< 歷代志下 36 >
1 [約阿哈次王朝]當地的人民立了約史雅的兒子約阿哈次在耶路撒冷繼父位為王。
Nnipa a wɔwɔ asase no so no sii Yosia babarima Yehoahas hene wɔ Yerusalem.
2 約阿哈次登極時二十三歲,在耶路撒冷為王三個月,
Bere a Yehoahas dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abiɛsa, nanso odii ade asram abiɛsa pɛ.
3 因為埃及王在耶路撒冷廢了他,且要那地方納一百「塔冷通」銀子,一「塔冷通」金子的罰款。
Misraimhene Neko a na ɔhwehwɛ sonkahiri a ɛyɛ dwetɛ tɔn abiɛsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa anan afi Yuda no na otuu no ade so.
4 以後,埃及王立了他的兄弟厄里雅金為猶大和耶路撒冷王,給他改名叫約雅金;乃苛將他的兄弟約阿哈次帶到埃及去了。[約雅金王朝]
Misraimhene yii Yehoahas nuabarima Eliakim sɛ ɔhene foforo ma odii Yuda ne Yerusalem so, na ɔsesaa Eliakim din yɛɛ no Yehoiakim. Na Neko faa Yehoahas dommum de no kɔɔ Misraim.
5 約雅金登極時年二十五歲,在耶路撒冷為王凡十一年。他行了上主視為惡的事。
Yehoiakim dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. Nanso ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, ne Nyankopɔn, ani so.
6 巴比倫王拿步高前來攻擊他,用銅鏈將他綑住,帶往巴比倫。
Babiloniahene Nebukadnessar kɔtoaa no, kyeree no de nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilonia.
7 拿步高也將上主殿內一部份器皿帶到巴比倫,安置在巴比倫他的神廟裏。
Nebukadnessar faa ademude a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu bi, de koguu nʼahemfi wɔ Babilonia.
8 約雅金其餘的事蹟,以及他所行的醜惡,和他遭遇的一切,都記載在以色列和猶大列王實錄上。他的兒子耶苛尼雅繼位為王。耶苛尼雅王朝
Yehoiakim ahenni ho nsɛm nkae, bɔne ahorow a ɔyɛe ne biribiara a wohu tiaa no no, wɔkyerɛw guu Israel ne Yuda Ahemfo Nhoma mu. Na ne babarima Yehoiakyin bedii nʼade sɛ ɔhene.
9 耶苛尼雅即位時年十八歲,在耶路撒冷作王三個月又十天。他行了上主視為惡的事。
Yehoiakyin bedii ade no, na wadi mfirihyia dunwɔtwe, nanso odii ade Yerusalem asram abiɛsa ne nnafua du pɛ. Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so.
10 次年歲首,拿步高派人來,將耶苛尼雅和上主殿內的珍器,帶往巴比倫,立了他的叔父漆德克雅為王,管理猶大和耶路撒冷。[猶大滅亡]
Afe a edi kan wɔ ɔsram a edi kan mu no, ɔhene Nebukadnessar frɛɛ Yehoiakyin sɛ ɔmmra Babilonia. Wɔfaa ademude bebree fii Awurade Asɔredan no mu de kɔɔ Babilonia saa bere no. Na Nebukadnessar yii Yehoiakyin wɔfa Sedekia, sɛ onni hene wɔ Yuda ne Yerusalem.
11 漆德克雅登極時年二十一歲,在耶路撒冷為王凡十一年。
Bere a Sedekia bedii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako, na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako.
12 他行了上主視為惡的事,雖然先知耶肋米亞奉上主的命來勸勉他,他仍不在耶肋米亞面前自謙自卑。
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade, ne Nyankopɔn ani so, na wammrɛ ne ho ase wɔ odiyifo Yeremia a na ɔkasa ma Awurade no anim.
13 拿步高王雖曾叫他指著天主起誓,他仍背叛了拿步高;更加執拗頑固,總不肯歸依上主,以色列的天主。
Ɔtew ɔhene Nebukadnessar anim atua wɔ bere a na waka ntam adi nsew wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, obedi no nokware. Na Sedekia yɛ kyenkyenee na opirim ne koma na wampɛ sɛ ɔde ne ho bɛbata Awurade, Israel Nyankopɔn ho.
14 此外,所有的司祭首長和百姓罪上加罪,仿傚了異族所行的一切醜惡之事,污辱了上主在耶路撒冷祝聖的殿宇。
Asɔfo no ntuanofo nyinaa ne ɔmanfo no kɔɔ so yɛɛ mmaratofo. Wɔyɛɛ abosonsomfo a wɔwɔ aman a atwa ahyia hɔ no nneyɛe no bi, na woguu Awurade Asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho fi.
15 上主他們祖先的天主,由於愛惜自己的百姓和自己的居所,時常不斷派遣使者警戒他們;
Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, somaa nʼadiyifo sɛ wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ mpɛn bebree, efisɛ na ɔwɔ ahummɔbɔ ma ne nkurɔfo ne nʼAsɔredan no.
16 無奈他們都嘲笑了天主的使者,輕視了他的勸告,譏笑了他的先知,致使上主的怒火發洩在他的百姓身上,直到無法救治。
Nanso nnipa no dii saa Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, amfa wɔn nsɛm no anyɛ hwee. Wodii adiyifo no ho fɛw ara kosii sɛ Awurade abufuwhyew turuwii a biribiara antumi annwudwo ano.
17 因此,上主使加色丁人的君王前來攻打他們,用刀將他們的壯丁在聖殿裏殺死,沒有憐恤他們的幼男少女,以及白髮耆老;上主將所有的人都交在敵人手中。
Enti Awurade de Babiloniahene ba bɛko tiaa wɔn. Babiloniafo no kunkum Yuda mmea a wɔyɛ mmabun mpo, wɔtaa wɔn kɔɔ Asɔredan no mu a wɔannya ahummɔbɔ amma wɔn. Wokunkum mmofra ne mpanyin, mmarima ne mmea, ahoɔdenfo ne ayarefo. Onyankopɔn de wɔn nyinaa hyɛɛ Nebukadnessar nsa.
18 加色丁人王又將天主殿內所有的大小器皿,上主殿內的寶物,君王和朝臣的寶物,都帶往巴比倫,
Ɔhene no san sesaw nneɛma no nyinaa, akɛse ne nketewa a na wɔde som wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu, ne ademude a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu ne ahemfi hɔ nyinaa de kɔɔ Babilonia. Ɔde mmapɔmma nyinaa nso kɔe.
19 焚毀了上主的殿宇,拆壞了耶路撒冷的城牆,燒了城中所有的宮殿,毀壞了城內一切珍貴的器皿;
Wɔtoo Onyankopɔn Asɔredan no mu gya, bubuu Yerusalem afasu no, hyew ahemfi no nyinaa, sɛee biribiara a ɛwɔ bo no.
20 凡免於刀下的人,都被擄到巴比倫去,作他及他子孫的奴僕,直到波斯帝國興起。
Nnipa kakra a wɔkae no, wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilonia, ma wɔkɔyɛɛ ɔhene no ne ne mmabarima asomfo kosii sɛ Persia ahenni bedii tumi.
21 這樣,就應驗了上主藉耶肋米亞的口所說的話:「直到這地域補享了它的安息年,應該在荒蕪期中獲享安息,直到七十年。」[居魯士頒發上諭]
Enti Awurade asɛm a wɔfaa Yeremia so kae no baa mu. Afei, asase no nso nyaa nʼahomegye, ɛdaa mpan mfirihyia aduɔson sɛnea odiyifo no kae no.
22 波斯王居魯士元年,為應驗上主藉耶肋米加的口所說的話,上主感動了波斯王居魯士的心,叫他出一道號令,向全國頒發上諭說:「
Persiahene Kores adedi afe a edi kan mu no, Awurade maa odiyifo Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu. Ɔkaa Kores koma ma ɔkyerɛw bɔɔ no dawuru wɔ nʼahenni nyinaa mu se,
23 波思王居魯士這樣說:上主的神「雅威,」將地上萬國交給了我,囑咐我在猶大的耶路撒冷為他建築一座殿宇,你們中間凡作他子民的,可以上去;願他的神與他同在! 」
“Sɛnea Persiahene Kores ka ni: “‘Awurade, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ama me. Wayi me sɛ minsi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. Mo a moyɛ Awurade nkurɔfo nyinaa, monsan nkɔ Israel nkodi saa dwuma yi. Awurade, mo Nyankopɔn nka mo ho.’”