< 歷代志下 4 >
1 [製造聖殿器皿]以後,他製了一座銅壇,長二十肘,寬二十肘,高十肘。
Salomo sane yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ne tentene yɛ anammɔn aduasa, ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa saa ara, na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn dunum.
2 又鑄了一個銅海,從這邊到那邊直徑十肘,作圓形,高五肘,圓周三十肘。
Afei, ɔyɛɛ nsukoradeɛ kɛseɛ kurukuruwa bi a ɛfiri ano kɔka ano yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no edin Ɛpo. Na emu tenten yɛ anammɔn nson ne fa, na ne kanko mu yɛ anammɔn aduanan enum.
3 銅海邊緣下四周圍,圍繞著匏瓜形的裝飾品,每肘十個,分兩行,匏瓜與銅海是同時鑄成的。
Na Ɛpo no wɔ nsɛsodeɛ a ɛte sɛ anantwie a wɔatwa afa ano no ase ahyia. Anammɔn baako biara mu no, na anantwie sɛso nsia wɔ so a wɔagu ama afra nsukoradeɛ no.
4 有十二隻銅牛馱著銅海:三隻向北,三隻向西,三隻向南,三隻向東;銅海安放在銅牛背上,牛尾朝裏。
Na Ɛpo no si nsiaseɛ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ anantwie dumienu sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔntene. Mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam. Mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam. Mmiɛnsa kyerɛ anafoɔ fam, ɛnna mmiɛnsa nso ani kyerɛ apueeɛ fam.
5 銅海厚一掌,邊如杯邊,形似百合花,可容三千「巴特。」
Ɛpo no afasuo mu pipiripie yɛ bɛyɛ nsateakwaa mmiɛnsa, na nʼano no ntrɛmu te sɛ bonsua, na na ɛte ɛsɛ sukooko nhwiren a apae. Na Ɛpo no tumi kora nsuo gyare mpem dunsia ne ahanum.
6 他又製了十個同盆:五個安置在右邊,五個安置在左邊,作為洗滌之用,洗滌作全燔祭的物品;但銅海只可為司祭作洗滌之用。
Ɔyɛɛ dwaresɛn edu a wɔkora nsuo a wɔde hohoro afɔrebɔdeɛ ho. Na emu enum wɔ Ɛpo no anafoɔ fam na enum wɔ atifi fam. Asɔfoɔ no deɛ, na Ɛpo no ankasa mu nsuo na na wɔde hohoro wɔn ho, na wɔmmfa dwaresɛn no mu nsuo no bi.
7 又照所規定的式樣製了十個金燈台,放在殿內:右邊五個,左邊五個。
Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ nkaneadua edu, sɛdeɛ wɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ noɔ no, de sisii Asɔredan no mu. Wɔde emu enum sisi bɛnee anafoɔ fam fasuo, na wɔde emu enum a aka no nso sisi bɛnee atifi fam ɔfasuo no.
8 又製了十張桌子,放在殿內:右邊五張,左邊五張。又造了一百個金碗。
Afei, ɔyɛɛ apono edu de sisii Asɔredan no mu. Wɔde emu enum sisii anafoɔ fam ɔfasuo no anim, na wɔde emu enum a aka no nso sisii atifi fam ɔfasuo no anim. Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ dwaresɛn ɔha.
Salomo sii adihɔ maa asɔfoɔ no, sane sii adihɔ kɛseɛ bi wɔ Asɔredan no mfikyire. Ɔyɛɛ apono totoo adihɔ akwan no ano, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa ho.
Wɔde Ɛpo no sii anafoɔ fam ne apueeɛ fam afasuo ahyiaeɛ no twɛtwɛwa so hɔ.
11 胡蘭也製了鍋、鏟和盤。胡蘭為撒羅滿王作了一切應為上主的殿所作的工作:
Huram-Abi yɛɛ nkukuo, nsofi ne dwaresɛn a ɛho hia nyinaa. Deɛ ɔhene Salomo kyerɛɛ Huram-Abi sɛ ɔnyɛ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho no nyinaa, ɔyɛeɛ.
12 兩根柱子,兩個柱頂上的球形柱頭,兩個網子,─遮蓋柱頂上兩個球形的柱頭,
Afadum mmienu, aduntire a wɔayɛ no sɛ asansuo mmienu a ɛsisi afadum no atifi, nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu wɔde asiesie aduntire no,
13 兩個網子上的四百個石榴,─每個網子有良行石榴,以遮蓋柱頂上兩個球形柱頭,
ateaa nsɛso ahanan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu aduntire no so (ateaa a wɔahyehyɛ no ntentenesoɔ mmienu a ebiara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn aduntire a ɛwɔ afadum no atifi no so no).
Ɔyɛɛ nsuo nteaseɛnam a dwaresɛn no sisi so,
Ɛpo no ne anantwie sɛso dumienu a wɔhyɛ aseɛ,
16 鍋、鏟、鉤以及一切用具:這一切都是胡蘭阿彼用光滑的銅,給撒羅滿王為上主的殿所製造的,
nkukuo, nsofi, ɛnam nnarewa ne nneɛma a ɛkeka ho nyinaa. Huram-Abi de kɔbere mfrafraeɛ a wɔabere ho na ɛyɛɛ saa nneɛma yi nyinaa maa Awurade Asɔredan no, sɛdeɛ Ɔhene Salomo hyɛɛ no no.
17 是王在約但平原,於穌苛特與匝爾堂之間,用膠泥模鑄成的。
Ɔhene ma wɔguu no kankua a na ɛwɔ Yordan bɔnhwa a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no mu.
18 撒羅滿所製的這一切器皿,實在眾多;所用的銅,重量無法計算。[其他器皿]
Kɔbere mfrafraeɛ a wɔde dii dwuma no dodoɔ enti, wɔantumi anhunu emu duru ano.
19 以後,撒羅滿又製造了上主殿內的一切用具:金壇和供餅的桌子,
Na Salomo yɛɛ nneɛma a wɔde siesie Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa: sikakɔkɔɔ afɔrebukyia; apono a wɔde Hyiadan mu Burodo no gu so;
20 燈台和依照規例應在內殿前點的燈盞,都是用純金製成的;
kanea nnua ne nʼakanea a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛbɛhyerɛn wɔ Kronkron mu Kronkron no anim sɛdeɛ wɔakyerɛ no;
21 還有花蕊、燈盞和燭剪,都是用金,即純金製成的;
nhwiren a wɔde siesie, nkanea ne afagya a wɔde sikakɔkɔɔ amapa na ɛyɛɛ no nyinaa;
22 還有刀、碗盤和火盤,都是純金的。殿宇的門,即進入至聖所內裏的門,以及聖殿,即正殿的門,也都是金的。
nkanea akapɛ, dwaresɛn, nyowaa ne nkyɛnsee a wɔnoa mu no nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ amapa; apono a wɔtintim wɔ ɛkwan a ɛkɔ Kronkron mu Kronkron ne deɛ ɛkɔ Asɔredan no dan kɛseɛ mu no, wɔde sikakɔkɔɔ na ɛduraa ho nyinaa.