< James 4 >
1 a hinge ni ji vii ni hama ni katu kabi ye ni mi mbi/
Ɔko ne akasakasa a asi mo mu yi firi he? Ɛfiri mo ara mo akɔnnɔ a ɛne mo onipadua di asie no.
2 son ndi na nafe na bi wuundu tiengu bina fena bi tsi ni vii u zizan bina fena don bina mye na
Morepɛ nneɛma bi nanso morentumi nnya, ɛno enti moayɛ mo adwene sɛ mobɛdi awu. Mo ani abere dendeenden repɛ nneɛma bi, nanso mo nsa nka, enti akasakasa ne ɔko nam so ba. Deɛ morehwehwɛ no, mo nsa renka ɛfiri sɛ, mommisa Onyankopɔn.
3 bi bre ndi na fe na don bina bre ni kon ndindi ma na bi son ndi bi tie ndu niwu ni kon meme ma
Na sɛ mobisa koraa nso a, mo nsa renka, ɛfiri sɛ, mowɔ adwemmɔne. Mobisa nneɛma a ɛyɛ mo akɔnnɔdeɛ.
4 biyi bii tie kan binato na tie kpan ni ngbungblu ahi kwatre rji?
Nnipa a monni gyidie! Monnim sɛ, sɛ mofa ewiase adamfo a, na moyɛ Onyankopɔn atamfoɔ? Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ewiase adamfo no dane Onyankopɔn ɔtamfoɔ.
5 bisi ya ndi ikpe wa nasi hla ahe megen? ibrji tsratsra wa a he ni i mbua nitie ngu kpukpo me?
Mosusu sɛ Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Ninkunutwe ahyɛ honhom a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn mu no ma” no wɔkaa no kwa?
6 irji nno zizi babran itre rji tre ndi irji ni kamani ndrji u sentu ani tie zizi ni ndrji u katugyi
Nanso, adom a Onyankopɔn dom yɛn no dɔɔso yie. Na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.”
7 nnotumbi ni rji kambi ni shetan ani tsutsu di kon yuwuu
Enti, momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Monsi ɔbonsam kwan, na ɔbɛdwane afiri mo ho.
8 whie ye ni rji u wawu me ni whie ni yi ngla wo mbi biyi bi latre ngla sron mbi biyi bi sron ha
Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfoɔ! Monte mo akoma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!
9 losron kpukpome losron yi ndu nza mbi kati losron ngyri mbi ndu kati yi
Monni awerɛhoɔ, monsu, na montwa agyaadwoɔ; momma mo sereɛ nnane su, na mo anigyeɛ nnane awerɛhoɔ.
10 ka tu mbi gji ni shishi rji u wawu ni nzuyi wlunde.
Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so.
11 na tretre meme nitu vayi me na mrlivayi indji wa a tretre meme ma nitu vayima ko atron nitu vayi ma ani tretre meme ma nitu du nda ni bla tre nitu du a tsro ndi u na to ni nfutu na ukati indji u bla
Me nuanom, monnnidi mo ho nsekuro. Obiara a ɔkasa tia ne nua anaa ɔbu no atɛn no, kasa tia Mmara no. Na sɛ wobu Mmara no atɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, afei deɛ wonni Mmara no so.
12 indji riri nno du nda tretre wawuyi nito kpa cuwo nda kpa tie meme
Onyankopɔn nko na ɔma mmara na ɔbu atɛn. Ɔno nko na ɔgye nkwa na ɔsɛe. Wone hwan a wobu wo yɔnko atɛn?
13 wo mba biyi a bi tre ndi iuwa komble ki hi ni gbu mu ndi tie se ri nikima ndi le ndi fe gbugbuu
Mo a moka sɛ, “Ɛnnɛ anaa ɔkyena yɛbɛtu kwan akɔ kuro bi so akɔdi afe akɔyɛ adwuma, apɛ sika” no, montie me.
14 ahi nhato kpe wa ni te imblea ka son me ni he ni he u he na kpalu wa ani rij niton fie me nda ka kadoa
Monnim deɛ ɛbɛto mo ɔkyena: Mote sɛ huhuro a ɛba mmerɛ tiawa bi na ayera.
15 nawa u katre ndi baci nita kpa yine u ki he ni mi bi vrli ki tie wayi ndi tie wamu
Asɛm a ɛsɛ sɛ moka ne sɛ, “Sɛ Awurade pɛ a, yɛbɛyɛ yei anaa yei.”
16 zizan u wuro ni san ni kpe wa uyo nimi sron mea bi bi wuro ni san kima ahi kpe memema
Nanso, seesei mohoahoa mo ho de mo nsa si mo bo; saa ahohoahoa no nyinaa yɛ bɔne.
17 u indji wa ato kpe wa abi ndutiea nda na tieu na a hi latre ni wuu
Enti, deɛ ɔnim papayɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.