< Притчи 31 >
1 Думите на Маасовия цар Лемуил, Които го поучи майка му:
Ɔhene Lemuel nsɛm a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ne maame kyerɛɛ no:
2 Що, сине мой? и що, сине на утробата ми? И що, сине на моите обреци?
Ao me babarima, me yafunu ba, Ao mebɔhyɛ ba,
3 Не давай силата си на жените, Нито пътищата си на тези, които погубват царете.
nsɛe wʼahoɔden wɔ mmaa ho, wɔn a wɔgu ahemfo asu no.
4 Не е за царете, Лемуиле, не е за царете да пият вино, Нито за князете да кажат: Где е спиртното питие?
Lemuel, nsã nyɛ mma ahemfo; asanom nyɛ mma ahemfo, ɛnsɛ sɛ sodifoɔ pere nsaden ho;
5 Да не би, като се напият, да забравят закона И да онеправдаят угнетяваните.
sɛ wɔnom nsã a, wɔn werɛ bɛfiri deɛ mmara no ka, na wɔn a wɔdi wɔn nya no rennya deɛ wɔwɔ ho ɛkwan.
6 Давайте спиртно питие на оня, който загива И вино на огорчения духом.
Fa nsaden ma wɔn a wɔresɛe, na fa nsã ma wɔn a wɔwɔ amanehunu mu;
7 За да пие и да забрави сиромашията си, И да не помни вече окаяността си.
Momma wɔnnom, na wɔn werɛ mfiri wɔn hia na wɔnnkae wɔn awerɛhoɔ bio.
8 Отваряй устата си за безгласния, За делото на всички, които загиват;
Kasa ma wɔn a wɔntumi nkasa mma wɔn ho, kasa ma mmɔborɔfoɔ yiedie.
9 Отваряй устата си, съди справедливо. И раздавай правосъдие на сиромаха и немотния.
Kasa na bu atɛntenenee; kasa ma ahiafoɔ ne onnibie yiedie.
10 Кой може да намери добродетелна жена? Защото тя е много по-ценна от скъпоценни камъни.
Ɔyere pa, hwan na ɔbɛnya? Ɔsom bo pa ara sene nhwene pa.
11 Сърцето на мъжа й уповава на нея; И не ще му липсва печалба.
Ne kunu wɔ ne mu ahotosoɔ pa ara na biribiara a ɛwɔ boɔ nhia no.
12 Тя ще му донася добро, а не зло, През всичките дни на живота си.
Ɔde deɛ ɛyɛ brɛ no, na ɛnyɛ ɔhaw, ne nkwa nna nyinaa mu.
13 Търси вълна и лен, И работи с ръцете си това що й е угодно.
Ɔhwehwɛ odwannwi ne asaawa na ɔde ne nsa nwono wɔ fɛ so.
14 Тя е като търговските кораби, - Донася храната си от далеч.
Ɔte sɛ adwadifoɔ ahyɛn, ɔde ne nnuane firi akyirikyiri ba.
15 При това, става докле е още нощ, И дава храна на дома си, И определената работа на слугините си.
Adeɛ nnya nkyeeɛ no na wasɔre; ɔsiesie aduane ma nʼabusuafoɔ na ɔkyekyɛ nnwuma ma ne mmaawa.
16 Разглежда нива, и я купува; От плода на ръцете си сади лозе.
Ɔdwene afuo ho, na ɔtɔ; ɔfiri deɛ ɔnya mu yɛ bobefuo.
17 Опасва кръста си със сила И уякчава мишците си.
Ɔde nsi yɛ nʼadwuma; nʼabasa mu wɔ ahoɔden ma nʼadwuma.
18 Като схваща, че търгуването и е полезно. Светилникът й не угасва през нощта.
Ɔhwɛ sɛ nʼadwadie ho wɔ mfasoɔ, na ne kanea ɛnnum anadwo.
19 Туря ръцете си на вретеното, И държи в ръката си хурката.
Daa, na ne nsa kura tadua mu a ne nsateaa nso retoatoa asaawa.
20 Отваря ръката си на сиромасите, Да! простира ръцете си към немотните.
Ɔgo ne nsam ma ahiafoɔ na ne nsa so onibie so.
21 Не се бои от снега за дома си; Защото всичките й домашни са облечени с двойни дрехи.
Sɛ sukyerɛmma tɔ a ne yam nhyehye no wɔ ne fiefoɔ ho; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa wɔ aduradeɛ a wɔde ko awɔ.
22 Прави си завивки от дамаска; Облеклото и е висон и морав плат.
Ɔyɛ ne mpasotam; na ɔfira nwera ne serekye ntoma.
23 Мъжът и е познат в портите, Когато седи между местните старейшини.
Ne kunu wɔ animuonyam wɔ kuropɔn ɛpono ano, baabi a ɔne asase no so mpanimfoɔ tena.
24 Тя тъче ленено платно и го продава, И доставя пояси на търговците;
Ɔpempam nwera ntadeɛ tontɔn, na ɔtu abɔwomu ma adwadifoɔ.
25 Сила и достолепие са облеклото й; И тя гледа весело към бъдещето.
Ɔwɔ ahoɔden ne animuonyam; na ɔnsuro nna a ɛwɔ nʼanim.
26 Отваря устата си с мъдрост, И законът на езика й е благ.
Ɔkasa nyansa mu, na nokorɛ nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.
27 Добре внимава в управлението на дома си, И хляб на леност не яде.
Ɔhwɛ ne fidua mu nnwuma so na ɔnnyegye aniha so.
28 Чадата й стават и я ублажават; И мъжът й я хвали казвайки:
Ne mma sɔre a wɔfrɛ no nhyira; ne kunu nso saa ara, na ɔkamfo no sɛ,
29 Много дъщери са се държали достойно, Но ти надмина всичките.
“Mmaa pii yɛ nneɛma a ɛwɔ edin, na wo deɛ, wosene wɔn nyinaa.”
30 Прелестта е измамлива и красотата е лъх; Но жена, която се бои от Господа, тя ще бъде похвалена.
Ɔbaa kɔnɔfoɔ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ twam ntɛm so; nanso ɔbaa a ɔsuro Awurade no fata nkamfoɔ.
31 Дайте й от плода на ръцете й, И делата й нека я хвалят в портите.
Fa abasobɔdeɛ a wanya no ma no, na wɔnkamfo ne nnwuma wɔ kuropɔn ɛpono ano.