< Luke 17 >
1 Yesu hla ni imri koh ma, A lele ndi ba kbu za ni tita iya mbi wa wu sa ahe ni krigin.
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Ɛyɛ dɛn ara a hintinnua no bɛba, nanso obiara a ebi bɛfa ne so aba no nnue.
2 Ana bi bana klo tita wu ni toh ma nda kayo nimi nne fi niwa ni tsa iri ni mi imri bi tsitsa yi diba kbu za.
Eye ma saa onipa no sɛ wɔde ɔbo a mu yɛ duru bi bɛsen ne kɔn mu atow no akyene po mu sen sɛ ɔbɛto nkumaa yi mu baako hintidua.
3 Ya kpambi, wa vayi ma lahtre, bwu shishi niwu, nda a kpa nuyime wruhle niwu.
Enti monhwɛ mo ho so yiye. “Sɛ wo nua fom wo a, ka nʼanim na sɛ onu ne ho a, fa ne bɔne kyɛ no.
4 Nda kpalla niwu inkpu tangban ni vi ri, nda k'ma ye niwu inkpu tangban nda tre, mi brewu, abi du wruhle niwu.
Sɛ nso ɔfom wo mpɛn ason da koro na mpɛn dodow a ɔfom wo no nyinaa, ɔde ahonu srɛ wo a fa kyɛ no.”
5 Bi ninkon ba hla ni tie kon mba, nzu yo suron buu.
Asomafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, to yɛn gyidi so.”
6 Irji hla ndu bi he ni bangaskiya kama wlo mustard, bi iya hla niku kro du rumin chu di tsen nimi nei, A kpa nyime niwu.
Yesu buaa wɔn se, “Sɛ mowɔ gyidi te sɛ onyaa aba a, anka mubetumi aka akyerɛ ankye yi se, ‘Tutu kogu po mu,’ na ɛbɛba mu saa.
7 A nha nimi mbi, ahe ni vren koh wa ni rho ko krju int'ma rhi rji mi ji ye, ani lla niwu tsima ye ndi ri lah.
“Mo mu hena na ɔwɔ ɔsomfo a ɔyɛ nʼafuw mu adwuma anaasɛ ɔhwɛ ne mmoa na ofi afum ba a, ɔbɛka akyerɛ no se, ‘Wʼaduan si hɔ na kodidi?’
8 Ana hla ni wuna, wa kpe mi ri, ndi khi di tie ndu bar mi ri ndi tso. U me wru ndi tsro na?
Na mmom ɔrenka nkyerɛ no se, ‘Noa aduan ma me na sɛ mididi wie a, wo nso woakodidi?’
9 Ana gir ni wer kon du a tie ikpa wawu la una a tie?
Sɛ ɔsomfo yi yɛ nʼasɛde yi a ne wura no bɛda no ase ana?
10 Iwu me naki yi nda u tie kpe wa ba hla niwu, u ya tre, kbi na khai mri koh ..... ma. Kbi tie ikpe wa kbi na tie.
Saa ara nso na sɛ mo nso moyɛ mo asɛde a, ɛsɛ sɛ moka se, ‘Yɛyɛ asomfo a ayeyi mfata yɛn; yɛn asɛde a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛayɛ no.’”
11 A bi fin ri atsi tie ni Wurishelima, abu kusa nei gbu Samariya ni Galili.
Bere bi a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hye so.
12 Wa ari ni gbu ri, ndji wlon bi lilon gben ba izun ni wu. Ba klir gbugbanmu niwu.
Ɔrebɛn akuraa bi ase no, akwatafo du bi a na wogyinagyina kurotia no huu no
13 Ba bwu ba ni fu ba, nda tre, Yesu nikon wo iyi mbu.
teɛteɛɛ mu se, “Yesu, yɛn wura, hu yɛn mmɔbɔ!”
14 Wa ato ba, ahla ni bawu, hi ndi tsro tumbi ni Firistoci. Wa ba tsi bi, ba kpa sikpa.
Yesu huu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfo!” Bere a akwatafo no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.
15 Iri nimi ba wa a to wawu samu sikpa, a kmaye, nda ngyiri ni Ijri ni la ndindima.
Wɔn mu baako huu sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsan nʼakyi de ahurusi yii Onyankopɔn ayɛ se, “Anuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!”
16 A joku ni kbu Yesu, nda ngyiri niwu gbugbome wawu a ndji igbu Samariya.
Ɔbɛkotow Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samariani.
17 Yesu la bana ndji wlo na wa samu sikpa na, itiya ba bahe ni ntsen?
Yesu bisae se, “Ɛnyɛ nnipa du na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no wɔ he?
18 Ba bari wa ba kmaye nda ngyiri ni Irji, tse ndji tsri yi?
Adɛn nti na ɔmamfrani yi nko na wasan aba sɛ ɔrebeyi Onyankopɔn ayɛ?”
19 A hla niwu, lunde ndi he ni suron ndindime anu sikpa ma.
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɔre kɔ, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den.”
20 Farisawa ba mye Irji ni ye ni ntan, Yesu hlani bawu ndi Irji ana ye iri iya ndi na.
Da bi Farisifo bi bisaa Yesu se, “Bere bɛn na Onyankopɔn ahenni no bɛba?” Yesu buaa wɔn se, “Onyankopɔn ahenni no nnam nsɛnkyerɛnne bi a mubehu so na ɛbɛba,
21 Ko ba la yah, ahe iyi koh ahe wamu. Bi ka yah iye Irji ahe aniwu.
obi rentumi nkyerɛ mo sɛ, ‘Ɛwɔ ha anaa hɔ!’ Efisɛ Onyankopɔn ahenni no te mo mu.”
22 A hla ni imri koh ma, i vin tse ye wa bi son toh ivi wa ivren ndji niye, bi na tona.
Na ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mmere bi bɛba a mo ani begyina sɛ mubehu me bere tiaa bi wɔ mo nkyɛn, nanso morenhu me.
23 Ba hla niwu, yah, ni wamu, yah niwa hi na rju na, na bu ba na.
Sɛ nnipa ka kyerɛ mo se Onipa Ba no wɔ ha anaa baabi foforo a, munnni wɔn akyi.
24 Ya nda izren ni whri nda kma tsutsa wa ni whri gbagbla shu yi ni gbagblamu, ani he nikiyi ivren ndji ni vin ma.
Sɛnea anyinam pa gya wɔ wim ma nnipa nyinaa hu no, saa ara nso na me ba a mɛsan aba no bɛyɛ.
25 A ni sha yah gbugbu kri gbugblu bakaba wu.
Nanso ansa na eyinom nyinaa bɛba mu no, ɛsɛ sɛ mihu amane na me nkurɔfo nso po me.
26 A ni he nawa ahe ni nton Nuhu, ani he nakiyi ivi u ivren ndji.
“Sɛnea Noa bere so nnipa yɛɛ asoɔden no, saa ara nso na sɛ meba a ɛbɛyɛ ne no.
27 Ba nri, ba tso ba grah nde ninu grah har hi tub wa Nuhu anri ni Jirgi imah tubana ayeh, nda wu ba penpeme.
Saa bere no, nnipa didi nomee, wareware kosii sɛ Noa kɔhyɛɛ hyɛn no mu na nsuyiri bɛfaa saa nnipa no nyinaa.
28 A he na kiyi ni tan lutu bata nri, bata tso bata lbe nda lebie bata shu bata meh ba koh.
“Saa ara nso na Lot bere so no, na ɛte. Nnipa didi nomee, dii gua, yɛɛ mfuw, sisii adan,
29 Ivin wa lutu rju ni Saduma, ba tsra lu kwekwema rji ni shu bawu ba u ahuwu.
kosii sɛ Lot fii Sodom, na ogya ne sufre fii soro bɛhyew saa nnipa no nyinaa.
30 Ani he na kiyi wa ba ton vren ndji.
“Saa ara nso na da a mɛsan aba no bɛyɛ.
31 Ni vi khi yi, indji he ni tun khan du ma ngrji da ni vu kpima ni kon na, wa ahi ni rju du na kma ye na.
Saa da no, ɛnsɛ sɛ obiara a ɔwɔ adwuma mu, afuw mu anaa gua so san nʼakyi ba fie sɛ ɔrebɛsesa nʼahode.
Monkae asɛm a ɛtoo Lot yere.
33 Wa ni son tuma, ani rasa niwu, wa k tuma nu, ani tsira niwu.
Obiara a ɔdɔ ne kra no, ebefi ne nsa. Na nea ɔbɛhwere ne kra no benya.
34 Mi hla niwu, ni chu kiyi ndi ha ni tub blah riri, baba ri nda ton ri.
Da no, wɔbɛfa nnipa baanu a wɔda faako no mu baako agyaw ɔbaako.
35 Imba ha ba si kon kpu ba ka ban ri, nda bri rima.
Saa ara nso na wɔbɛfa mmea baanu a wɔrenoa aduan no mu baako agyaw ɔbaako.
36 Ndji lulo bari ba hi ni rju, ba ban ri nda bri ri.
Mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afuw mu no nso, wɔbɛfa ɔbaako agyaw ɔbaako.”
37 Ba mye, ni ntsen Tie koh? A hla bawu iwirji igbokpa ahe, ni kiyi bi ton ugulu.
Asuafo no bisaa Yesu se, “Awurade, ɛhe na wɔde wɔn bɛkɔ?” Yesu buaa wɔn se, “Baabi a funu wɔ no, apete mpa hɔ!”