< Yohana 4 >

1 yesu toh ndi farisawa ba wo andi almasenanma ba ye ni barbran wa ni tie batsima nizan Yahaya
Yesu huu se Farisifo no ate sɛ nnipa pii reba ne nkyɛn ama wabɔ wɔn asu sen sɛnea nnipa kɔ Yohane nkyɛn,
2 lana yesu ni tie tuma nitie batisma na ahi almajeran mu ba sita tie batisma
a na ɛnyɛ Yesu ankasa na ɔbɔ asu no, na mmom nʼasuafo no na wɔbɔ asu.
3 a ka yahudiya don na kma hi ni galili
Enti ofii Yudea san kɔɔ Galilea.
4 wa ahi gbigbi niwu ni ndu lu zu niko samariya
Ɔrekɔ no na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria.
5 aye ni mi gbu samariya wa ba yo ni sika fwe nhan ni bubu wa yakubu a no ivren ma yusufu
Ɛbɛyɛ sɛ owigyinae no, na Yesu abɛn Samaria kurow bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho.
6 juju ma u ykuba a he niki yesu zren nhla za na ye kuson ni yue juju a karfi wolon don hari u rji
Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ nti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa bere no bɛyɛ awia nnɔndumien.
7 iwari u sa mariya aye funma se yesu hla niwu ne ma miso
Ankyɛ na Samarianibea bi baa hɔ bɛtow nsu maa Yesu srɛɛ no sɛ, “Ma me nsu no bi nnom.”
8 u almajeran ma ba lu ri hi ni migbu ni he leh biri
Saa bere no na Yesu asuafo no kɔ kurow no mu akɔtɔ aduan.
9 iwa u samariya niyen a ni he iwu ba yahude u miyen ma ima uso ime wa mi vren wa u mariyg? nitu yahudawa bana kabi ni samariya wana
Samarianibea no ka kyerɛɛ Yesu se, “Ɛyɛ me nwonwa sɛ wo a woyɛ Yudani rebisa nsu afi me a meyɛ Samariani nkyɛn.” Na Yudafo ne Samariafo nni hwee yɛ.
10 yesu sa niwu una tohno miyen u rji ni indi wa a si tre ne ma uso una bre ni ndu no uima u tviri
Yesu buaa no se, “Sɛ wunim akyɛde a Onyankopɔn de ma onipa anaa onipa ko a ɔresrɛ wo nsu yi a anka wobɛsrɛ no na wama wo nkwa nsu.”
11 iwa hla niwu mallam ga u na he ni guga u juju a naman yue grji hi kogbo ani tsen u fe ima u viri?
Ɔbea no bisae se, “Owura, wunni hama, nni bokiti; abura yi mu nso dɔ yiye, na ɛhe na wubenya saa nkwa nsu no afi?
12 u na zari itie mbu yakubu na ka wu zari wawu wa ano la juju a wa wawume a so ni mina ni mire ma ni lado ma?
Woyɛ ɔkɛse sen yɛn agya Yakob a otuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nguan ne nʼanantwi nom mu nsu bi no ana?”
13 yesu hla niwu du indi iwa aso ni mi ma ki nhlan ma ni la yi u
Yesu buaa no se, “Obiara a ɔnom saa nsu yi bi no, osukɔm de no bio,
14 indi wa ani so ima wa mi no nhlan ma na la tieu na ni siran kima lma wa mino a ani ka tie izin ma ni mi ma iwa ani ta gubon ta hi ni viri ma u kase se kase se (aiōn g165, aiōnios g166)
nanso nea ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsu a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asuti a ɛrenyow da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.” (aiōn g165, aiōnios g166)
15 iwa hla niwu mallam ne ima mba wa nhlan ma na la tie me na u mi na la ye niwayi ndi tan ma na
Ɔbea no srɛɛ no se, “Owura, ma me saa nkwa nsu yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛtow nsu.”
16 yesu hla niwu hi yo ilon me di biye biwa
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔfrɛ wo kunu na wo ne no mmra.”
17 iwa hla niwu mi na he ni lilon na
Ɔbea no buaa no se, “Me wura, minni kunu.” Yesu nso kae se, “Asɛm a woaka no yɛ nokware, sɛ wunni kunu no.
18 nitu wa u gran lilon tie ton iwa uhe niwu zizan ana lon mena ikpe wawu tre a a njanji
Woaware mmarima baanum agyae na ɔbarima a wo ne no wɔ hɔ mprempren no nyɛ wo kunu mpo.”
19 iwa tre ndi mallam mi toh u annabi
Ɔbea no kae se, “Owura, mihu sɛ woyɛ odiyifo.
20 ba tie mbu ba ta tre ni rji ni tugbulu yi u bi tre urushali ma yi a bubu wa indi ba tre ni rjiia
Yɛn agyanom Samariafo som Onyankopɔn wɔ saa bepɔw yi so, nanso mo Yudafo de, moka se Yerusalem nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom Nyankopɔn.”
21 yesu hla niwu iwa kpayenme ni me ni suron me ndi bi na la tre ni rji ko ni tu gbulu ko ni uri shalima na
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Merema woate ase sɛ bere bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔw yi so anaa Yerusalem.”
22 bi si yi sujada ni ndi wa ki tohua kpa chuwo a he ni yahuda wayi
Mo Samariafo nnim nea mosom no. Nanso yɛn Yudafo de, yenim nea yɛsom no, efisɛ Yudafo so na nkwagye nam ba.
23 mitoh iton niye natsara wandi bi hu rji ujanji ba tre ni tre mbu ni mi ruhu ni njanji ni tu indi bibi kima irji ni wa ba ni ndu ba tre niwu
Nna bi reba, na mpo aba dedaw, sɛ nokware asomfo bɛsɔre Agya no wɔ Honhom ne nokware mu. Eyinom ne asomfo a Agya no hwehwɛ.
24 irji a hi ruhu indi wa ani tre niwu a hi gbigbi ni ndu ba tre ni mi ruhu ni njanji
Onyankopɔn yɛ Honhom, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som no wɔ Honhom ne nokware mu.
25 iwa hla niwu mi toh Almasihu ni ye ani taye ani hla koge ni tawu
Ɔbea no ka kyerɛɛ no se, “Minim sɛ Agyenkwa no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na sɛ ɔba a ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu.”
26 yesu hla niwu imeyi mi wawu iwa ndi asi tre ni u
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Me a me ne wo rekasa yi, mene Kristo no.”
27 ni mi ton ki almajeran ma ba kbanye u ba kban ni tie sisir ikpe wa yo ani tre ni wa u iri mba a miyen u son geri? ka ahigeri yo u si tre niwu?
Yesu ano sii pɛ na nʼasuafo no san bae. Ɛyɛɛ asuafo no nwonwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbea bi redi nkɔmmɔ. Nanso wɔn mu biara ammisa ɔbea no nea ɔrehwehwɛ ne Yesu nso, nea enti a ɔne saa ɔbea no redi nkɔmmɔ no.
28 iwa kagbazima don na he ni mi gbu na hla ni indiba
Afei ɔbea yi gyaw nʼasuhina no hɔ san kɔɔ kurow no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfo se,
29 ye toh iguri iwa a hla koge wa mi tiea ana wa wuyi almasihu na ka ani nha
“Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kokoa mu nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa ɔno ne Agyenkwa no?”
30 ba lu bri ni gbu a da hi niwu
Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu.
31 ni ton kima almajerana ma luni bre wu andi mallam rhi
Afei asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, didi.”
32 i wa hla ni bawu andi mi he biri iwa bina toh kpe ri ni tumana
Yesu buaa wɔn se, “Mewɔ aduan a midi a munnim ho hwee.”
33 almajeran ba tre ni kpa mba ko idioiri me nji niwuna ka idioiri nji ye?
Ɛmaa asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Obi abrɛ no aduan bi ana?”
34 yesu hla bawa biri mu a hi ndi mi tie ikpe wandi wa la ton me ye ni du me kle ndu ma
Yesu buae se, “Mʼaduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie dwuma a ɔde maa me sɛ mimmedi no.
35 nda bi tre dia don iwuya nzah ni du ba yi gri bi? mi hla niyiwu ni woloshi bi ya irjuba ba makan u chan
Moka se, ‘Asram anan mu, otwabere bedu.’ Mummue mo ani nhwɛ mo ho nhyia, na muhu sɛ aburow awo a ɛkyerɛ sɛ, otwabere adu!
36 indi wa asi chan ani kpa die na shu biri u rju kabi na nji hi viri utuntur ni naki indi u chu ni indi chan ba gir ha mba (aiōnios g166)
Otwafo nya nʼakatua a ɛsɛ no, na ɔboaboa nea watwa no ano ma nkwa a ɛnsa da. Eyi ma nea odua ne nea otwa no nyinaa ani gye. (aiōnios g166)
37 nitre yi iri ni chu batre di iri ni chan ajanji
Ɛyɛ nokware pefee sɛ, ‘Obi dua na obi twa.’
38 i me ton u ndu u hi chan ikpe iwa wu na tie ndu ma na a bari mu ba tieye u luri ni mi ndu mba
Mesomaa mo kɔɔ baabi sɛ munkotwa nea monyɛe ho adwuma ɛ. Nnipa afoforo na wɔayɛ adwumaden, na mo de, moanya mfaso afi adwuma a wɔayɛ no mu.”
39 igra samariyawa ba he ni gbu a ba kpayemen niwu niyu kpe wa iwa a tre ni tuma a a hla kle pyen pyenme ikpei waatatia
Esiane adanse a Samarianibea no di faa Yesu ho se, “Waka biribiara a mayɛ akyerɛ me” no nti, kurow no mu hɔfo pii gyee Yesu dii sɛ ɔno ne Mesaia no.
40 u samariyawa ba ye niwu na bre ni ndu ye son niba waye son niba tic vi hari
Enti bere a Samariafo no baa Yesu nkyɛn no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔntena wɔn nkyɛn. Ɔpenee so dii nnaanu wɔ wɔn nkyɛn.
41 gbugbumba ba kanhan hi biwa ba kpanyme nitu lantre ma
Ne nsɛm no nti nnipa bebree gyee no dii.
42 ba tre ni iwa ndi kpanyme mbu ana nitu kpewa wu hla na a nitu wa kita kikimbu ki wowu nito ndi janji iwayi yi u kpa gbungbl chuwo
Nnipa a wogyee no dii no ka kyerɛɛ ɔbea no se, “Ɛnyɛ adanse a wubedii no nti na yegye no di, na mmom nsɛm a yɛate sɛ ɔka no nti na yɛagye no adi. Na yenim sɛ ɔno ne wiase Agyenkwa no.”
43 niwa vi ha baki baka hi a rhu don bubuki nda ku nko Galilee
Nnaanu akyi no, Yesu fii kurow no mu kɔɔ Galilea.
44 yesu kima ana bla ndi bana ya anabi ni nfutu ni gbumeme ma na
Ɛwɔ mu sɛ na Yesu aka se, “Odiyifo biara nni anuonyam wɔ ne man mu” de, nanso
45 niwa aka ri nimi Galilee bi Galilee bu ba kpaa ni woha bana to wawu kpi wa ana ti ni igan u urushelima nitu baba me bana hi ni igan a
esiane nea Galileafo a wɔwɔ Yerusalem wɔ Twam Afahyɛ bere no mu no huu nea Yesu yɛe no nti, oduu Galilea no wogyee no.
46 zizan ala ye ni cana bubu wa a kma ma ti ihia kikle nikon ri u bi tu chu wandi ivren ma ana kru lo kpa
Ɔsan kɔɔ Kana a ɛwɔ Galilea, faako a ɔmaa nsu dan nsa hɔ no bio. Yesu wɔ hɔ no ɔhene somfo panyin bi a na ne ba yare wɔ Kapernaum no
47 ni wo ndi yesu ye wruwru ni judiya rhini Galilee a hini yesu nda ka myeu du huu grji hi nda hi chulilo rhu ni vren ma wa ana ti weweire u kwu
tee ne nka sɛ ofi Yudea aba Galilea hɔ. Saa ɔbarima yi kɔɔ Kana kohuu Yesu, srɛɛ no se ɔne no nkɔ Kapernaum nkɔsa ne ba a na ɔyare a ɔreyɛ awu no yare mma no.
48 mle yesu a kri tre niwu ndi hama bi to kpe u chu tsro nda nu sisri bina kpanyme na
Yesu kae se, “Menyɛ nsɛnkyerɛnne nkyerɛ mo ansa na moagye me adi ana?”
49 ninkon gua a hla wu ndi mi niu ninkon me grjiye ri du vren mu kwu
Ɔsomfo panyin no de ahoyeraw ka kyerɛɛ no se, “Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a me ba no bewu.”
50 yesu a lhawu ndi hi vren me he ni sisren tgua a kpanyme ni lantre wa yesu a tre niwu nda hi kpama
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔ fie na wo ba no ho ayɛ no den!” Ɔsomfo panyin no gyee asɛm a Yesu kae no dii na osii mu sɛ ɔrekɔ fie.
51 niwa a sia grji hia mriko nduma ba zontu niwu nda ni hla ndi vren ma he ni sisren ma
Ɔnam kwan so no, nʼasomfo bi behyiaa no ka kyerɛɛ no se ne ba no ho atɔ no.
52 niki a mye ba nton wa ikpa a lu si sia ba sa wu lanren ni nton u tangban lilo kpa a akawu chuwo
Ɔbarima no bisaa nʼasomfo no se, “Bere bɛn na ne ho tɔɔ no?” Asomfo no buaa no se, “Nnɛra awia bɛyɛ dɔnkoro bere mu na atiridiinini a na abɔ no no gyaee.”
53 nikima itia a tika ndi ana ni nton kimayi yesu a tre ni wu ndi vrenme he ni sisren niki wawu nikima mba wawu bikoma ba kpanyme
Ɔbarima no tee asɛm no pɛ na ɔkaa se ɛyɛ saa bere koro no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no se, “Kɔ fie na wo ba no ho atɔ no” no. Eyi maa ɔbarima no ne ne fifo nyinaa gyee Yesu dii.
54 iwayi ana kpe itsro u ha wa yesu a ti niwa aye ni Judiya rhini Galilee
Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛto so abien a Yesu fii Yudea baa Galilea no ɔyɛe.

< Yohana 4 >