< Еремия 15 >
1 Но Господ ми рече: Даже Моисей и Самуил ако биха застанали пред Мене, Пак душата Ми не би се смилила за тия люде. Изпъди ги от лицето Ми, и нека си излязат.
Afei, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Sɛ mpo, Mose ne Samuel bɛgyinaa mʼanim a, mʼakoma rentɔ nkɔ saa nnipa yi so. Ma wɔmfiri mʼani so! Ma wɔnkɔ!
2 И когато ти рекат: Къде да излезем? Тогава ще им речеш: Така казва Господ: Които са за смърт, на смърт, И които за нож, под нож; И които са за глад, на глад, И които за плен, в плен.
Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Ɛhe na yɛnkorɔ’ a, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ: “‘Wɔn a wɔahyɛ owuo ama wɔn no bɛkɔ owuom; wɔn a wɔahyɛ akofena ama wɔn no bɛtotɔ akofena ano; wɔn a wɔahyɛ ɛkɔm ama wɔn no, ɛkɔm bɛde wɔn; wɔn a wɔahyɛ nnommumfa ama wɔn no bɛkɔ nnommumfa mu.’
3 И ще докарам на тях четири вида язви, казва Господ: Ножът да заколи и кучетата да разкъсат, А небесните птици и земните зверове Да изпоядат и да изтребят.
“Mede adesɛefoɔ ahodoɔ ɛnan bɛba wɔn so,” Awurade na ɔseɛ: “akofena a ɛbɛkum wɔn, nkraman a ɛbɛtwe wɔn ase akɔ, ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn.
4 И ще ги направя да бъдат тласкани по всичките царства на света Поради Манасия, син на Юдовия цар Езекия, По причина на това, което стори в Ерусалим.
Mɛma wɔn ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie nyinaa ɛsiane deɛ Yudahene Hesekia babarima Manase yɛɛ wɔ Yerusalem enti.
5 Защото кой ще се умилостиви за тебе, Ерусалиме? Или кой ще те пожали? Или кой ще се обърне да те попита: Как си?
“Hwan na ɔbɛhunu wo mmɔbɔ, Ao Yerusalem? Hwan na ɔbɛgyam wo? Hwan na ɔbɛgyina abisa sɛdeɛ wo ho teɛ?
6 Ти си Ме отхвърлил, казва Господ, Отишъл си надире; Затова ще простра ръката Си против тебе, та ще те погубя; Дотегна Ми да показвам милост.
Woapo me,” Awurade na ɔseɛ. “Wogu akyirisane so ara. Ɛno enti mɛtene me nsa wɔ wo so na masɛe wo. Me yam renhyehye me mma wo bio.
7 Ще ги отвея с веяло в портите на тая земя, Ще ги обезчадя, ще изтребя людете Си, Защото не се връщат от пътищата си.
Mede huhusoɔ apaawa bɛhuhu wɔn so wɔ asase no kuropɔn apono ano. Mede owuo ne adesɛeɛ bɛba me nkurɔfoɔ so, ɛfiri sɛ wɔnsesaa wɔn akwan.
8 Вдовиците им се умножиха пред Мене повече от морския пясък; На пладне доведох грабител върху тях против майката на младите; Внезапно докарах върху нея мъка и ужаси.
Mɛma wɔn akunafoɔ adɔɔso asene mpoano anwea. Mede ɔsɛefoɔ bɛba owigyinaeɛ abɛtia wɔn mmeranteɛ maamenom; mpofirim mede ɔyea ne ehu bɛba wɔn so.
9 Оная, която роди седем, изнемощя, предаде дух; Нейното слънце залезе, когато беше още ден; Тя биде посрамена и смутена; А останалите от тях ще предам на нож Пред неприятелите им, казва Господ.
Ɔbaatan a wawo nson bɛtɔ baha, na wagyae mu. Nʼawia bɛtɔ ɛberɛ a adeɛ nsaeɛ; wɔbɛgu nʼanim ase abrɛ no ase. Mede nkaeɛfoɔ no bɛma akofena wɔ wɔn atamfoɔ anim,” Awurade na ɔseɛ.
10 Горко ми, майко моя, За гдето си ме родила човек за каране, И човек за препиране с целия свят! Аз нито съм давал с лихва, нито са ми давали с лихва, Все пак, обаче, всеки от тях ме кълне.
Ao, me maame a wowoo me, anka mewuiɛ a, anka ɛyɛ. Asase sofoɔ nyinaa ne me ham, di apereapereɛ! Memfɛm obi adeɛ, na memmɔɔ obi hɔ bosea, nanso obiara dome me.
11 Господ ми каза: Непременно ще те укрепя за добро; Непременно ще заставя неприятеля да ти се моли В лошо време и в скръбно време.
Awurade kaa sɛ, “Nokorɛm mɛgye wo ama botaeɛ pa bi; ampa ara mɛma wʼatamfoɔ apa wo kyɛw wɔ amanehunu ne ahohia mmerɛ mu.
12 Има ли желязо, което може да счупи северното желязо и медта?
“Onipa bɛtumi abu dadeɛ mu dadeɛ a ɛfiri atifi fam, anaa kɔbere?
13 Имотът ти и съкровищата ти ще предам на разграбване без замяна, и по всичките твои предели, И то поради всичките ти грехове.
“Mede mo ahodeɛ ne mo akoradeɛ bɛma sɛ wɔmfom a wɔrentua ka, ɛsiane mo nnebɔne nyinaa wɔ mo ɔman no mu enti.
14 И ще те отведа с неприятелите ти, В страна, която не знаеш; Защото се запали огънят на гнева Ми, И ще гори върху вас.
Mede mo bɛyɛ nkoa ama mo atamfoɔ wɔ ɔman a monnim soɔ so, mʼabufuo bɛma ogya adɛre na ɛbɛhye mo.”
15 Ти, Господи, познаваш делото ми; спомни си за мене; Посети ме, и отплати за мене на гонителите ми; В дълготърпението Си не ме отнемай, Знай, че заради Тебе претърпях укор.
Wote aseɛ, Ao Awurade; kae me na hwɛ me so. Tɔ wɔn a wɔtaa me so awere. Wowɔ abodwokyerɛ, mma me nwu; hwɛ sɛdeɛ wo enti wɔbɔ me ahohora.
16 Като намерих Твоите думи изядох ги, И Твоето слово ми беше радост и веселие на сърцето; Защото се наричам с Твоето име, Господи Боже на Силите.
Wo nsɛm baeɛ no, mediiɛ; ɛyɛɛ mʼahosɛpɛ ne mʼakoma apɛdeɛ, na wo din da me so, Ao, Asafo Awurade Onyankopɔn.
17 Не седях в събрание на веселящите се, Нито се радвах с тях; Седях сам поради ръката Ти, Защото Ти ме изпълни с негодувание.
Mantena wɔn a wɔgye wɔn ani fekuo mu. Me ne wɔn annye wɔn ani; metee me ho tenaeɛ, ɛfiri sɛ wo nsa daa me so na wʼabofuo hyɛɛ me ma.
18 Защо е постоянна болката ми, И раната ми тъй тежка, щото не приема изцеление? Ще ми станеш ли като измамлив поток, Като непостоянни води?
Adɛn enti na me yea to ntwa da na mʼapirakuro ayɛ nkudaa a ano yɛ den? Wopɛ sɛ woyɛ sɛ nnaadaa asuwa ma me, sɛ asutire a ɛweɛ anaa?
19 Затова, така казва Господ: Ако се върнеш от тоя си ум, тогава пак ще те възстановя, За да стоиш пред мене; И ако отделиш скъпоценното от нищожното, Тогава ще те направя да бъдеш като Моите уста. Те нека се обърнат към тебе, Но ти не се обръщай към тях.
Enti sei na Awurade seɛ, “Sɛ wosakyera wʼadwene a, mɛgye wo ato mu bio na wasom me; sɛ nsɛm a ɛdi mu firi wʼanomu, na ɛnyɛ nsɛm huhuo a, wobɛyɛ me kasamafoɔ. Ma saa nnipa yi nnane mmra wo nkyɛn, na wo deɛ ɛnsɛ sɛ wodane kɔ wɔn nkyɛn.
20 И ще те направя срещу тия люде яко медна стена; Те ще воюват против тебе, но няма да ти надвият, Защото Аз съм с тебе, за да те избавям И да те отървавам, казва Господ.
Mede wo bɛyɛ ɔfasuo ama saa nnipa yi, banbɔ ɔfasuo a wɔde kɔbere ato; wɔ ne wo bɛdi asie nanso wɔrenni wɔ so nkonim, ɛfiri sɛ me ne wo wɔ hɔ sɛ mɛyi wo na magye wo nkwa,” Awurade, na ɔseɛ.
21 Ще те отърва от ръката на нечестивите, И ще те изкупя от ръката на насилниците.
“Mɛgye wo nkwa afiri amumuyɛfoɔ nsam na mayi wo afiri atirimuɔdenfoɔ nsam.”