< Yohana 21 >

1 Ni kogon bi kima, Yesu hla ka tsro Itu Ma ni almajere ma ni nyu nne Tiberiyas. Gen ya nda a tsro tuma:
Akyire no, Yesu yii ne ho adi bio wɔ Tiberia Po ho kyerɛɛ nʼasuafoɔ no mu bi. Ɛkwan a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no nie:
2 Siman Bitrus he mba Toma wa ba yo ni dan tagwai, ni Nataniyel, ni Kana u Galili, ni mri Zabadi, ni almajere Yesu hari bari ngari.
Saa ɛberɛ no, na Simon Petro, ne Toma (a wɔfrɛ no Ata), ne Natanael a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafoɔ no mu baanu na na wɔwɔ ɔtadeɛ no ho.
3 Siman Bitrus hla bawu, “mi hi vu lambe.” U ba tre, “Kita me, ki huwu hi me.” U ba lu rju hi naka ri ni mi ingyu'a, ni chu chachuki bana vu kperi na.
Wɔwɔ hɔ no, Petro ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no sɛ, “Merekɔyi nam.” Wɔn a na wɔka ne ho no ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne wo bɛkɔ.” Wɔn nyinaa kɔtenaa kodoɔ mu kɔɔ ɛpo, nanso saa anadwo no wɔanyi nam biara.
4 Se imble ni kpan, u Yesu kri ki ni nye nne, u almajere bana to me nda a Yesu na.
Adeɛ kyee anɔpa a anim retete no, Yesu bɛgyinaa mpoano hɔ, nanso na asuafoɔ no nnim sɛ ɛyɛ ɔno.
5 U Yesu tre ni ba, “Mri nze, bi he ni kpe wa bi ri'a?” U ba ti san na tre, “A'a.”
Ɔfrɛɛ asuafoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Anuanom, moayi nam bi anaa?” Wɔbuaa sɛ, “Dabi.”
6 A hla ni bawu, “ta walawa u bu lambe hi ni wo kori ni gyu'a, bi vu bari.” U ba ta walawa mba, yo ni mma, na chu wo kran nitu wa lambe ba ku babran.
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mongu mo asau no wɔ nifa fam na mobɛyi nam.” Wɔguu asau no sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Nam yɛɛ asau no ma sei tɔ a na wɔtwe a ɛntwe.
7 U almajere ma wa Yesu ni son zan ba hla ni Bitrus, “Ahi Bachi.” U Siman Bitrus a wo naki Ashe ahi Irji, na lu sru kpi ma u ko tu'a (ana son ni kpa kuklu), na ton ku ni mi nne.
Afei, osuani a Yesu dɔ no no ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Ɛyɛ Awurade.” Ɛberɛ a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔhyɛɛ nʼatadeɛ, huri tɔɔ nsuo no mu dware kɔɔ mpoano hɔ.
8 Imbru almajere ba ba ye ni mi gyu vi tsitsa, (nitu wa bana gbonron gon ni bubu'a na, ina kamu deri ha hi ni ko tu), wa chu walawa shu ni lambe rju ni mi mma.
Asuafoɔ a wɔaka no tenaa kodoɔ no mu baa mpoano hɔ bi. Wɔreba no, na wɔretwe asau a na nam ahyɛ no ma sei tɔ no. Ɛkwan a ɛfiri faako a wɔwɔ wɔ ɛpo no so ba mpoano hɔ no bɛyɛ mita ɔha.
9 Ni ka walawa yo kora ni lambe'a, u ba to kla nu ni lambe ni tuma ni bredi.
Wɔduruu mpoano hɔ no wɔhunuu sɛ obi asɔ ogya retoto nam na burodo bi nso gu nkyɛn.
10 Yesu bla nji bari ye ni mi lambe'a niwa bi vu zizan.”
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa nam a moayi no bi mmra.”
11 U Siman Bitrus a hon, na gbi walawa shu ni lambe deri ni hamsi don tra. Ni bran mba me, walwa na ya ba na.
Simon Petro foro kɔɔ kodoɔ no mu kɔtwee asau a na nam akɛseɛ bɛyɛ ɔha aduonum mmiɛnsa wɔ mu no baa mpoano hɔ. Ɛwom sɛ na nam ayɛ asau no ma deɛ, nanso antete.
12 U Yesu hla ni bawu, ye ni ye kle ye.” U riri me ni mi almajere ma me na ya miyen na, “A wu nha?” Ba to nda Yesu.
Yesu frɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdidi.” Asuafoɔ no mu biara ammisa no onipa ko a ɔyɛ ɛfiri sɛ, na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade.
13 Yesu ye, na ban bredi'a, na ga ba, nilambe me.
Yesu faa burodo no kyekyɛ maa wɔn. Yei akyi no, ɔkyɛɛ nam a na wɔatoto no nso maa wɔn.
14 Iki a hi gyu u tra mba Yesu ni tsro tu ma ni almajere ma ni kogon wa a lunde ni be.
Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu sɔre firii awufoɔ mu no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ nʼasuafoɔ no.
15 Ni kogon wa ba kle ya, Yesu hla ni Siman Bitrus, Bitrus vren Yohana, u son me zan biyie?” Bitrus hla niwu, “Ee Bachi, U to ndi mi son wu.” Yesu hla niwu ndi, “No ntma mu ba biri.”
Wɔdidi wieeɛ no, Yesu bisaa Simon Petro sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me sene sɛdeɛ yeinom dɔ me no anaa?” Petro buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwammaa.”
16 Ala tre niwu ngari ni nkpu u ha, Siman ivren Yohana, U son me? Bitrus hla niwu, “E, ana Bachi, U to ndi mi son wu.” Yesu hla niwu, “krju ntma mu.”
Yesu sane bisaa no sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me anaa?” Petro sane buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu sane ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ me nnwan.”
17 Ala tre niwu u gyu u tra, “Siman ivren Yohana, u son Me?” U Bitrus a ku niri mre nitu wa Yesu a hla tre niwu u gyu tra, “U son Me?” A hla niwu “Bachi, U to wawu kpi, U to ndi mi son wu.” Yesu hla niwu, “No ntma mu biri.
Yesu bisaa no ne mprɛnsa so sɛ, “Yohane ba Simon, ampa ara sɛ wodɔ me?” Asɛm yi yɛɛ Petro awerɛhoɔ sɛ Yesu abisa no saa asɛm korɔ no ara mprɛnsa. Enti, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, wonim biribiara, na wonim nso sɛ, medɔ wo!” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwan.
18 Njanji, njanji, Mi hla ni yiwu, ni wa u na he ni nze me, U ta zon kpame, ni hi wurji iwa u son'a, u ta cheye, u nme wo ba me son, u ndji ri mu ni zon kpa ni wu na ban wu hi ni wurji wa u na son hi'a na.
Meka nokorɛ akyerɛ wo. Woyɛ aberanteɛ no, na wotumi siesie wo ho kɔ baabiara a wopɛ, na woyɛ deɛ wopɛ biara nso. Nanso, sɛ wobɔ akɔkoraa a, wobɛtene wo nsam na obi asiesie wo ho ama wo, de wo akɔ baabi a anka wompɛ sɛ wokɔ.”
19 Yesu hla naki nitu bibi ikwu wa Bitrus ni kwu'a ni ndu Irji kpa gbre san, ni kogon wa a hla naki, na ni Bitrus, hu me.
Asɛm a Yesu kaeɛ no, ɔde kyerɛɛ owu ko a Petro bɛwu de ahyɛ Onyankopɔn animuonyam. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Di mʼakyi.”
20 Bitrus ka ban ya na to almajiri wa Yesu ni son asi hu ba, ni wa a ku yeren ni san Yesu ni ton wa ba si ta ri jibi wa tre, “Bachi, a nha mba ni ka wu le'a?”
Petro twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi hunuu sɛ osuani a Yesu dɔ no no di wɔn akyi. Saa osuani yi ne obi a wɔredidi no, ɔtwe bɛn Yesu bisaa no sɛ, “Awurade, hwan na ɔbɛyi wo ama” no?
21 Wa Bitrus a to'a na tre Yesu, “Bachi, ahi ngye igu mu ni ti?”
Petro hunuu saa osuani yi no, ɔbisaa Yesu sɛ, “Awurade, na yei nso ɛdeɛn na ɛbɛto no?”
22 U Yesu tre, “Mi ti ni son ni ndu son gben Me niwayi hi ni nton wa Mi kma ye, ume hi ngye? Ye hu Me.”
Yesu buaa no sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛsane aba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo deɛ, di mʼakyi.”
23 Itre ki yra shu ni mi Yahudawa andi, almajiri ki na kwu na. U wana naki na Yesu hla ni Bitrus na, almajiri mba ana kwu na, a tre Mita ni son ndu san, u ime ahi ngye?”
Asɛm a Yesu ka faa saa osuani yi ho no maa Yesu akyidifoɔ no mu pii susuu sɛ, saa osuani no renwu da. Nanso, na ɛnyɛ deɛ Yesu hwehwɛ akyerɛ ne no, ɛberɛ a ɔkaa sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛsane aba a, ɛfa wo ho bɛn?”
24 A wawu yi almajere wa asi sheda ikpi biyi, iwa a nha ba, u ki to gbigbi sheda ma njanji.
Saa osuani yi ne onipa a ɔdi yeinom nyinaa ho adanseɛ na ɔtwerɛeɛ nso. Yɛnim sɛ nʼadanseɛ no yɛ nokorɛ.
25 U mbrun ikpi bari gbugbuwu wa Yesu atie, u ba ni nha ba ni yiyri, mi hla ni yiwu, gbungblu wawu ani na ya ban nvunvu wa ba nha ni ba na.
Nneɛma bebree wɔ hɔ nso a Yesu yɛeɛ a wɔantwerɛ, na sɛ wɔtwerɛeɛ no mmaako mmaako a, anka megye di sɛ ɛrensene ewiase.

< Yohana 21 >