< Yohana 2 >

1 nivi u tra wa a wuce igran iri a heni cana u Galili u yi yesu a hei niki
Ne nnansa so, nnipa bi hyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so. Yesu maame kɔɔ saa ayeforɔhyia no bi.
2 ba hla ni yesu di almajeranma ndu ba hi ni igan ugran
Wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne nʼasuafoɔ no nso kɔɔ hɔ bi.
3 u lman inabin a kle u yi yesu hla ni wu iba na he ni iman inabin na
Wɔgu so regye wɔn ani no, ayeforɔ no ase nsã saeɛ maa Yesu maame kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔn nsã a wɔrenom no asa.”
4 yesu hla niwu iwa ahi ge ka krji u ye nime? iton mu na tsra rina
Yesu ka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛsɛ me yɛ, me berɛ nnya nnuruiɛ.”
5 iyima a hla ni miri bi nduma ko a hla ni nduyi tie gen bika tie u ndu bari ba he niki ni tita tan ne
Ne maame ka kyerɛɛ asomfoɔ no sɛ, “Biribiara a ɔbɛka sɛ monyɛ no, monyɛ.”
6 iwa yahudawa ba tie ndu niwa ni igan ba u tsarka ke ko rime ni mi mba ni ban durom iri
Na aboɔ nsuhina nsia sisi hɔ; yeinom mu na na Yudafoɔ de nsuo gu de hohoro wɔn ho amanneɛ kwan so. Na suhina biara tumi fa nsuo galɔn aduasa.
7 iwa hla ni bawu suru man shu ni indun ba uba suruman shu mba pleleme
Yesu ka kyerɛɛ asomfoɔ no sɛ, “Momfa nsuo nhyehyɛ nhina no ma ma.” Wɔde nsuo hyɛɛ no ma ma.
8 iwa hla ni bi ndu ba tie ni mima hi no nikon ugan u ba tie nakima
Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsa bi nkɔma onipa a ayeforɔ no ho ntotoeɛ hyɛ ne nsa no.”
9 nikon u igan a vu ma hla toh wa a katie ima ina bin wana toh iwurji wa a rji a na iwa to
Deɛ ayeforɔ no ho ntotoeɛ hyɛ ne nsa no kaa nsuo no a adane nsã no hwɛeɛ. Na ɔnnim baabi a na nsã no firi, nanso na asomfoɔ no deɛ, wɔnim. Ɔfrɛɛ ayeforɔkunu no
10 na hla niwu ko nha niga ma inabin ndi ndi ni mumla nduba so kle rikiko ba nji iwa a lolomey ye ni kokon iwu u ma ndindi zi sei zizan
ka kyerɛɛ no sɛ, “Saa nsã yi yɛ nsã pa. Wonte sɛ afoforɔ a wɔaka no. Obiara a ɔto ɛpono de nsã pa di ɛkan ba wɔ nʼapontoɔ ase, na akyire yi, ɔde nsã a ɛnni mu aba. Nanso, wo deɛ, wode nsã pa no atwa toɔ!”
11 iwayi a hi gban u mumlan wa yesu tie ni cana galili na tsoro dauka ka ma amajeran ma ba kpayenme ni tiea
Saa nsɛnkyerɛnneɛ a Yesu yɛɛ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdi ɛkan a ɔyɛɛ wɔ badwam de kyerɛɛ sɛ ne tumi firi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafoɔ no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.
12 ni kle ki yesu ni yinman ni miri vayima ni almajeran ma ba hi kafarnahum na ka sori niki tie vi bari
Ayeforɔhyia no akyi, ɔne ne maame ne ne nuanom ne nʼasuafoɔ no dii nna kakra wɔ Kapernaum.
13 igan u zagran idina tie whire u yesu a hon hi ni uri shaliman
Esiane sɛ na Yudafoɔ Twam Afahyɛ no rebɛduru no enti, Yesu kɔɔ Yerusalem.
14 a ka toh bi le ni lando ni ik rju ni tantabaru ni bi siran iklen ba son niki
Ɔduruu asɔredan no mu hɔ no, ɔhunuu sɛ adwadifoɔ bi nso tete wɔn apono akyi resesa sika.
15 iwa tie gbugban ni rjirji na zuba rju wawu ni mitara u rji ni nitman ni lando na vu glengbe in klen vara hlega ni bi saran klen na kpa tabru a zie lega
Yesu faa ntampehoma, yɛɛ no mpire, de pamoo sikasesafoɔ no ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie no firii asɔredan mu hɔ, kaa wɔn apono guiɛ maa wɔn sika a wɔresesa no nyinaa bɔ pansamee.
16 a hla nibi le ni tan tabara vu kpie bi yi rju niwa yi bi kako itiemu tie chuchuu lea ni kpie
Afei, ɔkɔɔ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsesa wɔn mfiri ha nkɔ ntɛm! Mommfa mʼAgya fie nyɛ adwadibea!”
17 u alma jeran ma ba tika andi ba nha nhan zindi to iko me ni irime kle
Asuafoɔ no kaa sɛ, wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu sɛ, “Wo fie yiedie ho dadwene ahyɛ me so.”
18 binikon ni yahudawa ba batre niwu a a hi gban geri u ya tsoro ta ni tu ikpe wa u si tie mba
Afei, Yudafoɔ mpanin no bisaa Yesu sɛ, “Tumi bɛn na wowɔ a enti wopamoo nnipa no? Yɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi fa di adanseɛ sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wo saa tumi no.”
19 yesu sa nibawu zie tra rji yi mi merie ni mi ivi tra
Yesu buaa wɔn sɛ, “Mate deɛ moaka no. Nsɛnkyerɛnneɛ a mede bɛdi adanseɛ ara ne sɛ, mommubu asɔredan yi ngu na mede nnansa bɛsi bio.”
20 ubi mikon yahudawa ba tre ba tie ise arabayin don tannen riko na nme trarsi a kle u ri ban ivi tra yin ni nme koa?
Yudafoɔ mpanin no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisaa no sɛ, “Asɔredan a wɔde mfeɛ aduanan nsia siiɛ no, na wode nnansa bɛtumi asi?”
21 ama asita tra itra u kpa ma mu
Nanso, Yesu deɛ, na ɔde ɔno ankasa ne onipadua na ɛreyɛ asɔredan no mfatoho,
22 nikogon wa a ta shimen ni beh almajeran ma ba lu tika ndi ana hla naki uba kpayemen ni nasi ni lantre wa yesu a hla
Yesu wusɔreɛ no akyi ansa na asuafoɔ no kaee asɛm a ɔkaeɛ no. Yei ma wɔgyee Atwerɛsɛm ne nsɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ.
23 ngari aheni urushelima ni idi gbugbuu ba kpayemen ni iden ma ni wa ba igban wa a tie
Ɛberɛ a Twam Afahyɛ no duruiɛ a na Yesu wɔ Yerusalem no, nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ bebree maa nnipa gyee no diiɛ.
24 yesu na kpayeme ni bana atoh bawauu
Nanso, Yesu amfa ne ho anto wɔn so, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛdeɛ nnipa suban te.
25 ana son ndu dio shaida ma ni tu indi na nitu wa a toh kpe wa a he mi ndi
Na ɔnhia onipa adanseɛ a ɔbɛdi afa onipa ho, ɛfiri sɛ, na ɔnim deɛ ɛwɔ onipa mu.

< Yohana 2 >