< Yohana 17 >
1 Ni kogon wa Yesu tre yi, a nzu shishi hi ni shulu na tre, “Iti, inton yeye, no Vren Me ninkonni ndu Vren Me ndu no'u ninkon -
Yesu kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔhwɛɛ ɔsoro bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɛberɛ no aduru. Hyɛ wo Ba no animuonyam, na Ɔba no nso nhyɛ wo animuonyam.
2 ni wa u no gbengblen nitu bi nama kpa wawu ni ndu no re (ivri) u son hi ni tuntur ko indji ri me wa wu no'a. (aiōnios )
Womaa no nnipa nyinaa so tumi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛma wɔn a wode wɔn maa no no nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios )
3 Iwa ahi re (ivri) u tuntur, wa ba to, ba to wuyi nkrji Me Wu Irji, niwa u ton Yesu Kristi. (aiōnios )
Na ɛkwan a wɔnam so bɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ ne sɛ, wɔbɛhunu Onyankopɔn korɔ nokwafoɔ no, ne Yesu Kristo a wosomaa no baa asase so no! (aiōnios )
4 Mi no ninkon me ni meme, Mi kle indu wa u ne ndi Mi tiwu'a.
Medaa wʼanimuonyam adi kyerɛeɛ wɔ asase so na mewiee adwuma a wode hyɛɛ me nsa no yɛ.
5 Zizan, “Bachi ne ninkon wa me he niwu rji niwu ri ni ndu ba me gbungblu'a.
Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ wɔ wʼanim ansa na worebɔ ewiase no hyɛ me wɔ wʼanim ha.
6 Mi ye yar inde rju ni ndi biwa u ne ba ni gbungblu'a. Bana bi Me u wu ne ba, u ba nji tre me.
“Mama nnipa a na anka wɔte ewiase a wode wɔn hyɛɛ me nsa no ahunu wo. Na wɔyɛ wo dea na wode wɔn maa me. Wɔatie wʼasɛm.
7 Zizan, ba to ndi ikpe wa u ne wawu ba rji ni wu yi,
Afei, wɔahunu sɛ biribiara a wode maa me no firi wo nkyɛn.
8 Mi no ba wawu lan tre Me wa wu ne. Ba kpa ba na to nda a njanji Mi rji ni Wu, na kpa nyeme ndi a wu u ton me.
Mekaa asɛm a woka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn na wɔtieeɛ. Wɔnim sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ. Na wɔgye di sɛ wo na wosomaa me.
9 Mi tre niwu bawu (addu'a), Mi tre niwu ni bi gbungblu'a na, se ni bi wa u ne ni ba, biki babi Me.
Mebɔ mpaeɛ ma wɔn. Memmɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye wʼasɛm nni, na mmom, nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpaeɛ ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔyɛ wo dea.
10 Ikpe wawu wa ahi u Mu'a, a hi u Me. U Me ahi u Mu. Mi kpa ninkon ni ba.
Biribiara a mewɔ no yɛ wo dea na biribiara a wowɔ no nso yɛ me dea. Ɛnam yeinom so ama manya animuonyam.
11 Mi na la u gbungblu'a ngana, u ba ndji biyi ba he ni gbungblu'a, u Mi si yi niwu. Tsatsra Ti, zi ba ni mi nde Me wa u ne ni ndu ba riri, nawa kita me ki riri.
Na afei, merefiri ewiase, na magya wɔn wɔ akyire aba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛdeɛ wo ne me yɛ baako no.
12 Niwa mina he ni ba, Mi ziba pyan me ni mi nde Me, ni wa u ne, Mi ka ba, u riri ni mi mbu ana yra tu na, se mri bi zyi bubu'a, ni ndu lantre'a shu.
Ɛberɛ a me ne wɔn wɔ hɔ no, mede tumi a wode maa me no hwɛɛ wɔn so. Mebɔɔ wɔn ho ban, na wɔn mu biara annyera, gye onipa a ɛsɛ sɛ ɔyera no nko ara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Atwerɛsɛm no bɛba mu.
13 Zizan Mi si ye niwu, Mi si tre kpi biyi ni gbungblu'a ni ndu ingyiri Mu ndu shu ni ba.
“Afei mereba wo nkyɛn. Maka saa nsɛm yi nyinaa ɛberɛ a meda so wɔ ewiase yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mʼanigyeɛ bɛhyɛ wɔn ma.
14 Mi no ba lan tre Me'a, u gbungblu'a kama ni ba nitu wa ba u lantre na, na wa Mi na u gbungblu'a na.
Mekaa wʼasɛm kyerɛɛ wɔn na ewiasefoɔ tanee wɔn, ɛfiri sɛ, wɔmfiri ewiase sɛdeɛ me nso memfiri ewiase no.
15 Mi tre ni ndu vu ba rju ni gbungblu'a na ni ndu zi ba zizyime ni mi bi meme ba.
Memmisa wo sɛ yi wɔn firi ewiase, na mmom, mesrɛ sɛ, bɔ wɔn ho ban firi ɔbonsam nsam.
16 Ba na bi gbungblu'a na, na wa mina u gbungblu'a na.
Sɛdeɛ memfiri ewiase no, saa ara nso na wɔmfiri ewiase.
17 Zi ba nkan nitu Me u njanji lantre Me a njanji.
Fa wo nsɛm a ɛyɛ nokorɛ no kyerɛkyerɛ wɔn na ɛnte wɔn ho, na ɛnyɛ wɔn kronkron.
18 Na niwa u ton Me ni gbungblu'a, naki Mi ton ba hi ni gbungblu'a.
Sɛdeɛ wosomaa me baa ewiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn akɔ ewiase.
19 Mi mla tu Mu zi niwu nitu mba, ni ndu ba mla tu-mba zi me niwu ni mi njanji.
Wɔn enti, mede me ho ma wo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nso de wɔn ho nyinaa bɛma wo.
20 Mina tre niwu nitu iwa kankrji ma na, ani biwa ba kpa nyeme ni Me nitu tre mba'a
“Memmɔ mpaeɛ mma wɔn nko. Mebɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔnam asuafoɔ asɛm a wɔbɛka no so agye adi no nso.
21 ni ndu ba wawu mba hi ririi, nawu, Bachi, Wu he nimi Mu, u Ime nimi Me. Mi bre ni ndu ba he nimi Mbu, ni ndu gbungblu'a kpa nyeme ndi u ton Me.
Mebɔ mpaeɛ sɛ wɔn nyinaa bɛyɛ baako. Agya, sɛdeɛ wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no, saa ara nso na ma wɔntena yɛn mu. Ma wɔn nyinaa nyɛ baako sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ewiase bɛgye adi sɛ, wo na wosomaa me.
22 Ninkon wa U ne'a, Ime me Mi ka no ba, ni ndu ba hi ririi, nawa kita me ki riri'a:
Mede animuonyam a wode hyɛɛ me a ɛmaa me ne wo yɛɛ baako no ahyɛ wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nso, wɔbɛyɛ baako sɛdeɛ yɛn nso yɛyɛ baako no.
23 Ime nimi mba, u Wu nimi Mu - ndi dun ba nji tu-mba ye katu bi, ni ndi dun gbungblu'a ni to ndi u ton Me, andi U son ba na wa U son Me.
Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔn nyinaa bɛyɛ baako na ewiase ahunu sɛ, wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no
24 Iti, Mi son biwa U kaba ne ndu ba he ni Me ni wurji wa Mi he yi, na to ninkon Mu, ninkon wa U Ne u nitu U son Me ri kuko ndi zi nchi gbungblu'a.
“Agya, mepɛ sɛ wɔn a wode wɔn maa me no bɛka me ho wɔ faako a mewɔ no, na wɔahunu mʼanimuonyam, animuonyam a wode maa me no, ɛfiri sɛ, wodɔ me ansa na wobɔɔ ewiase.
25 Tsatsra Ti, gbungblu'a na to Wu na, Ime Mi to'u, u ba ton nda ahi Wu yi U ton Me.
“Agya kronkron, ewiase nnim wo, nanso me deɛ, menim wo; na asuafoɔ yi nim sɛ wo na wosomaa me.
26 Mi hla bawu inde Me, Mi la hla ni bawu nitu son Me wa U ndu he ni Me ni mi mba.
Mama wɔahunu sɛdeɛ wo te na mɛkɔ so ayɛ saa daa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔdɔ a wodɔ me no bɛtena wɔn nso mu na me nso, matena wɔn nso mu bi.”