< Тит 2 >
1 Но ти говори това, което приляга на здравото учение именно:
Ɛsɛ sɛ wokyerɛ nkyerɛkyerɛ pa a wagye ato mu.
2 Старците да бъдат самообладани, сериозни, разбрани, здрави във вярата, в любовта, в търпението;
Ka kyerɛ nkɔkoraa na wɔmma wɔn ani nna hɔ, wɔnyɛ anyansafoɔ, na wɔnhyɛ wɔn ho so; wɔn gyidie mu nyɛ den, wɔnnya ɔdɔ na wɔntumi ntena ɔhaw mu.
3 също и старите жени да имат благоговейно поведение, да не са клеветници, нито предадени много на винопийство, да поучават това, което е добро;
Saa ara nso na ka kyerɛ mmerewa na wɔmmɔ ɔbra a ɛyɛ kronn. Wɔnnni nsekuro na wɔnnyɛ asadweam nso. Wɔnkyerɛ akyerɛ pa,
4 за да учат младите жени да обичат мъжете си и децата си,
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnam so bɛtumi ama mmabaawa adɔ wɔn kununom ne wɔn mma,
5 да са разбрани, целомъдри, да работят у домовете си, да са благи, подчинени на мъжете си, за да не се хули Божието учение.
ama wɔatumi ahyɛ wɔn ho so, ayɛ kronn na wɔayɛ awarefoɔ pa a wɔtie wɔn kununom asɛm, na obi anka bɔne amfa Onyankopɔn asɛm no ho.
6 Така и потомците увещавай да бъдат разбрани.
Saa ara na hyɛ mmeranteɛ na wɔnnya ahohyɛsoɔ.
7 Във всичко показвай себе си пример за добри дела; в поучението показвай искреност, сериозност,
Nneɛma nyinaa mu, fa wo ho yɛ nhwɛsoɔ pa wɔ nnwuma payɛ mu. Di nokorɛ na ma wʼani nku wo nkyerɛkyerɛ ho.
8 здраво неукорно говорене, за да се засрами противникът, като няма какво лошо да каже за нас.
Ka nsɛm a ɛho te na obi antumi antia mu na ama atamfoɔ ani awu sɛ wɔnnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho.
9 Увещавай слугите да се покоряват на господарите си, да им угаждат във всичко, да им не противоречат,
Ɛsɛ sɛ asomfoɔ tie wɔn wuranom na adeɛ nyinaa mu, wɔsɔ wɔn wuranom ani. Ɛnsɛ sɛ wɔyiyi nsɛm ano
10 да не присвояват чуждо, а да показват винаги съвършенна вярност; за да украсят във всичко учението на Бога, нашия Спасител.
anaa wɔbɔ wɔn korɔno. Deɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ, ɛberɛ nyinaa mu, wɔyɛ papa na wɔdi nokorɛ na ɛnam so ma biribiara a wɔyɛ no de animuonyamhyɛ aba nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no ho.
11 Защото се яви Божията благодат, спасителна за всичките човеци,
Onyankopɔn adom a ɛde nkwagyeɛ ba no ayi no ho adi akyerɛ nnipa nyinaa.
12 и ни учи да се отречем от нечестието и от световните страсти и да живеем разбрано, праведно и благочестиво в настоящия свят ( Или: век. ), (aiōn )
Na adom no kyerɛ yɛn sɛ, yɛmpa asetena a ɛho nteɛ no ne ewiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛsoɔ, kronnyɛ ne Onyamesuro mu wɔ ewiase ha. (aiōn )
13 ожидайки блаженната надежда, славното явление на нашия велик Бог и Спасител Исус Христос,
Yɛwɔ anidasoɔ wɔ ɛberɛ a yɛretwɛn Onyankopɔn tumfoɔ a ɔne Agyenkwa Yesu Kristo no ba a ɔbɛba bio wɔ animuonyam mu no.
14 който даде Себе Си за нас, за да ни изкупи от всяко беззаконие и очисти за Себе Си люде за Свое притежание, ревностни за добри дела.
Ɔde ne ho maa yɛn de gyee yɛn firii bɔne mu, ɔyɛɛ yɛn kronn de yɛn yɛɛ ne nko ara dea; nnipa a yɛpɛ papayɛ.
15 Така говори, увещавай с пълна власт. Никой да не те презира.
Kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi na gyina wo tumi so hyɛ wʼatiefoɔ nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmu wo abomfiaa.