< Откровение 17 >

1 И дойде един от седемте ангела, които държаха седемте чаши та поговори с мене, казвайки: Дойди, ще ти покажа съдбата на голямата блудница, която седи на много води;
Abɔfoɔ baason no mu baako a ɔkura nkuruwa nson no baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Bra na menkyerɛ wo kwan a wɔbɛfa so atwe odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔte nsuo pii so no aso.
2 с която блудствуваха земните царе, и земните жители се опиха от виното на нейното блудствуване.
Ewiase ahene ne no bɔɔ adwaman, na asase so nnipa aboto wɔ nʼadwaman nsã no mu.”
3 И тъй, той ме заведе духом на една пустиня, гдето видях жена, седяща на червен звяр, пълен с богохулни имена, който имаше седем глави и десет рога.
Honhom no faa me maa ɔbɔfoɔ no de me kɔɔ ɛserɛ so. Ɛhɔ na mehunuu ɔbaa bi sɛ ɔte aboa kɔkɔɔ bi a wɔatwerɛ edin a ɛyɛ abususɛm agu ne ho nyinaa. Na aboa no wɔ tire nson, ne mmɛn edu.
4 Жената бе облечена в багреница и червено и украсена със злато, със скъпоценни камъни и бисери, и държеше в ръката си златна чаша, пълна с мърсотии и с нечистотии от нейното блудствуване.
Na ɔbaa no hyɛ atadeɛ afasebire ne kɔkɔɔ a ɔde sikakɔkɔɔ aboɔ ne nhweneɛ a ne boɔ yɛ den ahyehyɛ ne ho. Na ɔkura sika kuruwa a afideɛ ne adwamammɔ ho nneɛma ayɛ no ma tɔ.
5 И на челото й имаше написано това име: Тайна; великий Вавилон, майка на блудниците и на гнусотиите на земята.
Na wɔatwerɛ edin bi wɔ ne moma so a ne nkyerɛaseɛ no wɔ ahintasɛm mu sɛ, “Babilonia kɛseɛ asase so adwamanfoɔ ne akyiwadeɛ maame.”
6 И видях, че жената се беше опила от кръвта на светиите и от кръвта на Исусовите мъченици; и като я видях, зачудих се твърде много.
Na mehunuu sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne Yesu akyidifoɔ a wɔkumm wɔn no mogya aboro no. Mehunuu no no, ɛyɛɛ me nwanwa.
7 Но ангелът ми рече: Защо се зачуди? Аз ще ти кажа тайната на жената и на звяра, който я носи, който има седем глави и десет рога.
Ɔbɔfoɔ no bisaa me sɛ, “Adɛn enti na ɛyɛ wo nwanwa? Mɛkyerɛ wo ahintasɛm nkyerɛaseɛ a ɛwɔ ɔbaa no ne aboa no a ɔwɔ tire nson ne mmɛn edu a ɔte ne so no ho.
8 Звярът, който си видял, беше, но го няма; обаче, скоро ще възлезе из бездната и ще отиде в погибел. И земните жители, всеки, чието име не е написано в книгата на живота от създанието на света, ще се зачудят, когато видят, че звярът беше и го няма, но пак ще дойде. (Abyssos g12)
Aboa a wohunuu no no na ɔte ase, nanso ɔnte ase bio. Ɔrebɛfiri bunu no mu aba ama wɔasɛe no. Nnipa a wɔte asase so a wɔantwerɛ wɔn din angu ateasefoɔ nwoma no mu ansa na wɔrebɔ ewiase no, sɛ wɔhunu aboa no a, ɛbɛyɛ wɔn nwanwa. Ɛberɛ bi na ɔte ase, nanso seesei ɔnte ase na ɔbɛsane aba. (Abyssos g12)
9 Ето разумното значение на това: Седемте глави със седем хълма, на които седи жена;
“Nyansa ne nteaseɛ ho hia wɔ ha. Etire nson no gyina hɔ ma mmepɔ nson, mmepɔ a ɔbaa no tena so. Wɔyɛ ahene baason nso
10 те са и седмина царе, от които петима паднаха, и единият сега е, а другият още не е дошел, и когато дойде, трябва само малко да постои
a wɔn mu baanum awuwu, na wɔn mu baako da so di ɔhene na ɔbaako a ɔka wɔn ho no mmaeɛ. Na sɛ ɔba a ɔbɛdi ɔhene kakra.
11 и звярът, който беше и го няма, той е осмият цар, който е от седемте, и отива в погибел;
Aboa no a anka na ɔte ase na afei deɛ, ɔnte ase no yɛ ɔhene a ɔtɔ so nwɔtwe a ɔka baason a wɔdi ɛkan no ho a ɔrekɔ ne sɛeɛ mu.
12 и десетте рога, който си видял, са десет царе, които още не са получили царска власт, но за един час получават власт като царе заедно със звяра;
“Mmɛn edu a wohunuiɛ no yɛ ahene edu a wɔmfirii wɔn ahennie ase a wɔbɛma wɔn tumi na wɔne aboa no adi ɔhene dɔnhwereɛ no.
13 те са единомислени и предават на звяра своята сила и власт;
Wɔn nyinaa wɔ botaeɛ baako, na wɔde wɔn ahoɔden ne wɔn tumi bɛma aboa no.
14 те ще воюват против Агнето, но Агнето ще ги победи, защото е Господ на господарите и Цар на царете; тоже и ония, които са с Него, ще победят, които са звани, избрани и верни.
Wɔbɛko atia Odwammaa no, na ɔno ne nʼakyidifoɔ, agyidifoɔ ne nokwafoɔ a wɔafrɛ wɔn no bɛdi wɔn so, ɛfiri sɛ, ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Ɔhene.”
15 Каза ми още: Водите, които си видял, гдето седи блудницата, са люде и множества, народи и езици.
Ɔbɔfoɔ no nso ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuo a wohunuiɛ a odwamanfoɔ no te so no yɛ nkuro ne nkurɔfoɔ akuakuo ne aman ne kasa hodoɔ.
16 И десетте рога, които си видял, те и звяра ще намразят блудницата, и ще я направят пуста и гола, и ще изядат месата й, а нея ще изгорят в огън.
Mmɛn edu ne aboa no a wohunuiɛ no bɛkyiri odwamanfoɔ no. Wɔbɛfa biribiara a ɛwɔ ne ho ama wada adagya. Wɔbɛwe ne nam na wɔde ogya ahye no.
17 Защото Бог тури в сърдцата им да изпълнят Неговата воля, като действуват единомислено и предадат царската си власт на звяра, докато се сбъднат Божиите думи.
Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔbɛpene so de wɔn tumi ama aboa no na wadi ɔhene kɔsi sɛ Onyankopɔn asɛm no bɛba mu de ahyɛ ne botaeɛ no ma.
18 И жената, която си видял, е големият град, който царува над земните царе.
Ɔbaa a wohunuu no no yɛ kuro kɛseɛ a ɛdi asase so ahene so.”

< Откровение 17 >