< 2 Петрово 3 >
1 Ето възлюбени, пиша ви това второ послание; и в двете събуждам чрез напомняне вашия чист разум,
Adɔfonom, yei ne krataa a ɛtɔ so mmienu a matwerɛ abrɛ mo. Metwerɛɛ sɛ mede rebɛkae mo, de akanyane mo adwene.
2 за да помните думите, изговорени по-напред от светите пророци и заповедта на Господа Спасителя, дадена чрез изпратените вам апостоли.
Mepɛ sɛ mokae nsɛm a adiyifoɔ kronkron no kaa mmerɛ bi a atwam no ne mmara a ɛfiri Awurade ne Agyenkwa a wɔde faa mo asomafoɔ so maa mo no.
3 Преди всичко знайте това, че в последните дни ще дойдат подиграватели, които с подигравките си ще ходят по своите страсти и ще казват:
Deɛ ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ nna a ɛdi akyire no mu no, nnipa bi bɛba a wɔn ara wɔn honam akɔnnɔ na ɛbɛdi wɔn so. Wɔbɛdi mo ho fɛ
4 Где е обещаното Му пришествие? защото, откак са се поминали бащите ни всичко си стои така, както от началото на създанието.
aka sɛ, “Ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛba. Wanka? Na ɔwɔ he? Yɛn agyanom awuwu dada, nanso biribiara te sɛ deɛ ɛte firi adebɔ mfitiaseɛ!”
5 Защото те своеволно не признават това, че чрез Божието слово от начало е имало небе и земя сплотена от водата, и всред водата,
Wɔhyɛ da ma wɔn werɛ firi nokorɛ no sɛ, ɛfiri tete no, Onyankopɔn kasaeɛ na wɔbɔɔ ɔsoro ne asase. Wɔbɔɔ asase firi nsuo mu na wɔde nsuo na ɛyɛeɛ.
6 но пак посредством тях тогавашния свят, потопен от водата загина.
Akyire no wɔde nsuyire bɛsɛee no.
7 Така със същото слово, и днешните небе и земя са натрупани за огън, пазени до деня на страшния съд и погибелта на нечестивите човеци
Nanso, Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔsoro ne asase ntena hɔ nkɔsi Atemmuo da. Afei wɔbɛsɔ emu ogya na wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfoɔ.
8 Още и това нещо да не забравяте, възлюбени, че за Господ един ден е като хиляда години, и хиляда години като един ден.
Nanso, anuanom, mommma mo werɛ mfiri adeɛ baako sɛ Awurade ani so deɛ, nsonsonoeɛ nni da koro ne mfeɛ apem ntam. Ne fam deɛ, ne mmienu nyinaa yɛ pɛ.
9 Господ не забравя това, което е обещал, според както някои смятат бавенето, но заради вас търпи за дълго време; понеже не иска да погинат някои, но всички да дойдат на покаяние.
Awurade ntwentwɛn ne nan ase wɔ ne bɔ a wahyɛ ho sɛdeɛ ebinom dwene no. Mmom, ɔwɔ mo ho boasetɔ ɛfiri sɛ, ɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom, ɔpɛ sɛ obiara sakra firi ne bɔne ho.
10 А Господният ден ще дойде като крадец, когато небето ще премине с бучение, а стихиите нажежени ще се стопят, и земята и каквото се е вършило по нея ще изчезнат.
Na Awurade da no bɛba sɛ owifoɔ. Ɛda no, ɔsoro bɛbobom na ayera na ewiem nneɛma bɛhye na asɛe na asase ne so nneɛma nyinaa nso bɛda adi.
11 Прочее, понеже всичкото това ще се стопи, какви трябва да сте вие в своето живеене и в благочестие,
Sɛ saa ɛkwan yi so na wɔbɛfa asɛe adeɛ nyinaa a, na ɛdeɛn bra na ɛsɛ sɛ wobɔ? Ɛsɛ sɛ mo bra yɛ kronkron na mode mo ho ma Onyankopɔn.
12 като очаквате и ожидате дохождането на Божия ден, поради който небето възпламенено ще се стопи, и стихиите нажежени ще се разложат!
Monhwɛ saa da no kwan na monyɛ mo nneɛma pɛpɛɛpɛ; saa da a Onyankopɔn bɛto ɔsoro mu ogya na ewiem nneɛma anane na ayera wɔ ogyaframa mu no.
13 А според обещанието Му очакваме ново небе и нова земя, в която да живее правда.
Nanso, yɛtwɛn deɛ Onyankopɔn ahyɛ yɛn ho bɔ no, ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ a ɛhɔ na tenenee bɛtena.
14 Затова, възлюблени, като очаквате тия неща, старайте се да се намерите чисти и непорочни пред Него, с мир в сърцата си.
Enti, anuanom, mogu so retwɛn da no yi, mommɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ kronn a mfomsoɔ biara nni mo ho wɔ Onyankopɔn anim na mo ne no atena wɔ asomdwoeɛ mu.
15 И считайте дълготърпението на нашия Господ като средство за спасение; както любезният ни брат Павел ви е писал, според дадената му мъдрост.
Monkae nhunu sɛ Awurade wɔ boasetɔ ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ obiara nya nkwagyeɛ. Ɛno na yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so twerɛɛ mo no.
16 както пише и във всичките си послания, когато говори в тях за тия работи; в които послания има някои неща мъчни за разбиране, които неучените и неутвърдените изопачават, както правят и с другите писания, за своята погибел.
Saa ɛkwan korɔ no ara so na ɔfa twerɛɛ ne nkrataa no na saa nsɛm yi ara so nso na ɔgyina twerɛeɛ. Nsɛm bi a ɛyɛ den wɔ ne nkrataa no mu no, wɔn a wɔnnim na wɔnnyɛ den no ntumi nkyerɛ aseɛ yie. Saa ara na wɔyɛ Atwerɛsɛm a aka no de ɔsɛeɛ ba wɔn so.
17 И тъй, вие, възлюбени, като сте предизвестени за това, пазете се да не би да се завлечете от заблуждението на беззаконните и да отпаднете от утвърждението си.
Nanso anuanom, mo deɛ monim yei dada. Monwɛn na wɔn a wɔnni mmara so annaadaa mo amfiri beaeɛ pa.
18 Но растете в благодатта и познаването на нашия Господ и Спасител Исус Христос. Нему да бъде слава и сега и до вечния ден. Амин. (aiōn )
Monyini wɔ yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no seesei ne daa. Amen. (aiōn )