< Yohana 10 >
1 Njanji, njanji, mi hla yiwu, indji wa ana ri zu ni gontra hi ni gran tan ba ba na, na hon hu igon ri, indji mba a ndji u yibi na ni kri ni kon.
“Mereka nokware akyerɛ mo Farisifo no se, onipa biara a ɔmfa nguankuw kwan ano na ɔfa ɔkwan foforo so foro kɔ mu no yɛ owifo.
2 Indji wa ari zu ko gon tra ahi indji u krju tanba.
Onipa a ɔfa ɔkwan ano kɔ mu no ne oguanhwɛfo no.
3 Indji u gben a bu'u gon tra niwu. Itanba ba ba wo tre ma, ani yo tanba ba ni nde mba, na nji ba hi kora.
Ɔpon no anohwɛfo no bue ɔpon no ma no, na sɛ ɔfrɛ nguan no nso a wɔte ne nne ma ɔde wɔn fi adi.
4 Ani ta nji ba hi kora, ani guci u tanba ba ba hu nitu wa ba to tre ma.
Sɛ ɔde wɔn fi adi a, odi nguan no anim na nguan no nso di nʼakyi, efisɛ wɔte ne nne.
5 Bana hu indji u tsri na, se ba kulu ni wa bana to itre ma na.”
Wɔrenni onipa foforo biara akyi. Na sɛ ɔfrɛ wɔn a wɔremma, efisɛ wɔnte ne nne.”
6 Yesu tre bawu ni misali yi, u ba na to tu tre wa asi hla ni bawu na.
Yesu buu wɔn saa bɛ yi nanso nnipa no ante no ase.
7 Yesu hla bawu ngari ndi, njanji, njanji, mi hla yiwu, ahi meyi mi inkon tra tanba ba.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn bio se, “Mereka nokware akyerɛ mo se mene nguannan no ano pon no.
8 Biwa ba ye guci ni mu'a wawu mba wu ba bi yibi ni bi kri ni nokn, u itanba ba bana wo bana.
Wɔn a wodii mʼanim kan no yɛ awifo ne adwowtwafo; ɛno nti nguan no ante wɔn nne anni wɔn akyi.
9 Ime yi mi gon tra, indji wa ari zu niki ni nkon mu, ani nawo, ani hi na rju na fe bubu u ri.
Mene ɔpon no. Obiara a ɔnam me so bewura mu no benya nkwa; wobewura mu asan afi adi na wobenya adidibea.
10 Indji u yibi na ya yena nitu wa a yibi, a wu na su indji tu. Mi ye ni ndu ba fe re (iviri) na fe re (iviri) u babran.
Owifo ba a, obewia anaasɛ obedi awu anaasɛ ɔbɛsɛe ade. Me de, maba sɛ ɛbɛyɛ a mubenya nkwa a edi mu.
11 Ime yi mi indji u krju ndindima. Indji u krju ndindi ma ani ka re (iviri) ma no nitu tanba ma.
“Mene oguanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa no ne obi a otumi de ne nkwa to hɔ ma ne nguan.
12 Indji wa ahi vren u ton ndu'a, ana indji u krju na, wa na indji u tanba ba na, ani ta to ya niye, ani kaba chuwo na tsutsu, u iya ka vu ba na vraba ti nkankan.
Obi a wɔabɔ no paa sɛ ɔnhwɛ nguan so no nyɛ nguan no wura; ɛno nti, sɛ ohu sɛ pataku reba a oguan gyaw nguan no hɔ, na pataku no tow hyɛ nguan no so ma wɔbɔ ahwete.
13 A tsutsu nitu wa ahi indji u tie ndu u kenle mba wana ri niwu ni sonron na.
Ɔpaani no guan, efisɛ wɔabɔ no paa na nguan no yiyedi mfa ne ho.
14 A me hi me yi mi indji u krju ndindi ma, mi toh bimu, bimu ba toh me.
“Mene oguanhwɛfo pa no. Minim me nguan na me nguan nso nim me,
15 Iti'a ato Me, Ime mi toh Iti'a, mi ka re (iviri) mu no nitu tanba ba.
sɛnea Agya no nim me na me nso minim Agya no. Masiesie me ho nso sɛ mewu ama nguan no.
16 Me he ni tanba bari wa bana u gran yi na. Dole dun mi nji ba ye ngame, u ba wo lan mu u ntma ba ba he ni bubu rhirhi nda he ni ndji u krju ba rhirhi.
Nguan afoforo bi wɔ hɔ a wɔyɛ me de nanso wonnya mmɛkaa saa nguankuw yi ho ɛ. Ɛsɛ sɛ mede wɔn nso bɛka saa nguankuw yi ho. Wobetie me nne na wɔbɛyɛ nguankuw baako a oguanhwɛfo baako pɛ na ɔhwɛ wɔn so.
17 Ni tu kima, Iti'a ni son me, mi no re mu (iviri) ni ndu mi la ffe ngari.
Agya no dɔ me efisɛ masiesie me ho sɛ mede me nkwa bɛto hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a daakye me nsa bɛka bio.
18 Idiori na ya ban ni me na, ime mi no ni tumu, mi he ni gbengbenle u no, ni he ni gbengbenle u bawu ngari. Mi kpa umurni rji ni Timu.”
Obiara rentumi nnye me nkwa mfi me nsam. Me ara me pɛ mu na mede bɛma. Mewɔ tumi sɛ mede ma na mewɔ tumi nso sɛ mesan gye bio. Eyi ne nea mʼAgya ahyɛ me sɛ menyɛ no.”
19 Ga kpa la lunde ni mi tsutsu Yahudawa nitu lan biyi.
Asɛm a Yesu kae no nti, ɛmaa mpaapaemu baa Yudafo no mu.
20 Gbugbu'u ni mi mba ba tre, aheni brji, ahi indji u siran ngari ani tunge bisi wowu?”
Wɔn mu pii kae se, “Ɔwɔ honhommɔne! Nʼadwene mu ka no! Adɛn nti na mutie no?”
21 Bari ba tre, biyi bana lan tre biwa ba he ni brji na. Ka indji u brji ni ya bu'u shishi indji u fyen?
Afoforo nso kae se, “Onipa a ɔwɔ honhommɔne rentumi nkasa sɛɛ! Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ honhommɔne betumi ama onifuraefo ahu ade?”
22 U ton igan Tsakakewa (Tsiratsira) ni Urushelima a ye tsira'a.
Awɔw bere bi mu a Asɔredandwira duu wɔ Yerusalem no,
23 Ana iton u ma lu, u Yesu zren si hi ni mi hekeli Suleimanu, wa ba me mu me ziye'a.
Yesu kɔpasee wɔ asɔredan no mu baabi a wɔfrɛ hɔ se Salomo Abrannaa so.
24 U yahudawa ba lu hrawu kagon na miyen, “Ani tan mba u chuta chuwo ni mi mire.
Yudafo no betwaa ne ho hyia kae se, “Wobɛma yɛatwɛn akosi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn.”
25 Yesu hla bawu, “Mi hla ni yiwu, u bina kpa yenmen na, indu wa mi si tie ni mi nde Bachi, ba tsoro igban mu.
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Maka akyerɛ mo dedaw nanso munnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi so yɛ no di me ho adanse,
26 Naki bina kpayenme na nitu wa bina tamba mu na.
nanso munnnye nni, efisɛ monyɛ me nguan.
27 Itanba mu ba wo me, mi to ba, ba hu me.
Me nguan te me nne, me nso minim wɔn na wodi mʼakyi.
28 Mi noba re (iviri) u tuntur, ba na to h ikwu na, idiori na ya kpa niwu mu na. (aiōn , aiōnios )
Mema wɔn nkwa a enni awiei a wɔrenwu da, na obi rentumi nhuam wɔn mfi me nsam. (aiōn , aiōnios )
29 Iti mu, iwa Ane ba, a zan ndji nikon wawu, idiori na ya u kpa ni wo Ti'a na.
MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sen obiara, na obiara rentumi nhuam wɔn mfi me nsam.
30 Ime ni Iti'a ki riri me.”
Me ne Agya no yɛ baako.”
31 U Yahudawa ba la vu tita ndi ba ta.
Yudafo no san tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no.
32 Yesu sa bawu, “Mi tsoro yi indu bi babran ma rji ni Ti'a. Nitu iri ni mi indu'a bi ki tame?”
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahu, na emu nea ɛwɔ he ho nti na mopɛ sɛ musiw me abo yi?”
33 U Yahudawa ba sa niwu, “Ana nitu indu iri u ndindi ma mba ki si ta na. Ani tu kpande ti meme nitu. u indji ni kaban ni ban tume na Rji.
Yudafo no buaa no se, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no nti na yɛpɛ sɛ yesiw wo abo, na mmom wʼabususɛm a wokae no nti. Woyɛ onipa desani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!”
34 Yesu sa ni bawu, bana nha nha zi ni du itron bina, mitre, “Bi rji bi ka viri?”
Yesu buaa wɔn se, “Wɔakyerɛw wɔ mo ara ankasa mo mmara mu se, Onyankopɔn kae se, ‘Moyɛ anyame.’
35 Ani ta yo ba Irji biwa itre Rji ye ni ba (bana ya karya na si na, )
Ɛno nti sɛ Onyankopɔn nam anyamesɛm a ɛyɛ nokware so frɛ wɔn a Onyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no se ‘anyame’ a,
36 Bi si hla ni indji wa Iti a zi na ton ndu ni gbungbulu'a, u se latre, (kpa nde tie meme) nitu wa mi tre, Ime mi Vren Rji'a?
adɛn na sɛ nea Agya no somaa no baa wiase no ka se, ‘mene Onyankopɔn Ba no’ a muse waka abususɛm?
37 Mi ta na si tie indu u Timu na, bi ka na kpayenme ni me na.
Sɛ menyɛ nnwuma a mʼAgya pɛ sɛ meyɛ no de a ɛno de, munnnye me nni.
38 Ide mi siti bika, u bi na kpa yenme me na, kpa yenme ni ndu ni to ni ndi Iti he ni me i mi he ni Ti.
Nanso sɛ meyɛ mʼAgya no nnwuma na sɛ munnnye me nni mpo a munnye nnwuma no nni sɛnea ɛbɛyɛ a mubegye adi sɛ Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ ne mu.”
39 U ba tsi kpukpa ndi ba la vu ngari, iwa na bawo rju kado ni wo mba.
Nkurɔfo no pɛɛ sɛ wɔkyere no bio, nanso wɔantumi.
40 Wa hi kpama ni koshishi ni inne Urdun hi ni bubu wa Yahaya ta ti batisma ni sen'a. na ka son ni ki.
Yesu san twa kɔɔ Yordan agya wɔ faako a Yohane bɔ asu no kɔtenaa hɔ.
41 Indji gbugbuwu ba ye niwu, “Njanji Yahaya na ti ba gban kperina (alamu) wawu ikpe wa Yahaya ta tre nitu gu yi'a ba njanji.
Nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. Wɔn mu dodow no ara kae se, “Yohane anyɛ anwonwade, nanso biribiara a ɔka faa saa ɔbarima yi ho no yɛ nokware.”
42 Indji gbugbuwu ba kpanynme niwu ni ki.
Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu bebree gyee no dii.