< Yohana 3 >
1 igu ri ahi bafarise ba yomi niko dimu a hi tuzan ni mi yahudawa
Anadwo bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Yudafo mpanyimfo no mu baako a wɔfrɛ no Nikodemo a ɔsan yɛ Farisini no,
2 igua lu wa yesu ye ni chu na yo Rabbi ki tohwu u malami wawu tsi ni rji ki toh idiori na toh tie kpe wa wu si tie yinna se orji he niwu
kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, yenim sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa wo, efisɛ obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.”
3 yesu sa niwu njanji njanji indi wa ba na la ngriji a na ana toh iko irjina
Yesu buaa no se, “Merema woate ase sɛ, sɛ wɔanwo wo foforo a worentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.”
4 nikodemu a miyen bati ni heri na la ngrji indi iwa a ce ye? ana ya kban hi ri ni minen yima ba ka la ngrjina ani iya?
Nikodemo bisaa no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na me abasiriwa yi betumi akɔ me na yam ama wawo me bio?”
5 yesu tre anjaji anjaji indi wa bana la ngrji ni ma mba ruhu na ana ya hiri nitra rjina
Yesu nso buaa no se, “Mereka nokware akyerɛ wo se sɛ wɔamfi nsu ne Honhom mu anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni no mu.
6 ikpe wa ba ngrji ni konkbon kpa ahi kobonkpa iwa ba ngrji ni kon ruhu ahi u ruhu
Nea wofi ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam na nea wofi Honhom mu awo no no yɛ honhom.
7 na tie sisir na ni tu wa me hla ni wu a hi gbigbi ndu ba la ngri wu
Mma ɛnyɛ wo nwonwa sɛ maka se ɛsɛ sɛ wɔwo wo foforo!
8 ngyugyu ni fuw hi ni werji a wa a ni son a u ya wo chu ma iwu na toh ka a rjini tsen ka ni hi ni tsen na anaki indi waba ngrji u ni ruhu a
Sɛnea wote mframa nka, nanso wuntumi nkyerɛ faako a efi ba ne faako a ɛbɔ kɔ no, saa ara na Honhom mu awo no nso te.”
9 nikodi mu miyen batie ki ma ni he naki?
Nikodemo bisaa no se, “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi aba mu?”
10 yesu u miyen i wu u malami ni israila u na toh iri kpe yi na?
Yesu buaa no se, “Wo, ɔkyerɛkyerɛfo a wudi mu wɔ Israel na wonte eyi ase?
11 njaji njaji mi si hla ni wu kisi tre kpr wa ki toh ni shaida ni yiwu na ki me bina kpa shaida buna
Nea yenim ne nea yɛahu na yɛreka akyerɛ mo yi, nanso munnye yɛn nni.
12 mi tie hla niwu ikpe wa ahe ni gbungbolo yi i wuna kpayemen na u tie ni heni kpayemen ni tre wa mi hla niwu u shulu
Sɛ meka asase yi so nsɛm kyerɛ mo na munnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a mubegye adi?
13 idiori na hon hi ni shu toh na se wawu wa a grji rji ni shu yea sei vren indi
Obiara nkɔɔ ɔsoro da agye nea ofi ɔsoro bae no—Onipa Ba no.
14 na wa musa a zu wan hi ni shu ni miji na ki me gbigbi ba zu ivren ndi hi shu
Sɛnea Mose maa ɔwɔ sɛso a wɔde kɔbere ayɛ no so sɛn dua so wɔ sare so no, saa ara na me nso wɔbɛma me so,
15 nitu biwa ba no suron ba na kpayememe ni wu ba kana tie memenana son tuntur (aiōnios )
na obiara a ogye me di no benya nkwa a enni awiei. (aiōnios )
16 niwa irji a lo suron ni gbungbulua kpukpome na ban ivren ma riri no wa a ka suron ma no wa ka que na kason ni viri hi ni tuntur (aiōnios )
“Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei. (aiōnios )
17 irji bachi ana ton verri ye ni ndu ye ka gbungbulu a suto na amma ni ndu kpa ba chuwo
Onyankopɔn ansoma ne Ba amma wiase sɛ ommebu wiase atɛn, na mmom ɔsomaa no se ommegye wiase nkwa.
18 indi wa ayo suron ma niwu kana tie meme na u indi wa ana yo suron ma niwuna atie meme ye ni tu wa ana yo suron ma ni mi nde ivren ciriti na
Obiara a ogye ɔba no di no, wɔremmu no atɛn; na nea onnye no nni no, wɔabu no atɛn dedaw, efisɛ wannye Onyankopɔn Ba koro no anni.
19 a ni tu kima ibla tre he ni tu wa ikpan ye ni gbungbulua u ndi ba son bwu zankpan ni tu meme tie mba
Nea Onyankopɔn gyina so bu atɛn ne sɛ: Hann no aba wiase nanso nnipa ani gye sum ho sen Hann no, efisɛ wɔn nneyɛe nyinaa yɛ bɔne.
20 wawuu indi wa ani tie meme kpe a ni kama ni kpan nda na ni hi ni kpan na don ndu bana toh meme tie mana
Ɔdebɔneyɛni biara mpɛ Hann no, na ɔremmɛn Hann no, efisɛ osuro sɛ ne nneyɛe bɔne no bɛda adi.
21 sei indi wa ani tie njanji ani ye ni kpan nitu tie ma wa ba toh ni rira me a ndi da ni tie niwu rji
Na nea ɔyɛ Onyame apɛde no ba Hann no mu na obiara ahu sɛ ɔyɛ Onyame apɛde.”
22 ni kogon kima yesu ni almajeran ma ba lu hi yanki igbu judea ni ki ason hi ni ton ri niba natie batisma
Eyi akyi no Yesu ne nʼasuafo no fii Yerusalem kɔɔ Yudea akuraa bi ase kɔtenaa hɔ kakra bɔɔ asu wɔ hɔ.
23 yahaya me ni tie batisma ni aino whiwhire ni salim nitu ima he ni ki babran indi baye niwu wani ti batisma
Saa bere no ara na Yohane nso rebɔ asu wɔ Ainon a ɛbɛn Salim, efisɛ na nsuwansuwa wɔ hɔ. Nnipa pii baa ne nkyɛn ma ɔbɔɔ wɔn asu.
24 ba na rigen yo yahaya ni mi tra u tro na
Saa bere no na wɔmfaa Yohane ntoo afiase ɛ.
25 u kbonronkpa lude ni mi almajeran yahaya ni indi u yahuda nitu al adun tsarka kewa
Da bi, Yohane akyidifo bi ne Yudani bi gyee akyinnye faa ahodwira ho.
26 ba luhi ni yahaya na tre Rabbi indi wa a he niwu ni gran ne urdun wa u shaidu wu toh asi tie batisma indi wawu ba si hi niwu
Enti asuafo no kɔɔ Yohane nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Kyerɛkyerɛfo, ɔbarima bi a na ɔwɔ wo nkyɛn wɔ Yordan fa nohɔ no a wudii ne ho adanse no nso rebɔ asu na nnipa pii rekɔ ne nkyɛn.”
27 yahaya sa ni bawu idiori na ya fe kperina sei ba no rji ni shulu
Yohane buae se, “Obi rentumi nni dwuma a ɛte saa gye sɛ Onyame ka ne ho.
28 biyi ni tubi bi to mi hla ni a na imeyin me Almasihuna ba ton me ye guci niwu
Mo ara mudi me adanse sɛ meka kyerɛɛ mo se, ‘Ɛnyɛ me ne Kristo no na mmom wɔasoma me adi nʼanim kan.’
29 iwa sah ahi u lon ma ikpan glon zizan ikpana kri siwowu a si ngir ni wa asi wo lan likona ingir mu a shu mala
Adamfo a ɔboa ayeforokunu no wɛn nʼaso twɛn no na sɛ ɔte ne nne a, nʼani gye. Ɛno nti na mʼanigye wie pɛyɛ no.
30 a hi gbibbi ni ndu shu babran u me grji ye meme
Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkɛse na me nso meyɛ ɔketewa.
31 wawu iwa a rji ni shu a zan indi wawu
“Nea ofi ɔsoro aba no yɛ ɔkɛse sen obiara; Nea ofi asase so no yɛ wiaseni na ɔkasa sɛ wiaseni.
32 a shaida ikpu iwa awo na toh idiori me tie bre kpa shaida ma
Ɔsoroni no ka nea wahu ne nea wate, nanso obiara nnye no nni.
33 indi iwa akpa shaida ma a kpayemmen gbigbi irji a njaji
Wɔn a wogye no di no di adanse sɛ, Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo.
34 indi wa irji ton a ani tre ni lan u rji ana no ruhu a ni tsara tsara na
Nea Onyankopɔn asoma no no ka Onyankopɔn asɛm, efisɛ Onyankopɔn de ne Honhom ahyɛ no ma.
35 itie kpayemen nl vrena na ka koggen no nriwoma
Agya no dɔ ne Ba no nti ɔde biribiara so tumi ahyɛ ne nsa.
36 indi wa a kpayenmen ni vren a he ni viri son hi ni tuntur indi wa akama ni ivren ana virina ifun irji a he ni tunna (aiōnios )
Nea ogye Ɔba no di no benya nkwa a ɛnsa da, na nea onnye no nni no rennya nkwa a ɛnsa da, na mmom Onyankopɔn asotwe da no so.” (aiōnios )