛ Awurade; ɔno na ayeyi sɛ no, efisɛ ogye me fi mʼatamfo nsam.
5 死亡的波濤圍繞我,凶險的急流驚嚇我,
Owu asorɔkye twaa me ho hyiae; ɔsɛe yiri faa me so.
6 陰府的繩索纏住中我,死亡的羅網絆住我; (Sheol h7585)
Ɔda mu hama kyekyeree me; mihyiaa owu mfiri. (Sheol h7585)
7 在急難中我呼求上主,向我的天主呼號,衪由殿中聽了我的聲音,我的呼聲達入衪耳中。
“Na mʼamanehunu mu no, misu frɛɛ Awurade. Yiw, mefrɛɛ me Nyankopɔn pɛɛ mmoa. Ɔtee me nne fii ne kronkronbea. Me sufrɛ duu nʼasom.
8 因衪盛大作,大地震動戢慄,上主的基礎動盪搖撼,
Na asase wosowee na ehinhimii; ɔsoro fapem wosowee; wɔwosowee, nʼabufuw nti.
9 由衪的鼻孔湧出濃煙,由衪的口中噴出烈火,由衪的身上射出火炭,
Wusiw fii ne hwene mu; ogyaframa fii nʼanom; na nnyansramma dɛw fii mu.
10 使天低垂親自降下,在衪的腳下濃雲密佈。
Ofii ɔsoro baa fam; na omununkum kabii duruu nʼanan ase.
11 衪乘坐革魯賓飛騰,藉著風的翼羽翱翔。
Ɔte kerubim so tui; gyaagyaa ne ho wɔ mframa ntaban so.
12 衪四周以黑暗做帷幔,以豪雨濃雲為帳幕。
Ɔde sum kataa ne ho hyiae, ɔde osu mununkum dii nʼanim kan.
13 閃電在衪前閃爍,紅炭發出了火光。
Hann kɛse hyerɛn wɔ nʼanim, na anyinam pa fii mu.
14 上主由高天興雷,至高者發出了呼聲。
Awurade bobɔɔ mu fi ɔsoro; Ɔsorosoroni no teɛɛ mu dennen.
15 衪射出羽箭,使敵人四散,發閃電,使敵人驚擾。
Ɔtow nʼagyan maa nʼatamfo hwetee; anyinam twa ma wɔyɛɛ basaa.
16 上主的呵斥一發,鼻孔的怒氣一出,蒼海的海低即出現,大地的地基也外露。
Awurade kasae, na wiase nnyinaso no nyinaa daa hɔ. Wotumi huu ɛpo ase, na asase fapem ho daa hɔ.
17 衪由高處伸手將我拉住,由大水中將我提出。
“Ofi ɔsoro baa fam besoo me mu; ɔtwee me fii asu a emu dɔ mu.
18 救我脫離了我的勁敵,擺脫了強於我的仇人。
Ogyee me fii mʼatamfo a wɔyɛ den nsam, atamfo a wokyi me na wɔn ho yɛ den pa ara sen me.
19 他們在我困厄之日,襲擊了我,然而上主卻作了我的後盾;
Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da, nanso Awurade pagyaw me.
20 衪引我步坦途,因喜愛我而救了我。
Ɔde me baa baabi a bammɔ wɔ; ogyee me, efisɛ nʼani kum me ho.
21 上主照我的正義酬報了我,按我雙手的清白報答了我;
“Awurade atua me papayɛ so ka; me bem a midi no, wahyɛ me anan mu.
22 因我遵行了上主的正道,沒有作惡離棄我的天主。
Efisɛ manantew Awurade akwan so; mentwee me ho mfii me Nyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne.
23 衪的一切法令在我前,我未曾違過衪的誡命;
Ne mmara nyinaa gu mʼanim; mentwee me ho mfii ne nhyehyɛe ho.
24 我衪前常保成全,自知提防各種不義。
Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim; matwe me ho afi bɔne ho.
25 因此,上主照我的正義,我在衪的純潔,賞報了我。
Awurade tuaa me papayɛ so ka, efisɛ minni fɔ wɔ nʼanim.
26 仁慈的人,你待他仁慈;正直的人,你待他正直;
“Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafo kyerɛ wɔn a wodi nokware, wɔn a wodi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu.
27 純的人,你待他純樸;乖戾的人,你待他乖戾。
Wuyi wo kronkronyɛ kyerɛ ɔkronkronni, nanso amumɔyɛfo de wukyi wɔn.
28 卑微的人,你必拯救;傲慢的人,你必睥視。
Wugye ahobrɛasefo, nanso wʼani kɔ ahantanfo so sɛ wobɛbrɛ wɔn ase.
29 上主,你是我的火炬,我的天主,照明我的黑暗。
Wo Awurade, woyɛ me kanea. Yiw, Awurade woma me sum dan hann.
30 仗著你,我衝入了敵營;靠著我的天主,我跳過了牆垣。
Wʼahoɔden mu, metumi aka asraafokuw agu; me Nyankopɔn nti, mitumi foro ɔfasu.
31 天主的道路是完善的;上主的言語是純淨的;凡投衪的人,衪怍他們的後盾。
“Onyankopɔn de, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ nkatabo ma wɔn a wɔhwehwɛ bammɔ wɔ ne mu.
32 上主以外,還有誰是天主﹖除我的的天主外,還有誰的盤石﹖
Hena ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade? Hena ne ɔbotantim no, gye sɛ yɛn Nyankopɔn?
33 是天主賜我毅力,使我一路順利,
Onyankopɔn ne mʼaban a ɛyɛ den; wagye me, na wama me kwan so ayɛ pɛ.
34 使我的腳快如鹿蹄,使我屹立高地,
Ɔma mʼanammɔn ho yɛ hare sɛ ɔforote de; Ɔma me gyina sorɔnsorɔmmea.
35 教導我手作戰,使臂膊能開銅弓。
Osiesie me ma ɔko; na me basa tumi kuntun kɔbere mfrafrae tadua.
36 你你的救生盾賜了我,你的長甲作了我的掩護。
Woama me wo nkwagye kyɛm. Wo mmoa ama mayɛ ɔkɛse.
37 你為我的腳步拓寬了路,我的腳從未顛簸。
Woabɔ kwan tɛtrɛɛ ama mʼanan sɛnea me nkotodwe rengurow.
38 我追趕仇敵,消滅他們;不滅絕他們,決不返回。
“Metaa mʼatamfo sɛee wɔn; mannyina kosii sɛ wodii nkogu.
39 我將他們打得一蹶不振,盡都倒斃在我腳下
Meyam wɔn, mebɔɔ wɔn hwee fam, na wɔantumi ansɔre; wɔhwehwee ase wɔ mʼanan ase.
40 你賜我毅力勇作戰,把我的對手屈伏我下,
Wohyɛɛ me ahoɔden maa ɔko; woaka mʼatamfo ahyɛ mʼanan ase.
41 使我的敵人在 前轉背而逃,使我殲滅了一切仇恨我的人。
Womaa wɔdan wɔn ani guanee, na mesɛe wɔn a wɔtan me nyinaa.
42 他們呼號,卻無人施救;呼號上主,也不獲應允。
Wosu pɛɛ mmoa, nanso obiara ammegye wɔn. Wosu frɛɛ Awurade, nanso wannye wɔn so.
43 我搗碎他們地上的灰塵,踐踏他們像道上的泥土。
Meyam wɔn ma wɔyɛɛ sɛ asase so mfutuma; mepraa wɔn guu suka mu sɛ wura.
44 你由百姓的叛亂中救拔了我,立我做了列國的首領;我不知道的人民竟給我服役;
“Womaa me nkonimdi wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so. Woahwɛ sɛ mɛyɛ amanaman sodifo; na nnipa a minnim wɔn som me.
45 外邦的子民諂媚奉承我,一聽到是我,即服從我;
Ananafo brɛ wɔn ho ase ma me; wɔte me nka pɛ ara a, wɔde wɔn ho ma me.
46 外的子民驚惶失色,戰戰兢兢走的堡壘。
Wɔn nyinaa bɔ huboa, na wɔde ahopopo fi wɔn nsraban mu ba.
47 上主萬歲! 願我的盤石受讚美,願救我的的天主受頌揚!
“Awurade te ase! Ayeyi nka me botan, ma wɔmma Onyankopɔn, me nkwagye botan so.
48 天主是你為我報了仇,使萬民屈伏於我,
Ɔno ne Onyankopɔn a ɔtɔ wɔn a wɔhaw me so were; ɔka amanaman no hyɛ mʼase
49 是你救我脫離了我的仇敵,提拔我凌駕我的對手之上,救我脫免了強暴的人。
na ogye me fi mʼatamfo nsam. Wode me si baabi a mʼatamfo nnu, wugye me fi atutuwpɛfo a wotia me nsam.
50 為此,上主! 我要在異民中稱謝你,歌頌你的聖名。
Awurade eyi nti, mɛkamfo wo wɔ amanaman mu, Ao Awurade. Mɛto ayeyi dwom ama wo din.
51 因為衪使自己的君大獲勝利,對自己的受傅者達味和他的子孫,廣施仁慈,直到永遠」。
“Wode nkonimdi akɛse ama wo hene; woda ɔdɔ a ɛnsa da adi kyerɛ nea woasra no ngo, wode kyerɛ Dawid, ne nʼasefo afebɔɔ.”

< 撒母耳記下 22 >