< 歷代志下 3 >

1 [興工建殿]撒羅滿在耶路撒冷,即在他父親達味看見異像的摩黎雅山上,在耶步斯人敖爾難的禾場上,達味所準備的地方,興工建造上主的聖殿。
Na Salomo hyɛɛ aseɛ sii Awurade Asɔredan no wɔ Yerusalem Moria bepɔ so a ɛhɔ na Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo agya Ɔhene Dawid no. Wɔsii Asɔredan no wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ, beaeɛ a Dawid yi too hɔ no.
2 撒羅滿在即位後第四年二月興工建造。
Salomo dii adeɛ no, ne mfeɛ ɛnan so, Adar bosome (bɛyɛ Oforisuo) mu, na wɔhyɛɛ ɛdan no sie ase.
3 撒羅滿為建造天主聖殿的基地,按照古尺度計算:長六十肘,寬爾十肘。
Na Onyankopɔn Asɔredan no fapem atweeɛmu yɛ anammɔn aduɔkron, ɛnna ne tɛtrɛtɛ mu yɛ anammɔn aduasa.
4 門廊的長度與聖殿的寬度相等,即二十肘,高二十肘,裏面全貼上純金。
Ntwonoo a ɛwɔ Asɔredan no anim tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa, a ɛne Asɔredan no tɛtrɛtɛ yɛ pɛ. Afasuo a ɛwɔ ntwonoo no mu no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura mu. Ntwonoo no ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduasa.
5 大殿裏面先蓋上一層木板,再貼上純金,上面雕刻上棕樹和花環;
Pepeaa nnua na wɔde samm Asɔredan no mu, na wɔde sikakɔkɔɔ amapa guu so, dii mmɛdua ne nkɔnsɔnkɔnsɔn adwinnie wɔ so.
6 又以寶石點綴聖殿,甚是華麗;金子都是帕爾瓦因金。
Aboɔdemmoɔ a ɛyɛ fɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛfiri Parwaim na wɔde siesiee Asɔredan no afasuo ho.
7 正殿、棟樑、門限、牆壁,以及門扇,都貼上金子,牆上刻有革魯賓。[至聖所]
Wɔde sikakɔkɔɔ guu Asɔredan no afasuo, afadum, apono ne aboboano nyinaa ho, na wɔdii Kerubim sɛso adwinnie wɔ afasuo no ho.
8 以後,建造了至聖所,長度與聖殿的寬度相等,即二十肘,寬度也是二十肘;內部貼了六百「塔冷通」純金。
Na Kronkron mu Kronkron hɔ tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa te sɛ asɔredan no ara, nʼatweeɛmu nso yɛ anammɔn aduasa. Sikakɔkɔɔ amapa bɛyɛ nkariboɔ tɔno aduonu mmiɛnsa na wɔde guu so.
9 釘子重五十「協刻耳」金子;連樓閣也貼上了金子。
Sikakɔkɔɔ nnadewa a ebiara kari bɛyɛ gram ahanum ne aduɔson enum na wɔde dii ɛdan no ho dwuma. Sikakɔkɔɔ amapa na wɔde guu soro adan no afasuo ani.
10 在至聖所內,以刻工刻了兩個革魯賓,外面包上了黃金;
Salomo yɛɛ Kerubim sɛso mmienu, de sikakɔkɔɔ amapa guu ho. Wɔde yeinom sisii Kronkron mu Kronkron hɔ.
11 革魯賓的翅膀,共長二十肘:這邊革魯賓的一個翅膀長五肘,伸至這邊殿牆;另一個翅膀也長五肘,與另一個革魯賓的翅膀相接連。
Kerubim mmienu no a wɔsisi hɔ no ntaban ka bɔ mu a, ne ntrɛmu yɛ anammɔn aduasa. Kerubim baako ataban baako a ɛpem ɔfasuo no tentene yɛ anammɔn nson ne fa. Ataban baako no nso a ɛyɛ anammɔn nson ne fa no, ɛne Kerubim baako no ataban hyia.
12 這一個革魯賓的一個翅膀,也長五肘,伸至那邊殿牆;另一個翅膀也長五肘,與前一個革魯賓的翅膀相接連。
Saa ara nso na Kerubim a ɔtɔ so mmienu no ataban baako mu ntrɛmu yɛ anammɔn nson ne fa, na ɛpem Asɔredan no ɔfasuo a ɛne ɔfasuo baako no di nhwɛanim. Ataban baako a aka no nso ntrɛmu a ɛyɛ anammɔn nson ne fa no, ɛhyia Kerubim a ɛdi ɛkan no ataban baako.
13 兩個革魯賓的翅膀都伸開,共長二十肘;他們雙足站立,面向聖殿。
Enti, na Kerubim mmienu no ntaban mu ntrɛmu yɛ anammɔn aduasa. Na wɔn nyinaa sisi hɔ a wɔn anim kyerɛ Asɔredan no mu.
14 又用藍線、紫線、朱紅線和細麻,作了一帳幔,上面繡上革魯賓。[圓柱]
Salomo de ntwamutam a ɔde bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne nwera ayɛ, a wɔanwono Kerubim nsɛsodeɛ agu mu, sɛnee Kronkron mu Kronkron no kwan ano.
15 他又在殿前造了兩根柱子,共長三十肘;每根柱子頂上有柱帽,高五肘。
Asɔredan no anim, Salomo yɛɛ afadum mmienu a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson. Na ntaasoɔ kata emu biara atifi a ɛno nso ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa.
16 又做了類似項鍊的花環,置於柱頭上;又作了一百個石榴,懸在花環上。
Ɔyɛɛ ntweaban nsosɔmu, de siesiee afadum no atifi. Ɔsane yɛɛ ateaa aba nsɛso fɛfɛ de sosɔɔ ntweaban no mu.
17 把兩根柱子立在殿前,一左一右:右邊的叫雅津,左邊的叫波阿次。
Afei, ɔde afadum mmienu no sisii Asɔredan no ano ɛkwan ano. Ɔde baako sii ɛkwan no anafoɔ fam no ano, ɛnna ɔde baako nso sii atifi fam. Ɔtoo deɛ ɛwɔ anafoɔ fam no edin Yakin, ɛnna deɛ ɛwɔ atifi fam no, ɔtoo no edin Boas.

< 歷代志下 3 >