< 提摩太前書 1 >
1 奉我們的救主天主,和作我們希望的基督耶穌的命,作基督耶穌宗徒的保祿,
Nwoma yi firi Kristo Yesu somafoɔ Paulo nkyɛn. Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Gyefoɔ ne Kristo Yesu a ɔma yɛn anidasoɔ na ɔfrɛɛ me.
2 致書給在信德上作我真子的弟茂德。願恩寵、仁慈與平安,由天主父和我們的主基督耶穌賜與你!
Meretwerɛ akɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidie no mu: Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ nka mo.
3 當我往馬其頓去的時候,曾請救你留在厄弗所,為的是要你訓令某些人,不要講異端道理,
Mepɛ sɛ motena Efeso sɛdeɛ merekɔ Makedonia no meka kyerɛɛ mo no. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔma nkyerɛkyerɛ bɔne a ɛsɛ sɛ mohyɛ wɔn na wɔgyae.
4 也不要探求無稽的傳說,以及無窮的祖譜,因為這些事只會激起爭辯,對於天主所立的那基於信德的救世計劃,都毫無益處。
Monka nkyerɛ wɔn na wɔnnyae atorɔsɛm ne wɔn nananom din bebrebe a wɔbobɔ no, ɛfiri sɛ, saa nneyɛeɛ no de akyinnyeɛ ba. Ɛmmoa Onyankopɔn nhyehyɛeɛ a wɔnam gyidie nko so na wɔhunu no.
5 這訓令的目的就是愛,即由純潔的心,光明磊落的良心和真誠信仰所發出的愛;
Saa ɔhyɛ yi botaeɛ ara ne sɛ, ɛbɛkanyane ɔdɔ a ɛfiri akoma pa, adwenem fann ne gyidie pa mu.
Nnipa bi atwe wɔn ho afiri ɛkwan pa no so de wɔn ho ama akyinnyeɛ hunu.
7 願意充當法學士,卻不明白自己所主張的是什麼事。
Wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mmara no akyerɛkyerɛfoɔ nanso wɔn ara wɔn nsɛm a wɔka no wɔnte aseɛ. Saa ara nso na wɔnni gyidie wɔ nsɛm a wɔka no mu.
Yɛnim sɛ, sɛ wɔnam mmara ɛkwan so de Mmara no di dwuma a, ɛyɛ.
9 我們也知道法律不是為善人立的,而是為叛逆和不服從的,為不敬神和顣瀆聖的,為弒父母的,為殺人的,
Ɛsɛ sɛ yɛkae hunu sɛ, wɔanyɛ mmara no amma ateneneefoɔ na mmom, wɔyɛ maa mmaratofoɔ, nnebɔneyɛfoɔ, wɔn a wɔnsuro Onyame ne abɔnefoɔ, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔkum wɔn agyanom ne wɔn maamenom, awudifoɔ,
10 為犯奸淫的,為行男色的,另為拐賣人口的,為說謊言的,為發虛誓的,並為其它相反建全道理的事而立的;
afideyɛfoɔ, adwamammɔfoɔ, nnipawiafoɔ, atorofoɔ a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokorɛ nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no.
11 這道理是按著真福的天主所托給我的光榮福音而宣講的。
Saa nokorɛ nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɛmpa a wɔde ama me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ no mu. Ɛyɛ Asɛmpa a ɛfiri Onyankopɔn a ɔyɛ onimuonyamfoɔ na wɔahyira no no nkyɛn.
12 我感謝那賜與我能力的我們的主基督耶穌,因為衪認為我忠信,就派定了我服役。
Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma medi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no.
13 原先我是個褻瀆者、迫害者和施暴者;但是我蒙受了憐憫,因為我當時是在不信之中,出於無認識而做了那些事。
Nanso, mmerɛ bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, kaa nsɛm a ɛmfata faa ne ho. Onyankopɔn ahunu me mmɔbɔ na ɛsiane sɛ na mennye nni enti, na mennim deɛ mereyɛ.
14 然而我們主的恩寵對我特別豐厚,使我在耶穌基督內有了信和愛。
Yɛn Awurade hwiee nʼadom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidie ne ɔdɔ a ɛsiane Kristo Yesu enti, abɛyɛ yɛn dea no.
15 這話是確實的,值得完全接納;就是基督耶穌到世界上來,是為拯救罪人;而我就是其中的魁首。
Yei yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yɛgye tom na yɛgye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa ewiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ nkwa. Na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan koraa.
16 但是我所以蒙受了憐憫,是為使基督耶穌在我這個魁首身上,顯示衪的完全堅忍,為給將來信任衪而獲永生的人一個榜樣。 (aiōnios )
Nanso, ɛsiane saa enti, wahunu me mmɔbɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔdi ɛkan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a ɛnni awieeɛ no adi akyerɛ wɔn a wɔbɛgye no adi no na wɔanya nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios )
17 願尊榮和光榮歸於萬世的君王,那不死不滅,不可見的惟一天主,於無窮之世,阿們。 (aiōn )
Animuonyam ne anidie nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmerɛsantenhene. Ɔno na wɔnhunu no na ɔnwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen. (aiōn )
18 我兒弟茂德,我根據以前指著你所說過的那些預言,把這訓令委詑給你,為叫你藉此打這埸好仗,
Afei, me ba Timoteo, mede saa dwumadie a wɔhyɛɛ ho nkɔm firi tete no hyɛ wo nsa. Wogu so reko ɔko pa no no, ma saa nsɛm no nyɛ wʼakodeɛ,
19 保持信德和良心純潔;有些人竟擯棄了良心,而在信德上遭了船破之災,
na sɔ wo gyidie mu denden na ma wʼadwene mu nyɛ fann. Nnipa bi ntie wɔn atiboa nam saayɛ so asɛe wɔn gyidie.
20 其中有依默納約和亞歷山大,我已把他們交給撒殫,為叫他們學習不再褻瀆。
Saa nnipa no bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn ama Ɔbonsam na wɔatwe wɔn aso sɛdeɛ wɔrenka abususɛm ntia Onyankopɔn bio.