< 歷代志上 24 >
1 [司祭班次]亞郎的子孫也有他們的班次。亞郎的兒子:納達布、阿彼胡、厄肋阿匝爾和依塔瑪爾。
Sɛnea wɔkyekyɛɛ Aaron asefo a wɔyɛ asɔfo no mu akuwakuw ma wɔsom no ni: Na Aaron mmabarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.
2 納達布和阿彼胡在他們父親以前死了,又沒有兒子,所以厄肋阿匝爾和依塔瑪爾作了司祭。
Nanso Nadab ne Abihu wui a wonni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti ɛkaa Eleasar ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfo.
3 達味和厄肋阿匝爾的後裔匝多克,並依塔瑪爾的後裔阿希默肋客,將他們的同族兄弟分開班次,按班次服役。
Mmoa a Sadok a na ɔyɛ Eleasar aseni ne Ahimelek a na ɔyɛ Itamar aseni no boae no nti, Dawid kyekyɛɛ Aaron asefo mu akuwakuw sɛnea wɔn dwumadi te.
4 以後發現厄肋阿匝爾的子孫中為首領的人,多於依塔瑪爾的子孫,遂將他們如此劃分:厄肋阿匝爾的後裔中族長十六人,依塔瑪爾的後裔中族長八人,
Wɔkyɛɛ Itamar de mu akuw awotwe, efisɛ na Eleasar asefo mu mmusua mpanyimfo no dɔɔso.
5 以抽籤方式將他們分開,彼此同列,因為在厄肋阿匝爾子孫中和依塔瑪爾子孫中,都有在聖所作首領和天主面前作首領的。
Wɔnam ntontobɔ kronkron so, kyekyɛɛ dwumadi ahorow nyinaa maa akuwakuw no, sɛnea ɛrenyɛ nhwɛanimsɛm biara. Efisɛ na mpanyimfo bebree a wɔfata sɛ wɔsom Onyankopɔn kronkronbea hɔ a wɔyɛ Eleasar ne Itamar asefo no nso wɔ hɔ.
6 肋未人乃塔乃耳的兒子舍瑪雅書記在君王、首領、司祭匝多克、厄彼雅塔爾的兒子阿希默肋客和眾司悸及肋未族長前登記:一籤為厄肋阿匝爾家族,一籤為依塔瑪爾家族。
Netanel babarima Semaia a na ɔyɛ Lewini no yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛwfo. Ɔkyerɛw din ne nnwuma ahorow wɔ ɔhene no ne ɔsɔfo Sadok ne Abiatar babarima Ahimelek ne asɔfo no ne Lewi mmusua no mpanyimfo anim. Eleasar ne Itamar asefo bobɔɔ ntonto sɛnea edidi so yi:
Ntonto a edi kan no bɔɔ Yehoiarib. Ntonto a ɛto so abien no bɔɔ Yedaia.
Ntonto a ɛto so abiɛsa no bɔɔ Harim. Ntonto a ɛto so anan no bɔɔ Seorim.
Ntonto a ɛto so anum no bɔɔ Malkia. Ntonto a ɛto so asia no bɔɔ Miyamin.
Ntonto a ɛto so ason no bɔɔ Hakos. Ntonto a ɛto so awotwe no bɔɔ Abia.
Ntonto a ɛto so akron no bɔɔ Yesua. Ntonto a ɛto so du no bɔɔ Sekania.
Ntonto a ɛto so dubaako no bɔɔ Eliasib. Ntonto a ɛto so dumien no bɔɔ Yakim.
Ntonto a ɛto so dumiɛnsa no bɔɔ Hupa. Ntonto a ɛto so dunan no bɔɔ Yesebeab.
Ntonto a ɛto so dunum no bɔɔ Bilga. Ntonto a ɛto so dunsia no bɔɔ Imer.
Ntonto a ɛto so dunson no bɔɔ Hesir. Ntonto a ɛto so dunwɔtwe no bɔɔ Hapises.
Ntonto a ɛto so dunkron no bɔɔ Petahia. Ntonto a ɛto so aduonu no bɔɔ Yeheskel.
Ntonto a ɛto so aduonu baako no bɔɔ Yakin. Ntonto a ɛto so aduonu abien no bɔɔ Gamul.
Ntonto a ɛto so aduonu abiɛsa no bɔɔ Delaia. Ntonto a ɛto so aduonu anan no bɔɔ Maasia.
19 這就是他們進入上主殿內,按照上主以色列的天主吩咐他們祖先亞郎所制定的規律,供職的班次。[肋未班次補遺]
Kuw biara dii ne dwuma wɔ Awurade fi sɛnea wɔn agya Aaron nam Awurade, Israel Nyankopɔn akwankyerɛ so hyehyɛ maa wɔn no.
20 肋未的其餘後裔中,有阿默蘭的子孫叔巴耳;叔巴耳的子孫中,有耶赫狄雅。
Eyinom ne mmusua a aka a wɔyɛ Lewi asefo no mpanyimfo: Amram asefo ntuanoni ne Subael. Subael asefo ntuanoni ne Yehdeia.
21 至於勒哈彼雅:勒哈彼雅子孫中,為首的是依史雅。
Rehabia asefo ntuanoni ne Yisia.
22 依茲哈爾的子孫中,有舍羅摩特;舍羅摩特子孫中,有雅哈特。
Yishar asefo ntuanoni ne Selomot. Selomot asefo ntuanoni ne Yahat.
23 赫貝龍的子孫中,為首的是耶黎雅,次為阿瑪黎雅,三為烏齊耳,四為耶卡默罕。
Hebron asefo ntuanofo ne: Yeria; Amaria ne nʼabediakyiri, Yahasiel na ɔto so abiɛsa na Yekameam to so anan.
24 烏齊耳的子孫中,有米加,米加的子孫中,有沙米爾。
Usiel asefo ntuanoni ne Mika. Mika asefo ntuanoni ne Samir
25 米加的弟兄:依史雅;依史雅的子孫中,有則加黎雅。
ne Mika nuabarima Yisia. Yisia asefo ntuanoni ne Sakaria.
Merari asefo ntuanofo ne Mahli ne Musi. Yasia asefo ntuanoni ne Beno.
27 默辣黎的子孫中,有雅哈齊雅的兒子巴尼、芍罕、匝雇爾和依貝黎瑪。
Merari asefo a wofi Yasia mu no, ntuanofo no ne: Beno, Soham, Sakur ne Ibri.
28 瑪赫里的兒子:厄肋阿匝爾和克士;厄肋阿匝爾沒有兒子。
Mahli asefo ntuanoni ne Eleasar a na onni mmabarima no.
Kis asefo ntuanoni ne Yerahmeel.
30 慕史的兒子:瑪赫里、厄德爾和耶黎摩特。這些人按照他們的家族,都是肋末的後裔。
Musi asefo ntuanofo ne Mahli, Eder ne Yerimot. Eyinom ne Lewi asefo ne sɛnea wɔn mmusua te.
31 他們在達味君王與匝多克、阿希默肋客,並司祭及肋末人的族長面前,像他們的弟兄亞郎的子孫,族長與年幼的兄弟,都一樣抽了籤。
Wɔnam ntonto kronkron a wɔbɔɔ wɔ wɔn so na wɔde wɔn nnwuma hyɛɛ wɔn nsa te sɛ Aaron asefo de no, a wɔanhwɛ mfe a wɔadi ne wɔn dibea. Wodii dwuma no wɔ ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfo ne Lewifo mmusua mpanyimfo no anim.