< Yohana 15 >

1 “Ime yi Mi nchi kunkro u njanji, u Ti mu ahi Indji u rju'a.
“Mene nokware bobe no, na mʼAgya ne okuafo no.
2 Ani gyen ko ilan rime rju ni kpa Mu wa ana klo'a na, iwaani klo'a ani mla'u tie ni ndu la klo babran me.
Dua mman biara a ɛnsow aba no otwa kyene, na dua mman biara a ɛsow no, oyiyi ho na asow aba bebree.
3 Bi kpa tsatsra me ye, nitu wa Mi hla tre Mu ni yiwu ye.
Me nsɛm a maka akyerɛ mo no ama mo ho afi dedaw.
4 Bi ka son nimi Mu, ima Mi ka son ni mi mbi ngame, na wa ilan kunkro na ya klo kima na se ahe ni nchi konkro'a, na ni me bi na ya na se bi son ni mi Mu.
Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua mman biara ankasa rentumi nsow aba gye sɛ ɛfam ne dutan no ho. Saa ara nso na morentumi nsow aba gye sɛ mote me mu.
5 Mi nchi kunkron u bi lan ma, indji wa a son ni Me'a Mi he niwu, ani klo gbugbuwu, inda u ta na he ni Me na, bina ya tie kperi na.
“Mene bobe no; na mo ne dua mman no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛsow aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee.
6 Indji wa ana son ni Me na, ba kawu taga na ilan kunkro wa ka klu baka kpulu ba sru na yo lu, baka gon tie nton.
Obiara a ɔntena me mu no te sɛ dua mman a wɔatwa atow akyene a so nni mfaso; ɛwo a wɔboaboa ano de gu ogya mu hyew.
7 U ta son ni Me, u lantre Mu son niwu, minye me ko ngyeri wa u son'a u Mi tie ni yiwu.
Sɛ mote me mu na me nsɛm nso tena mo mu a, ɛno de, biribiara a mopɛ a mubebisa no wɔde bɛma mo.
8 Ni naki, inde Timu ni fe gbre san; ni ndu yi klo babran, ni bi almajere Mu.
Wɔn a wɔyɛ mʼasuafo nokware mu no sow aba bebree de hyɛ mʼAgya anuonyam.
9 Na wa Iti Mu ni son Me, anaki Ime me mi son yi. Bika son ni mi son Mu.
“Sɛnea Agya no dɔ me no, saa ara na me nso medɔ mo, Montena me dɔ mu.
10 U ta hu du mu, u sun ni mi son Mu nawa Mi hu du Iti Mu ni sun ni mi son ma.
Sɛ mudi mʼahyɛde so a mobɛtena me dɔ mu sɛnea madi mʼAgya ahyɛde so na ɛno nti ɔda so dɔ me no.
11 Mi tre kpe biyi ni yiwu ni ndu si sron Mu nda he ni yi, na ndu si sron a shu.
Maka eyinom nyinaa akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya mʼanigye no bi na ama mo anigye awie pɛyɛ.
12 Iwa yi a hi ndu Mu, ni ndu yi son kpa mbi na wa Mi son yi'a.
Mʼahyɛde ne sɛ monnodɔ mo ho mo ho sɛnea medɔ mo no.
13 Indrjori na he ni son ri zan wayi na - wa iri ni re (ivri) ma no ni tu kpukpan ma.
Ɔdɔ biara nsen sɛ obi bewu ama ne nnamfonom.
14 Bi kpukpan Mu inde bi tie kpe wa Mi hla ni yiwu dun yi tiewu.
Sɛ mudi nea mehyɛ mo sɛ monyɛ no so a na moyɛ me nnamfonom.
15 Mi na la yo yi tie igran ngana; igran na to kpe wa Iti koh ma ni tie'a na. Mi yo yi kpukpan Mu, ni kpe wa Mi wo ni Timu wawu, wu Mi dun yi to.
Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ. Mmom mefrɛ mo nnamfo, efisɛ maka biribiara a mete fii mʼAgya no nkyɛn akyerɛ mo.
16 Ana biyi bi chu Me na, a Me mi chu yi ni ton yi ni dun yi hi ni klo ni ndu klo mbi ndu ba toh naki iwa yi ni he naki, ni tu ko ngyeri bi minye Ti Mu ni mi nde Mu, ani no yi.
Ɛnyɛ mo na mpaw me; me na mepaw mo na memaa mo adwuma sɛ monkɔyɛ na monsow aba; aba a ɛbɛtena hɔ daa, Na biribiara a mode me din bebisa no, Agya no de bɛma mo.
17 Mi yo yi ni ndu yi kpa nyeme ni kpa mbi.
Eyi ne mʼahyɛde: Monnodɔ mo ho mo ho.
18 I gbungblu'a nita kama ni yi, bi ka to ndi a kama ni Me ri na kama ni yi.
“Sɛ wiase tan mo a, monkae sɛ me na ɛtan me kan ansa na ɛretan mo.
19 Bini na u gbungblu'a, gbungblu'a ba ni son yi nawu mba. Ni wa bina u gbungblu; a na, Mi la juyi ni mi gbungblu'a, nitu ki gbungblu'a ni kama niyi.
Sɛ mote ase ma wiase a ɛno de wiase bɛdɔ mo sɛ wɔn a wɔyɛ ne dea. Nanso miyii mo fii wiasefo mu; ɛno nti monyɛ wiasefo bio; eyi nti na wiasefo tan mo no.
20 Bi ka rimren ikpe wa Mi na hla ni yiwu'a, “Igran na zan tiko ma ni ninkon na.” Inde ba ti me di, biyi me ba tiyi di'a, inde ba hu tre mu, ba hu tre mbi ngame.
Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no: ‘Akoa nsen ne wura.’ Sɛ wɔtan me a, mo nso wɔbɛtan mo; sɛ wotie mʼasɛm a meka no a, mo nso wobetie mo.
21 Ba ti bibi kpe mba ni yiwu wawu ni tu inde Mu, niwa ba na toh indji wa a ton me na.
Esiane sɛ moyɛ me dea nti na wɔbɛtaa mo, efisɛ wonnim Onyankopɔn a ɔsomaa me no.
22 Mi na ye tre ni ba na, ba na he ni lahtre na, u zizan, ba na he ni kpe u gbisron tu lahtre mba na.
Sɛ memmɛkaa asɛm biara nkyerɛɛ wɔn a anka wɔrenni bɔne ho fɔ. Afei de, wonni wɔn bɔne ho anoyi biara.
23 Indji wa a kama ni Me, a kama ni Ti Mu.
Obiara a ɔtan me no tan mʼAgya nso.
24 Mi na ye ti ndu kpe wa ko indrjori na ti bre ti na ni mi mba na, bana heni lahtre na, u zizan ba to ye, ba ka mba ni Me ni Ti Mu wawu.
Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da no wɔ wɔn mu a anka wɔrenni bɔne ho fɔ; nanso wɔahu nea meyɛe, nso wɔtan me ne mʼAgya.
25 Ba ti ngari ni ndu itre wa ba nha zi ni tron'a, 'Ba kamba ni Me migyen.
Ɛsɛ sɛ eyi ba mu, sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔakyerɛw wɔ wɔn Mmara no mu a ɛka se, ‘Wɔtan me kwa’ no bɛba mu.
26 Indji u no si sron ni ta ye - wa Mi ton ye yiwu rji ni ti'a, ahi Ibrji u njanji (Ruhu Gaskiya), iwa a rju rji ni Ti'a aye, ani no gban (shaida) nitu Mu.
“Mɛsoma ɔboafo a ɔyɛ nokware Honhom a ofi Agya no nkyɛn no aba mo nkyɛn na wabedi me ho adanse akyerɛ mo.
27 Bi no gban nitu wa bi he yayi tun rji ni mumla.
Na mo nso mubedi me ho adanse, efisɛ me ne mo na ɛwɔ hɔ fi mfiase pɛɛ.”

< Yohana 15 >