< 列王紀下 19 >

1 希則克雅王一聽這話,就撕破了自己的衣服,穿上苦衣,走進了上主的殿;
Ɛberɛ a ɔhene Hesekia tee yeinom no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, ɛnna ɔfiraa ayitoma, na ɔkɔɔ Awurade asɔredan mu.
2 然後打發厄里雅金家宰,舍布納書記和幾位老司祭,穿著苦衣,去見阿摩茲的兒子依撒意亞先知,
Na ɔsomaa ahemfie sohwɛfoɔ Eliakim, ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ mpanin a wɔn nyinaa hyehyɛ ayitadeɛ kɔɔ Amos babarima odiyifoɔ Yesaia nkyɛn.
3 對他說:「希則克雅這樣說:今天是受苦難,受責罰,受侮辱的日子。因為嬰兒到了要出生的時候,卻沒有產生的力量。
Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ ɔhene Hesekia ka nie: Saa ɛda yi yɛ ɔhaw, animka ne animguaseɛ da. Ayɛ te sɛ deɛ mmɔfra awoɔ duru so na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ.
4 但願上主你的天主聽到那大將軍的一切話,就是他的主上亞述王打發他來,辱罵永生的天主所說的話! 願上主你的天主聽了那些話而加以懲罰! 所以請你為剩下的遺民舉行祈禱罷! 」
Nanso, ebia Awurade, mo Onyankopɔn ate sɛ Asiria ɔnanmusini no regu Onyankopɔn teasefoɔ no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti mommɔ mpaeɛ mma nkaeɛfoɔ a wɔte nkwa mu no.”
5 希則克雅王的臣僕來到了依撒意亞前,
Na ɔhene Hesekia mpanimfoɔ no kɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ Yesaia,
6 依撒意亞就對他們說:「你們要這樣對你們的主上說:上主這樣說:你聽到亞述王的僕人們辱罵我的話,不要害怕!
na Yesaia buaa sɛ, “Ka kyerɛ wo wura sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mma abususɛm a Asiriahene asomafoɔ no ka tiaa me no nha wo.
7 我必叫他感到一種怕情,使他一聽到某種消息,就返回本國;我要使他在本國內喪身刀下。」
Montie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsane akɔ ne ɔman mu, na ɛhɔ na mɛma wɔde akofena akum no.’”
8 大將軍回去時,正遇見亞述王去攻打里貝納。原來他已聽說君王離開了拉基士。
Ɛberɛ a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afiri Lakis no, ɔsanee nʼakyi kɔhunuu sɛ ɔhene no ne Libna reko.
9 那時,散乃黑黎布聽人說:雇士王提爾哈卡出來攻打他,就再派使者去見希則克雅,並吩咐說:「
Ankyɛre, ɔhene Sanaherib nyaa nkra sɛ, Etiopiahene Tirhaka adi akodɔm anim, rebɛko atia no. Na ansa na ɔbɛsane akohyia akodɔm no, ɔtoo saa nkra yi sɛ wɔmfa nkɔma Hesekia wɔ Yerusalem.
10 你們要這樣對猶大王希則克雅說:不要讓你所依靠的天主哄騙了你說:耶路撒冷決不會落在亞述王手中!
“Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia sɛ: Ɛmma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka sɛ, ‘Asiriahene rentumi mfa Yerusalem.’
11 你必聽說過亞述的列王對各國所行的事,將各國完全消滅了。你還能有救嗎﹖
Moate deɛ Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo deɛ wɔbɛgye mo anaa?
12 我的祖先所消滅的各民族,如哥倉、哈郎、勒責夫、以及在特拉撒爾的厄登子民,他們的神又何曾救了他們﹖
Anyame a wɔwɔ aman a me nananom sɛee wɔn no, aman te sɛ Gosan, Haran, Resef ne Edenfoɔ a na wɔwɔ Telasar no anyame gyee wɔn anaa?
13 哈瑪特王,阿帕得王,色法瓦因城的王,赫納王和依瓦王,他們現今都在那裡﹖」
Ɛhe na Hamathene ne Arpadhene, kuropɔn Sefarwaim anaa Hena anaa Iwa ahemfo no wɔ?”
14 希則克雅從使者中接過信來,念了以後,就走進上主的殿,將那信在上主面前展開,
Hesekia nsa kaa krataa a abɔfoɔ no de baeɛ no, ɔkenkaneeɛ. Afei ɔforo kɔɔ Awurade asɔredan no mu kɔtrɛɛ mu wɔ Awurade anim.
15 然後,希則克雅懇求上主說:「上主,坐在革魯賓上面的以色列的天主! 惟獨你是地上萬國的天主,你創造了天地。
Na Hesekia bɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade sɛ: “Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn a wodi ɔhene firi Kerubim ntam, wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahennie nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase.
16 上主,請你側耳傾聽! 上主,求你睜眼垂視,細聽那打發使者辱罵永生天主的散乃黑黎布的話。
Brɛ wʼaso ase, Ao Awurade, na tie! Bue wʼani, Ao Awurade, na hwɛ! Tie Sanaherib nsɛm a ɔka de bu Onyankopɔn teasefoɔ no animtiaa.
17 上主,的確,亞述王曾毀滅了所有的民族和他們的國家,
“Awurade, ɛyɛ nokorɛ sɛ Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛdeɛ nkra no ka no.
18 將他們的神像投入火中,因為它們不是神,只是人手造成的木石的作品,所以能被消滅。
Na wɔato aman yi anyame agu ogya mu, ahye wɔn. Asiriafoɔ no tumi sɛe wɔn ɛfiri sɛ na wɔnyɛ anyame koraa. Na wɔyɛ nnua ne aboɔ ahoni a nnipa de wɔn nsa ayɛ.
19 但是現今,上主我們的天主,求你拯救我們脫離他的手,使地上萬國都知道:惟獨你是上主,天主! 」
Afei, Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, gye yɛn firi ne tumi ase, na ɛbɛma ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ahunu sɛ wo nko ara, Ao Awurade, na woyɛ Onyankopɔn.”
20 那時,阿摩茲的兒子依撒意亞打發人去見希則克雅說:「上主以色列的天主這樣說:你既然論亞述王散乃黑黎布向我懇求,我已經俯聽了你。
Na Amos babarima Yesaia too saa nkra yi kɔmaa Hesekia sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: ‘Mate wo mpaeɛbɔ a ɛfa Asiriahene Sanaherib ho no.
21 這就是上主論他所說的話:熙雍的貞女輕視你,嘲笑你;耶路撒冷的女子在你背後搖頭。
Yei ne asɛm a Awurade aka atia no: “‘Ɔbabaabunu Sion sopa wo, na ɔsere wo. Ɔbabaa Yerusalem di wo ho fɛ, na ɔwoso ne ti ɛberɛ a woredwane.
22 你所辱罵,所詛咒的是誰﹖你提高聲音,仰起眼睛攻擊的是誰﹖是攻擊以色列的聖者。
Hwan na wasopa no na woagu ne ho fi yi? Hwan na woama wo nne so atia no na wohwɛɛ no ahantan so? Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no!
23 你藉你的使者辱罵了吾主,你說:我用我大批的車輛,登上了叢山的極峰,到黎巴嫩的絕頂,砍伐了其中最高的香柏,最好的青松;衝入了它的最深處,走進了果木的林園。
Wonam wʼasomafoɔ so adi Awurade ho fɛw. Na woaka sɛ, “Mede me nteaseɛnam bebrebe no adi bepɔ tentene pa ara so, aane, Lebanon nkokoɔ a ɛwɔ akyirikyiri no. Matwitwa ntweneduro atentene pa ara ne ne pepeaa a ɛdi mu no nso agu fam. Maduru ne twetwɛwa so akyirikyiri na manantenante ne kwaeɛbirentuo mu.
24 我掘了井喝了外邦的水,用我的腳掌踏乾了埃及所有的河川。
Matutu nsubura wɔ ahɔhoɔ nsase bebree so de ne nsu pa no adwodwo me ho. Mpo, mepaee Misraim nsubɔntene mu sɛdeɛ mʼakodɔm bɛtumi atwa!”
25 難道你沒有聽說嗎﹖很久以前我所計劃的,昔日我所決定的,現在我就在實現,叫你毀壞堅城,化為廢墟,
“‘Na Monteeɛ? Ɛberɛ tentene a atwam na mehyɛ too hɔ. Ɛberɛ bi a atwam no na medwenee ho; afei mama aba mu sɛ, moadane nkuropɔn a mosɛe nkuro a wɔwɔ banbɔ ma wɔdane aboɔ asie.
26 使城中的居民軟弱無力,驚慌失措,有如田野的青草,有如青綠的嫩苗,有如屋頂被東風吹焦的小草。
Wɔn nkurɔfoɔ a tumi afiri wɔn nsa no ho adwiri wɔn na animguaseɛ aka wɔn. Wɔte sɛ afuo so nnua, ne afifideɛ foforɔ a ɛyɛ mmrɛ; wɔte sɛ ɛserɛ a ɛfifiri ɛdan atifi a owia tumi hye so sɛe no.
27 但是,你或起或坐,或出或入,我都知道,
“‘Nanso, menim deɛ woteɛ ɛberɛ a woba ne ɛberɛ a wokorɔ ne sɛdeɛ wo bo huru tia me.
28 因為你對我的暴怒,和你的狂囂已達到我的耳鼓,所以我要把環子穿在你的鼻子上,把轡頭套在你的嘴上,從你來的路上將你牽回去。
Na ɛsiane mo ahomasoɔ a ɛtia me, na mʼankasa mate no enti, mede me darewa bɛsɔ mo hwene mu, na mede nnareka ato mo ano, na mama mo afa ɛkwan a mofaa so baeɛ no so, asane mo akyi.’
29 這是給你的記號:今年你們要吃自然所生的,明年仍要吃自然所生的,第三年你們就要播種收割,栽種葡萄園,吃園中的果實。
“Yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama woɔ, Ao Hesekia: “Saa afe yi wobɛdi deɛ ɛno ankasa fifirie, afe a ɛtɔ so mmienu no, wobɛdi deɛ ɛfiri mu ba. Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa so no, mobɛdua mfudeɛ, na moatwa. Mobɛyɛ bobe nturo, na moadi nʼaba no.
30 猶大家的遺民,仍要向下生根,往上結實,
Na mo a moaka Yuda a moatumi agyina ntua no mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ no ano no, mobɛsane atena mo asase so, na mobɛdi yie na moadɔre.
31 因為剩餘的人將由耶路撒冷而出,逃脫的人將由熙雍山而來:萬軍上主的熱誠必要成就這事。
Na nkaeɛfoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba, na nkaeɛfoɔ dɔm afiri Bepɔ Sion so. Asafo Awurade di nsiyɛ bɛhwɛ ama yei aba mu.
32 為此,上主問亞述王這樣說:他決不會進入這城,決不會向這城放射一箭,決不會持盾臨於城下,也決不會起造土堆攻城。
“Yei ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho: “Ɔrenhyɛne saa kuropɔn yi mu na ɔrento bɛmma wɔ ha. Ɔremfa akokyɛm mmɛnnyina kuropɔn no akyi na ɔrensi otua pie ntia no.
33 他必要由來路回去,決不能進入這城:上主的斷語。
Ɔhene no kwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛsane afa akɔ nʼankasa ɔman mu. Awurade ka sɛ, ɔrenwura saa kuro yi mu.
34 為了我自己,為了我的僕人達味,我必要保護拯救這城。」
Esiane mʼankasa mʼanimuonyam ne mʼakoa Dawid enti, mɛbɔ ho ban.”
35 當天夜裡,上主的使者出來,在亞述營裡殺了十八萬五千人。清晨人們起來,看見遍地都是死屍。
Saa anadwo no, Awurade ɔbɔfoɔ kɔɔ Asiria sraban mu, kɔkumm Asiria akodɔm no mpem ɔha aduɔwɔtwe enum. Asiriafoɔ a wɔkaeɛ no nyanee anɔpa no, wɔhunuu sɛ afunu gugu mmɔntene so baabiara.
36 亞述王散乃黑黎布於是拔營,起程回國,住在尼尼微。
Na Asiriahene Sanaherib gyaee ɔko no, kɔɔ nʼankasa nʼasase so. Ɔkɔtenaa nʼahenkuro Ninewe mu.
37 一日,他在自己的神尼色洛客廟內叩拜的時候,他的兒子阿德辣默肋客和沙勒責爾用劍刺殺了他,然後逃往阿辣辣特地方去了;他的兒子厄撒哈冬繼位為王。
Ɛda koro bi a ɔresom wɔ ne nyame Nisrok abosonnan mu no, ne mmammarima Adramelek ne Sareser de wɔn akofena kɔkumm no. Wɔdwane firii hɔ kɔtenaa Ararat asase so, na ne babarima foforɔ Esarhadon bɛdii nʼadeɛ sɛ Asiriahene.

< 列王紀下 19 >