< James 4 >

1 a hinge ni ji vii ni hama ni katu kabi ye ni mi mbi/
Ɔko ne akasakasa a asi mo mu yi fi he? Efi mo ara mo akɔnnɔ a ɛne mo nipadua di asi no.
2 son ndi na nafe na bi wuundu tiengu bina fena bi tsi ni vii u zizan bina fena don bina mye na
Morepɛ nneɛma bi nanso morentumi nnya, ɛno nti moayɛ mo adwene sɛ mubedi awu. Mo ani abere denneennen rehwehwɛ nneɛma bi, nanso mo nsa nka, enti akasakasa ne ɔko nam so ba. Mo nsa renka nea morehwehwɛ no efisɛ mummisa Onyankopɔn.
3 bi bre ndi na fe na don bina bre ni kon ndindi ma na bi son ndi bi tie ndu niwu ni kon meme ma
Na sɛ mubisa koraa nso a, mo nsa renka, efisɛ mowɔ adwemmɔne, sɛ ɛbɛyɛ a mode nea munya no begye mo ani.
4 biyi bii tie kan binato na tie kpan ni ngbungblu ahi kwatre rji?
Nnipa a munni gyidi! Munnim sɛ, sɛ mofa wiase adamfo a, na moyɛ Onyankopɔn atamfo? Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no bɛyɛ Onyankopɔn tamfo.
5 bisi ya ndi ikpe wa nasi hla ahe megen? ibrji tsratsra wa a he ni i mbua nitie ngu kpukpo me?
Mususuw sɛ Kyerɛwsɛm a ɛka se, “Ninkutwe ahyɛ honhom a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn mu no ma” no wɔkaa no kwa ana?
6 irji nno zizi babran itre rji tre ndi irji ni kamani ndrji u sentu ani tie zizi ni ndrji u katugyi
Nanso adom a Onyankopɔn dom yɛn no dɔɔso yiye. Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.”
7 nnotumbi ni rji kambi ni shetan ani tsutsu di kon yuwuu
Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo ho.
8 whie ye ni rji u wawu me ni whie ni yi ngla wo mbi biyi bi latre ngla sron mbi biyi bi sron ha
Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfo! Montew mo koma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!
9 losron kpukpome losron yi ndu nza mbi kati losron ngyri mbi ndu kati yi
Munni awerɛhow, munsu, na muntwa agyaadwo; momma mo serew nnan osu, na mo anigye nnan awerɛhow.
10 ka tu mbi gji ni shishi rji u wawu ni nzuyi wlunde.
Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so.
11 na tretre meme nitu vayi me na mrlivayi indji wa a tretre meme ma nitu vayima ko atron nitu vayi ma ani tretre meme ma nitu du nda ni bla tre nitu du a tsro ndi u na to ni nfutu na ukati indji u bla
Me nuanom, munnnidi mo ho nseku. Obiara a ɔkasa tia ne nua anaa obu no atɛn no, kasa tia mmara no. Na sɛ wubu mmara no atɛn a, na ɛkyerɛ sɛ afei de, wunni mmara no so.
12 indji riri nno du nda tretre wawuyi nito kpa cuwo nda kpa tie meme
Onyankopɔn nko na ɔma mmara na obu atɛn. Ɔno nko na ogye nkwa na ɔsɛe. Wone hena a wubu wo yɔnko atɛn?
13 wo mba biyi a bi tre ndi iuwa komble ki hi ni gbu mu ndi tie se ri nikima ndi le ndi fe gbugbuu
Mo a moka se, “Nnɛ anaa ɔkyena yebetu kwan akɔ kurow bi so akodi afe akɔyɛ adwuma, apɛ sika” no, muntie me.
14 ahi nhato kpe wa ni te imblea ka son me ni he ni he u he na kpalu wa ani rij niton fie me nda ka kadoa
Munnim nea ɛbɛto mo ɔkyena. Mote sɛ omununkum a ɛba bere tiaa bi na ɛyera.
15 nawa u katre ndi baci nita kpa yine u ki he ni mi bi vrli ki tie wayi ndi tie wamu
Asɛm a ɛsɛ sɛ moka ne se, “Sɛ Awurade pɛ a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi.”
16 zizan u wuro ni san ni kpe wa uyo nimi sron mea bi bi wuro ni san kima ahi kpe memema
Nanso mprempren mohoahoa mo ho de mo nsa si mo bo. Saa ahohoahoa no nyinaa yɛ bɔne.
17 u indji wa ato kpe wa abi ndutiea nda na tieu na a hi latre ni wuu
Enti nea onim papa yɛ na ɔnyɛ no, ɛyɛ bɔne ma no.

< James 4 >