< Битие 17 >

1 Когато Аврам беше на деветдесет и девет години, Господ се яви на Аврама и му рече: Аз съм Всемогъщият; ходи пред Мене и бъди непорочен.
Abram dii mfeɛ aduɔkron nkron no, Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ no kaa sɛ, “Mene Otumfoɔ Onyankopɔn, nante mʼanim na yɛ pɛ.
2 И ще направя завета си между Мене и тебе и ще те умножа твърде много.
Mɛsi apam a ɛda me ne wo ntam no so dua, na mama wʼasefoɔ adɔɔso.”
3 Тогава Аврам падна на лицето си; и Бог му говореше, казвайки:
Abram de nʼanim butuu fam, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ,
4 Ето, Моят завет е с тебе; и ти ще станеш отец на множество народи.
“Me fa mu deɛ, saa apam yi na ɛda me ne wo ntam: wobɛyɛ aman bebree agya.
5 Не ще се именуваш вече Аврам, но името ти ще бъде Авраам; защото те направих отец на множество народи.
Wɔremfrɛ wo Abram bio. Wɔbɛfrɛ wo Abraham, ɛfiri sɛ, mayɛ wo aman bebree agya.
6 Ще те наплодя твърде много и ще произведа народи от тебе; и царе ще произлязат от тебе.
Mɛma wʼasefoɔ adɔɔso. Wɔbɛyɛ amanaman bebree na ahemfo nso afiri wɔn mu.
7 И ще утвърдя завета Си между Мене и тебе и потомците ти след тебе през всичките им поколения за вечен завет, че ще бъда Бог на тебе и на потомството след тебе.
Mɛma mʼapam no ayɛ daapem apam a ɛbɛda me ne wo ne wʼasefoɔ ne awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛba no ntam. Na mɛyɛ wo ne wʼasefoɔ Onyankopɔn.
8 На тебе и на потомството ти след тебе ще дам за вечно притежание земята, в която си пришелец, цялата Ханаанска земя; и ще им бъда Бог.
Mede Kanaan asase a ɛnnɛ wote so sɛ ɔhɔhoɔ no nyinaa bɛma wo ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no nyinaa. Ɛbɛyɛ asase a ɛyɛ wʼagyapadeɛ afebɔɔ. Na mɛyɛ wɔn Onyankopɔn.”
9 Бог още каза на Авраама: Пази ти завета Ми, ти и потомците ти след тебе, през всичките си поколения.
Afei, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Wo deɛ, ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefoɔ ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no di mʼapam no so.
10 Ето моят завет, който трябва да пазите между Мене и вас и потомците ти след тебе: всеки между вас от мъжки пол да се обрязва.
Yei ne mʼapam a ɛda me ne wo ntam a ɛsɛ sɛ wo ne wʼasefoɔ ne wʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no di so. Ɛsɛ sɛ wɔtwa ɔbarima biara twetia.
11 Да обрязвате краекожието на плътта си; и това ще бъде знак на завета между Мене и вас.
Ɛsɛ sɛ motwa twetia. Ɛno na ɛbɛyɛ apam a ɛda me ne mo ntam no ho nsɛnkyerɛnneɛ.
12 Всяко мъжко дете между вас във всичките ви поколения, като стане на осем дни трябва да се обрязва, както роденото у дома ти, така и онова, което не е от твоето потомство, купена с пари от някой чужденец.
Ɔbarima biara a ɔyɛ wʼaseni a wɔbɛwo no no, ɔdi nnawɔtwe pɛ a, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia. Nkoa a wɔwoo wɔn wɔ wo fie ne ɔnanani biara a woyii sika tɔɔ no firii ɔmamfrani nkyɛn a ɔnyɛ wʼaseni no nso, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia saa ara.
13 Непременно трябва да се обрязва и роденият у дома ти и купеният с парите ти; и Моят завет в плътта ви, ще бъде вечен завет.
Sɛ wɔwoo no wo fie oo, sɛ nso, wokarii sika kɔtɔɔ no oo, ɛsɛ sɛ wɔtwa no twetia. Saa honam mu apam yi bɛyɛ daapem apam.
14 А необрязаният от мъжки пол, чието краекожие на плътта не е обрязано, тоя човек, да се погуби измежду людете си, защото е нарушил завета Ми.
Wɔbɛpam ɔbarima biara a wɔntwaa no twetia no afiri ne nkurɔfoɔ mu, ɛfiri sɛ, saa onipa no anni mʼapam no so.”
15 После Бог каза на Авраама: Не наричай вече Сарайя жена си Сарайя; но Сара да бъде името й.
Onyankopɔn sane ka kyerɛɛ Abraham sɛ, “Ɛfa wo yere Sarai ho nso, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, woremfrɛ no Sarai bio. Wobɛfrɛ no Sara.
16 Аз ще я благословя, още и син ще ти дам от нея; да! ще я благословя, и тя ще стане майка на народи; царе на племена ще произлязат от нея.
Mɛhyira no, na mɛma no awo ɔbabarima ama wo. Mɛhyira no ma wabɛyɛ aman nyinaa maame. Nʼasefoɔ mu na amanaman mu ahemfo bɛfiri.”
17 Тогава Авраам падна на лицето си и се засмя, и рече в сърцето си: На стогодишен човек ли ще са роди дете? И Сара, която име деветдесет години, ще роди ли?
Abraham de nʼanim butuu fam bio. Ɔsere bisaa ne ho sɛ, “Ɛbɛtumi aba sɛ ɔbarima a wadi mfeɛ ɔha bɛwo ɔba anaa? Sara nso a wadi mfeɛ aduɔkron no nso, ɔbɛtumi awo ɔba anaa?”
18 И рече Авраам на Бога; Исмаил да е жив пред Тебе.
Na Abraham ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, “Ao, Onyankopɔn ɛnneɛ, hyira Ismael!”
19 Но Бог каза: Не, а жена ти Сара ще ти роди син, и ще го наречеш Исаак; и с него ще утвърдя завета Си за вечен завет, който ще бъде и за потомството му след него.
Na Onyankopɔn kaa sɛ, “Mmom, wo yere Sara bɛwo ɔbabarima ama wo, na wobɛto no edin Isak, a aseɛ ne Sereɛ. Me ne no bɛyɛ daapem apam a ɛbɛtena hɔ ama nʼasefoɔ a wɔbɛba akyire no nyinaa.
20 И за Исмаила те послушах. Ето, благослових го, и ще го наплодя и преумножа; дванадесет племена ще се родят от него, и ще го направя велик народ.
Na Ismael ho asɛm a wokaeɛ no nso, mate. Mɛhyira no ama nʼase adɔre bebree. Ɔbɛyɛ aberempɔn dumienu agya. Na mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ.
21 Но завета Си ще утвърдя с Исаака, когото Сара ще ти роди до година по това време.
Nanso, me ne Isak a Sara bɛwo no, afe sɛsɛɛ no, na ɛbɛyɛ mʼapam no.”
22 А като прекрати думата Си с Авраама, Бог се възлезе от него.
Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Abraham wieeɛ no, ɔgyaa no hɔ kɔeɛ.
23 В тоя същия ден Авраам взе сина си Исмаила, всичките родени у дома му и всичките купени с парите му, всеки от мъжки пол между човеците на Авраамовия дом и обряза краекожието на плътта им, според както Бог му каза.
Saa ɛda no ara, Abraham faa ne babarima Ismael ne mmarima a wɔwoo wɔn wɔ ne fie ne mmarima a wɔtɔɔ wɔn firii ananafoɔ nkyɛn, twitwaa wɔn nyinaa twetia, sɛdeɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no.
24 Авраам беше на деветдесет и девет години когато се обряза краекожието на плътта му;
Wɔtwaa Abraham twetia no, na wadi mfeɛ aduɔkron nkron.
25 а син му Исмаил беше на тринадесет години, когато се обряза краекожието на плътта му.
Ne babarima Ismael nso, wɔtwaa no twetia no, na wadi mfeɛ dumiɛnsa.
26 В един и същи ден се обрязаха Авраам и син му Исмаил.
Saa ɛda no ara, na wɔtwaa Abraham ne ne ba Ismael nyinaa twetia.
27 И всичките мъже от дома му както родените у дома, така и купените от чужденци с пари, се обрязаха заедно с него.
Ɔbarima biara a ɔwɔ Abraham fie, wɔn a wɔwoo wɔn wɔ Abraham fie ne ɔbarima biara a wɔtɔɔ no firii ɔnanani bi nkyɛn no, wɔtwitwaa wɔn nyinaa twetia, kaa Abraham ho.

< Битие 17 >