< Mark 8 >
1 Niton mu a indi gbugbuwu ba hei ba wa bari. Yesu yo miri koma da tre bawu di
Saa mmere no mu na nnipakuw foforo bi baa Yesu nkyɛn. Esiane sɛ na hwee nni hɔ a wobedi nti,
2 “idi ba ba lo me suron, ba he mi me har vi tra ye da na hei ni kpe wa ba rhi na.”
Yesu frɛɛ nʼasuafo no baa ne nkyɛn, na ɔkae se, “Nnipa yi yɛ me mmɔbɔ. Wɔabedi nnansa wɔ ha a, wonni aduan biara a wobedi bio.
3 Me ta turba duba he kpamba ni komba dana rina ba ki kobo ni ko bari ba ji ni gbugbamu.”
Sɛ migya wɔn kwan sɛ wɔnkɔ a wonnidii a, anhwɛ a na wɔn mu bi atotɔ piti wɔ ɔkwan so, efisɛ wɔn mu bi fi akyirikyiri na wɔbae.”
4 Mini koma ba mye “kife birdi nitsen-e ni wa, da ni mal ni di ba yi?”
Nʼasuafo no bisaa no se, “Ɛhefa na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi wɔ sare yi so ha?”
5 A miba bi hei ni gble bredi ibve wa miye ba “a hi bredi bren ba bi he niwu? uba hla a ndi tangban. Ba lla ni wu'u “tan gban”
Obisaa wɔn se, “Brodo dodow ahe na mowɔ?” Wobuaa no se, “Yɛwɔ ason.”
6 A tre du gbugbu di ku ba son ni meme da ba bredi tangpa da bre da non mini ko ma du ba ga ni bawu u ba ka ga ni di ba.
Yesu ka kyerɛɛ nnipakuw no se wɔntenatena ase wɔ sare no so. Afei ɔfaa brodo ason no, na ohyiraa so, bubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyɛ maa nnipa no.
7 Ba hei ni lambe game time ni womba baya wa a bre Irji, da la yo mir koma da nuba duba nu ndi ba du ba tan.
Na wɔwɔ mpataa kakra wɔ hɔ, nti Yesu hyiraa ɛno nso so de maa asuafo no sɛ wɔnkyɛ ɛno nso mma wɔn.
8 Da ba ta ba wrji da vu imbru ma sisen tangpebi rigarma.
Nnipakuw no didi mee no, ogyaa wɔn kwan.
9 Indi ba bakai dubu iziya. Ba ya ki a yo ba ninko duba hi kpamba.
Nnipa a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpem anan. Na wɔtasee ase nnikae no, ɛyɛɛ kɛntɛn ason.
10 A ti-gbla ri ni jirgima baba mininkoma da ri nklan Dalmanuta.
Eyi akyi no ɔne nʼasuafo no kɔtenaa ɔkorow mu baa Dalmanuta fam.
11 Bi mrlian ndi ba ba ye da faragbi sur ni wu'u. Ba son ba to alama wa rju ni shullu, ba son ba tser u ton.
Farisifo no tee sɛ Yesu aba hɔ no, wɔbaa ne nkyɛn bebisabisaa no nsɛm, de sɔɔ no hwɛe. Wɔka kyerɛɛ no se, “Yɛ nsɛnkyerɛnne bi kyerɛ yɛn. Ma nsɛnkyerɛnne bi nna adi wɔ wim nkyerɛ yɛn. Ɛno ansa na yebegye wo adi.”
12 A tan fuon ni mi suron da tre “a gye sa indi bi meyi ba son ba to alama na? Janji mi la yi wu idi bi meyi ba na to alama na”.
Yesu tee nea wɔkae no, oguu ahome ka kyerɛɛ wɔn se, “Dɛn nti na mohwehwɛ nsɛnkyerɛnne daa yi? Nsɛnkyerɛnne biara nni hɔ a mɛyɛ akyerɛ mo.”
13 Wa kaba don dala ri ni jirgi da hi gar korima
Ɔsan kɔtenaa ɔkorow no mu gyaw wɔn, twa kɔɔ asuogya nohɔ.
14 Miri ko bi ti ndu ma ba kparisu da na ba vredi gri na. A don riri ni mi jrigia.
Asuafo no werɛ fii sɛ wɔfa aduan bi kura ansa na wɔkɔ, gye brodo baako pɛ na na wokura wɔ ɔkorow no mu.
15 A hla ni bawu, son ni wuri ti ta yo shi-shi na kpa risu ni yistin Farisawa na niwu Hirudus na”
Wɔretwa asu no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ mo ho so yiye wɔ Ɔhene Herode ne Farisifo mmɔkaw ho.”
16 Mini koma bi tindu, ba kpaye ni kpamba da tre a he wa bredi na he na.
Asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Asɛm a ɔreka yi ase ne dɛn?” Nea wɔn adwene kyerɛɛ wɔn ne sɛ, ebia ɔreka aduan a wɔn werɛ fii sɛ wɔbɛfa akita no ho asɛm.
17 Yesu to kpe wa ba si ri mire ni dir mba, da tre. A gye sa, bi ri mre ter bredi ni suron bi? har zizan bi na tuna? Bi na ganina? Isuron mbi ba k'ma di bwu mu?
Yesu huu nea wodwinnwen no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnyɛ ɛno ho asɛm na mereka! Monnte eyi ase ana? Mo koma da so pirim?
18 Bi hei ni shi shi bi na to na? Bi hei ni ton bi na wo na? Bi na tuna na?
Mowɔ ani nso munhu ade? Mowɔ aso nso momfa nte asɛm? Na monnkae biribi ana?
19 Ni wa mi zie bredi ton mba gah ni di dubu ton a bi vu kpu kpu bredi shu sisen bre?” Ba la wu di wlo don har”
Bere a mibubuu brodo anum mu maa nnipa mpem anum no, nnikae kɛntɛn ahe na motasee?” Wɔkae se, “Dumien.”
20 Ni wa me zi bredi tankpan ni di dubu zi'a bi vu kpu kpu bredi ti sisen bre?” Ba hla u di “tangban”.
“Na mesan de brodo ason maa nnipa mpem anan no nso, ahe na ɛkae?” Wɔkae se, “Nkɛntɛn ason.”
21 A mie ba, har ziza'a bi na gani na?”
Obisaa wɔn bio se, “Monnte ase ara ana?”
22 Da ba ye ni Bethsaida. Idi ba ni ki ba grji di u fei ye da bre Yesu di du sa wo ni wu.
Bere a woduu Betsaida no, nnipa bi de onifuraefo bi brɛɛ no, srɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no, na ɔnsa no yare.
23 Yesu a vu indi wu fie'a niwo dakji wu hi ni mi gbu. D a' a junte sur niwu nishishi da sa wo mani wu, a mei, “wu to kpe?”
Yesu soo onifuraefo yi nsa de no kɔɔ akuraa no kurotia. Ɔtee ntasu guu onifuraefo no ani so, na ɔde ne nsa guu no so. Yesu bisaa no se, “Wuhu ade ana?”
24 A zuya da tre, me to indi bi ya na kukro ba si zre.
Onifuraefo no maa nʼani so hwɛɛ soro, buae se, “Yiw, mihu nnipa! Nanso mihu wɔn sɛ nnua bi na wɔnenam hɔ.”
25 A la kawo ma sa niwu nishishi maki shishi ya ka bun to u zizan abi zan wumumla wa to ko ge tsartzar me.
Afei Yesu de ne nsa kataa nʼani no so bio. Onifuraefo no buee nʼani, na bere a ɔrehwɛ ade haa no, nʼani no yɛɛ yiye a afei de na ohu biribiara kann.
26 Yesu hla wu ziza'a wu he ni kome nu, na rizu ni mi gbu ga na.”
Yesu ma ɔkɔɔ fie, na ɔka kyerɛɛ no se, “Nnsan nnkɔ akuraa no ase bio.”
27 Yesu ba mini koma bindu ma zu ni ikoyuka wu Naesarea Filippi. A me mir ma ba nikon, “Bi ya ndi ba, mie di me nha'an?”
Yesu ne nʼasuafo no fii Galilea kɔɔ Kaesarea ne Filipi nkuraa ase. Wɔnam ɔkwan so rekɔ no, obisaa wɔn se, “Nnipa ka se mene hena?”
28 Mini koma ba la niwu wu yohana wu Baptisma, 'U' bari ba tre wu Iliya bari batre wumba kan-kan wuri nimiyi anabawa.
Asuafo no buae se, “Ebinom se wone Osuboni Yohane no, na afoforo nso se woyɛ Elia anaasɛ tete adiyifo no mu bi a wasan aba.”
29 A mie ba u biyi na bi tre me nha? Bitrus tre “Wu yi wu Kristi.”
Na obisaa wɔn se, “Na mo nso mose meyɛ hena?” Petro buaa no se, “Wone Kristo no.”
30 Yesu mam ba du ba na hla ni dro na ni tumu na.
Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ se, wɔnnka nkyerɛ obiara.
31 Da soma bla bawu di vre di ni sha ya ni kpe gbugbu 'U' ba kamba ni u idi bi ninko ni bi chu ni Priestoci, ni bi nha vuvu, ba wu'u, ivi tre ni ta ti ti tashem.
Afei ofii ase kaa Onipa Ba no amane a obehu ne mpanyimfo, asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no po a wɔbɛpo no, na wɔakum no, na nnansa so wasɔre no ho asɛm kyerɛɛ wɔn.
32 A hla terki tsrame. Naki Bitrus kma he ni kosan da tre da gbiton ni wu.
Ɔkaa asɛm no pefee a wamfa biribiara anhintaw wɔn. Petro twee no gyinaa nkyɛn bisaa no se, “Adɛn nti na woka asɛm a ɛte sɛɛ yi?”
33 Yesu kma ya miniko ma ba, da tre Bitrus ni tu “Kma tsi dimu,” Kma hi ni ko gomu wu brji wunayoshishi me ni kpe u Baci na se kpe wondi wu idi”
Yesu dan ne ho hwɛɛ nʼasuafo no kaa Petro anim se, “Fi me so, Ɔbonsam! Wʼadwene yɛ nea efi onipa na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.”
34 A yo ndi baba mir koma ba ni buburi da tre ni bawu. Indi a ni iya da wume ka kparisu ni kpama da ba gieiye mu da hu me”
Afei ɔfrɛɛ nʼasuafo no ne nnipakuw no baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn se: “Sɛ obi pɛ sɛ odi mʼakyi a ɛsɛ sɛ ɔpa ne ho akyi, na ɔsoa nʼasennua, na odi mʼakyi.
35 Du indi wa tre wa wu nikpa tuma ani qu, uwada kri ni suroma ma don demu ni tre Rji ani kpa tuma cuwo.
Nea ɔma ne kra som no bo no, ebefi ne nsa. Na nea me ne asɛmpa no nti, ɔbɛhwere ne kra no, wobegye no nkwa.
36 A gye ni zo idi ni gbuglu yi wanda ia zan rai ma?
Na sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a mfaso bɛn na obenya?
37 A gye wa indi ni ser kpama da fe sur ma?
Dɛn na ɛsom bo sen ne kra?
38 Indi wa klusha mu mba tre mu ni meme ugbugblu yi u la tre e iverindi ni klushama indan a ni ye ni dau kaka tima ba ba maleku ma bi ruhu tsatsra.
Na obiara a saa nnabɔne yi mu nʼani wu me ne me nsɛm ho no, ne ho bɛyɛ me, Onipa Ba no aniwu, bere a me ne mʼabɔfo kronkron no bɛsan aba wɔ mʼAgya anuonyam mu no.”