< 哥林多前書 1 >

1 因天主的旨意,蒙召為耶穌基督宗徒的保祿和索斯特及弟兄,
Krataa yi firi me, Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so enti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafoɔ no ne onua Sostene nkyɛn,
2 致書給格林多的天主教會,就是給那些在基督耶穌內受祝聖,與一切在各地呼求我們的主,亦即他們和我們的主尸基督之名,一同蒙召為聖的人。
Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifoɔ kronkron no, ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no:
3 願恩寵與平安,由我們的父天主和主耶穌基督賜給你們。
Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo.
4 我時時為你們,對天主在基督耶穌內所賜與你們的恩寵,而感謝我的又主,
Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no enti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo.
5 因為藉著祂,你們在一切事上,在一切言論和知識上,都成了富有的;
Ɛnam ne so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu.
6 並且我為基督所作的證言,在你們中是這樣的堅定,
Kristo ho asɛm atim wɔ mo mu,
7 以致你們已不缺少任何恩寵,只待我們的主耶穌基督的出現;
ɛno enti, ɛsiane sɛ moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no enti, nhyira biara, monya bi.
8 天主必要堅定你們到底,使你們在我們的主耶穌基督的日子上,無瑕可指。
Ɔbɛhyɛ mo den akɔsi awieeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, da a Awurade bɛba no, wɔrennya mo ho mfomsoɔ biara.
9 天主是忠信的,你們原是由祂所召,為同祂的聖子,我們的主耶穌基督,合而為一。
Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafoɔ.
10 弟兄們,我因我們的主耶穌基督之名,求你們眾人言談一致,在你們中間不要有分裂,但要同心合意,全然相合。
Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so metu mo fo sɛ, asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Monsɔ adwene ne botaeɛ baako mu na ama moayɛ baako.
11 因為,我的弟兄們,我由黑羅厄的家人聽說你們中發生了紛爭。
Anuanom, nnipa bi a wɔfiri Kloe efie apae mu aka akyerɛ me sɛ, akasakasa wɔ mo asafo yi mu.
12 我的意思是說,你們各自分稱:我是屬保祿的,我是屬阿頗羅的,我是屬刻法的,我是屬基督的。
Asɛm a mepɛ sɛ meka ne sɛ, wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Yei ka sɛ, “Mewɔ Paulo afa” a, ɔfoforɔ sɛ, “Mewɔ Apolo afa.” Obi sɔre na ɔse, “Mewɔ Petro afa” a, ɔbaako nso se, “Mewɔ Kristo afa.”
13 基督被分裂了嗎?難道保祿為你們被釘死在十字架上嗎?或者你們受洗是屬於保祿名下嗎?
Wɔakyekyɛ Kristo mu akuakuo? Paulo na ɔwuu wɔ asɛnnua no so maa mo anaa? Wɔbɔɔ mo asu sɛ Paulo asuafoɔ anaa?
14 我感謝天主,除了克黎斯頗和加約外,我沒有給你們中的任何人付過洗,
Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho.
15 免得有人說:你們受洗是歸我的名下。
Obiara rentumi nka sɛ wɔbɔɔ mo asu sɛ mʼasuafoɔ.
16 我還給斯特法納一家付過洗;此外我就不記得還給誰付過洗了。
Mekae sɛ mebɔɔ Stefana ne ne fiefoɔ asu. Na menkae sɛ mebɔɔ obi foforɔ asu bio.
17 原來基督派遺我,不是為施洗,而是為宣傳福音,且不用巧妙的言辭,免得基督十字架失去效力。
Kristo ansoma me sɛ memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me sɛ memmɛka asɛmpa a ɛmfiri nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a ɔwuu asɛnnua no so no mu tumi anyɛ kwa.
18 原來十字架的道理,為喪亡的人是愚妄,為我們得救的人,卻是天主的德能,
Asɛnka a ɛkyerɛ Kristo asɛnnuambɔ no yɛ nsɛm a aba nni mu ma wɔn a wɔreyera. Nanso, yɛn a wɔregye yɛn nkwa no deɛ, ɛyɛ Onyankopɔn tumi.
19 因為經上記載:『我要摧毀智者的智慧,廢除賢者的聰明。
Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Mɛsɛe anyansafoɔ nyansa, na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.”
20 智者在哪裡?天主豈不是使這世上的智慧變成妄嗎? (aiōn g165)
Enti, onyansafoɔ wɔ he? Onimdefoɔ nso wɔ he? Ewiase yi mu akyinnyegyefoɔ wɔ he? Onyankopɔn akyerɛ sɛ ewiase yi mu nyansa yɛ ohunu. (aiōn g165)
21 因為世人沒有憑自己的智慧,認識天主,天主遂以自己的智慧,決意以愚妄的道理來拯救那些相信的人。
Enti, Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ sɛ, nnipa a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hunu no no renhunu no da. Na mmom, Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene sɛ wɔn a wɔgye asɛm a “aba nni mu” a yɛka no di no, ɔbɛgye wɔn nkwa.
22 的確,猶太人要求的是神蹟,希臘人尋求的智慧,
Yudafoɔ hwehwɛ sɛ wɔhunu nsɛnkyerɛnneɛ, ɛnna Helafoɔ nso hwehwɛ nyansa.
23 這為猶太人固然是絆腳石,為外邦人是愚妄,
Nanso, yɛn deɛ, yɛka Kristo wu a ɔwuu wɔ asɛnnua no so no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ Yudafoɔ abufuo ɛnna ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma amanamanmufoɔ;
24 但為那些蒙召的,不拘是猶太人或希臘人,基督卻是天主的德能和天主的智慧:
nanso Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa.
25 因為天主的愚妄總比人門智,天主的懦弱也總比人強。
Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sene nnipa nyansa, na saa ara nso na deɛ ɛyɛ sɛ ɛyɛ mmerɛ wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sene nnipa ahoɔden.
26 弟兄們!你們看看你們是怎麼蒙召的:按肉眼看,你們人聰明的人並不多,有權勢的人也不多,顯貴的人也不多;
Afei, anuanom, monkae ɛberɛ a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam deɛ na mo mu bebree nyɛ anyansafoɔ, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehyeɛ nso.
27 天主偏召了世上愚妄的,為羞辱那智慧的;召選了世上懦弱的,為羞那堅強的;
Nanso, Onyankopɔn faa ewiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafoɔ anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛ wɔ ewiase, nam so de guu ahoɔden anim ase.
28 甚而天主召選了世上卑賤的和受人輕視的,以及那些一無所有的,
Ɔfaa deɛ ewiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee deɛ ewiase susu sɛ ɛho hia no.
29 為使一切有血肉的人,在天主前無所誇耀。
Yei kyerɛ sɛ obi ntumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim.
30 你們得以結合於基督耶穌內,全是由於天主,也是由於天主,基督成了我們的智慧,正義,聖化者和救贖者,
Nanso, Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn nam Kristo so ama yɛn nyansa; ɛnam ne so ma yɛatene wɔ Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefoɔ a wama yɛade yɛn ho.
31 正如經上所記載的:『凡要誇耀的,應因主而誇耀。』
Enti sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho wɔ deɛ Awurade ayɛ mu.”

< 哥林多前書 1 >