< Romawa 5 >
1 Ni wa ki fe Barata, ki fe si ni Irji ni nkon Yesu Kristi.
Afei a ɛnam gyidi so ama Onyankopɔn abu yɛn bem no, yɛnam Awurade Yesu Kristo so anya Onyankopɔn asomdwoe.
2 Ki fe nkon ni kpanyime mu nimi tie ndindi wa ki kri, ki ngyiri ni yo suron mbu ni Irji ni kpe wa ani tie ni tawu'a.
Ɔnam gyidi so de yɛn aba Onyankopɔn adom a yɛte mu mprempren no mu. Yɛn ani gye wɔ anidaso mu sɛ yebenya Onyankopɔn anim anuonyam.
3 Ana kima migyen na kiga mgban ngame ni ba yambu. Ki toh ndi yah ni nu vu suron.
Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom, yɛwɔ yɛn haw mu anuonyam nso, efisɛ yenim sɛ ɔhaw de boasetɔ ba,
4 U vu suron nino mgbemgble suron, u mgbemgblen suron ni nno yo suron,
na boasetɔ de osuahu ba, na osuahu nso de anidaso ba.
5 u yo suron ana nno shan na nitu waa ba ka ison Irji sru tawu ni mi suron Irji ni tsratsra Ruhu, wa ba nnota wu'a
Saa anidaso yi renni yɛn nhuammɔ, efisɛ Onyankopɔn nam Honhom Kronkron a ɛyɛ nʼakyɛde a ɔde ama yɛn no so ahwie ne dɔ agu yɛn koma mu.
6 Wa kina he bi kunyire'a ri, u Kristi ka Khwu ni bi lah tre tsra ni nton ndindi.
Bere a ɛsɛ mu, bere a yɛyɛ mmerɛw no, Kristo wu maa amumɔyɛfo.
7 A he ni dii ndu ri khwu nitu ndji tsratsra, u mi ya indrjo ni ma khwu ni ndji ndindi.
Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bewu ama nea ɔyɛ onipa trenee mpo, na nea ɔyɛ onipa pa no de, ebia obi besi ne bo awu ama no.
8 Bachi a tsro son ma ni tawu, wa kina rhi he bi lahtre rhi'a, Kristi khwu nitu mbu.
Nanso Onyankopɔn da ne dɔ adi wɔ eyi mu sɛ, bere a yɛyɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.
9 Zan zizan wa a ngla ta ni yi ma, ani kpata chuwo ni nfu u Irji.
Esiane sɛ wɔnam ne mogya no so abu yɛn bem no nti, wɔnam ne so begye yɛn afi Onyankopɔn abufuwhyew mu.
10 Kina he bi ka wo tre, ba kata kabi ni Irji nitu khwu vrenma, zizan wa ki fe katu kabi'a, ba kpata chuwo nitu vrhi ma.
Na sɛ bere a yɛyɛ atamfo mpo Onyankopɔn de ne Ba no wu yɛɛ mpatade maa yɛn a, saa mmere yi a yɛne Onyankopɔn wɔ ayɔnkofa yi de, yenim sɛ ɔnam ne Ba no so begye yɛn nkwa.
11 A na naki megyen na, ki ngyiri ni Irji nitu Bachi mbu Yesu Kristi, wa nitu ma yi ki kabi yi'a.
Ɛnyɛ eyi nko, mmom yɛnam Awurade Yesu Kristo a ne mu na yɛanya mpata no so hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu.
12 Ni nkon ndji riri lah tre ari ni mgbumbglu, ni nkon kima ikhwu'a ri ni nkon lahtre'a. U khwu rhi ni ndji wawu'u, don ba lahtre wawu mbawuu.
Bɔne nam onipa baako so na ɛbaa wiase, na ne bɔne no de owu bae. Ɛno nti owu trɛw baa nnipa nyinaa so, efisɛ wɔn nyinaa yɛɛ bɔne.
13 Ni nton wa bana tie sharia na, lahtre ana he ni mgbumgblu, bana ta tre tre lahtre na ninton wa sharia ana hama'a.
Na bɔne wɔ hɔ ansa na wɔde mmara no reba. Nanso mmara nni hɔ a, wommu bɔne ho akontaa.
14 Ikhwu a he rji ni nton u Adamu ye ri ni nton Musa, nda he nitu bi wa bana lahtre bibi u Adamu'a na, ahi kpe wa a kati u seka se'a.
Nanso efi Adam bere so kosi Mose bere so no, owu dii nnipa nyinaa so kosii wɔn mpo a wɔanyɛ bɔne so, sɛnea Adam de, ɔyɛɛ asoɔden kyerɛɛ Onyankopɔn no. Ɔkwan bi so no, Adam yɛ Kristo, nea na ɔrebɛba no, sɛso.
15 Kyauta na he na lahtre na, a nita he nitu lahtre ndji riri yi'a, ndji gbugbu ba khwu, naki mame, ito tie ma nitu ndji riri ngama Yesu Almasihu, he nitu ndji gbugbuu.
Nanso wɔn baanu no nyinaa nyɛ pɛ, efisɛ Onyankopɔn akyɛde a ɔde kyɛ kwa no nte sɛ Adam bɔne no. Ɛyɛ nokware sɛ esiane saa onipa baako no bɔne nti, nnipa pii wuwui. Nanso Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno nti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom bebree kwa no.
16 Innoa na he na lahtre ndji riri na. Itron'a hu lahtre ndji riri, nda nji hukunci, inno hu lahtre gbugbuu nda nji kpa chuwo ye.
Bio, Onyankopɔn akyɛde no nte sɛ nsunsuanso a efi onipa baako bɔne mu bae no. Atemmu no nam bɔne baako so de afobu bae, nanso bɔne bebree akyi no, akyɛde no de bembu bae.
17 A nita he nitu lahtre ndji riri ikhwu ri, naki ma me bi wa ba kpa to tie gbugbuu ni nno vrhi ndindi ni mi wawu riri, Yesu Kristi.
Sɛ ɛnam onipa baako bɔne so na owu dii hene a, ɛno de wɔn a wonya adom mmoroso ne trenee akyɛde no nam onipa baako a ɔne Yesu Kristo so bedi hene wɔ nkwa mu.
18 Nawa lahtre ndji riri nji hukunci ye nitu ndji wawuu, na kimame itie ndindi ndji riri nji wruhle ni vrhi ye ni ndji gbugbuu.
Enti sɛnea onipa baako pɛ bɔne a ɔyɛe no ma wobuu nnipa nyinaa fɔ no, saa ara nso na trenee nneyɛe baako ma wobuu nnipa nyinaa bem, ma yenyaa nkwa.
19 Na kima me, wa nitu lahtre ndji riri a ndu ndji gbugbuu kati be lahtre'a, na kima me nitu ndji riri ndji gbugbuu ba fe kpa chuwo.
Na sɛnea ɛnam ɔbaakofo asoɔden so nti nnipa nyinaa yɛɛ nnebɔneyɛfo no, saa ara nso na onipa baako setie nti wɔbɛyɛ bebree atreneefo.
20 Wa sharia ye'a, a ndu lahtre babran, ni wa lahtre babran, liheri he gbugbuu ngame.
Wɔyɛɛ mmara no, sɛnea ɛbɛyɛ a bɔne bɛda adi pefee; nanso mpɛn dodow a bɔne dɔɔso no, adom no dɔɔso mmoroso,
21 A tie nayi'a, nawa lahtre a mreh (mallaka) hi ni khwu, na kima me, i tie ndindi mreh suron ni vrhi nitu Yesu Almasihu Bachi mbu. (aiōnios )
enti sɛnea bɔne di nnipa so de wɔn kɔ owu mu no, saa ara na adom no nam trenee so de daa nkwa a ɛwɔ Yesu Kristo, yɛn Awurade mu bɛba no. (aiōnios )