< Mark 11 >
1 da baye ni urshalima baye wiewiere ni bethphage mba Bethany ni gbuku olives u yesu ton mrikoh ma hari
Yesu ne nʼasuafo no rebɛn Yerusalem, na woduu Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔw no ho no, ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu dii wɔn anim kan.
2 da hla ni hawu hi ni vi gbumu wakisiya biti rhi bi toh ba lo vre wadi idro na honni wu to na siwu ngrji mu
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ akuraa a ɛwɔ hɔ no ase. Sɛ mudu hɔ a, mubehu sɛ wɔasa afurum ba bi a wɔntenaa ne so da hama. Monsan no na momfa no mmrɛ me.
3 idan itro miyei yi di bichninu nha tre bachi hu niwa ida akle ki ji kamye hari
Na sɛ obi bisa mo se dɛn na moreyɛ a, monka no tiaa se, ‘Ne ho hia Awurade, na ɔbɛsan de no aba mprempren ara.’”
4 se ha rhi ni vi gbua da ba to vre
Asuafo baanu no sii mu. Wokohuu sɛ aboa no sa ofi bi abobow ano. Enti wɔsan no.
5 da si ndi bari ba mie ba bisi tigye?
Wogu so resan no no, nnipa bi a wogyina nkyɛn bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moresan afurum ba no?”
6 u ba hla bawu bachi ni wa indi ba bana tre kpe na
Wɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no ma wɔtee wɔn ase.
7 ba ji vre ye no yesu da ju nklon ba sur niwu du kusun ni tuma
Wɔde afurum ba no brɛɛ Yesu maa asuafo no de wɔn ntama guu aboa no so, maa Yesu tenaa no so.
8 gbugbu ndi bari ba ju nklon ba sur ni wu du nzere zu nituma bari ba wa vuvu sur niwu du nzre zunituma
Nnipakuw a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntama sesɛw ɔkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnua mman de sesɛw ɔkwan no mu saa ara.
9 biwa bana huba ba ya sei da guluzan da nitre hosanna lulu hei nitu ndia wadi a niye ni mi de bachi
Na Yesu di nnipakuw no mfimfini a wɔn nyinaa reteɛteɛ mu se, “Hosiana!” “Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba!”
10 ite bu Dauda akpa lulu ni mulkima Hossana nimi shulu
“Anuonyam nka Onyankopɔn sɛ yɛn agya Dawid ahenni reba.” “Hosiana wɔ sorosoro!”
11 da yesu rhi nimi urushalima da hi nitra irji da ya konitsen da yaluti wa ka rhu hi ni Bethany baba mrikohma ulon don ha
Yesu koduu Yerusalem no, ɔkɔɔ asɔredan no mu. Ɔhwɛɛ biribiara a ɛwɔ hɔ dinn ansa na ɔrefi hɔ, efisɛ, na onwini redwo enti ɔne asuafo dumien no kɔɔ Betania.
12 ni vi uha ni bethanu u iyoun tiu
Ade kyee anɔpa a wɔrefi Betania hɔ no, ɔkɔm dee no.
13 wa toh chi kukro ri ni gbugba n mu da hi ko ani fe iwo kukro a ni to ma da ahi dana toh kpei na sei vuvu migye ana hei niton u klomana
Wɔkɔɔ kakra no, ohuu sɛ borɔdɔma dua bi si hɔ a ayɛ kusuu. Ɔkɔɔ hɔ kɔhwɛɛ sɛ aduaba no bi wɔ so ana. Nanso oduu hɔ no ohuu sɛ nhaban nko ara na ɛwɔ so. Saa bere no nso na ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ borɔdɔma no sow.
14 wa ka tre indio na ka ri klo mana u mri koh ma baka woh (aiōn )
Yesu domee borɔdɔma dua no se, “Efi nnɛ, worensow aba bio!” Asuafo no tee asɛm a ɔkae no. (aiōn )
15 da baye ni urushalima da ri hi ni tra irji da zu bi le kpei nitra irji da zu ruron ba hle ga ni bi sran klen nibi le gu
Yesu san baa Yerusalem no, ɔkɔɔ hyiadan mu hɔ. Oduu hɔ no, ɔpam aguadifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, kaa sikasesafo apon nyinaa guu fam, bubuu pata a wɔtɔn mmorɔnoma wɔ mu no nyinaa,
16 ana kpanyeim duba ji kpei ule rinikina
siw kwan sɛ obiara mmedi gua wɔ hɔ bio.
17 q hlatre rbawu bana han na ba you ikoh mu di ikoh u bre ni gbugbuku bi kan iko bi yib
Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Mʼasɔrefi yɛ beae a wɔbɔ mpae,’ nanso mo de, mode hɔ ayɛ akorɔmfo atenae.”
18 binna baba bi ti du irji ba wa nkon u wuu amma ba klu ndi ba, Gbugbu ndi ba wohtrea
Asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo tee nea Yesu ayɛ no, wɔbɔɔ ne ho pɔw, pɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ayi no afi hɔ. Asɛm a na ɛhaw wɔn ne sɛ, sɛ wɔanhwɛ no yiye nso a, ɛde basabasayɛ bɛba, efisɛ na nnipa bebree agye Yesu nkyerɛkyerɛ no ato mu.
19 niwa yalu a tin a rhu don gbua
Sɛnea na wɔtaa yɛ no, anwummere no ara, wofii kurow no mu.
20 da ba zu da toh kunkro wadi yesu lau a klu rhini njama ba bwu nyu yo ni woho daya
Anɔpa a asuafo no retwa mu wɔ borɔdɔma dua a Yesu domee no no ho no, wuhuu sɛ awu.
21 Bitrus a rimre da tre malla wu toh kukro wawu lau? a kuq wawu
Petro kaee asɛm a Yesu ka de domee dua no no, ɔteɛɛ mu se, “Hwɛ, Kyerɛkyerɛfo! Borɔdɔma dua a wodomee no no awu!”
22 yesu ka sa u you suron irji
Yesu nso ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Sɛ mowɔ gyidi wɔ Onyankopɔn mu a,
23 jaji me hla yuwu ndi wa a you suron ni irji da hla ni ghu gbulu du grji joku ani joku
anka mubetumi aka akyerɛ Ngo Bepɔw yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ebetutu akogu mu nso. Munnye nni; mommma mo gyidi nhinhim.
24 naki mi hla yuu di ikpei wa bi mie di kpa gyeim bikpa ana kam ti u me
Muntie nea mereka yi. Biribiara a mubebisa wɔ mpaebɔ mu no, munnye nni sɛ mo nsa aka, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.
25 da u kri di bre wuka kpayiem di wur hle duka ndia da lah u don du iti bi u shulu ni wur latre me hle niwu game
Na sɛ morebɔ mpae a, nea edi kan no, sɛ mowɔ obi ho asɛm a momfa nkyɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso de mo bɔne bɛkyɛ mo.
26 ihan Mark ana hla duta wur hle na
Na sɛ moamfa bɔne ankyɛ a, saa ara na mo Agya a ɔwɔ ɔsoro no nso remfa mo bɔne nkyɛ mo.”
27 baye ni urushalima gari yesu si nzre ni mikoh irji
Wɔbaa Yerusalem bio. Wɔkɔɔ hyiadan mu hɔ no, asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin baa ne nkyɛn bebisaa no se,
28 bi han ibe ni bi bla be ni baba bini koh baye niu da mie ni gbrgbrnlen han wu si ti kpe bi yi ahan nuu gbegbeblen u tiba
“Tumi bɛn na wugyinaa so pam aguadifo no?”
29 yesu ka sa du tre mime yi kpe ri bi ti ne tre a i mi hla u koni gbegbenlen nhami si ti kpi biyi
Yesu nso buaa wɔn se, “Merebebisa mo asɛm baako bi na mummua me!
30 sukpa Yohana agri ri nishu ko ani ni meme
Onyankopɔn na ɔsomaa Osuboni Yohane, anaa ɛnyɛ ɔno? Mummua me!”
31 baka san iyue ni kpaba da tre kita tre a irji ni shulu wa ani tre ngye sa kina kpa jiem ni u na
Wodwinnwen ho kae se, “Sɛ yɛka se, Onyankopɔn na ɔsomaa no a, wobebisa yɛn nea enti a yɛannye nea Yohane kae no anni.
32 ama kika tre arji ni ndi ba klu sisir wa di batre si yohana ana ndi u ton du irji u ba hla ni yesu bana toh na
Na sɛ yɛka se ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no nso a, dɔm no bɛhaw yɛn. Efisɛ wɔn nyinaa nim sɛ Yohane yɛ odiyifo.”
33 yesu ka tre meme mina hla ni yiwu ko ni gbengbenlen nha misi ti kpi bi yi
Enti wɔn mmuae a wɔmae ara ne sɛ, “Yɛrentumi mmua. Yennim.” Ɛhɔ ara na Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ munnim de a, me nso meremma mo asɛmmisa no ho mmuae!”