< Изход 23 >

1 Да не разнасяш лъжлив слух. Да не съдействуваш с неправедния и да не свидетелствуваш в полза на неправдата.
“Nkeka nkontomposɛm. Wo ne ɔbɔnefoɔ nni nsawɔsoɔ, na woanni adansekurumu.
2 Да не следваш множеството да правиш зло; нито да свидетелствуваш в съдебно дело, така щото да се увличаш след множеството, за да изкривиш правосъдието;
“Mfa wo ho nhyehyɛ nnipadɔm bi a wɔpɛ sɛ wɔyɛ bɔne mu. Sɛ woredi adanseɛ a, nhwɛ nnipa dodoɔ bi so nni mma wɔn.
3 нито да показваш пристрастие към сиромаха в делото му.
Nka sɛ obi yɛ ohiani enti wobɛdi adanseɛ ama no.
4 Ако срещнеш забъркалия се вол или осел на неприятеля си; непременно да му го закараш.
“Sɛ wohunu wo ɔtamfoɔ nantwie anaa nʼafunumu a wayera a, kyere no kɔma ne wura no.
5 Ако видиш, че оселът на неприятеля ти е паднал под товара си, и не ти се иска да му помогнеш пак непременно да помогнеш заедно с него.
Sɛ wokɔto sɛ wo ɔtamfoɔ repagya nʼafunumu agyina ne nan so wɔ adesoa duruduru ase a, ntwa ne ho nkɔ. Boa no.
6 Да не изкривяваш правото на сиромаха между вас в делото му.
“Sɛ obi yɛ ohiani a, ɛnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔbu tia no.
7 Отдалечавай се от всяка несправедлива работа, и не убивай невинния и праведния; защото Аз няма да оправдая нечестивия.
Mfa asɛm a wonhunuiɛ nto obi so; mma wɔnkum obi a ɔnyɛɛ bɔne biara. Merempene so saa.
8 Да не приемаш подаръци, защото подаръците заслепяват видещите и извръщат душите на праведните.
“Nnye adanmudeɛ na adanmudegyeɛ fira onipa ani. Adanmudegyeɛ fira anyansafoɔ ani ma wɔsi gyinaeɛ de tia onyamesuroni asɛm.
9 И да не угнетяваш чужденеца; защото вие знаете що има на сърцето на чужденеца, понеже и вие сте били чужденци в Египетската земя.
“Nhyɛ ahɔhoɔ so; wonim sɛdeɛ woyɛ ɔmamfrani a ɛteɛ. Kae deɛ wohunuu wɔ Misraim asase so hɔ no.
10 Шест години да сееш земята си и да събираш плодовете й;
“Dua na twa na ɛntoatoa so saa ara nkɔsi mfeɛ nsia.
11 а в седмата да я оставиш да си почива и да не я работиш за да се хранят сиромасите между людете ти от самораслото, и полските животни нека ядат от оставеното от тях. Така да правиш и с лозето си и с маслините си.
Na mfeɛ nson so deɛ, ma asase no nna hɔ kwa na ma ahiafoɔ ntwa nnɔbaeɛ biara a ɛbɛnyini wɔ so no; nkaeɛ no, gya ma mmoa nwe. Wo bobe turo ne wo ngo dua turo hyɛ saa mmara yi ase.
12 Шест дена да вършиш работата си; а в седмия ден да си почиваш, за да се отмори волът ти и оселът ти, и да си отдъхне синът на слугинята ти и чужденецът.
“Nnansia na fa yɛ adwuma na home ne nnanson so. Yei bɛma wʼanantwie, wo mfunumu, wo fiefoɔ, wʼasomfoɔ ne wʼahɔhoɔ nso ahome.
13 И внимавайте във всичко що съм ви говорил; и име на други богове да не споменавате, нито да се чува то из устата ви.
“Monni nsɛm a maka yi nyinaa so na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ mobɔ onyame foforɔ biara din.
14 Три пъти в годината да Ми правиш празник.
“Afe biara mu, monhyɛ fa mprɛnsa mfa nhyɛ me animuonyam.
15 Да пазиш празника на безквасните хлябове; седем дена да ядеш безквасни хлябове, както съм ти заповядал, на определеното време в месец Авив, защото в него си излязъл из Египет; и никой да не се яви пред Мене с празни ръце;
“Deɛ ɛdi ɛkan no, monni Apiti Afahyɛ. Sɛ ɛduru so a, nnanson mu, obiara nni burodo a mmɔreka nni mu sɛdeɛ mehyɛɛ mo no. Ɛsɛ sɛ afe biara mohyɛ saa fa yi wɔ ɔbosome Abib mu, bosome a mode tu firii Misraim no mu. “Ɛduru saa ɛberɛ no a, obiara mmrɛ me afɔrebɔdeɛ.
16 и празника на жетвата, на първите плодове на труда ти, на това, което си посял в нивата; и празника на беритбата при края на годината, когато прибираш плодовете си от нивата.
“Ɛno akyiri, Otwa Afahyɛ na ɛdi so. Saa afahyɛ yi duru so a, momfa mo aduanekan mmrɛ me. “Deɛ ɛtwa toɔ yɛ afudeɛ anoboa afahyɛ a ɛsɛ sɛ wɔdi no ɔtwa berɛ no akyiri.
17 Три пъти в годината всичките твои мъжки да се явят пред Господа Иеова.
“Afahyɛ ahodoɔ mmiɛnsa yi mu nyinaa, ɛsɛ sɛ Israel mmarima nyinaa ba Awurade Onyankopɔn anim.
18 Да не принасяш кръвта на жертвата Ми с квасен хляб, нито тлъстина от празника Ми да остава през нощта до сутринта.
“Mfa mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no mogya nka burodo a mmɔreka wɔ mu ho mma me. “Saa ara nso na mmoa a wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ no sradeɛ no, mommma adeɛ nnkye so.
19 Най-първите плодове от земята си да принасяш в дома на Господа твоя Бог. Да не свариш яре в млякото на майка му.
“Sɛ motwa mo mfudeɛ a, momfa otwakane mu nyiyimu a ɛsɔ ani mmrɛ me; wɔde bɛma Awurade mo Onyankopɔn. “Nnoa abirekyie ba wɔ ne maame nufosuo mu.
20 Ето, изпращам ангел пред тебе да те пази по пътя и да те заведе на мястото, което съм ти приготвил.
“Meresoma ɔbɔfoɔ na wadi mo anim de mo akɔ asase a masiesie ama mo no so dwoodwoo.
21 Внимавайте на него и слушайте гласа му; не го предизвиквайте, защото той няма да прости престъпленията ви; понеже Моето Име е в него.
Momfa anidie mma no na monni ne nsɛm so; monnsɔre ntia no, ɛfiri sɛ, ɔremfa mo amumuyɛ nkyɛ mo. Ɔyɛ mʼananmusini, na me din na ɛda ne so.
22 Но ако слушаш внимателно гласа му, и вършиш всичко каквото говоря, тогава Аз ще бъда неприятел на твоите неприятели и противник на твоите противници.
Na sɛ moto mo bo ase, na motie no, di me nsɛm nyinaa so a, mɛyɛ ɔtamfoɔ matia mo atamfoɔ.
23 Защото ангелът Ми ще върви пред тебе и ще те въведе при аморейците, хетейците, ферезейците, ханаанците, евейците и евусейците; и ще ги изтребя.
Me ɔbɔfoɔ bɛdi mo anim de mo aba Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase so na moatena hɔ. Na mɛsɛe saa nnipa no nyinaa wɔ mo anim.
24 Да се не кланяш на техните богове, нито да им служиш, нито да вършиш според делата им; а да ги събаряш съвсем, и да изпотрошиш стълбовете им.
Monnsom anyame a saa aman yi som wɔn no bi, na mommmɔ afɔdeɛ mma wɔn ɛda biara da. Monnni saa abosonsomfoɔ yi akyi. Monni wɔn so na mommubu wɔn ahoni a ɛyɛ animguasedeɛ no ngu.
25 Но да служиш на Господа вашия Бог, и Той ще благославя хляба ти и водата ти; и Аз ще отмахвам всяка болест помежду ви.
Mo Awurade, mo Onyankopɔn nko ara na monsom no. Na mɛhyira mo ama mo anya aduane ne nsuo na mɛyi nyarewa nyinaa afiri mo so.
26 Не ще има пометкиня или бездетна в земята ти, числото на дните ти ще направя пълно.
Apɔn anaa abonini remma mo asase no so na mɛma mo nna amee mo.
27 Ще изпратя пред тебе страх от Мене, и ще обезсиля всичките люде, между които отидеш, и ще направя всичките ти неприятели да обърнат гръб пред тебе.
“Awurade ho hu bɛka aman a mobɛdi wɔn so no so nnipa nyinaa na wɔadwane wɔ mo anim.
28 Ще изпратя и стършели пред тебе, които ще изгонят отпред тебе, евейците, ханаанците и хетейците.
Mɛma kotokurodu abɛpam Hewifoɔ, Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ afiri mo anim.
29 Няма да ги изпъдя отпред тебе в една година, да не би да запустее земята и се размножат против тебе полските зверове.
Merenyɛ yeinom nyinaa afe baako pɛ mu na asase no annane ɛserɛ amma nkekaboa ammu amfa mo so.
30 Малко по малко ще ги изпъждам отпред тебе, догде се размножиш и завладееш земята.
Mɛpam wɔn nkakrankakra kɔsi sɛ mobɛdɔɔso, atumi ahyɛ asase no so ma.
31 И ще поставя пределите ти от Червеното море до Филистимското море, и от пустинята до река Евфрат; защото ще предам местните жители в ръката ви, и ти ще ги изпъдиш отпред себе си.
“Mɛto mo ahyeɛ afiri Ɛpo Kɔkɔɔ no ano akɔsi Filistifoɔ mpoano na mede afiri ɛserɛ a ɛwɔ anafoɔ fam no so akɔsi Asuo Eufrate, na mɛma mo adi nnipa a wɔte asase no so no so, na moapam wɔn afiri mo anim.
32 Да не направиш завет с тях нито с боговете им.
Mo ne wɔn nnyɛ apam biara, na saa ara nso na mo ne wɔn anyame no nnyɛ biribiara.
33 Да не живеят в земята ти, да не би да те накарат да съгрешиш против Мене; защото ако служиш на боговете им, това непременно ще ти бъде примка.
Mommma wɔmmɛtena mo mu, ɛfiri sɛ, sɛ wɔbɛtena mo mu a, wɔde wɔn abosonsom no bɛsane mo na sɛ ɛba saa nso a, ɛbɛgu mo asu.”

< Изход 23 >