< Ndu Manzaniba 25 >
1 Zizan Festus a rini Lardia, i vi tra a ka hi, a zren rji ni Kasariya nda ka ri ni Urushelima.
Festo besii Felike anan mu sɛ amrado wɔ Kaesarea no, ne nnansa so no ɔkɔɔ Yerusalem.
2 Kikle Prist baba bi ninkon kri nimi Yahudawa, ba nji tre wu wa tro nitu Bulus, nda mye Festus
Asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no bɛtoo nʼanim.
3 ni bre ndi du ya ba ni lo sron nitu Bulus, - ndi du yo ye ni Urushelima, nitu ba sia wan nkon wa ba wuu ni ya ybi ni nkon ye.
Esiane sɛ na wɔabɔ Paulo ho pɔw sɛ wɔbɛtɛw no wɔ ɔkwan so akum no nti, wɔsrɛɛ no sɛ wɔmma wɔmfa no mmra Yerusalem.
4 Festus a sa bawu ndi ba vu Bulus lo zi ni Kasariya, i wawu me ana ni gbron nkon na, ani hiniki.
Nanso Festo buaa wɔn se, esiane sɛ Paulo da afiase wɔ Kaesarea na ɛrenkyɛ biara ɔno ankasa bɛkɔ hɔ nti,
5 “Nitu ki, biwa ba he ni nkon hi,” a tre, “baka huta hiki. Ikpe memenita he nitu iguyi, bika ye nhawu.”
wɔn a wodi asɛm no anim no ne no nkɔ nkodi asɛm no wɔ hɔ.
6 Festus a sonwu vi tandra hi wlon nda lu grji hi ni Kasariya, i ni vi wu huki, a kuson ni ruron gaatre nda nduba yo Bulus nji wu ye niwu.
Festo dii bɛyɛ nnaawɔtwe anaa nnafua du ansa na ɔresan aba Kaesarea. Obeduu adekyee no, ɔtenaa agua mu dii Paulo asɛm.
7 Niwa a ye'a, Yahudawa rjini Urushelima ba ki whi niki, nda nji gbugbu kpi bi gbengblen ye nhawu ndana to nkon u low ni bana.
Bere a Paulo beduu asennii hɔ no, Yudafo a wofi Yerusalem no twaa ne ho hyiae fii ase kekaa nsɛm a ɛnyɛ nokware too no so.
8 Bulus a ngla kpama nda tre ndi, “Mina ti kpe wu latre nitu iduu wu Yahudawa, ko ka ni hekali na, mba ka ni siza na.”
Paulo yii ne ho ano se, “Minni biribiara ho fɔ, efisɛ menkasa ntiaa Yudafo mmara; minguu asɔredan ho fi, na menkasa ntiaa Roma aban nso.”
9 U Festus a ta son kpa nyime ni Yahudawa, kimayi ndu Bulus tre ndi, “Wu son hon hi ni Urushelima du mi hi gaatre ni tu kpi biyi niki?”
Esiane sɛ na Festo pɛ sɛ ɔsɔ Yudafo no ani nti obisaa Paulo se, “Wopɛ sɛ mede wo kɔ Yerusalem kodi wʼasɛm wɔ hɔ ana?”
10 Bulus a tre ndi, “Mi kri ni shishi ruron gaatre Siza, ni bubu wa ani wo tre mu.” Mina ti kpe meme ni Yahudawa na, me wa wume wu to.
Paulo buae se, “Esiane sɛ Ɔhempɔn Kaesare asennii na migyina nti, ɛha ara na ɛsɛ sɛ wodi mʼasɛm, bu me atɛn efisɛ menyɛɛ Yudafo bɔne biara sɛnea wo ara wunim no.
11 Mita na ti kpe meme mba mita ti kpe wa a tsra dumi kwu, mina kamu ni kwu na. I nha mba na kpe na, du ndrjo na kame chuwo ni bawu na. Mi bre kri ni shishi Siza.”
Sɛ mabu mmara so anaa mayɛ biribiara a ɛno nti ɛsɛ sɛ wobu me kumfɔ a, minsuro. Nanso sɛ nsɛm a saa Yudafo yi ka tia me no nyɛ nokware a, obiara rentumi mfa me mma wɔn. Miguan toa Ɔhempɔn Kaesare.”
12 Hu gon wa Festus ba tre baba bi son bi ninkon ba, a sa niwu ndi, “Wu bre ndi wu son kri ni shishi Siza, Ni shishi Siza mba wu hi!”
Festo ne ne mpanyimfo tuu agyina wiei no, ɔka kyerɛɛ Paulo se, “Esiane sɛ woaguan atoa Ɔhempɔn Kaesare no nti yɛde wo bɛkɔ nʼanim.”
13 Zizan, hu vi bari, Ichu agrippa mba Bernice ba ye ri ni Kasariya, nitu ye zren ya ndu wu Festus.
Nna bi akyi no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛmaa Festo akwaaba.
14 Niwa ba heniki wu bi gbugbuwu, Festus a nji tre Bulus ye ni Ichua; a tre ndi, “Felix a ka igu ri don nigon nimi kotro.
Wɔwɔ hɔ no, Festo ne Ɔhene Agripa dii Paulo asɛm no ho nkɔmmɔ. Festo ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔbarima bi wɔ ha a Felike gyaw no sɛ odeduani;
15 Niwa mina hi ni Urushelima, ninkon Prists baba bi chiche Yahudawa ba nji tre ye nha nitu igu yi nimu, nda wa dumi lo wu kwu ni bawu.
na mekɔɔ Yerusalem no, Yudafo asɔfo mpanyimfo ne mpanyin kaa nsɛm bi tiaa no sɛ minnyina so mmu no kumfɔ.
16 Mi sa bawu ndi a na he ni nkon wu hu bi Roma du ba ka ndrjo nu hama ni indji wa ba nhawu ka kri bla ni shishi biwa ba nhau a, nitu du to ngla tuma ni kpi wa ba nhau ni wua.
“Nanso meka kyerɛɛ wɔn se, Roma mmara mma ho kwan sɛ wobu obi fɔ wɔ bere a wonnii nʼasɛm ɛ, enti wɔmma no kwan na onyi ne ho ano wɔ asɛm a wɔka tia no no ho.
17 Nituki, niwa ba ye wawumba ni wayi, mina gben na, nivi wu hukima, mi son ni ruron gaatrea ni ton du ba nji igua ye.
Wɔbae no mansɛe bere koraa na ade kyee no, mehyɛɛ sɛ wɔmfa no mmra na minni nʼasɛm.
18 Niwa bi nhanwuba ba lu kri, bana nhawu ni kpe wa mi ban ndi a hi meme dri na.
Nanso wɔanka nsɛm a misusuwii no mu biara anto no so.
19 Hama ki, ba sia hlo nyu ni wu nitu nkon hu Irji mba mba nitu indji ri Yesu wa a kwu ye, wa Bulus ni ban di a he ni sisren.
Nsɛm a wɔkaa no fa wɔn nyamesom ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu a owui nanso Paulo ka se ɔte ase no ho.
20 Mina to nkon wu hu ri shle tu tre yi na, niki mi myeu ka anison hi ni Urushelima, nda hi ngla tuma ni nha tre biyi.
Esiane sɛ na asɛm no kyere mʼadwene nti, mibisaa Paulo sɛ ɔpɛ sɛ mikodi nʼasɛm wɔ Yerusalem ana?
21 I wa Bulus a bre ndi ki don zi ni bubu tro, nitu du gben kpe wa kikle ninkon wawu ani ban ni tuma. Mi du ba ziu ni tro ni du mi ka tru hi ni Kaisar.”
Nanso Paulo guan toaa Ɔhempɔn Kaesare. Enti mesan ma wɔde no kɔtoo afiase kosi bere a metumi de no akɔ Ɔhempɔn Kaesare anim.”
22 Agrippa a tre ni Festus, “Mi son wo igu'a ngame.” “Imble,” Festus a hla, “wu woo wu.”
Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo se, “Mepɛ sɛ mʼankasa mitie nʼanom asɛm.” Festo ka kyerɛɛ no se, “Ɔkyena mede no bɛba na woatie nʼanom asɛm.”
23 Niki ni vi wu hua, Agrippa mba Bernice ba ye ni kikle gan; nda ye ri ni mi ko sona ni ninkon sojoji baba kikle indji bi gbua. Niwa Festus a lu tre du ba hi njiwu ye, baka nji Bulus ye.
Ade kyee no Ɔhene Agripa ne Berenike hyehyɛɛ wɔn ho de ahokeka ne asraafo mpanyimfo ne kurow no mu mpanyin kɔɔ asennii hɔ. Festo hyɛ ma wɔde Paulo baa asennii hɔ.
24 Festus a tre ndi, “Ichu Agrippa, ni ba ndji me wawuu wa ba he niwa nitaa, wuto indji yi, ni Urushelima mba ni wayi ngame, i ba kpagro ndi du na la son ni sisren na.
Festo kae se, “Ɔhene Agripa ne mo a moahyia ha nyinaa, saa ɔbarima yi na Yudafo a wɔwɔ ha ne Yerusalemfo aka nsɛm atia no, de no abrɛ me sɛ mimmu no kumfɔ no,
25 Mi ya nito ndi anati kpe wa a tsra wu kwu na, i nitu wa a bre ndi du wawu hi ni shishi emperor wawu, mi ban zi ndi mi tru hi niwu.
nanso mannya asɛm biara annyina so a mede bebu no kumfɔ. Esiane sɛ ɔno ankasa guan toaa Ɔhempɔn Kaesare no nti, mayɛ mʼadwene sɛ mede no bɛkɔ nʼanim.
26 Niki mina he ni kpe tsatsra wa mi nha ni Bachi mu na. Nitu ki, mi njiwu ye ni wu, iwu Ichu Agrippa, nitu du mi kpa kpe wa mi nha nitu trea.
Esiane sɛ minni asɛm pɔtee bi a mɛkyerɛw akɔma Ɔhempɔn Kaesare nti, na mede no aba wo, Ɔhene Agripa anim se sɛ wuwie wo nhwehwɛmuyɛ a manya biribi agyina so de akyerɛw ne ho asɛm.
27 A rjuto ana he nituma du me tru indji wa a he ni lo hama ni hla ngame nhan wa a heni tumaa.”
Minnye nni sɛ ntease wɔ mu sɛ mede odeduani bɛkɔ nʼanim a menkyerɛw biribi pɔtee bi a etia no!”