< Yohana 6 >
1 Ni kogon biyi, Yesu rugran ba-ne Galili iwa ba yo ndji mba-ne Tibaniya.
Eyi akyi no, Yesu kɔɔ tɔnn kotwaa Galilea Po, a ɛyɛ Tiberia Po no.
2 Gbirjubu ndji gbugbuu ba lu ni hu ni kpe wa asi tie'a ni bi lilo ba.
Esiane sɛ nkurɔfo huu sɛ Yesu nam anwonwakwan so asa nnipa pii yare no nti, wodii nʼakyi.
3 Yesu lu hon hi ka son ni tu ngbulu ba-ba almajeran ma.
Yesu ne nʼasuafo no kɔɔ bepɔw bi so kɔtenaa hɔ kakra.
4 (Gan ri igan idin u za gran igan Yahudawa a te whir).
Saa bere no na Twam Afahyɛ no abɛn.
5 Yesu zun tu hon na toh gbugbu ndji ba gyen klan si ye niwu na hla ni filibu, “ni tsen ki fe bredi, wa ki no indji biyi?”
Bere a Yesu twaa nʼani, huu sɛ nnipakuw no reba ne nkyɛn no, obisaa Filipo se, “Ɛhe na yebenya aduan ama saa nnipa dodow yi?”
6 (A tre naki na tsar to ni tu iwa wawu me a toh ikpe iwa ani tie.)
Yesu bisaa Filipo saa asɛm yi de sɔɔ no hwɛe, efisɛ na onim nea ɔbɛyɛ.
7 Filibu ka ha sa niwu “bredi dena rii deri hari me ana zrani ndji fie fie me na.”
Filipo buae se, “Ansa na yebetumi ama saa nnipa dodow yi aduan no, ɛsɛ sɛ yenya asram awotwe akatua.”
8 Iri ni mi Almajere ma Andarawus, vayi siman Bitrus, hla ni Yesu,
Andrea a ɔyɛ Simon Petro nua no kae se,
9 Ige Ivren ri a nji igbele ton u shai'ir ni lambe hari. a geri iwa yi ni tie ni gbugbu indji bi yi?”
“Abarimaa bi wɔ ha a ɔwɔ brodo anum ne kyenam abien; na eyi betumi aso nnipa dodow yi di?”
10 Yesu tre ndu indji kuson.” (Bubu'a me a tie gega.) U lilon ba ba kusun, tsra indji dubu ton.
Yesu hyɛɛ nʼasuafo no se, “Momma obiara ntena ase.” Asuafo no ma wɔtenatenaa sare no so. Na mmarima a wɔwɔ wɔn mu no dodow bɛyɛ mpem anum.
11 U Yesu a ban bredi ni kogon wa, a gira na ga bi wa ba kusun meme na la ga lambe naki, na wa ba ba son.
Yesu faa brodo no bɔɔ mpae na ɔkyɛ maa wɔn. Ɔfaa saa kwan koro no ara so kyɛɛ kyenam no nso maa wɔn.
12 Niwa indji ba-ba whurji wa hla ni almajere ma, “ni ndu ba vu gburugbuma iwa a don ba shutie, ni ndu na tie meme na (asara na).”
Wodidi mee akyi no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mommoaboa aduan a aka no ano na bi ansɛe.”
13 U ba vu shu ni sisen wulon don hari gburugbu bredi u sisen iton wa ba don mbru ma, ni kogon wa bari whrji.
Wɔboaboaa aduan a ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.
14 U indji ba toh gban iwa a tie, u ba tre, “A njanji iwa yi ahi anabin iwa ani ye ni gbungbunluyi.”
Nnipa no huu nsɛnkyerɛnne a Yesu ayɛ no, wɔkae se, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifo a yɛrehwɛ no kwan no.”
15 U Yesu toh ndi ba lu ni ye ban wuni gbengbenle na nye-wu tie Ichu, na lu k'ban hi ni tu gbulu kima.
Yesu huu sɛ nnipa no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyere no asi no hene no, ɔtwee ne ho fii wɔn mu kɔɔ bepɔw no so bio.
16 U yalu tie almajere ma ba lu grji hi ni teku.
Onwini dwoe no, Yesu asuafo no kɔɔ Galilea mpoano.
17 Na ri ni mi ghu, na rugran hi ni Kafarnahum, (ni ton wa ibwu tie ye, Yesu na ye ni ba rina.)
Wɔtwɛn kosii sɛ ade sae na ɔmma no, wɔkɔtenaa ɔkorow mu se wɔrekɔ Kapernaum.
18 Gyugyu ri u gbengbenle ma u njanji ni rhi, teku ni lu ni kinkir.
Saa bere no na ahum retu wɔ po so ama po no ani afono.
19 Nikogon wa ba dran ghu hi na mil ashiri don ton ko talatin, u ba kushi ni Yesu a zren nitu teku siye na te whiwhir ni jirgi'a, u ba ti sisir.
Wɔhare kɔɔ wɔn anim bɛyɛ akwansin abiɛsa anaa anan no, wohuu sɛ obi nam po no so reba; eyi maa ehu kaa wɔn kosii sɛ,
20 Iwa hla ni ba wu, ahi me, na tisisir na.”
Yesu kae se, “Ɛyɛ me, Munnsuro!”
21 Niki u ba kpayenmen na kpa ni jirgi'a, hihari me jirgi ka ri ni gacci (bubu u jundi zi'a).
Asuafo no pɛɛ sɛ anka wɔde no tena ɔkorow no mu, nanso ntɛm ara ɔkorow no koduu Kapernaum.
22 Ni ivi u ha ibrun klan ndi wa ba krhi ni gran teku ni korima ba tra andi jirgi ri na la don gan na niki se iri, iwa ndi Yesu na ri hu almajeran ma na u ba luhi ni grji ba.
Ade kyee no, nnipa a na wɔwɔ Galilea po no agya no huu sɛ ɔkorow baako pɛ na na ɛwɔ hɔ, nanso asuafo no tenaa mu kɔe a na Yesu nka wɔn ho.
23 Se jirgi bari wa ba rji ni Tibariya whiewhir ni bubu wa indi ba son na tan gurasa ni kogon wa Yesu a ngiri'a.
Ankyɛ koraa na akorow afoforo bi fi Tiberia baa faako a Awurade maa nnipakuw no aduan dii no.
24 Niwa indji ba ye toh andi Yesu ni almajaren ma ba he ni ba niki na, ni tie tu mba ba lu ri ni mi jirgi ba na hi ni Kafarnahum ni wa Yesu.
Bere a nnipa no huu sɛ Yesu ne nʼasuafo no nni hɔ no, wɔtenatenaa akorow no mu sɛ wɔrekɔ Kapernaum akɔhwehwɛ no.
25 Na ka toh ni gran teku'a, na miyen “Mallam, anitan mba u ye ni wayi?”
Woduu Kapernaum na wohuu Yesu no, wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na wobaa ha?”
26 Yesu a sa ni bawu andi, “Njanji, bi si wame yi, ana ni tu wa bi toh igban ikpe wa mi tie'a ni ye na, a nitu wa bi tan gurasar ni wherji.
Yesu buaa wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo se, ɛnyɛ sɛ muhuu anwonwade a meyɛe no nti na morehwehwɛ me, na mmom sɛ munyaa aduan di mee no nti.
27 Ban chuwo ni tie kpabi ya ni bubu wa biri wa ani tie meme na, se bi ka wa biri iwa ani son kubon na nji yi hi ni viri (re) u tunturu iwa vren ndi ni no yin'a. (aiōnios )
Monnsɛe mo bere nyinaa mpere nhwehwɛ aduan a etumi sɛe no akyi kwan, na mmom mompere nhwehwɛ aduan a ɛtena hɔ daa a ɛma nkwa a enni awiei a Onipa Ba no de bɛma mo no akyi kwan. Efisɛ eyi nti na mʼAgya somaa me.” (aiōnios )
28 Bika miyen, “ahi geri ki tie iwa ani hu son u Rji'a?
Nnipa no bisaa no se, “Dɛn na yɛnyɛ na yɛasɔ Onyankopɔn ani?”
29 Yesu sa ni bawu, “iwa yi a hi ndu Rji, ni ndu yi kpayenmen ni indi iwa a ton'a.
Yesu buaa wɔn se, “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ, munnye nea wasoma no no nni.”
30 U ba miyen, “ahi nkpan geri u tie, ni ndu ta toh, u ni kpayenmen ni wu'a?
Nnipa no bisaa no bio se, “Anwonwade bɛn na wobɛyɛ akyerɛ yɛn ama yɛagye wo adi?
31 Ahi geri u tie? Ba tietie-mbu ba tan manna ni miji nawa ba nhan, “Iwa no ba gurasar rji ni shu ni ndu ba tan.'”
Sɛ wopɛ sɛ yegye wo di sɛ wone Agyenkwa no de a, ɛno de ma yɛn aduan nni daa sɛnea Kyerɛwsɛm no di ho adanse sɛ, Mose maa yɛn nenanom ɔsoro aduan dii wɔ sare no so.”
32 Yesu hla ni bawu, “Njanji, mi si hla ni yiwu, ana Musa yi noyi gurasar rji ni shuna ahi Itie mu mba a no yi gurasar u njanji rji ni shulu.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo se, ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo nenanom aduan a efi ɔsoro no dii wɔ sare so hɔ no na mmom ɛyɛ mʼAgya. Na afei de, ɔma mo aduan a efi ɔsoro a ɛma nkwa a enni awiei no di daa.
33 Gurasar u Rji ani krji rji ni shu na no iviri ni gbungbulu'a.”
Saa aduan a efi Onyankopɔn nkyɛn no ne onipa a ofi ɔsoro ba asase so na ɔde nkwa brɛ wiase no.”
34 U ba hla niwu, “mallam, ta nota gurasar bi kima ko ni ton rime.”
Nnipa no ka kyerɛɛ no se, “Owura, ma yɛn saa aduan no bi nni daa.”
35 Yesu hla ni bawu, ahi meyi mi gurasar iwa ani ano iviri (re) indji wa a ye ni me iyon na tiwu na, indji wa a kpa yenmen ni me hlan ma nala tie wu gana.
Yesu kae se, “Mene brodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no, ɔkɔm anaa osukɔm renne no da.
36 Ndi mi hla ni yiwu, njanji bi toh me, naki me bina kpayenmen na.
Sɛnea maka akyerɛ mo no, moahu me nnwuma, nanso munnye me nni.
37 Indji wa Itie a ne niwu'a ani ye nime, iwa a ye nimea mina zu menmelen mu na.
Obiara a mʼAgya de no ama me no bɛba me nkyɛn, na obiara a ɔbɛba me nkyɛn nso no, merempam no.
38 Mina grji rji ni shu ye, nitu mi tie ikpe iwa me son ki mu na, se de ikpe u son Indji iwa a ton Me.
Na mifi ɔsoro baa asase so sɛ merebɛyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na ɛnyɛ mʼapɛde.
39 A hi wa yiyi ikpe u son indji wa a ton me, ni ndu mina wa kperi hanma ni mi biyina niwa ani se mika taba shimen ni vi u klakla'a.
Na nea ɔsomaa me no apɛde ne sɛ mɛhwɛ wɔn a ɔde wɔn ama me no nyinaa so yiye na da a edi akyiri no, manyan wɔn ama wɔn nkwa foforo.
40 Ahi wayi, i ahi son Itiemu, ndi indji iwa a toh vren na kpayenmen wu ani fe viri u son kuk'bon. Ime ni tashimen ni vi u klakla'a. (aiōnios )
MʼAgya apɛde ne sɛ obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no benya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no manyan no ama no nkwa foforo.” (aiōnios )
41 Yahudawa balu ni chaba gburgbu ni tuma, nitu iwa atra, “Ahi meyi mi Gurasar iwa grji ni shu'a.
Yudafo no tee sɛ Yesu aka se, “Mene aduan a efi ɔsoro” no, wonwiinwii.
42 Ba tre ana wayi, i ahi Yesu Ivren Yusufu, iwa Itima ni Iyima wa ki toh ba na? A ni he ri zizan ani tre andi mi grji rji ni shu?
Wɔkɔɔ so kae se, “Ɛnyɛ Yosef ne Maria ba ne saa Yesu yi? Ɛyɛɛ dɛn na otumi ka se ofi ɔsoro na ɔbae?”
43 Yesu hla ni bawu, “Ba chuwo ni chaba mlama ni kpabi.
Yesu buaa wɔn se, “Munnyae anwiinwii no.
44 Ba iri iwa ani ya ye ni me, se Iti mu wa a ton me ye a njiwu ye, mit tawu shimechachu u kekle.
Mommma ɛnyɛ mo nwonwa sɛ maka saa, na obiara nni hɔ a obetumi aba me nkyɛn, gye sɛ Agya no a ɔsomaa me no twe no ba me ho, na da a edi akyiri no, menyan no.
45 Ba nha nyi nha zi ni mi littatafe ana bawa andi, wawu mbawu Irji Bachi ni tsoro ba, u indji wa a wo ni tie, ani ye ni me.
Adiyifo no akyerɛw se, ‘Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛkyerɛ ne mma.’ Ɛno nti, obiara a otie Agya no nkyerɛkyerɛ no ba me nkyɛn.
46 Niwa idiori ti bre to ni tie'ana, se wawu iwa a rji ni Bachi - a to Bachi.
Asɛm a maka yi nkyerɛ sɛ obi ahu Agya no pɛn, gye onipa a ofi Agya no nkyɛn no.
47 Njanji, njanji, indji wa a kpawu nyeme ahe ni iviri u tuntru. (aiōnios )
Mereka nokwasɛm akyerɛ mo se, nea ogye di no nya nkwa a enni awiei. (aiōnios )
48 Ihe me nyi mi bredi u viri.
Mene brodo a ɛma nkwa no.
49 Ba ti bi ba ri mana ni miji, na kwu.
Mo nenanom dii mana wɔ sare so nso wowuwui,
50 I wa nyi ahi bredi u wa a grji rji ni shu ndi indji wa a ri ngbala ma wa ka na kwu na.
nanso brodo a efi ɔsoro ba no yɛ brodo a obi di a ɔrenwu da.
51 Ime nyi mi gurasa u re (iviri) wa a grji rji ni shu. Indji iwa a ri ni mi gurasa, ani son hi tuntru gurasa yi wa mi no ahi kpamu nitu kpa gbungbulu chu wo.” (aiōn )
Mene brodo a efi ɔsoro no; sɛ obi di saa brodo yi a ɔbɛtena ase daa. Brodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no ne me honam a mede ma, sɛnea ɛbɛyɛ na wiase benya nkwa.” (aiōn )
52 Yahudawa ba tifu nimi mba na ni sen nyu ni kpamba'a andi ani he iguyi ani ya nota inan ma kpama ki tan?
Asɛm a Yesu kaa yi maa Yudafo no bo fuwii, ma wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi betumi de ne honam ama yɛn sɛ aduan ama yɛadi?”
53 U Yesu hla bawu, “Njanji, njanji, bita na tan inanma kpa ivren indji na ni nan so iyin mana, bi na fe iviri ni mi bina.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mereka nokwasɛm akyerɛ mo; moanni Onipa Ba no honam sɛ aduan na moannom ne mogya a, morennya nkwa a enni awiei.
54 Indji iwa a tan nanma mu na so inyi mu ani Iviri tuntru, mila zun lude ni ivi u kekle. (aiōnios )
Obiara a odi me honam sɛ aduan na ɔnom me mogya no nya nkwa a enni awiei, na da a edi akyiri no menyan no ama no nkwa foforo. (aiōnios )
55 A hla bawu, “Ikisa mi nhla ni yiwu. Nitu inanma mu ahi biri u njanji, iyi mu me ahi ikpe u so u njanji.
Me honam ne aduan pa no, na me mogya nso ne nsu pa no.
56 Indji iwa a tan nanma mu, na so iyi mu a son ni mi mu, imeme mi son niwu.
Obiara a odi me honam sɛ aduan na ɔnom me mogya sɛ nsu no te me mu, na me nso mete ne mu.
57 Na wa itimbu u iviri a ton me, naki mi zren na ti'a, ana ki indji iwa a tan nmma mu, ani son nitu mu.
Sɛnea Agya teasefo no somaa me na ɔno nti mete ase no, saa ara nso na obiara a odi me honam sɛ aduan no, me nti ɔbɛtena ase.
58 Iwa yi ahi gurasa iwa a grji rji ni shulu, ana iri u ba tibi wa ba tan na kwu na, indji iwa a tan gurasa ani son tuntru.” (aiōn )
Eyi ne brodo a efi ɔsoro bae. Ɛnte sɛ mana a yɛn nenanom dii wɔ sare so na wowuwui no. Saa brodo yi de, obiara a obedi bi no bɛtena ase daa.” (aiōn )
59 Yesu hla kpi biyi ni mi ma, njamiya niwa a si tsoro ba ni Kafarnahum.
Bere a na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ hyiadan mu wɔ Kapernaum no na ɔkaa saa nsɛm yi.
60 Ni wo naki, gbugbuwu ni mi almajaranma ba tre, itre yi a hi ni krifi, i he nha ani ya wo wu?”
Yesu akyidifo no mu pii tee asɛm a ɔkae no, wɔkae se, “Saa asɛm yi de, ɛkyerɛ yɛn adwene. Hena na ɔbɛte ase?”
61 Yesu ato ni mi soron ma andi almajereanma, basi chabangbu ru ngbu kima, na miyen ba, “Iwa yi kati lahtre?
Yesu huu sɛ nʼakyidifo no renwiinwii no, obisaa wɔn se, “Asɛm a mekae yi to mo hintidua ana?
62 Ani he nihe bi ti to ivren indji ni hon ni hi ni bubuma u sen na?
Ɛno de ɛba sɛ Onipa Ba no resan akɔ ɔsoro, faako a ofi bae no a, dɛn na mobɛyɛ?
63 Ruhu ni iviri, ikpa na ti kperi na. Ahi tre wa mi tre ni yiwu hi Ruhu, u ba ivri.
Onyankopɔn honhom na ɛma nkwa. Onipa ntumi mma nkwa. Nsɛm a maka akyerɛ mo yi yɛ honhom na nkwa wɔ mu,
64 Ni naki bari mbi ni wayi bana kpa nyime na.” U Yesu toh rji ni mumla'a wawu biwa bana kpa nyime na nda toh ndji wa ani ka'u no dun ba wu'u.
nanso mo mu bi nnye nni.” Efi mfiase no na Yesu huu wɔn a wonnye no nni ne wɔn a wɔbɛtwe wɔn ho afi ne ho no.
65 A hla ndi, “A nitu kii mba mi hla ni yiwu ndi ndrjo ri na ye nime na se to Bachi mu no'u nkon dun ye nime.”
Ɔkɔɔ so kae se, “Eyi nti na meka kyerɛɛ mo se obi ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya no ama no ho kwan” no.
66 Ni kogon kima, gbugbuu ba k'ban hi ni kogon nimi almajanre ma, bati bre hla zren ni wu ngana.
Esiane saa nsɛm a Yesu kae no nti, nʼakyidifo no mu pii twee wɔn ho fii ne ho na wɔanni nʼakyi bio.
67 Yesu minye wulon don hari ba, biyi bi na son hi na, ka nan nakina?
Yesu huu saa no, obisaa asuafo dumien no se, “Mo nso mubegyae mʼakyidi ana?”
68 Bitrus a sa niwu, iwu timbu, ni nha ki hi niwu? Iwu nyi u he ni itre re (ivir) son hi tuntru. (aiōnios )
Simon Petro buaa no se, “Awurade, hena nkyɛn na yɛbɛkɔ? Wo na wowɔ nsɛm a ɛwɔ nkwa a enni awiei. (aiōnios )
69 Kita ki to ni kpanyeme iwu yi u tsatsra ichu u Rji.”
Na yegye wo nsɛm no di na yenim sɛ wone Onyankopɔn Ba Kronkron no.”
70 Yesu hla bawu, “Ana me mi chu yi na, biyi wulon don hari na, iri ni mi bi ani ahi ibirji?”
Yesu kɔɔ so kae sɛ, “Me ara na miyii mo dumien yi, nanso mo mu baako yɛ ɔbonsam.”
71 Asi tre ni Yahuda vivren Siman Iskariyoti, a hi ri ni mi wulon don hari ba, iwa ani ka yesu noba'a.
Asɛm a Yesu kae no, na ɛfa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no a ɔyɛ asuafo dumien no mu baako a obeyi Yesu ama no ho.