< 1 Yohana 3 >

1 Toh i irin son wa anota, du ba yo ta ti mri Irji naki ki hei a hei naki gbugbulu na toh ta na. Naki ba na to Iti a na iftift ikpe bari bi didima u” bi Greeku' nisein ba toh da gran ya da ki hei ifga.
Monhwɛ ɔdɔ a Agya no dɔ yɛn. Ne dɔ a ɔdɔ yɛn no mu den nti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokware nso. Ne saa nti wiase nnim yɛn efisɛ ennim Onyankopɔn.
2 Kpukpamu ki mri Irji zizan ba riheiu gran yada ki hei ki toh inde yesu a ye kita me ki hei ki toh inde yesu a ye kita me ki hei na wawu hei ki toh naki yada a hei.
Me nuanom, mprempren yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso nea daakye yɛbɛyɛ de, yennim. Nanso yenim sɛ Kristo ba a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte.
3 Indi wa a si yo shishi ni ua ka gla kpama na wa wu hei.
Obiara a ɔwɔ saa anidaso yi wɔ Kristo mu no yɛ ne ho kronkron sɛnea Kristo yɛ kronkron no.
4 Indi wa a si lahtre a si ti kpe wa a na didima na don lahtre hi kpe meme.
Obiara a ɔyɛ bɔne no bu Onyankopɔn mmara so, efisɛ bɔne yɛ mmara sobu.
5 Bi toh ba shile kristi rju du ye ban lahtre mbu rhu ni ta wu naki ni u' kena lahtre na heina.
Munim sɛ Kristo bae se ɔrebɛfa nnipa bɔne, efisɛ ɔno de, bɔne nni ne mu.
6 Ba ndi wa ani hei ni 'u' da si ta lahtre. Ba ndi wa sita latre da tre me di wawu to'o ko a yemen ni wu.
Enti obiara a ɔtena Kristo mu no nkɔ so nyɛ bɔne. Na obiara a ɔkɔ so yɛ bɔne no nhuu no, na onnim no.
7 Imir na yeim du dio grue yi na ndi wa a si ti kpe didima a hi ndi didi na wa kristy a didi ma.
Mommma obi nnaadaa mo, me mma. Obiara a ɔyɛ nea ɛteɛ no yɛ ɔtreneeni sɛnea Kristo yɛ ɔtreneeni no.
8 Indi wa a si ti latre a rji ni brji, don ibrji latre rji ni mumla, Na ki u' ba shile vre Irji rhu du ye kpa du brji ti meme.
Nea ɔkɔ so yɛ bɔne no yɛ ɔbonsam de, efisɛ ɔbonsam fi mfiase pɛe, na ɔyɛɛ bɔne. Saa asɛm yi nti na Onyankopɔn Ba no bae. Ɔbaa sɛ ɔrebɛsɛe ɔbonsam nnwuma.
9 Indi wa ba grji rji ni Irji ana si ti lahtre na, domin ibin u' Irji a hei ni u' ana la lah tre na, don ahe gjri u rji.
Obiara a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no nkɔ so nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn su wɔ ne mu, na esiane sɛ Onyankopɔn yɛ nʼAgya nti, ontumi nkɔ so nyɛ bɔne.
10 Na ki mri Irji baba mri ibrji ba shile ba, indi wa ana tikpe didima na ana rji ni Irji na du ni indi wa ani kran vayi ma.
Nsonoe a ɛda Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma ntam ne sɛ, obi a ɔnyɛ papa anaa ɔnnɔ ne nua no nyɛ Onyankopɔn ba.
11 I wa hi imbe wa bi woh ni mumla ki yemen kpa mbu.
Nsɛm a motee mfiase no kyerɛ sɛ, monnodɔ mo ho.
12 Kina ti na kayinu na wa a rji ni brji da wu vayi ma ani tu gye awu? don idu ma ana u'brji u vayi ma ka didima.
Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Kain. Na ɔyɛ ɔbonsam de. Enti okum nʼankasa ne nua. Adɛn nti na Kain kum no? Efisɛ nneɛma a ɔyɛe no yɛ bɔne, nanso ne nua no de, ɔyɛɛ papa.
13 Mri vayi na ti “mamaki” na, inde gbugbulu ni kran yi.
Enti anuanom, sɛ wiasefo tan mo a, mommma ɛnyɛ mo nwonwa.
14 Ki toh ki rju ni mi ique idi ri na rai don ki san mri vayi.
Yenim sɛ yɛafi owu mu aba nkwa mu. Yenim saa, efisɛ yɛdɔ yɛn nuanom.
15 Indi wa ana son vayi ma na, a hi u wu ndi bi toh bi wu ndi ba na hei ni re u tutrun ni wu na. (aiōnios g166)
Obi a ɔtan ne nua no yɛ owudifo na munim nso sɛ owudifo nni nkwa a enni awiei wɔ ne mu. (aiōnios g166)
16 Na ki ki toh son wa kristi ka tu ma no ba wu don kita. Kita me ki ka tumbu no domin mri vayi.
Eyi na ɛma yehu sɛnea ɔdɔ te. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom.
17 Du ndi wa ahei ni kpi bi gbugbulu yi, da toh vayi ma ni mi yah da na zo u na, yaya itre Irji ni he ni u?
Sɛ obi yɛ ɔdefo na ohu sɛ biribi ho hia ne nua na wanhu no mmɔbɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka se ɔdɔ Onyankopɔn wɔ ne koma mu?
18 Mri mu ki na ta tre ki yemen mir vayi ni yun kuklu na ki ti ni mi suron jaji.
Me mma, ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ no yɛ kasa hunu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdɔ turodoo a ɛnam nneyɛe so da ne ho adi.
19 Na ki ki toh di ki rji ni jaji, naki ki kpayemen ni suron mbu ni u.
Eyi na ɛbɛma yɛahu sɛ yɛwɔ nokware no. Eyi na ɛbɛma yɛn koma anya gyidi wɔ Onyankopɔn anim.
20 Inde suron mbu kashe ta, Irji zan suron mbu da toh kpi ba wawu.
Sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ mpo a, yenim sɛ Onyankopɔn so sen yɛn koma, na onim biribiara.
21 Kaunatatu, inde suron mbu na kashe ta na, ki ka hei ni gbengbenlen ni Irji.
Enti anuanom adɔfo, sɛ yɛn koma ammu yɛn fɔ a, yɛwɔ akokoduru wɔ Onyankopɔn anim.
22 Du ikpe wa ki mie ki kpa ni u' don ki zi itre ma di ni ti kpe wa ani nu kikla suron
Biribiara a yebisa no no, yɛn nsa ka, efisɛ yedi ne mmara so na yɛyɛ nʼapɛde nso.
23 I wa yi hi tre ma ki ka kpayemen ni vre ma yesu kristi di son kpa mbu na wa no ta tre ma.
Ne mmara no ka se, yennye ne Ba Yesu Kristo no din nni na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho sɛnea Kristo hyɛɛ yɛn no.
24 Indi wa azi tre Irji a hei ni Irji u Irji hei ni ndia. Naki ki toh di a hei ni ta ni mi Ruhu tsatsarka da a nota.
Obiara a odi Onyankopɔn mmara so no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. Na eyi na ɛma yehu sɛ Onyankopɔn te yɛn mu. Yenim no saa esiane Honhom a wama yɛn no nti.

< 1 Yohana 3 >