< 歷代志上 29 >
1 [達味勸捐]達味王又對全會眾說:「我的兒子撒羅滿,天主所特天主;
Afei, Ɔhene Dawid dan nʼani kyerɛɛ ɔmanfo no kae se, “Me babarima Salomo a Onyankopɔn ayi no sɛ onni Israel so sɛ ɔhene foforo no da so yɛ abofra a onni osuahu biara. Adwuma a ɛda nʼanim no so, na Asɔredan a obesi no nyɛ dan hunu bi. Ɛyɛ Awurade Nyankopɔn no ankasa de.
2 為此,我竭盡力量為我天主的殿宇,預備了金子作金器,銀子作銀器,銅作銅器,鐵作鐵器,木作木器,且有紅瑪瑙、可鑲嵌的寶石、孔雀石、斑色石、各種玉石,以及很多大理石。
Mede nea mitumi yɛ biara adi dwuma, maboaboa nea matumi anya nyinaa ano ama me Nyankopɔn Asɔredan no si. Mprempren, sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae, nnade ne nnua ne apopobibiri abo ne aboɔden abo, aboɔden agude ne abo pa ne abohemaa ahorow nyinaa pii wɔ hɔ.
3 此外,因為我愛我天主的殿宇,除了我為建築聖殿所準備的以外,我還將我私蓄的金銀,獻給我天主的殿宇:
Na esiane me ho a mede ama me Nyankopɔn Asɔredan no nti, mede mʼankasa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bɛboa ɔdan no si. Eyinom bɛka adansi no ho nneɛma a maboaboa ano ama asɔredan kronkron no ho.
4 就是敖非爾金子三千「塔冷通,」純銀七千「塔冷通,」為包殿內的牆壁;
Mama Ofir sikakɔkɔɔ a ɛboro nsania ani tɔn ɔha ne dumien ne dwetɛ a wɔahoa ho nsania ani tɔn ahannu aduosia abien a wɔde begu adan no afasu anim,
5 金子用來製造金器,銀子用來製造銀器,和匠人所應作的一切巧工。今天誰自願給上主捐獻呢﹖」
ne sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwuma a aka a adwumfo no bɛyɛ no. Afei, hena na obeyi ne yam de nʼayɛyɛde ama Awurade nnɛ?”
6 於是各族長、以色列各支派的首領、千夫長、百夫長以及掌管君王勞役的主管,都自願捐獻。
Na abusua ntuanofo, Israel mmusuakuw ntuanofo, asahene ne asraafo mpanyimfo ne ɔhene adwumayɛfo nyinaa fii ɔpɛ pa mu mae.
7 為了天主殿宇的用途,他們捐獻了五千「塔冷通」金子,一萬「達理克,」一萬「塔冷通」銀子,一暗八千「塔冷通」銅和十萬「塔冷通」鐵。
Wɔmaa sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔn ɔha aduɔwɔtwe awotwe, sika ankasa mpem du, dwetɛ bɛyɛ tɔn ahaasa aduɔson anum, kɔbere mfrafrae bɛyɛ tɔn ahansia aduɔson anum ne nnade bɛyɛ tɔn mpem ahaasa ahanson ne aduonum, de boaa Asɔredan no si.
8 凡有寶石的,都交入上主殿內府庫裏,由革爾雄人耶希耳保管。
Wɔmaa aboɔden abo bebree a wɔkɔkoraa no wɔ sikakorabea a ɛwɔ Awurade fi maa Yehiel a ɔyɛ Gerson aseni hwɛɛ so.
9 百姓都因這些人甘願捐獻而高興,因為他們都甘心情願向上主捐獻;達味君王也非常高興。[達味讚頌上主]
Nnipa no ani gyee ɔma no ho, efisɛ wofi ɔpɛ pa ne koma pa mu na woyiyi maa Awurade, na Ɔhene Dawid ani gyee yiye.
10 達味遂在全會眾面前讚頌上主說:「上主,我們的祖先以色列的天主應受讚美,從永遠直到永遠!
Na ɔhene Dawid kamfoo Awurade wɔ nnipa no nyinaa anim se, “Awurade, yɛn agya Israel Nyankopɔn, ayeyi nka wo daa nyinaa.
11 上主! 偉大、能力、榮耀、壯麗和威嚴都歸於你,因為上天下地所有的一切都是你的。上主! 王權屬於你,你應受舉揚為萬有的元首。
Kɛseyɛ, ahoɔden, anuonyam, nkonimdi ne tumi yɛ wo de, Awurade. Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo de, Awurade, na ahenni yi nso yɛ wo de. Yɛma wo so sɛ wone ade nyinaa so tumfo.
12 富貴和光榮由你而來,你是一切的主宰;力量和權能在你手中;人強大,人昌盛,都出於你手。
Ahonya ne anuonyam fi wo nko ara, efisɛ woyɛ ade nyinaa sodifo. Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam na wopɛ mu na wufi ma nnipa yɛ kɛse na wonya ahoɔden.
13 我們的天主,現在我們稱頌你,讚揚你榮耀的名。
Afei, yɛn Nyankopɔn, yɛda wo ase, na yɛkamfo wo din kronkron no.
14 我算什麼﹖我的百姓又算什麼﹖竟有能力如此甘願捐獻﹖其實一切是由你而來,我們只是將由你手中得來的,再奉獻給你。
“Na me ne hena na me nkurɔfo ne nnipa bɛn a yetumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no fi wo nkyɛn, na nea yɛde ma wo no yɛ nea wode ama yɛn dedaw no.
15 我們在你面前是外方人,是旅居作客的,一如我們的祖先;我們在世上的時日有如陰影,不能持久。
Yɛwɔ ha mmere tiaa bi sɛ nsrahwɛfo ne ahɔho wɔ asase a yɛn agyanom dii kan wɔ so no so. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsuma a etwa mu kɔ ntɛm so a wonhu bio.
16 上主我們的天主! 我們為建築敬拜你聖名的殿宇所預備的這一切財物,都是由你而來,也完全是你的。
Awurade, yɛn Nyankopɔn, saa nneɛma a yɛaboaboa ano de rebesi asɔredan de ahyɛ wo din kronkron anuonyam yi mpo fi wo nkyɛn! Ne nyinaa yɛ wo dea.
17 我的天主! 我知道你考驗人心,你喜愛正直,我即以正直的心自願獻上這一切,並且我現在很喜歡看見你在這裏的百姓,都自願向你捐獻。
Me Nyankopɔn, minim sɛ wohwehwɛ yɛn koma mu, na sɛ wuhu nokwaredi wɔ mu a, wʼani gye. Wunim sɛ mede adwene pa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa, na mahwɛ ahu sɛnea wo nkurɔfo fi koma pa ne anigye mu de wɔn akyɛde aba.
18 上主,我們祖先亞巴郎、依撒格、以色列的天主! 求你永遠使你的人民保存這種心思意願,令他們的心靈堅定於你。
Awurade, yɛn agyanom Abraham, Isak ne Israel Nyankopɔn, ma wo nkurɔfo nyɛ osetie mma wo daa. Mma ɔdɔ a wɔde dɔ wo no nsesa.
19 求你賜給我兒撒羅滿一顆純全的心,遵守你的誡命、你的法律和你的典章,一一實行,用我所準備的來建築殿宇。」
Ma me babarima Salomo koma nyinaa mu ɔpɛ pa, na onni wʼahyɛde, wo mmara ne wo nkyerɛkyerɛ so, na onsi saa Asɔredan yi a mayɛ ho ahoboa nyinaa no.”
20 達味對全會眾說:「你們應該讚頌上主,你們的天主! 」全會眾便讚頌了上主,他們祖先的天主,向上主,及君王俯首下拜。[撒羅滿登極]
Afei, Dawid ka kyerɛɛ ɔmanfo no nyinaa se, “Monkamfo Awurade, mo Nyankopɔn!” Na ɔmanfo no nyinaa kamfoo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, na wɔkotow buu nkotodwe wɔ Awurade ne ɔhene no anim.
21 次日,他向上主獻了全燔祭:牛犢一千,公山羊一千,羔羊一千,以及同獻的奠祭,並為以色列民眾獻了許多犧牲。
Ade kyee no, wɔde anantwinini apem, adwennini apem ne nguamma anini apem bɛbɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Wɔsan gyinaa Israel anan mu, de ɔnom afɔrebɔde pii ne afɔrebɔde ahorow bae.
22 那天,他們在上主面前,歡天喜地地吃喝,以後,他們二次立達味的兒子撒羅滿為王,給他傅油,為上主作人君;又給匝多克傅油,立他為大司祭。
Wɔde ahosɛpɛw didi nomee da no wɔ Awurade anim. Na bio, wɔhyɛɛ Dawid babarima Salomo ahenkyɛw sɛ wɔn hene foforo. Wɔsraa no ngo wɔ Awurade anim sɛ wɔn ntuanoni, na wɔsraa Sadok nso ngo sɛ wɔn sɔfo.
23 於是撒羅滿坐在上主的寶座上,代他父親達味為王;他非常順利,全以色列都服從他。
Na Salomo tenaa Awurade ahengua no so sɛ nʼagya Dawid nanmusini, na ɔkɔɔ so yiye, na Israel nyinaa tiee no.
24 所有的首領、勇士以及達味王所有的兒子,都屬撒羅滿王權下。
Adehye mpanyimfo nyinaa, asahene ne Dawid mmabarima nyinaa sua kyerɛɛ ɔhene Salomo.
25 上主在全以色列民眾面前,特別高舉了撒羅滿,賜予他君王的威嚴,勝過以前所有的以色列君王。[達味逝世]
Na Awurade pagyaw Salomo maa Israelman no maa no nidi nwonwaso, na ɔmaa Salomo ahonya ne anuonyam sen nʼagya.
Enti Yisai babarima Dawid dii Israel nyinaa so hene.
27 統治以色列為時凡四十年:在赫貝龍為王七年,在耶路撒冷為王三十三年。
Odii hene wɔ Israel mfe aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, odii Hebron so mfe ason, na mfe aduasa abiɛsa nso, ɔtenaa Yerusalem.
28 他死時年紀很大,享了高壽和榮華富貴;他的兒子撒羅滿繼位為王。
Ɔtenaa ase kyɛe, nyinii yiye, nyaa ahode ne anuonyam ansa na ɔrewu. Na ne babarima Salomo dii nʼade sɛ ɔhene.
29 達味王的前後事蹟,都記載在先見者撒慕爾言行錄、先知納堂言行錄和先見者加得言行錄上。
Efi Ɔhene Dawid adedi mfiase de kosi nʼawie mu nsɛm nyinaa, wɔakyerɛw agu ɔdehufo Samuel abakɔsɛm nhoma, odiyifo Natan abakɔsɛm nhoma ne ɔdehufo Gad abakɔsɛm nhoma mu.
30 他與國家有關的大事、他的武功,以及他與以色列和四鄰各國所經歷的史事,全都記載在這些書上。
Nʼadedi mu akokodurusɛm ne biribiara a ɛbaa ne so, Israel ne ahenni ahorow a atwa ne ho ahyia nyinaa nso yɛ nsɛm a wɔakyerɛw.