< Yohana 13 >

1 Igan idin tsatsra rigyen u ye, u Yesu to andi inton tsra wa a lu ni gbungblu hi ni Ti'a. Niwa ani son bi ma wa ba he ni gbungblu, a son ba ye ni kekle.
Ade rebɛkye ama Twam Afahyɛ no adu no, Yesu huu sɛ afei bere aso sɛ ofi wiase kɔ nʼAgya nkyɛn. Yesu yɛ obi a na ɔdɔ nʼakyidifo, na ɔdɔɔ wɔn kosii sɛ owui.
2 Ibrji yo ni sron Yahuda Iskariyoti ivren Saminu, aka Yesu le.
Bere a na Yesu ne nʼasuafo te adidii no, ɔbonsam kɔhyɛɛ Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no mu sɛ onyi Yesu mma.
3 Ato ndi Iti a ka kongeri no ni woma, na rji ni Rji, ani la kma hi ni Rji.
Yesu nim sɛ nʼAgya de tumi nyinaa ahyɛ ne nsa, na ofi Onyankopɔn nkyɛn na ɔbae, na ɔresan akɔ ne nkyɛn.
4 A lunde ni bubu ri biri, na ju kpima, na ban inklon u se ma kpa na ka kpa ma niwu.
Yesu sɔre fii didipon no ho, yii nʼatade nguguso guu hɔ, de mpepaho twaa nʼasen.
5 Wa sur ima ni konko na si ngla za ni almajere ma ba na se za ba wu ni inklon u se kpa wa a ka kpama niwu'a.
Ohwiee nsu guu guasɛn bi mu na ofii ase hohoroo asuafo no anan ase de mpepaho no pepae.
6 Na ye ni Siman Bitrus, u Bitrus tre niwu, “Bachi, u ngla za mu me?”
Bere a Yesu duu Simon Petro so no, Petro bisaa no se. “Awurade, worebɛhohoro me nan ase ana?”
7 Yesu sa niwu na tre, “Ikpe wa mi si ti'a una to na zizan? U to ni ton u ye (ajima).
Yesu buaa no se, “Nea mereyɛ yi, worente ase mprempren, nanso akyiri no wobɛte ase.”
8 Bitrus hla niwu, una ti bre ngla za mu.” Yesu hla niwu, “Mita ngla niwu na, una he ni san me ni me na.” (aiōn g165)
Petro ampene asɛm a ɔkae no so kae se, “Ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wohohoro mʼanan ase.” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ manhohoro wʼanan ase a na wonka me ho.” (aiōn g165)
9 Siman Bitrus hla niwu, “Bachi, na ngla zamu migyen na, ngla womu ni tu mu.”
Simon Petro kae se, “Awurade, ɛno de na ɛnyɛ mʼanan ase nko, na mmom me nsa ho ne me tirim nso ka ho.”
10 Yesu hla niwu, “Indji wa a sukpa'a ana wa sukpa na, se ka ngla za, wa ahi tsatsra ndji wawu bi tsatsra, ama ani wawu mbi na.
Yesu ka kyerɛɛ no se, “Obiara a waguare no aguaree ho nhia no bio gye nʼanan ase nko na ɛsɛ sɛ ɔhohoro, ne nipadua no de, efi biara nni ho. Mo nyinaa ho afi, gye mo mu baako pɛ.”
11 (Yesu a to indji wa ani kawu le, kima sa wa tre naki, ana wawu mbi bi tsatsra na).
Na Yesu nim onipa ko a ɔrebeyi no ama no, ɛno nti na ɔkae se ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ho afi no.
12 Ni kokon wa Yesu ngla za bawu, a ban konlon ma na kuson ngari, na hlabawu, “Bito kpe wa mi ti ni yiwu'a?
Yesu hohoroo wɔn anan ase wiei no, ɔfaa nʼatade nguguso no hyɛe, san kɔtenaa didipon no ho. Afei obisaa nʼasuafo no se, “Mote nea mayɛ yi ase ana?
13 Bi yo me ni 'Mala' ni 'Bachi,' u bi yo me tsra, a naki mi he.
Mofrɛ me ‘Kyerɛkyerɛfo’ ne ‘Awurade’ a mudi me frɛ; efisɛ ɛno ne nea meyɛ.
14 U to Me wa mi Bachi ni Mala, u mi ngla za mbi, biyi ngame bika ngla za ni kpambi.
Sɛ me a meyɛ mo Awurade ne Kyerɛkyerɛfo no mpo ahohoro mʼanan ase a ɛno de, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro hohoro mo ho mo ho anan ase.
15 U mi tsro yi misali, ni ndu ti na wa mi tie ni yiwu.
Mayɛ eyi de ayɛ nhwɛso ama mo sɛnea mo nso mobɛyɛ saa ara.
16 Gbigbi njanji mi si hla ni yiwu, igran na zan tiko ma ni ninkon na, ivren u ton ndu ana zan indji wa ton'u ndu ninkon na.
Mereka nokware akyerɛ mo se, akoa nsen ne wura; saa ara na ɔsomafo nso nsen nea ɔsomaa no no.
17 Bita to kpi biyi, bi-bi lulu ni nde bi ti ba.
Afei a moate nea meyɛe no ase yi, sɛ moyɛ saa bi a mubenya nhyira.
18 Mi na si tre yi wawu na; Mi to biwa mi chu ba'a - nitu ndi nassi tsra indji wa a tan bredi a tayar nimu.
“Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka saa asɛm yi akyerɛ mo, minim wɔn a mayi wɔn. Nanso ɛsɛ sɛ Kyerɛwsɛm a ɛka se, ‘Onipa a ɔne me to nsa didi no beyi me ama’ no ba mu.
19 Mi si hla wa yi ni yiwu zizan ri ni ndu ka ti naki ni ndu yi ka kpa-nyeme ni me ni nton wa ani ti naki'a.
“Mereka eyinom nyinaa akyerɛ mo ansa na aba mu sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi.
20 Njanji, njanji, mi si hla ni yiwu, indji wa a kpa ndi wa mi ton'wu, ahi Me a kpa, indji wa a kpa Me, a kpa Indji wa a ton Me.
Mereka nokware akyerɛ mo se, obiara a obegye nea masoma no no gye me nso, na obiara a ogye me nso no gye nea ɔsomaa me no.”
21 Ni kogon wa Yesu tre naki, na lo sron ni (Ruhu), na ti gban (shada) andi, gbigbi njanji, mi si hla ni yieu ndi iri ni mibi ani le ni me.”
Yesu kaa eyinom nyinaa wiei no, ne ho yeraw no ma ɔpaee mu kae se, “Mereka nokware akyerɛ mo, mo mu baako beyi me ama!”
22 Almajire ba ba kma ya kpa mba, na ni tamre, ka ahi nha ni mi mba a si tre ni tu ma.
Asuafo no de ahodwiriw hwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim pɛɛ sɛ wohu nea ɔde no no.
23 Iri nimi almajire ma, wa Yesu ni son, ahe ni tebru, na kunyre ni san Yesu.
Na asuafo no mu baako a Yesu pɛ nʼasɛm no te ne nkyɛn pɛɛ.
24 Siman Bitrus hla ni almajire bika minye, “Ndu hla tawu a hi nha a si tre ni tu ma.”
Simon Petro buu nʼani se, “Bisa no na ɔnkyerɛ wo onipa ko a ɔreka ne ho asɛm no.”
25 Wa hla bru kunyre ni san Yesu, na tre niwu, Bachi, ahi nha?
Ɛno nti saa osuani no twiw bɛn Yesu bisaa no se, “Awurade, ɛyɛ hena?”
26 U Yesu hla niwu, a wawu yi wa mi ka cichon bredi sun ni kano. Naki ri na ka bredi sun, na ka no Yahuda ivren Siman Iskariyoti.
Yesu buae se, “Nea mede brodo bɛbɔ mu ama no no, ɔno na obeyi me ama.” Na ɔde brodo bɔɔ mu maa Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no.
27 Ni kogon bredi'a u ibrji a ri ni wu, u Yesu hla niwu, “Ikpe wa u son ti'a, uka ti gbagbla.”
Bere a Yuda gyee brodo no pɛ, na ɔbonsam bɛhyɛɛ ne mu. Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nea wopɛ sɛ woyɛ no, yɛ no ntɛm!”
28 Indrjori na la he ni tebru na, wa ani to ikpe wa yo'a hla niwu naki'a.
Wɔn a na wɔte adidii no mu biara ante asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no ase.
29 Bari mba ba ya ndi, a Yahuda yi ni nji imbu nklen Yesu hla niwa, “Le ikpe wa ki son ti ndu niwu ni idin,” ko ka no ikpe ni bi wa ba kunyre'a.
Esiane sɛ Yuda na ɔhwɛ asuafo no sika so nti, na wosusuw sɛ Yesu reka akyerɛ no se ɔnkɔtɔ biribi a ɛho hia ma afahyɛ no anaasɛ ɔnkɔma ahiafo biribi.
30 Ni kogon wa Yahuda a kpa bredi'a, wa rju gbagbla gbagbla me ni chu me.
Yuda gyee brodo no pɛ na ofii adi; saa bere no na ɛyɛ anadwo.
31 Ni kogon wa Yahuda hi'a, Yesu tre, zizan ba no Vren Indji ni kon, ngari ba no Irji ninkon ni mi ma.
Yuda fii adi kɔe akyi no, Yesu kae se, “Afei na Onipa Ba no anuonyam ada adi; na Onyankopɔn nam Ɔba no so ada nʼanuonyam adi.
32 Irji ni no ninkon ni mi ma, ani no ninkon zizan zizan.
Na sɛ ɛnam Ɔba no so na Onyankopɔn anuonyam da adi a, Onyankopɔn nso nam ne tumi so bɛda Onipa Ba no anuonyam adi. Ɔbɛyɛ eyi ntɛm so.
33 Imri bi tsitsa mi he ni yi ni vi ton tsa me, biwa me na wa mi hla Yahudawa, bubu wa me mi hi bi na ya hi na. Zizan mi hla wa yi ni yiwu.
“Me mma, ɛrenkyɛ biara na megyaw mo hɔ. Sɛnea meka kyerɛɛ Yudafo mpanyin no, mobɛhwehwɛ me nanso morentumi mma faako a merekɔ hɔ no.
34 Mi si no yi indu ri sama, son kpa mbi, na wa mi son yi, na bi ka son kpambi.
“Ahyɛde foforo na mede regyaw mo sɛ, ‘Monnodɔ mo ho mo ho sɛnea medɔ mo no.
35 Na ko nha ni to yi ndi bi almajire mu, inde bi son kpambi.”
Na sɛ mododɔ mo ho mo ho a obiara behu sɛ moyɛ mʼasuafo.’”
36 Siman Bitrus tre niwu, Bachi, u hi ni ntsen?” Yesu hla ni wu, bubu wa mi si hi'a, una ya hina me zizan hi na, u wuka ye hu me ni kogon.”
Simon Petro bisaa Yesu se “Awurade, ɛhe na worekɔ?” Yesu buaa no se, “Faako a merekɔ no de, worentumi nni mʼakyi; daakye bi wobɛba abɛka me ho.”
37 Bitrus hla niwu, “Bachi, a ngyeri mba sa mi na hu zizan na? Mi no re (ivri) mu ni tu me.”
Petro bisaa no se, “Awurade, adɛn nti na merentumi nni wʼakyi saa bere yi? Ɛyɛ owu mpo a, mewu ama wo.”
38 Yesu hla niwu, u ka re (ivri) me no ni tu mu? Gbigbi njanji, mi si hla niwu, u kame ni me ni kpatron ingyu tra ri ndu mble ndu kpan
Yesu bisaa no se, “Woasiesie wo ho ampa ara sɛ wubewu ama me ana? Mereka nokware akyerɛ wo se, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mprɛnsa.”

< Yohana 13 >