< Данаил 8 >
1 В третата година от царуването на цар Валтасара видение ми се яви, на мене Даниила, подир онова, което бе ми се явило по-напред.
Ɔhene Belsasar adedie mfeɛ mmiɛnsa so, me, Daniel, menyaa anisoadehunu foforɔ bi a na ɛdi deɛ ada ne ho adi akyerɛ me dada no akyi.
2 Видях във видението, (а когато видях, бях в замъка Суса, който е в областта Елам; и когато видях във видението бях при потока Улай),
Mʼanisoadehunu mu no, mehunuu sɛ na mewɔ Susa abankɛsewa a ɛwɔ Elam mantam; na mʼanisoadehunu mu no, na mewɔ Nsuka Ulai ho.
3 прочее повдигнах очите си и видях, и, ето, стоеше пред реката един овен, който имаше два рога; роговете бяха високи, но единият по-висок от другия; и по-високият беше израснал по-после.
Memaa mʼani so no, mehunuu odwennini a ɔwɔ mmɛn atentene mmienu na ɔgyina nsuka no ho wɔ mʼanim. Na ne mmɛn no woware. Na ne mmɛn no baako ware sene baako, nanso deɛ ɛware no na ɛnyinii akyire koraa.
4 Видях, овенът че бодеше към запад, към север, и към юг; и никой звяр не можеше да устои пред него, и нямаше кой да избави от силата му; но постъпваше по волята си, и се носеше горделиво.
Mehwɛɛ odwennini no sɛ ɔrepempem kɔ atɔeɛ, atifi ne anafoɔ fam. Na aboa biara ntumi nnyina nʼanim, na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi agye obi foforɔ afiri ne nsa mu. Ɔyɛɛ deɛ ɔpɛ, na ɔyɛɛ kɛseɛ.
5 А като размишлявах, ето, козел идеше от запад по лицето на целия свят, без да се допира до земята; и козелът имаше бележит рог между очите си.
Ɛberɛ a megu so redwene yie ho no, prɛko pɛ, ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛseɛ bi a ɛtua nʼani mmienu no ntam pue firii atɔeɛ fam, twaam faa asase no nyinaa so a ne nan mpo nka fam.
6 Той дойде до овена, който имаше двата рога, който видях да стои пред потока, и завтече се върху него с устремителната си сила.
Ɔde nʼani kyerɛɛ odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no a mehunuu sɛ na ɔgyina nsuka no ho no. Na ɔde ahoɔden tuu mmirika kɔɔ no so.
7 И видях, че се приближи при овена и се разсвирепи против него, и като удари овена счупи двата му рога; и нямаше сила в овена да устои пред него; но го хвърли на земята и го стъпка; и нямаше кой да отърве овена от силата му.
Ɔpapo no sii ntɔkwanan a emu yɛ den, na ɔpem odwennini bubuu ne mmɛn mmienu no. Odwenini no yɛɛ mmerɛ na wantumi annyina ɔpapo no anim; enti ɔpapo no pem no hwee fam, tiatiaa no so, na obiara antumi annye no amfiri ne nsa mu.
8 За това, козелът се възвеличи много; а когато заякна, големият му рог се счупи, вместо който излязоха четири бележити рога към четирите небесни ветрища.
Ɔpapo no bɛyɛɛ ɔniɛdenfoɔ kɛseɛ. Nanso, nʼaniɛden no duruu ne mpɔmpɔnsoɔ no, nʼabɛn kɛseɛ no buiɛ, na nʼanan mu no, mmɛn akɛseɛ ɛnan fifiriiɛ a ɛkyerɛkyerɛ ɔsoro mframa ɛnan no so.
9 И из единия от тях излезе един малък рог, който наголемя твърде много към юг, към изток и към славната земя.
Abɛn foforɔ bi pueeɛ mmɛn akɛseɛ no mu baako ho. Ɛhyɛɛ aseɛ kakraa bi, na ne tumi yɛɛ kɛseɛ kɔɔ anafoɔ ne apueeɛ fam, de kɔɔ Asase Fɛɛfɛ no so.
10 Той се възвеличи дори до небесната войска, и хвърли на земята част от множеството и от звездите и ги стъпка.
Ɛnyiniiɛ ara kɔkaa ɔsoro asafo, na ɔtotoo asafo no mu bi a wɔyɛ nsoromma bɛguguu fam, tiatiaa wɔn so.
11 Да! Възвеличи се дори до началника на множеството, и отне от него всегдашната жертва; и мястото на светилището му се съсипа.
Na ɔmaa ne ho so bɛyɛɛ ne ho kɛseɛ sɛ ɔsoro asafo no Sahene. Ɔgyee daa daa afɔdeɛ firii ne nsam, na ɔsɛee ne kronkron tenabea hɔ.
12 И множеството биде предадено нему заедно с всегдашната жертва, поради престъплението им; и той тръшна на земята истината, стори по волята си, и успя.
Esiane atuateɛ no enti, wɔde ahotefoɔ asafo no ne wɔn daa daa afɔdeɛ maa no. Na wɔtoo nokorɛ tweneeɛ.
13 Тогава чух един свет да говори; и друг свет рече на тогоз, който говореше: Докога се простира видението за всегдашната жертва, и за престъплението, което докарва запустение, когато светилището и множеството ще бъдат потъпквани?
Afei, metee ɔkronkronni bi sɛ ɔrekasa, na ɔkronkronni foforɔ bisaa no sɛ, “Ɛberɛ bɛn na anisoadehunu yi bɛba mu—deɛ ɛfa daa daa afɔdeɛ, atuateɛ a ɛde ɔsɛeɛ ba, kronkron tenabea a wɔbɛgyaa mu ama, ne Awurade asafo a wɔbɛtiatia wɔn so no?”
14 И каза ми: До две хиляди и триста денонощия; тогава светилището ще се очисти.
Ɔbuaa no sɛ, “Ɛbɛdi anwummerɛ ne anɔpa 2,300, ansa na wɔasane ate kronkron tenabea no ho.”
15 И когато аз, аз Даниил, видях видението, поисках да го разбера. И, ето, застана пред мене нещо като човешки образ;
Ɛberɛ a me Daniel, merehwɛ anisoadehunu na mepɛɛ sɛ mete aseɛ no, obi a ɔte sɛ ɔbarima bɛgyinaa mʼanim.
16 и чух човешки глас, който извика изсред бреговете на Улай и рече: Гаврииле, направи тоя човек да разбере видението.
Na metee onipa nne a ɛrefrɛ firi Ulai mu sɛ, “Gabriel, kyerɛ saa ɔbarima yi anisoadehunu no ase.”
17 И така, той се приближи дето стоях; и когато дойде аз се уплаших и паднах на лицето си; а той ми рече: Разбери, сине човешки; защото видението се отнася до последните времена.
Ɔrebɛn baabi a na megyina no, mesuroeɛ, na mede mʼanim butuu fam. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, te aseɛ sɛ anisoadehunu no fa awieɛberɛ no ho.”
18 И като ми говореше, аз паднах в несвяст с лицето си на земята; но той се допря до мене и ме изправи.
Ɛberɛ a ɔrekasa akyerɛ me no, medaa nnahɔɔ a mʼanim butu fam. Na ɔsɔɔ me mu de me gyinaa me nan so.
19 И рече: Ето, аз ще те науча що има да се случи в последните гневни времена; защото видението се отнася до определеното последно време.
Ɔkaa sɛ, “Merebɛka deɛ ɛbɛsi akyire no wɔ abufuberɛ mu akyerɛ wo, ɛfiri sɛ anisoadehunu no fa awieeɛ ɛberɛ a wɔahyɛ no ho.
20 Двата рога на овена, които си видял, са царете на Мидия и на Персия.
Odwennini a ɔwɔ mmɛn mmienu no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo no.
21 Буйният козел е гръцкият цар; и големият рог между очите му е първият цар.
Ɔpapo niɛdenfoɔ no yɛ Helahene, na abɛn kɛseɛ a ɛtua nʼani ntam no yɛ ɔhene a ɔdi ɛkan no.
22 А дето се строшил той и излезли четири вместо него, значи, че четири царе ще се издигнат от тоя народ, но не със сила като неговата.
Mmɛn ɛnan a ɛbɛsii abɛn a ɛbubuu no anan mu no gyina hɔ ma ahennie ɛnan a ɛbɛsɔre afiri ne ɔman no mu, nanso wɔn tumidie renyɛ pɛ.
23 И в послешните времена на царуването им, когато беззаконниците стигнат до върха на беззаконието си, ще се издигне цар с жестоко лице и вещ в лукавщини.
“Wɔn adedie no rekɔ awieeɛ no, ɛberɛ a atuatefoɔ no ayɛ atirimuɔden mmorosoɔ no, ɔhene a ɔyɛ den, na ɔdi kontonkyisɛm bɛsɔre.
24 И силата му ще бъде голяма, но не като силата на другия; и ще погубва чудесно, ще успява и върши по волята си, и ще поквари силните и светите люде.
Ɔbɛyɛ den yie a ɛmfiri nʼankasa tumi mu. Ɔbɛsɛe adeɛ ama nnipa ho adwiri wɔn, na ɔbɛdi nkonim wɔ biribiara a ɔbɛyɛ mu. Ɔbɛsɛe ahoɔdenfoɔ ne akronkronfoɔ.
25 Чрез коварството си ще направи да успява измамата в ръката му, ще се надигне в сърцето си, и ще погуби мнозина в спокойствието им; ще въстане и против Началника на началниците; но ще бъде смазан, не с ръка.
Ɔbɛma nnaadaa agye ntini, na ɔbɛyɛ ahomasoɔ. Ɔbɛsɛe bebree a ɔmmɔ nkaeɛ, na ɔbɛsɔre atia ahenemma mu Ɔheneba no, nanso wɔbɛsɛe no a ɛmfiri onipa ahoɔden mu.
26 А казаното видение за денонощията е вярно; все пак обаче запечатай видението, защото се отнася до далечни дни.
“Anwummerɛ ne anɔpa anisoadehunu a wɔde ama wo no yɛ nokorɛ, nanso, sɔ ano, ɛfiri sɛ ɛfa daakye bi a ɛnnya mmaeɛ ho.”
27 Тогава аз Даниил премрях, и боледувах няколко дни; после станах и вършех царевите работи. А чудех се за видението, защото никой не го разбираше.
Me, Daniel, meyɛɛ mmerɛ, na meyaree nna kakra. Akyire yi, mesɔre kɔyɛɛ ɔhene adwuma. Anisoadehunu no yɛɛ me ahodwirie; na ɛboro nteaseɛ so.