< Yohana 8 >

1 Yesu hi ni gbunlu Zaitun.
Yesu san kɔɔ Ngo Bepɔw no so.
2 Ni mbubele a ka ban ye ni hekeli, indji wawu'u ba kaban ye niwu, aye kuson na si tsoro ba.
Ade kyee anɔpa no ɔsan baa hyiadan no mu. Nnipa bebree baa ne nkyɛn ma ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.
3 Se bi nha ni Farisawa ba nji Iwa wandi ba vu asi tie ngyungyu, u ba yo ni tsutsu mba.
Ogu so rekasa no, Yudafo mpanyin ne Farisifo de ɔbea bi a wɔkyeree no sɛ ɔrebɔ aguaman baa nʼanim.
4 U ba tre niwu, Malan, Iwa yi ba vu ahe ni mi si ti ngyungyu.
Wɔka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛkyeree ɔbea yi sɛ ɔrebɔ aguaman,
5 Ni du Musa, a tre ki ta bi indji bi ki, Iwu u tre nigen ni tuma?”
nanso Mose mmara hyɛ yɛn sɛ, ɔbea biara a wɔbɛkyere no wɔ saa ɔkwan no so no, ɛsɛ sɛ wosiw no abo. Dɛn na woka wɔ ho?”
6 U ba tre naki ni ndu sa tre ni ndu ba fe ni ikpe wa ani kpa ndema tie meme (Ko latre), u Yesu sontu grji na si nha ni menme ni vren wo.
Wobisaa no eyi de sum no afiri sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asɛm bi agyina so atoto nʼano. Nanso Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa kyerɛkyerɛw fam.
7 U ba kamba na kri ti tutu bubu miyen, wa lukri ni ndide na hla bawu, “Indji ri ni mi biwa ato ana latre na, ka guci ta.
Wogu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no nni kan ntow ɔbo mmɔ no.”
8 A la sontu grji na nha ni vren woma.
Ɔsan bɔɔ ne mu ase kyerɛkyerɛw fam.
9 Ba wo naki na lu shan rju ni yi yir ri ni ninkon, na ka Yesu don ni grjima, mba Iwa wa ba na yo ni tsutsu mba.
Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, wofii ase fii hɔ mmaako mmaako fii mpanyin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbea no nko ara.
10 Yesu lu kir dinde na miyen, “Iwa, bi wa ba nha wu ba he ni tse? Idiori na nhau na?
Yesu maa ne mu so no, obisaa ɔbea no se, “Nnipa a wɔde wo bae no wɔ he? Wɔn mu baako mpo nni ha a ɔbɛka asɛm bi atia wo?”
11 Wa hla ba diori, (Ubangiji), “Yesu tre, imeme mina nhawu na, hi na la latre ganna.
Ɔbea no buaa Yesu se, “Dabi, Owura.” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ saa na ɛte de a, ɛno de me nso minni asɛm biara a mɛka de atia wo. Kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio.”
12 Yesu tre niba ganri, andi, “I hi me yi mi kpan u gbungbulu, Indji iwa a hume ana tre ni bwuh na ama ani he ni kpan u re (iviri).”
Yesu san toaa ne kasa no so ka kyerɛɛ nnipa no se, “Mene wiase hann no. Obiara a odi mʼakyi no rennantew sum mu da, na obenya hann a ɛkyerɛ nnipa kwan ma wɔkɔ nkwa mu.”
13 Farisawa ba tre niwu, “U zi tre nitu ikpe wa wuto'a nmitu tume, ana njanji na.
Farisifo no tee asɛm a Yesu kae no, wɔka kyerɛɛ no se, “Asɛm a woreka yi de, yɛrennye nto mu, efisɛ wo ara na woredi wo ho adanse.”
14 Yesu sa nibawu na hla, mi ti sheda tu mu me, ahi njanji, mi to iwurji wa mi rji ni wa mi hi'a, biyi kuko bina to wurji wa mi rji'a na, bina to wurji wa mi hi'a na.
Yesu nso buaa wɔn se, “Sɛ me ara meredi me ho adanse mpo a, asɛm a meka no yɛ nokware, efisɛ minim faako a mifi bae ne faako a merekɔ. Na mo de, munnim faako a mifi bae ne faako a merekɔ nso.
15 Bi tron u son tu, ime na tron to ni diori na.
Mo ankasa mode mo adwene na ebu atɛn na me de, mimmu obiara atɛn.
16 Ko mina tron ni diori me, itron mu mu'a a u njani nitu ana me kankrji mu na, ki he mbu Iti mu wa a ton me.
Nanso sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mibu atɛn a mʼatemmu bɛyɛ atɛntrenee, efisɛ ɛnyɛ me nko na mebu atɛn; Agya a ɔsomaa me no ka me ho.
17 Ee, Ana ki ni du wa ba nha mi tre bitsi, andi sheda indji hari a njanji.
Wɔakyerɛw wɔ mo mmara mu se sɛ nnansefo baanu adanse hyia a, na ɛkyerɛ sɛ wɔn adanse no yɛ nokware.
18 Ahi me yi mi sheda itu mu, u Itimu iwa a ton me a sheda mu.”
Midi me ho adanse na mʼAgya a ɔsomaa me no nso di me ho adanse.”
19 Ba miyen, “Iti me ahe ni tsen?” Yesu hla ni bawu bina tome na, me bika tre Itimu, bina to me, bina to Iti mu'a me.
Nnipa no bisaa no se, “Ɛhe na wʼAgya no wɔ?” Yesu buaa wɔn se, “Munnim me na munnim mʼAgya no nso. Sɛ munim me a, anka mubehu mʼAgya no nso.”
20 A hla tre biyi whirewhir ni bubu wa ba zi kpi wa si tsoro ba tre Rji ni mi hekeli, idiori na vu na nitu iton ma na tsira rina.
Yesu kaa eyinom nyinaa wɔ bere a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan no mu sikakorabea hɔ no. Obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnu ɛ.
21 Na hla bawu bru, mi hi biwa bina to me na, bi kwu ni mi latre bi. bubu wa misi hi'a, bina ya hi na.
Yesu san ka kyerɛɛ wɔn se, “Mefi mo nkyɛn akɔ; mobɛhwehwɛ me na morenhu me. Na mo de, mubewu wɔ mo bɔne mu. Faako a merekɔ no morentumi mma hɔ bi.”
22 Yahudawa ba tre, ani wutuma mu, na ni tre iwurji wa mi hi'a bina ya hi na?”
Yudafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhe na ɔrekɔ a ose ‘obi rentumi nkɔ hɔ bi no?’ Gyama ɔrekokum ne ho?”
23 Yesu hla bawu biyi bi rji ni meme, u me mi rji ni shu. Bi he ni gbungbulu yi, ime mina rji ni yi ni gbungbulu yi na.
Yesu buaa wɔn se, “Mo de, mufi asase so ha nanso me de, mifi ɔsoro na mebae. Mo de, mufi wiase nanso me de, mimfi wiase,
24 Iki sa mi hla niyu bi kwu ni mi latre bi. Bitana kpayemmen ni soron bi andi a hi me na, bi kwu ni mi latre bi.
Ɛno nti na meka kyerɛ mo se mubewu wɔ mo bɔne mu no. Na sɛ moannye anni sɛ, mene nea mene a, mubewu wɔ mo bɔne mu.”
25 U ba tre niwu, awu nha? “Yesu hla ba wu, ikpe mi hla rji ni mumla.
Wobisaa no se, “Wo koraa wone hena?” Yesu buaa wɔn se, “Mene nea daa meka kyerɛ mo se meyɛ.
26 Mi he ni kpi gbugbuwu wa mi hla ni yiwu, ni gbi ton ni yiwu ni tuma. Naki me, indji wa a ton ndu, andi u njanji, ikpi wa mi wo niwu'a a baki mi si hla ni gbungbulu ba.”
Mewɔ mo ho nsɛm pii a anka mɛka atia mo. Nanso nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo na asɛm a meka no yɛ nea mate afi ne nkyɛn.”
27 Bana tona ndi asi tre nitu Iti'a.
Nnipa no ante no ase sɛ nʼagya ho asɛm na ɔreka akyerɛ wɔn no.
28 Yesu tre, bita zu Vren Ndji hi ni shu ri bi to ndi a hi me, ndi mi ti kpi ri ni tumu na. Na wa Iti tsoro me, naki mi si ikpi ni yiwu.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ munya ma Onipa Ba no so wɔ asennua no so a na mubehu sɛ mene nea mene no, na afei mubehu bio sɛ mimfi me ara me pɛ mu nyɛ biribiara, na mmom nea Agya no somaa me sɛ menka no nko ara na meka.
29 Wawu wa a ton me ndu'a, ana ka me don kan grji mu na, ahe ni me nitu kpi wawu wa me ti'a ani kpa soron ma si.”
Nea ɔsomaa me no ka me ho daa. Onnyaw me da efisɛ meyɛ nea ɛsɔ nʼani.”
30 Wa Yesu si hla bi mba, indji gbugbu'u ba kpa yemme ni wu.
Nnipa a wɔtee nea Yesu kaa no mu dodow no ara gyee no dii.
31 Yesu hla biyi ni Yahudawa biwa ba wo na kpayenmen niwu, “Bi ta kli ni mi tre mu ni njanji, bi almajere mu bi nanji.
Yesu ka kyerɛɛ Yudafo a wogyee no dii no se, “Sɛ mudi me nsɛm so a, moyɛ mʼasuafo.
32 Bi to njanji, u njanji ni kpayi chuwo.”
Ɛno ansa na mubehu nokware no na nokware no bɛma moade mo ho.”
33 U ba sa niwu, “Ki mir bi grji ba Ibrahim wa kina ti bre hu diori kan na, iwa tre ni genri, ba kpatachuwo?”
Nnipa no buaa no se, “Yɛn de, yɛyɛ Abraham asefo. Yɛnkɔɔ nkoasom mu da, na adɛn nti na woka se wobɛma yɛade yɛn ho?”
34 Yesu hla bawu, “Njani, njanji, mi hla ni yiwu, indji wa ani latre, ahi gran latre.
Yesu buaa wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo se obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne akoa.
35 Igran, na son ni ko se ka se na, ata son se ka se. (aiōn g165)
Akoa biara nni kyɛfa wɔ abusua mu nanso ɔba de, daa ɔwɔ kyɛfa wɔ abusua mu. (aiōn g165)
36 Naki, ivren nita kpa yi chuwo, u bi nawo wawu.
Ɛno nti sɛ ɔba no ma mode mo ho a mobɛde mo ho ampa.
37 Mi to bi, bi igrji Ibrahim, bi son bi wuma, nitu wa lan tre mu na he ni bubu son ni mi bina.
Migye to mu sɛ moyɛ Abraham asefo, nanso morehwehwɛ me akum me, efisɛ munni ne nkyerɛkyerɛ so.
38 Mi hla ikpe wa mi to ni Ti mu, biyi bi ti ikpe wa bi wo ni ba ti bi'a.
Nea mʼAgya ayi akyerɛ me no na meka ho asɛm, na mo de, nea mo agya aka akyerɛ mo no na mudi so.”
39 U ba sa niwu, “Ibrahim mba a timbu, Yesu hla bawu, “Bina mir Ibrahim bina ti ikpe wa Ibrahim a ti'a.
Nnipa no kae se, “Yɛn agya ne Abraham.” Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ Abraham asefo ampa a anka ne nnwuma a ɔyɛe no bi pɛpɛɛpɛ na mobɛyɛ.
40 U, zizan bi son wume, indji wa a hla njani ni yiwu wa a wo rji ni Rji. Ibrahim na ti naki na.
Nea mayɛ ne sɛ maka nokware a mote fii Agya no nkyɛn akyerɛ mo, nanso mohwehwɛ me akum me. Abraham anyɛ biribi a ɛte sɛ eyi.
41 Bi ti na Iti mbi, u ba hla niwu, “Bana grji ta ni mi gyugyu na, ki he ni Iti riri, Irji.”
Moreyɛ nea mo agya yɛe.” Nnipa no san kae se, “Onyankopɔn nko ara ne Agya a yɛwɔ na yɛyɛ ne mma ankasa.”
42 Yesu hla bawu, “Irji ana Iti bi bi na son me, u mi rji ni Irji i mi he ni yi zizan, ana ni tumu mi ye na, a wawu yi ton me.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya ampa ara a anka mobɛdɔ me, efisɛ ne nkyɛn na mifi bae na mewɔ ha. Mamfi me pɛ mu na mebae; ɔno na ɔsomaa me.
43 Ahi genri sa bina ya to wo tre mu na? e bina wo tre mu na.
Adɛn nti na monte nsɛm a mereka yi ase? Efisɛ mompɛ sɛ mote ase.
44 Bi u Ti bi, Ibrji, bi son bi hu iza ma Iti bi, ani wu ndi rji ni mumla mu ana kri ni njanji na he ni wuna, anita ni hla ice, asi hla Iti ma (isoron ma) rji ni mu a indji u ce na Iti u ce ngari.
Mo de, ɔbonsam ne mo agya na mopɛ sɛ moyɛ nneɛma a ɔyɛ no nso bi. Ɔyɛ owudifo fi mfiase. Onni nokware da efisɛ ɔnyɛ ɔnokwafo. Sɛ odi atoro a, ɛnyɛ nwonwa efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.
45 Wa mi si hla njanji ni yiwu u bi na kpa yenme ni kpe wa mi si hla na.
Nanso me de, esiane sɛ meka nokware nti na munnye me nni no.
46 Ahi nha ni ri mbi a vu me ni latre? Mi ta hla njanji u bi ka na kpayemme na?
Mo mu hena na obetumi aka se midi bɔne bi ho fɔ? Sɛ meka nokware a adɛn nti na munnye me nni?
47 Indji wa a u Rji ani wo tre Rji, biyi bina wo tre Irji na, nitu wa bina u Rji na.
Obiara a ofi Onyankopɔn mu no tie Onyankopɔn asɛm. Na mo de, esiane sɛ mumfi Onyankopɔn mu no nti na muntie nʼasɛm no.”
48 Yahudawa ba sa niwu, natre, “Kina hla njanji na nitu wa ki hla andi u indji u Samariya ni he ni meme brji?”
Yudafo no bisaa Yesu se, “Sɛ yɛka se woyɛ Samariani a honhommɔne ahyɛ wo ma a na yɛboa ana?”
49 Yesu sa bawu, “ime mi na he ni Ibrji na, mi to ninkon u Timu, biyi bina to ninkon mu na.”
Yesu buae se, “Minni honhommɔne. Midi mʼAgya ni na mo de, munni no ni.
50 Mina wa to tu mu ti kperi u tu mu na, Indji ri he wa ani wa na ni gbi ton.
Memmpere nhwehwɛ anuonyam mma mʼankasa me ho. Obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ ma me na ɔno nso na odi ma me.
51 Njanji, njanji, mi hla ni yiwu, indji wa a hu tre mu, ana to kwu na.” (aiōn g165)
Meka nokware pefee kyerɛ mo se, obiara a odi mʼasɛm so no renwu da.” (aiōn g165)
52 U Yahudawa ba tre, zizan yi ki to u he ni brji. Ibrahim ni ana bawa ba kwu, iwu u tre, indji wa a hu tre me ana to kwu na.' (aiōn g165)
Yudafo no nso ka kyerɛɛ no se, “Afei na yɛahu ampa sɛ wowɔ honhommɔne! Abraham wui. Adiyifo no nso wuwui. Nanso wo de, woka se, ‘Obiara a odi mʼasɛm so no renwu da.’ (aiōn g165)
53 Ee, u na zan Iti mbu Ibrahim ni ninkon na wa kwu, ka u zan? anabawa me ba kwu, u ban tu ndi u nha?”
Woyɛ ɔkɛse sen yɛn agya Abraham ana? Owui; saa ara nso na adiyifo no wuwui. Wususuw sɛ woyɛ hena?”
54 Yesu sa, “Mita ban tumu ti kperi u tu mu, ani u migyen, ahi Iti mu mba ban ti kperi iwa bi tre ahi wawuyi a Irji bi.
Yesu buaa wɔn se, “Sɛ mʼankasa mehyɛ me ho anuonyam a, mʼanuonyam no nka hwee. MʼAgya a mo nso moka se ɔyɛ mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔhyɛ me anuonyam.
55 Bi mebina tou na, ime mi tou, mi ta tre mina tou na, ka mi kati iriri ni yi me, indji u ce, se me, mi to ni ni hu tre ma.
Mo de, munnim no, nanso me de, minim no. Sɛ meka sɛ minnim no a na meyɛ ɔtorofo sɛ mo ara. Minim no na madi nʼasɛm nso so.
56 Iti bi Ibrahim a gir ni to ivi mu, a tou na gir.”
Mo agya Abraham ani gyee sɛ obehu me ba a mɛba no. Ohui na nʼani gyei.”
57 Yahudawa ba hla niwu, “Una ti hamsi rina, una to Ibrahim?”
Yudafo no nso bisaa no se, “Wunnii mfe aduonum koraa na woyɛɛ dɛn na wuhuu Abraham?”
58 Yesu hla bawu, “Njanji, njanji, mi si hla ni yiwu, mi heri, ban grji Ibrahim.
Yesu buae se, “Mereka nokware pefee akyerɛ mo se, ansa na wɔrebɛwo Abraham no, na mete ase.”
59 U ba vu tita ndi ba tau, u Yesu ri tuma, na rju ni mi hekeli'a.
Yudafo no tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no, nanso Yesu hintawee. Eyi akyi no, ofii asɔredan no mu hɔ kɔe.

< Yohana 8 >