< Yohana 2 >
1 nivi u tra wa a wuce igran iri a heni cana u Galili u yi yesu a hei niki
Ne nnansa so na nnipa bi hyiaa ayeforo wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no. Na Yesu ne na wɔ hɔ,
2 ba hla ni yesu di almajeranma ndu ba hi ni igan ugran
na wɔato nsa afrɛ Yesu ne nʼasuafo no nso aba hɔ bi.
3 u lman inabin a kle u yi yesu hla ni wu iba na he ni iman inabin na
Wogu so regye wɔn ani no, ayeforo no ase nsa sa maa Yesu ne na kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔn nsa a wɔrenom no asa.”
4 yesu hla niwu iwa ahi ge ka krji u ye nime? iton mu na tsra rina
Yesu ka kyerɛɛ ne na se, “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ? Me bere nnya nnui.”
5 iyima a hla ni miri bi nduma ko a hla ni nduyi tie gen bika tie u ndu bari ba he niki ni tita tan ne
Ne na ka kyerɛɛ asomfo no se, “Biribiara a ɔbɛka se monyɛ no, monyɛ.”
6 iwa yahudawa ba tie ndu niwa ni igan ba u tsarka ke ko rime ni mi mba ni ban durom iri
Na abo asuhina asia sisi hɔ; eyinom mu na na Yudafo de nsu gu de hohoro wɔn ho wɔ amanne kwan so. Na ahina biara tumi fa nsu galɔn aduasa.
7 iwa hla ni bawu suru man shu ni indun ba uba suruman shu mba pleleme
Yesu ka kyerɛɛ asomfo no se, “Momfa nsu nhyehyɛ ahina no amaama.” Wɔde nsu hyɛɛ no amaama.
8 iwa hla ni bi ndu ba tie ni mima hi no nikon ugan u ba tie nakima
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsaw bi nkɔma onipa a ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no.”
9 nikon u igan a vu ma hla toh wa a katie ima ina bin wana toh iwurji wa a rji a na iwa to
Nea ayeforo no ho ntotoe hyɛ ne nsa no kaa nsu a adan nsa no hwɛe. Na onnim faako a nsa no fi, nanso na asomfo no de, wonim. Ɔfrɛɛ ayeforokunu no
10 na hla niwu ko nha niga ma inabin ndi ndi ni mumla nduba so kle rikiko ba nji iwa a lolomey ye ni kokon iwu u ma ndindi zi sei zizan
ka kyerɛɛ no se, “Saa nsa yi yɛ nsa pa. Wonte sɛ afoforo a wɔaka no. Obiara a ɔto pon de nsa pa di kan ba wɔ nʼaponto ase, na akyiri no ɔde nsa a enni mu aba. Nanso wo de, wode nsa pa no atwa to!”
11 iwayi a hi gban u mumlan wa yesu tie ni cana galili na tsoro dauka ka ma amajeran ma ba kpayenme ni tiea
Saa nsɛnkyerɛnne a Yesu yɛɛ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea asase so no ne nsɛnkyerɛnne a edi kan a ɔyɛɛ wɔ bagua mu de kyerɛɛ sɛ ne tumi fi ɔsoro. Ɛmaa nʼasuafo no nso gyee no dii sɛ, ampa ara, ɔno ne Agyenkwa no.
12 ni kle ki yesu ni yinman ni miri vayima ni almajeran ma ba hi kafarnahum na ka sori niki tie vi bari
Ayeforohyia no akyi no, ɔne ne na ne ne nuanom ne nʼasuafo no dii nna kakra wɔ Kapernaum.
13 igan u zagran idina tie whire u yesu a hon hi ni uri shaliman
Esiane sɛ na Yudafo Twam Afahyɛ no rebedu nti, Yesu kɔɔ Yerusalem.
14 a ka toh bi le ni lando ni ik rju ni tantabaru ni bi siran iklen ba son niki
Oduu asɔredan no mu hɔ no, ohuu sɛ aguadifo bi nso tete wɔn apon akyi resesa sika.
15 iwa tie gbugban ni rjirji na zuba rju wawu ni mitara u rji ni nitman ni lando na vu glengbe in klen vara hlega ni bi saran klen na kpa tabru a zie lega
Yesu faa ntampehama yɛɛ no mpire de pam sikasesafo no ne wɔn nguan ne wɔn anantwi no fii asɔredan mu hɔ, kaa wɔn apon gu maa wɔn sika a wɔresesa no nyinaa bɔ pansamee.
16 a hla nibi le ni tan tabara vu kpie bi yi rju niwa yi bi kako itiemu tie chuchuu lea ni kpie
Afei ɔkɔɔ wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no so ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsesaw wɔn mfi ha nkɔ ntɛm! Munnyae sɛ mode mʼAgya fi ayɛ aguadibea no!”
17 u alma jeran ma ba tika andi ba nha nhan zindi to iko me ni irime kle
Asuafo no kae se, wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, “Wo fi yiyedi ho dadwen ahyɛ me so.”
18 binikon ni yahudawa ba batre niwu a a hi gban geri u ya tsoro ta ni tu ikpe wa u si tie mba
Afei Yudafo mpanyin no bisaa Yesu se, “Tumi bɛn na wowɔ a enti wopam nnipa no? Yɛ nsɛnkyerɛnne bi fa di adanse sɛ Onyankopɔn na ɔmaa wo saa tumi no.”
19 yesu sa nibawu zie tra rji yi mi merie ni mi ivi tra
Yesu buaa wɔn se, “Mate nea moaka no. Nsɛnkyerɛnne a mede bedi adanse ara ne sɛ, mummubu asɔredan yi ngu na mede nnansa besi bio.”
20 ubi mikon yahudawa ba tre ba tie ise arabayin don tannen riko na nme trarsi a kle u ri ban ivi tra yin ni nme koa?
Yudafo mpanyin no tee asɛm a Yesu kae no, wobisaa no se, “Asɔredan a wɔde mfe aduanan asia sii no, na wode nnansa betumi asi?”
21 ama asita tra itra u kpa ma mu
Nanso Yesu de, na ɔde ɔno ankasa ne nipadua na ɛreyɛ asɔredan no mfatoho,
22 nikogon wa a ta shimen ni beh almajeran ma ba lu tika ndi ana hla naki uba kpayemen ni nasi ni lantre wa yesu a hla
Yesu wusɔre no akyi ansa na asuafo no kaee asɛm a ɔkae no. Eyi ma wogyee Kyerɛwsɛm ne nsɛm a Yesu kae no dii.
23 ngari aheni urushelima ni idi gbugbuu ba kpayemen ni iden ma ni wa ba igban wa a tie
Bere a Twam Afahyɛ no duu a na Yesu wɔ Yerusalem no, nsɛnkyerɛnne ahorow bebree maa nnipa gyee no dii.
24 yesu na kpayeme ni bana atoh bawauu
Nanso Yesu amfa ne ho anto wɔn so, efisɛ na onim sɛnea nnipa suban te.
25 ana son ndu dio shaida ma ni tu indi na nitu wa a toh kpe wa a he mi ndi
Na onhia onipa adanse a obedi afa onipa ho, efisɛ na onim nea ɛwɔ onipa mu.