< 1 Yohana 5 >

1 Indi wa akpa yiem di yesu a kristi bagrji u rji ni Irji inde di wa a kpayiem ni ti'a naki ani yiem ni vre wa ba grji ni u.
Obiara a ɔgye di sɛ Yesu yɛ Agyenkwa no yɛ Onyankopɔn ba. Na obiara a ɔdɔ Agya no dɔ ne mma no nso.
2 Ahe naki ki toh di ki kpayiem mri Irji inde ki yiem ni Irji di zi tre ma.
Yei na ɛma yɛhunu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma; sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadi nʼahyɛdeɛ so.
3 Naki wa yi a yiem u'Irji: wa ki yiem ni tre ma kuma itre ma ba na u' di'na.
Ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn no kyerɛ di a yɛdi nʼahyɛdeɛ so. Na nʼahyɛdeɛ no nso sodie nyɛ den mma yɛn,
4 Du ndi wa ba grji rji ni Irji ani zan gbengbenlen gbugbulu. Nakima hi nasara wa a zan gbengbenlen gbugbulu wato jaji bu.
ɛfiri sɛ, Onyankopɔn ba biara di ewiase so nkonim. Yɛnam yɛn gyidie so di ewiase so nkonim.
5 Ahi wu han wa a zan gbengbenlen gbugbulu'a? Ahi ndi wa a kpa yeim di yesu a vre Irji.
Hwan na ɔbɛtumi adi ewiase so nkonim? Obi a ɔgye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no nko ara.
6 Wa yi i, hi wa aye ni ma mba yin Yesu kristi aye ni ma ni kangrji na, ama ni ma ba yin.
Yesu Kristo yɛ obi a ɔnam nsuo ne mogya so baeɛ. Ɛnyɛ nsuo nko so na ɔnam baeɛ na mmom, nsuo ne mogya. Na ɛyɛ Honhom no na ɛdi ho adanseɛ ɛfiri sɛ, Honhom no ne nokorɛ no.
7 A baba tra wa ba kpa yiem:
Adansefoɔ baasa na wɔwɔ hɔ.
8 Ni Ruhu ni ma u ni yin. Bi yi tra ba ti yaje jeniya ni kpa mba. Ifiift Greek bi sen ba han kpi didima.
Honhom no, nsuo no ne mogya no. Saa adansefoɔ yi adwene hyia.
9 Inde ki kpa jaji u ndi, jaji u Irji a zan wayi hi testimony u' Irji wa a kpa yeim ni vre ma.
Yɛgye adanseɛ a nnipa di no di; nanso adanseɛ a Onyankopɔn di no mu yɛ den yie. Na saa adanseɛ no na Onyankopɔn adi afa ne Ba no ho no.
10 Du ndi wa a kpayeim ni vre Irji ahei ni testimony ni suron ma indi wa ana kpayeim ni Irji na a kma u'ti ndi u' che don ana kpayeim ni testimony wa Irji no nitu vre ma na.
Enti, obi a ɔgye Onyankopɔn Ba no di no agye saa adanseɛ yi adi wɔ nʼakoma mu. Na obi a ɔnnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ, wannye adanseɛ a Onyankopɔn di faa ne Ba no ho anni.
11 Testimony a wa yi, Irji nota son u'tutrun u rei ki hei ni mi vre ma. (aiōnios g166)
Yei ne adanseɛ no: Onyankopɔn ama yɛn nkwa a ɛnni awieeɛ; na saa nkwa no wɔ ne Ba no mu. (aiōnios g166)
12 Indi wa ahei ni vre'a ahei ni rei. Indi wa ana hei ni vre Irji na ana hei ni rei na.
Obiara a ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no, na obiara a ɔnni Ɔba no nni nkwa no.
13 Mi han kpie bi i ni yu'u du yi toh di bi hei ni rei u' tutrun ni ndi wa kpa yeim ni de vre Irji. (aiōnios g166)
Mo a mogye Onyankopɔn Ba no din di no, meretwerɛ mo yei sɛdeɛ ɛbɛma moahunu sɛ mowɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. (aiōnios g166)
14 Wa yi hi gbengbenlen wa ki hei ni u, du ikpie wa ki miye wa hei di di ni mere ma ani woh ta.
Na anidasoɔ a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim ne sɛ, yɛnim sɛ biribiara a yɛbisa no wɔ ne pɛ mu no, ɔtie yɛn.
15 Naki inde ki toh dani wota ko ahi gye ki miye, ki ka toh di ikpie wa ki miye ki kpa ye.
Ɛberɛ biara a yɛbisa no no, ɔtie yɛn. Yɛahunu sɛ yei yɛ nokorɛ yi, yɛnim nso sɛ ɔma yɛn deɛ yɛbisa no biara.
16 Inde ndi'a atoh vayi si ti latre wa ana tsra u' que na, wa ka bre Irji ni no rei, me gomace ni bi wa latre mba na kai u que na, Lahtre ri hei wa atsra u que, mina tre di du bre nitu kima na.
Sɛ obi hunu sɛ ne nua ayɛ bɔne bi a ɛmfa no nkɔ owuo mu a, ɔmmɔ Onyankopɔn a ɔbɛma no nkwa no mpaeɛ mma no. Yei fa wɔn a wɔn bɔne mfa wɔn nkɔ owuo mu no ho. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛde onipa kɔ owuo mu na ɛno ho deɛ, menka sɛ mommɔ ho mpaeɛ nkyerɛ Onyankopɔn.
17 Dukikpie u' meme ma a lahtre na ki lahtre wa ana tsra'u que na.
Afideyɛ nyinaa yɛ bɔne, nanso bɔne bi wɔ hɔ a ɛnkɔwie owuo mu.
18 Kitoh du ndi wa ba grji'u rji ni Irji ana ti lahtre na. Naki u wa ba grji rji ni Irji gyegyere u bi ibrji na iya da ti u meme na.
Yɛnim sɛ Onyankopɔn ba biara nkɔ so nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ba no bɔ wɔn ho ban, na ɔbonsam ntumi nyɛ wɔn bɔne.
19 Ki toh di kita ki rji ni Irji kuma kitoh di gbugbulu wawu ahei ni mi gbengbenlen bi brji.
Yɛnim sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma, na ewiasefoɔ deɛ wɔhyɛ ɔbonsam tumi ase.
20 Na ki ki to di ver Rji ye buh shishi ni ta u di wa yi hi jaji, ki hei ni wu wa wu hi hi jaji ni mi ver ma Yesu kristi. Iwayi yi a Rji u jaji u son kibo (tutrun). (aiōnios g166)
Yɛnim sɛ Onyankopɔn Ba no aba, na wama yɛahunu nokorɛ Onyankopɔn no. Ɔno ne Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔma daa nkwa no. (aiōnios g166)
21 Imir na cib hi ni bi birji na
Me mma, montwe mo ho mfiri abosom ho.

< 1 Yohana 5 >