< 歷代志下 30 >
1 [宣告舉行逾越節]希則克雅派人到全以色列和猶大,且也寫了封公函給厄弗辣因和默納協,叫他們來耶路撒冷上主的殿內,向上主以色列的天主舉行逾越節,
Afei, ɔhene Hesekia de nkra kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, na ɔtwerɛɛ krataa too nsa de frɛɛ Efraim ne Manase. Ɔka kyerɛɛ obiara sɛ ɔmmra Awurade Asɔredan no mu wɔ Yerusalem, na wɔnni Awurade, Israel Onyankopɔn, Twam Afahyɛ no.
2 因為君王與首領和耶路撒冷會眾已商妥,在二月舉行逾越節。
Ɔhene no, ne mpanimfoɔ ne ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem nyinaa yɛɛ adwene sɛ wɔbɛdi Twam Afahyɛ no wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu no mu.
3 他們不能如期舉行的原因,是因為自潔的司祭尚不敷用,百姓又尚未齊集在耶路撒冷。
Na anka wɔdi Twam Afahyɛ no bosome ansa na bosome a ɛtɔ so mmienu ahyɛ aseɛ, nanso na asɔfoɔ no bebree ntumi nnwiraa wɔn ho, na ɔmanfoɔ no nso, na wɔmmoaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem.
Adwene a wɔyɛeɛ sɛ wɔbɛdi Twam Afahyɛ no, na ɛyɛ ma ɔhene no ne ɔmanfoɔ no nyinaa.
5 遂下令通告全以色列,從貝爾舍巴直到丹,都來耶路撒冷,向上主以色列的天主舉行逾越節,因為人很久沒有照章舉行這節了。
Enti, wɔbɔɔ no dawuro wɔ Israel nyinaa firi Beer-Seba a ɛwɔ anafoɔ fam kɔsi Dan a ɛwɔ atifi fam sɛ, obiara mmra Yerusalem mmɛdi Awurade, Israel Onyankopɔn Twam Afahyɛ no bi. Na nnipa dodoɔ nni Twam Afahyɛ no sɛdeɛ mmara no kyerɛ.
6 使者遂帶君王和首領的公函,走遍全以色列和猶大,照君王的吩咐,宣佈說:「以色列的子民,你們應當轉向上主,亞巴郎、依撒格和以色列的天主,好使他轉向你們,這些擺脫亞述王權下的遺民。
Ɔhene no hyɛ ma wɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Israel ne Yuda afanan nyinaa. Wɔmaa wɔn nkrataa a na emu nsɛm ka sɛ: “Ao Israel manfoɔ, monsane mmra Awurade, Abraham, Isak ne Israel Onyankopɔn nkyɛn, sɛdeɛ ɔbɛsane aba yɛn mu, nnipa kakra a yɛanya yɛn tiri adidi mu wɔ Asiria ahemfo nkonim a wɔdii yɛn so no.
7 你們不可像你們的祖先和弟兄一樣,因為他們背叛了上主,他們祖先的天主,上主遂叫他們成了驚駭的對象,有如你們親眼所見的。
Monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo abusuafoɔ a wɔgyaa Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, a wɔyɛɛ aseredeɛ sɛdeɛ mo ankasa mohunu yi.
8 現在,你們再別頸硬,如同你們祖先一樣,反應投奔上主,進入他永遠祝聖的居所,奉事上主你們的天主,使他的震怒轉離你們。
Monnyɛ asoɔden sɛdeɛ na wɔte no, na mmom, mommrɛ mo ho ase mma Awurade. Mommra nʼAsɔredan a wɔayi asi hɔ sɛ ade kronkron daa nyinaa. Monsom Awurade, mo Onyankopɔn, sɛdeɛ nʼabufuhyeɛ no bɛfiri mo so.
9 如果你們轉向上主你們的天主,你們的弟兄子女,在擄掠他們的人面前必會蒙受憐憫,會再回到這地;因為上主你們的天主是慈悲的,是仁愛的;如果你們轉向他,他決不會轉面不顧你們。」
Na sɛ mosane ba Awurade nkyɛn a, mo abusuafoɔ ne mo mma bɛnya ahummɔborɔ wɔ wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wɔbɛtumi asane aba asase yi so. Ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn yɛ ɔdɔ ne ahummɔborɔ. Sɛ mosane ba ne nkyɛn a, ɔrenyi nʼani mfiri mo so.”
10 使者由這城到那城,奏遍了厄弗辣因和默納協各地,直到則步隆;但是,那裏的人卻嘲笑侮辱他們。
Abɔfoɔ no kyinii nkuro a ɛwɔ Efraim ne Manase kɔsi Sebulon so. Nanso, nnipa no mu bebree seree abɔfoɔ no, dii wɔn ho fɛw.
11 可是,有些阿協爾、默納協和則步隆人自謙自卑,來到耶路撒冷。
Nanso, wɔn a wɔfiri Aser, Manase ne Sebulon mu bi brɛɛ wɔn ho ase, kɔɔ Yerusalem.
12 天主的手也在猶大行事,使民眾一心遵從君王和首領,照上主的話所出的命令。[舉行逾越節]
Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, na Onyankopɔn nsa wɔ nnipa a wɔwɔ Yuda so. Na ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ baako, na wɔnyɛ ɔsetie mma Awurade asɛm a ɛfiri ɔhene ne ne mpanimfoɔ no nkyɛn.
13 二月,有很多人民聚集在耶路撒冷,舉行無酵節,實行是一個大盛會。
Enti, ɛdɔm kɛseɛ hyiaa wɔ Yerusalem bosome a ɛtɔ so mmienu no mu, sɛ wɔrebɛdi Twam Afahyɛ no ne Apiti Afahyɛ no.
14 民眾起來,將耶路撒冷所有的丘壇拆毀,將所有焚香的器具拿去,丟在克德龍溪裏。
Wɔhyɛɛ aseɛ bubuu abosonsomfoɔ afɔrebukyia no nyinaa firii Yerusalem. Wɔyiyii nnuhwam afɔrebukyia nyinaa kɔto guu Kidron bɔnhwa mu.
15 二月十四日宰殺了逾越節羔羊;司祭和肋未人自覺慚愧,便聖潔自己,好能在上主殿內奉獻全燔祭。
Ɛda a wɔahyɛ wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu no duruiɛ no, ɔmanfoɔ no kunkumm wɔn Twam Afahyɛ nnwammaa. Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ani wuiɛ enti, wɔdwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ baa Awurade Asɔredan mu.
16 他們都按天主僕人梅瑟的法律,各自立在自己的地方,司祭由肋未人手中取過血來,灑在祭壇上。
Obiara kɔgyinaa nʼafa wɔ Asɔredan no mu, sɛdeɛ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no mmara no kyerɛ no. Lewifoɔ no de mogya afɔrebɔdeɛ no brɛɛ asɔfoɔ no, maa wɔn nso pete guu afɔrebukyia no so.
17 因為會眾中有許多人尚未自潔,肋未人便為所有不潔的人,宰殺逾越節的羔羊,好奉獻給上主。
Esiane sɛ na ɔmanfoɔ no mu bebree nnwiraa wɔn ho enti, Lewifoɔ no na wɔkunkumm wɔn Twam Afahyɛ nnwammaa no maa wɔn, nam so tee ho maa Awurade.
18 實在,有許多人,有許多來自厄弗辣因,默納協、依撒加爾和則布隆的人,沒有自潔,就吃了逾越節的羔羊,竟沒有遵守明文的規定;為此,希則克雅為他們祈禱說:「
Na wɔn a wɔfiri Efraim, Manase, Isakar ne Sebulon no mu fa kɛseɛ no ara nnwiraa wɔn ho. Nanso, ɔhene Hesekia bɔɔ mpaeɛ maa wɔn, na wɔmaa wɔn ɛkwan maa wɔdii Twam Afahyɛ aduane no bi a na anka ɛtia Onyankopɔn mmara. Hesekia bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade a ɔyɛ mmɔborɔhunufoɔ no mfa nnipa a
19 凡誠心尋求天主,上主,他們祖先的天主的人,雖然沒有依照聖所的潔禮自潔,願良善的上主予以寬恕! 」
wɔasi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛdi Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn akyi no bɔne nkyɛ wɔn, mpo, sɛ wɔnnwiraa wɔn ho yie mmaa afahyɛ no a.”
Na Awurade tiee Hesekia na ɔsaa ɔmanfoɔ no yadeɛ.
21 在耶路撒冷的以色列子民,極其歡樂,七天舉行了無酵節;肋未人和司祭們,天天讚頌上主,極力讚頌上主。
Enti, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no de nnanson dii Apiti Afahyɛ no anigyeɛ so. Ɛda biara, Lewifoɔ ne asɔfoɔ no too nnwom maa Awurade de nnwontodeɛ a ano yɛ den gyegyee ho.
22 由於所有的肋未人慇勤服事上主,希則克雅便慰勞他們。七天之久,眾人吃了節宴,獻了和平祭,稱謝了上主,他們祖先的天主。
Hesekia hyɛɛ Lewifoɔ no nkuran wɔ ɛkwan pa a wɔfa so som Awurade no ho. Na afahyɛ no kɔɔ so nnanson. Wɔbɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔmanfoɔ kaa wɔn bɔne kyerɛɛ Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn.
23 以後,全會眾議定,再舉行七天,於是歡樂地又舉行了七天,
Badwa no nyinaa yɛɛ wɔn adwene sɛ, wɔbɛtoa so adi afahyɛ no nnanson bio enti wɔde anigyeɛ toaa so nnawɔtwe.
24 因為猶大王希則克雅送給了會眾一千頭牛犢,七千隻綿羊;首領們也送給了會眾一千頭牛犢,一萬隻綿羊;且有許多司祭已行了自潔禮。
Ɔhene Hesekia maa ɔmanfoɔ no anantwinini apem ne nnwan mpem nson sɛ wɔmfa mmɔ afɔdeɛ, na mpanimfoɔ no nso maa anantwinini apem ne nnwan ɔpedu. Ɛberɛ korɔ no ara mu, asɔfoɔ no bebree dwiraa wɔn ho.
25 猶大全會眾、司祭和肋未人,來自以色列的全會眾,以及由以色列地來的,或是僑居在猶大的人,都非常高興。
Yuda badwa nyinaa a asɔfoɔ, Lewifoɔ ne wɔn a wɔfiri Israel asase so nyinaa, ananafoɔ a wɔbɛdii afahyɛ no ne wɔn a na wɔte Yuda nyinaa ani gyeeɛ.
26 歡樂瀰漫了耶路撒冷,自以色列王達味的兒子撒羅滿以來,耶路撒冷從未有過這樣大的喜慶。
Anigyeɛ kɛseɛ baa kuropɔn no mu, ɛfiri sɛ, na Yerusalem nhunuu afahyɛ a ɛte sei bi da, ɛfiri Salomo ɔhene Dawid babarima berɛ so.
27 肋未人司祭起來為民眾祝福,他們的聲音承蒙垂聽,他們的祈禱達於他天上的神聖居所。
Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ sɔre hyiraa ɔmanfoɔ no, na Onyankopɔn tiee wɔn firi ne soro atenaeɛ kronkronbea hɔ.