< Езекил 33 >
1 И Господното слово дойде към мене и рече:
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2 Сине човешки, говори на людете си и кажи им: Когато нанеса меча върху някоя земя, и людете на оная земя вземат някой човек изпомежду си и си го поставят за страж,
“Onipa ba, kasa kyerɛ wo ɔman mma na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Sɛ metwe mʼakofena wɔ asase bi so, na sɛ asase no so nnipa yi wɔn mmarima no mu baako sɛ ɔnyɛ ɔwɛmfoɔ mma wɔn,
3 и той, като види че мечът иде върху земята, затръби и предупреди людете,
na ɔhunu sɛ akofena reba abɛtia asase no a, ɔhyɛne totorobɛnto de bɔ nnipa no kɔkɔ.
4 тогава, ако мечът дойде и постигне някого, който чуе гласа на тръбата, а не се пази, кръвта му ще бъде на главата му.
Na sɛ obi te totorobɛnto no nnyegyeeɛ na wanna ne ho so, na sɛ akofena no bɛkum no a, ne mogya bɛbɔ ɔno ankasa tiri so.
5 Той е чул гласа на тръбата, а не се е свестил; кръвта му ще бъде върху него; когато, ако беше се свестил, той би избавил живота си:
Esiane sɛ ɔtee totorobɛnto no nnyegyeeɛ na wantie kɔkɔbɔ no enti, ne mogya bɛbɔ nʼankasa tiri so. Sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ no a, anka ɔnyaa ne tiri didii mu.
6 Но ако види стражът, че мечът иде и не затръби, и людете не се свестят, и мечът дойде и постигне някого от тях, той наистина биде постигнат поради беззаконието си; но кръвта му ще изискам от ръката на стража.
Nanso sɛ ɔwɛmfoɔ no hunu sɛ akofena no reba na wanhyɛne totorobɛnto no ammɔ nnipa no kɔkɔ, na sɛ akofena no ba bɛkum wɔn mu baako a, wɔbɛfa saa onipa no akɔ wɔ ne bɔne enti, nanso mɛma ɔwɛmfoɔ no abu owufoɔ no mogya ho akonta.’
7 Така е и с тебе, сине човешки; Аз те поставих страж на Израилевия дом; чуй, прочее, словото из устата Ми, и предупреди ги от Моя страна.
“Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfoɔ ama Israel efie, ɛno enti tie mʼanum nsɛm na fa kɔkɔbɔ a ɛfiri me nkyɛn ma wɔn.
8 Когато казвам на беззаконника: Беззаконнико, непременно ще умреш, а ти не проговориш, за да предупредиш беззаконника да се върне от пътя си, оня беззаконник ще умре за беззаконието си, обаче от твоята ръка ще изискам кръвта му.
Sɛ meka kyerɛ omumuyɛfoɔ sɛ, ‘Ao omumuyɛfoɔ owuo na wobɛwuo,’ na sɛ wʼankasa ankyerɛ no amma wamfiri nʼakwan so a, saa omumuyɛfoɔ no bɛwu ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akonta.
9 Но ако предупредиш беззаконника да се върне от пътя си, а не се върне от пътя си, той ще умре за беззаконието си, а ти си избавил душата си.
Nanso sɛ wobɔ omumuyɛfoɔ no kɔkɔ sɛ ɔmfiri nʼakwan so na sɛ wanyɛ a, ne bɔne enti, ɔbɛwu, nanso worenni ne mogya ho fɔ.
10 Затова, сине човешки, речи на Израилевия дом: Вие така говорихте, казвайки: Престъпленията ни и греховете ни са върху нас, и ние тлеем поради тях; как тогава ще живеем?
“Onipa ba, ka kyerɛ Israel efie sɛ: ‘Yei ne deɛ moreka: “Yɛn mfomsoɔ ne yɛn nnebɔne hyɛ yɛn so, yɛresɛe ɛsiane yeinom enti. Na ɛdeɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya nkwa?”’
11 Речи им: Заклевам се в живота Си, казва Господ Иеова, не благоволя в смъртта на нечестивия, но да се върне нечестивият от пътя си и да живее. Върнете се, върнете се от лошите си пътища; защо да умрете, доме Израилев?
Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mʼani nnye amumuyɛfoɔ wuo ho, na mmom mepɛ sɛ wɔdane firi wɔn akwan so na wɔnya nkwa. Monnane! Monnane mfiri mo amumuyɛ akwan no so! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mowuwuo, Ao Israel efie?’
12 Затова, сине човешки, кажи на людете си: Правдата на праведния няма да го избави в деня, когато престъпи; и нечестивият няма да падне поради нечестието си, също както праведният не ще може да живее поради правдата си в деня, когато съгреши.
“Ɛno enti onipa ba, ka kyerɛ wo ɔman mma sɛ, ‘Ɔteneneeni tenenee rentumi nye no nkwa wɔ ɛberɛ a ɔnnyɛ ɔsetie; na omumuyɛfoɔ amumuyɛ remma ɔnhwe ase wɔ ɛberɛ a ɔdane firi ho. Sɛ ɔteneneeni yɛ bɔne a, ɔrennya nkwa wɔ ne kane teneneeyɛ enti.’
13 Когато река на праведния, че непременно ще живее, а той като уповае на правдата си, извърши неправда, то ни едно от неговите праведни дела няма да се спомни; а поради неправдата, която е извършил, той ще умре.
Sɛ meka kyerɛ ɔteneneeni sɛ ɔbɛnya nkwa, na afei ɔde ne ho to ne teneneeyɛ so na ɔyɛ bɔne a, wɔrenkae ne kane tenenee adeyɛ biara. Ɔbɛwu wɔ ne bɔne a wayɛ enti.
14 И когато кажа на нечестивия: Непременно ще умреш; а той се върне от греха си и постъпи законно и праведно;
Na sɛ meka kyerɛ omumuyɛfoɔ sɛ, ‘Owuo na wobɛwuo,’ na afei ɔdane firi ne nnebɔne ho na ɔyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene,
15 ако нечестивият повърне залог, върне грабнатото, ходи в повеленията на живота, и не върши неправда, непременно ще живее; няма да умре;
na sɛ ɔsane de bosea ho awowasideɛ ma, na ɔsane de deɛ wawia ma, na ɔdi ahyɛdeɛ a ɛma nkwa soɔ, na wanyɛ bɔne a, ampa ara ɔbɛnya nkwa, na ɔrenwu.
16 ни един от греховете, които е извършил няма да се помни против него; той е постъпил законно и праведно; непременно ще живее.
Wɔrenkae bɔne a wayɛ no mu biara ntia no. Wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene, ampa ara ɔbɛnya nkwa.
17 Но твоите люде казват: Господният път не е прав. Обаче техният път не е прав.
“Nanso wo ɔman mma ka sɛ, ‘Awurade akwan ntene.’ Nanso ɛyɛ wɔn akwan mmom na ɛnteneɛ.
18 Когато праведният се върне от правдата си и извърши неправда, то поради нея ще умре.
Sɛ ɔteneneeni firi ne tenenee ho na ɔyɛ bɔne a, ɛno enti ɔbɛwu.
19 А когато беззаконникът се върне от беззаконието си и постъпи законно и праведно, той ще живее поради това.
Na sɛ omumuyɛfoɔ dane firi ne nnebɔne ho na ɔyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene a, ɔbɛnya nkwa.
20 Вие обаче казвате: Господният път не е прав. Доме Израилев, ще ви съдя всекиго според постъпките му.
Nanso, Ao Israel efie, moka sɛ, ‘Awurade akwan ntene.’ Nanso mɛbu obiara atɛn sɛdeɛ nʼakwan teɛ.”
21 В дванадесетата година от плена ни, в десетия месец, на петия ден от месеца, дойде при мене един бежанец от Ерусалим и каза: Градът се превзе.
Yɛn nnommumfa afe a ɛtɔ so dumienu no bosome a ɛtɔ so edu no nnannum so, ɔbarima bi a wadwane afiri Yerusalem baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Kuropɔn no ahwease!”
22 А вечерта, преди да дойде бежанецът, Господната ръка биде върху мене и отваряше устата ми, докле дойде той при мене заранта; и тъй, устата ми се отвориха, и не бях вече ням.
Na anwummerɛ a adeɛ rebɛkyeɛ ama ɔbarima no aba no, na Awurade nsa wɔ me so na ɔbuee mʼano ansa na ɔbarima no baa anɔpa. Enti na mʼano abue a metumi kasa.
23 И Господното слово дойде към мене и рече:
Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
24 Сине човешки, тия, които живеят в ония опустошени места в Израилевата земя, говорят, казвайки: Авраам бе само един, но пак наследи земята; а ние сме мнозина; нам се даде земята в наследство.
“Onipa ba, nnipa a wɔtete saa mmubuiɛ so wɔ Israel asase no so no reka sɛ, ‘Abraham mpo a ɔyɛ onipa baako no, ɔnyaa asase no nyinaa. Enti yɛn a yɛdɔɔso yi nso, nokorɛm, wɔde asase no nyinaa ama yɛn sɛ yɛn agyapadeɛ.’
25 Затова, кажи им: Така казва Господ Иеова: Вие ядете месо с кръвта му, подигате очи към идолите си и проливате кръв; и ще владеете ли земята?
Ɛno enti, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mowe ɛnam a mogya wɔ mu, na mosom mo anyame na mohwie mogya guo enti, ɛsɛ sɛ mofa asase no anaa?
26 Вие се облягате на меча си, вършите мерзости, и осквернявате всеки жената на ближния си; и ще владеете ли земята?
Mode mo ho to mo akofena so. Moyɛ akyiwadeɛ na mo mu biara gu ne yɔnko yere ho fi. Ɛsɛ sɛ monya asase no anaa?’
27 Кажи им това: Така казва Господ Иеова: Заклевам се в живота Си, ония, които са в опустошените места, непременно ще паднат от нож; и който е на отворено поле ще го предам на зверовете да го изядат; а които са в крепостите и в пещерите ще измрат от мор.
“Ka yei kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Ampa ara sɛ mete ase yi, wɔn a wɔaka wɔ kuro no mmubuiɛ soɔ no bɛtotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a wɔwɔ wiram no mede wɔn bɛma nkekaboa ama wɔawe wɔn na wɔn a wɔwɔ abandenden ne abodan mu no, ɔyaredɔm bɛkunkum wɔn.
28 И ще обърна земята на пустота и да бъде за удивление, и горделивата й сила ще престане; и Израилевите планини ще запустеят, та да няма кой да минава.
Mɛsɛe asase no ama ayɛ afo, na nʼahomasoɔ ahoɔden no bɛba awieeɛ na Israel mmepɔ no bɛda mpan a obiara rentwam hɔ.
29 Тогава ще познаят, че Аз съм Господ, който обърна земята на пустота и да бъде за удивление, поради всичките мерзости, които сториха.
Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mama asase no ada mpan wɔ akyiwadeɛ a wɔayɛ nyinaa enti.’
30 А колкото за тебе, сине човешки, твоите люде приказват за тебе при стените и вратите на къщите, и като говорят един на друг, всеки на брата си, казва: Дойдете сега та чуйте що е словото, което излиза от Господа.
“Wo deɛ, onipa ba, wo ɔman mma reka wo ho nsɛm wɔ afasuo ho ne afie apono ano kyerɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Mommra mmɛtie asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn aba.’
31 Те дохождат при тебе както дохождат людете, та седят пред тебе като Мои люде, и слушат твоите думи, но не ги изпълняват; защото с устата си показват много любов, но сърцето им отива след печалбите им.
Me nkurɔfoɔ ba wo nkyɛn, sɛdeɛ wɔyɛ daa no, bɛtenatena wʼanim bɛtie wo nsɛm, nanso wɔmmfa nyɛ adwuma. Wɔde wɔn ano ka ahofama, nanso wɔn akoma mu deɛ wɔn ani bere asisie mu adenya.
32 ето, ти им си като любима песен от човек, който има сладък глас и свири добре; защото слушат думите ти, а не ги изпълняват.
Nokorɛm, wɔn deɛ, wote sɛ obi a ne nne yɛ dɛ, na ɔde nnwontodeɛ to ɔdɔ nnwom, ɛfiri sɛ wɔte wo nsɛm nanso wɔmmfa nyɛ adwuma.
33 А когато настане това, (и ето, иде), тогава ще познаят, че е имало пророк между тях.
“Sɛ yeinom nyinaa ba mu a, na nokorɛm ɛbɛba mu nso, na afei wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi baa wɔn mu.”