< Mark 8 >
1 Niton mu a indi gbugbuwu ba hei ba wa bari. Yesu yo miri koma da tre bawu di
Ɛda koro bi a nnipakuo bi aba Yesu nkyɛn no, aduane a wɔdi no saeɛ.
2 “idi ba ba lo me suron, ba he mi me har vi tra ye da na hei ni kpe wa ba rhi na.”
Yesu frɛɛ nʼasuafoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabɛdi nnansa wɔ ha a, wɔnni aduane biara a wɔbɛdi bio.
3 Me ta turba duba he kpamba ni komba dana rina ba ki kobo ni ko bari ba ji ni gbugbamu.”
Sɛ megya wɔn ɛkwan sɛ wɔnkɔ a wonnidiiɛ a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ baha wɔ ɛkwan so, ɛfiri sɛ, wɔn mu bi firi akyirikyiri na wɔbaeɛ.”
4 Mini koma ba mye “kife birdi nitsen-e ni wa, da ni mal ni di ba yi?”
Nʼasuafoɔ no bisaa no sɛ, “Ɛhefa na yɛbɛnya aduane ama saa nnipa dodoɔ yi wɔ ɛserɛ yi so ha?”
5 A miba bi hei ni gble bredi ibve wa miye ba “a hi bredi bren ba bi he niwu? uba hla a ndi tangban. Ba lla ni wu'u “tan gban”
Ɔbisaa wɔn sɛ, “Burodo ahe na mowɔ?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛwɔ nson.”
6 A tre du gbugbu di ku ba son ni meme da ba bredi tangpa da bre da non mini ko ma du ba ga ni bawu u ba ka ga ni di ba.
Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ wɔntenatena ase wɔ ɛserɛ no so. Afei, ɔfaa burodo nson no, na ɔhyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no ma wɔkyɛ maa nnipa no.
7 Ba hei ni lambe game time ni womba baya wa a bre Irji, da la yo mir koma da nuba duba nu ndi ba du ba tan.
Na wɔwɔ mpataa kakra wɔ hɔ, enti Yesu hyiraa ɛno nso so, de maa asuafoɔ no sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn.
8 Da ba ta ba wrji da vu imbru ma sisen tangpebi rigarma.
Nnipakuo no didi meeɛ no, ɔgyaa wɔn ɛkwan.
9 Indi ba bakai dubu iziya. Ba ya ki a yo ba ninko duba hi kpamba.
Nnipa a wɔdii aduane no dodoɔ bɛyɛ mpemnan. Na wɔtasee aseɛ nnikaeɛ no, ɛyɛɛ nkɛntɛmma nson.
10 A ti-gbla ri ni jirgima baba mininkoma da ri nklan Dalmanuta.
Yei akyi no, ɔne nʼasuafoɔ no kɔtenaa kodoɔ mu baa Dalmanuta fam.
11 Bi mrlian ndi ba ba ye da faragbi sur ni wu'u. Ba son ba to alama wa rju ni shullu, ba son ba tser u ton.
Farisifoɔ no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bɛbisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnneɛ bi nna adi wɔ ewiem nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yɛbɛgye wo adi.”
12 A tan fuon ni mi suron da tre “a gye sa indi bi meyi ba son ba to alama na? Janji mi la yi wu idi bi meyi ba na to alama na”.
Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔguu ahome, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛn enti na mohwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ daa yi? Nsɛnkyerɛnneɛ biara nni hɔ a mɛyɛ akyerɛ mo.”
13 Wa kaba don dala ri ni jirgi da hi gar korima
Ɔsane kɔtenaa kodoɔ no mu, gyaa wɔn, tware kɔɔ asuogya nohoa.
14 Miri ko bi ti ndu ma ba kparisu da na ba vredi gri na. A don riri ni mi jrigia.
Asuafoɔ no werɛ firii sɛ wɔfa aduane bi kura ansa na wɔakɔ. Aduane a na wɔkura wɔ kodoɔ no mu no yɛ burodo baako pɛ.
15 A hla ni bawu, son ni wuri ti ta yo shi-shi na kpa risu ni yistin Farisawa na niwu Hirudus na”
Wɔretwa asuo no no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Ɔhene Herode ne Farisifoɔ mmɔreka ho.”
16 Mini koma bi tindu, ba kpaye ni kpamba da tre a he wa bredi na he na.
Asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Asɛm a ɔreka yi ase ne sɛn?” Deɛ wɔn adwene kyerɛɛ wɔn ne sɛ, ebia ɔreka aduane a wɔn werɛ firii sɛ wɔbɛfa akuta no ho asɛm.
17 Yesu to kpe wa ba si ri mire ni dir mba, da tre. A gye sa, bi ri mre ter bredi ni suron bi? har zizan bi na tuna? Bi na ganina? Isuron mbi ba k'ma di bwu mu?
Yesu hunuu deɛ wɔdwennwene no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monnte yei ase anaa? Mo akoma da so pirim?
18 Bi hei ni shi shi bi na to na? Bi hei ni ton bi na wo na? Bi na tuna na?
Mowɔ ani nso monhunu adeɛ? Mowɔ aso nso momfa nte asɛm? Na monnkae biribi anaa?
19 Ni wa mi zie bredi ton mba gah ni di dubu ton a bi vu kpu kpu bredi shu sisen bre?” Ba la wu di wlo don har”
Ɛberɛ a mebubuu burodo enum mu maa nnipa mpemnum no, nnikaeɛ nkɛntɛmma ahe na motaseeɛ?” Wɔkaa sɛ, “Dumienu.”
20 Ni wa me zi bredi tankpan ni di dubu zi'a bi vu kpu kpu bredi ti sisen bre?” Ba hla u di “tangban”.
“Na mesane de burodo nson maa nnipa mpemnan no nso, ahe na ɛkaeɛ?” Wɔkaa sɛ, “Nkɛntɛmma nson.”
21 A mie ba, har ziza'a bi na gani na?”
Ɔbisaa wɔn bio sɛ, “Monnte ase ara anaa?”
22 Da ba ye ni Bethsaida. Idi ba ni ki ba grji di u fei ye da bre Yesu di du sa wo ni wu.
Ɛberɛ a wɔduruu Betsaida no, nnipa bi de onifirani bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yadeɛ.
23 Yesu a vu indi wu fie'a niwo dakji wu hi ni mi gbu. D a' a junte sur niwu nishishi da sa wo mani wu, a mei, “wu to kpe?”
Yesu sɔɔ onifirani yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasuo guu onifirani no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no sɛ, “Wohunu adeɛ anaa?”
24 A zuya da tre, me to indi bi ya na kukro ba si zre.
Onifirani no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro, buaa sɛ, “Aane, mehunu nnipa! Nanso mehunu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.”
25 A la kawo ma sa niwu nishishi maki shishi ya ka bun to u zizan abi zan wumumla wa to ko ge tsartzar me.
Afei, Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifirani no buee nʼani, na ɛberɛ a ɔrehwɛ adeɛ haa no, nʼani no yɛɛ yie a afei deɛ na ɔhunu biribiara kann.
26 Yesu hla wu ziza'a wu he ni kome nu, na rizu ni mi gbu ga na.”
Yesu ma ɔkɔɔ efie, ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsane nkɔ akuraa no ase bio.”
27 Yesu ba mini koma bindu ma zu ni ikoyuka wu Naesarea Filippi. A me mir ma ba nikon, “Bi ya ndi ba, mie di me nha'an?”
Yesu ne nʼasuafoɔ no firi Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɛkwan so rekɔ no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Nnipa ka sɛ mene hwan?”
28 Mini koma ba la niwu wu yohana wu Baptisma, 'U' bari ba tre wu Iliya bari batre wumba kan-kan wuri nimiyi anabawa.
Asuafoɔ no buaa sɛ, “Ebinom se wone Yohane Osubɔni no, na afoforɔ nso se woyɛ Elia anaasɛ tete adiyifoɔ no mu bi a wasane aba.”
29 A mie ba u biyi na bi tre me nha? Bitrus tre “Wu yi wu Kristi.”
Na ɔbisaa wɔn sɛ, “Na mo nso mose meyɛ hwan?” Petro buaa no sɛ, “Wone Kristo no.”
30 Yesu mam ba du ba na hla ni dro na ni tumu na.
Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnka nkyerɛ obiara.
31 Da soma bla bawu di vre di ni sha ya ni kpe gbugbu 'U' ba kamba ni u idi bi ninko ni bi chu ni Priestoci, ni bi nha vuvu, ba wu'u, ivi tre ni ta ti ti tashem.
Afei, ɔhyɛɛ aseɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ Onipa Ba no bɛhunu amane, na mpanimfoɔ, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bɛpo no, na wɔakum no, na nnansa so, Onipa Ba no bɛsɔre.
32 A hla terki tsrame. Naki Bitrus kma he ni kosan da tre da gbiton ni wu.
Ɔkaa asɛm no pefee a wamfa biribiara ansie wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn, bisaa no sɛ, “Adɛn enti na woka asɛm a ɛte sɛɛ yi?”
33 Yesu kma ya miniko ma ba, da tre Bitrus ni tu “Kma tsi dimu,” Kma hi ni ko gomu wu brji wunayoshishi me ni kpe u Baci na se kpe wondi wu idi”
Yesu danee ne ho hwɛɛ nʼasuafoɔ no, kaa Petro anim sɛ, “Firi me so, ɔbonsam! Wʼadwene yɛ deɛ ɛfiri onipa na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn.”
34 A yo ndi baba mir koma ba ni buburi da tre ni bawu. Indi a ni iya da wume ka kparisu ni kpama da ba gieiye mu da hu me”
Afei, ɔfrɛɛ nʼasuafoɔ no ne nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛtie no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi mʼakyi a, ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasɛnnua, na ɔdi mʼakyi.
35 Du indi wa tre wa wu nikpa tuma ani qu, uwada kri ni suroma ma don demu ni tre Rji ani kpa tuma cuwo.
Deɛ ɔma ne ɔkra som no bo no, ɛbɛfiri ne nsa. Na deɛ me ne Asɛmpa no enti, ɔbɛhwere ne kra no, wɔbɛgye ne nkwa.
36 A gye ni zo idi ni gbuglu yi wanda ia zan rai ma?
Na sɛ onipa nya ewiase nyinaa, na ɔhwere ne kra a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?
37 A gye wa indi ni ser kpama da fe sur ma?
Ɛdeɛn na ɛsom bo sene ne kra?
38 Indi wa klusha mu mba tre mu ni meme ugbugblu yi u la tre e iverindi ni klushama indan a ni ye ni dau kaka tima ba ba maleku ma bi ruhu tsatsra.
Na obiara a saa nna bɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no, aniwu ɛberɛ a me ne mʼabɔfoɔ kronkron no bɛsane aba wɔ mʼAgya animuonyam mu no.”