< 1 Yohana 2 >

1 Mri, mi si han kpi biyi ni yu'u du yina lahtre na. Uri ni ta lahtre ki hei ni di u kpa wo mbu ni wo timbu, wato yesu christy wa wu di riri wa ana latre na.
Me mma, merekyerɛw eyi abrɛ mo na moanyɛ bɔne; na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ Yesu Kristo ɔtreneeni no a ɔsrɛ wɔ Agya no hɔ ma yɛn.
2 Wa wu yi ni wur latre mbu laga ana'u mbu ni klembu na u gbugbu wawu.
Na Kristo no ankasa ne yɛn bɔne ho mpata na ɛnyɛ yɛn bɔne nko, na nnipa nyinaa bɔne.
3 Kitoh di ki ye toh idan ki u tre ma.
Sɛ yedi Onyankopɔn mmara so a, na ɛkyerɛ sɛ yenim no.
4 Indi wa atre di wawu toh Irji da na hu tre ma na a hi di wu che u jaji na hei ni suron ma na.
Sɛ obi ka se, “Minim no,” nanso onni ne mmara so a, saa onipa no yɛ ɔtorofo a nokware nni ne mu.
5 Indi wa a grji trema jaji hei wu ni Irji. Na yi ki toh di ki hei tare ni wu.
Na sɛ obi tie nʼasɛm a, na nokware dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no wie pɛyɛ wɔ ne mu. Eyi na ɛma yehu sɛ yɛte ne mu.
6 Indi wa a tre di wa wu hei ni. Irji ka zre na wawu a zre a.
Na ɛsɛ sɛ nea ose ɔte ne mu no biara di Yesu Kristo anammɔn akyi.
7 Mir ya, mina si han tre sisa ma ni yu'u na ahi cihe tre wa bi woh rimumal chiche tre a hi tre wa bi wo'a.
Anuanom, saa mmara a merekyerɛw abrɛ mo yi nyɛ asɛm foforo. Ɛyɛ mmara dedaw a moate fi mfiase pɛɛ no. Mmara dedaw no yɛ ade a moate ho asɛm dedaw.
8 Misi han tre sa ma ni yu'u wa a jaji ni mi kristi ni mi mbi me, don ibwu a zren ka si hi kpama. u kpan u jaji a si kpan
Nanso mmara a merekyerɛw abrɛ mo yi yɛ foforo na mu nokware no da adi wɔ Kristo ne mo mu. Sum no retwa mu na hann papa no gu so rehyerɛn.
9 Indi wa a tre di wawu hei ni mi kpan, da ni kran vayi ma ahei ni mi bwu, da si zre ni mi bwu har ni zizah.
Obiara a ɔka se ɔwɔ hann no mu, nanso ɔtan ne nua no wɔ sum mu besi saa dɔnhwerew yi mu.
10 Indi wa a ni yiem vayi ma ahei ni mi kpan, ama kub zah na.
Obiara a ɔdɔ ne nua no te hann mu, enti biribiara nni ne mu a ɛbɛma obi foforo ayɛ bɔne.
11 Naki, i wa a nikra vayi ma ahei ni mi bwu da si zre ni mi bwu a na ton bubu wa a si hi na; don ibwu a ka shishi ma.
Nanso obiara a ɔtan ne nua no te sum mu. Ɔnam mu a onnim faako a ɔrekɔ, efisɛ sum no afura nʼani.
12 Mi si han ni yu'u mri, ba wur lahtre mbi hie ni yu'u ni tu de ma.
Me mma, merekyerɛw mo, efisɛ esiane Kristo din nti, wɔde mo bɔne akyɛ mo.
13 Mi si han ni yu'u bati dan bi yi bi toh wa ahei rji ni mumla, Mi si han ni yu'u mri ze don bi zan gbe ngbenlen ibrji, mi han ni yu'u mri don bi toh ti'a.
Agyanom, merekyerɛw mo, efisɛ munim nea ɔte ase fi mfiase no. Mmabun, merekyerɛw mo, efisɛ moadi ɔbonsam so.
14 Mi riga nan ni yuwu ba ti don bi toh ndia rji ni mumla, Mi riga han ni yu'u mrize don bi hei ni gbengbenlen, u tre Irji a hei ni yi, na ki bi zan gbengbenlen bi me me dri.
Mma, merekyerɛw mo, efisɛ munim Agya no. Agyanom, merekyerɛw mo, efisɛ munim nea ɔte ase fi mfiase no. Mmabun, merekyerɛw mo, efisɛ mowɔ ahoɔden. Onyankopɔn asɛm no te mo mu na moadi ɔbonsam so.
15 Na kpayiem ni kpi gbugbulu na, ni kpi bi wa ba hei ni mi gbugbulu 'a indi wa a ni son gbugbulu, i son 'u Irji na ni 'u na.
Monnnɔ wiase anaasɛ biribiara a ɛyɛ wiase de. Sɛ modɔ wiase a, na ɛkyerɛ sɛ monnnɔ Agya a ɔwɔ mo mu no.
16 Du ikpi bi wa ba hei ni mi gbugbulu, ba bi nma kpa ba vo shishi, ni bi kpa di tsri, nu zu tu ba na rji ni ti na ba rji ni gbugbulu.
Biribiara a ɛyɛ wiase de; ɔhonam akɔnnɔ, nea nnipa hu na wɔn kɔn dɔ, biribiara a ɛwɔ wiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, mu biara mfi Agya no. Ne nyinaa fi wiase.
17 Gbugbulun ni kpi bi wa a ni son ba si kle, indi wa a si ti du ni tre rji a ni son seisei nisei. (aiōn g165)
Wiase ne mu akɔnnɔde retwa mu, nanso nea ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no tena hɔ daa. (aiōn g165)
18 Imir itoh a ye 'u kle, na wa bi woh bi kran kristi ba si ye zizan gbugbu'u ba ye. Na ki bi ka toh di itoh ye kle.
Me mma, awiei no abɛn. Wɔka kyerɛɛ mo se Kristo Tamfo no bɛba, nanso mprempren, Kristo atamfo bebree ada wɔn ho adi, enti yɛahu sɛ ampa awiei no abɛn.
19 Ba ryu ni mi mbu iki tsro di ba na hei ni ta na. Bana hei ni ta ba na san ni ta, da ba ni kpaba a tsro di bana hei ni ta na.
Nokware, na saa nnipa yi nka yɛn ho na ɛno nti na wogyaw yɛn hɔ no. Na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenae. Nanso wogyaw yɛn hɔ, sɛnea wubehu no pefee sɛ wɔnka yɛn ho.
20 Bi hei ni anointing u rji ni tsa tsra ka bi toh wa wu bi.
Mo de, Kristo ahwie Honhom Kronkron no agu mo so, enti mo nyinaa nim nokware no.
21 Mi na han ni yuu di bina toh jaji na naki bi toh'o, iche na hei ni mi jaji na.
Ɛnyɛ sɛ munnim nokware no nti na makyerɛw saa krataa yi, na mmom munim na munim nso sɛ, atoro biara mfi nokware mu mma.
22 A hi gha hi ndi u'iche, a hi ndi wa ana kpayiem ni yesu da kristi na ndi ki ma hi wa ba kran yesu, wa ana toh ti'a mba ver a na.
Afei hena ne ɔtorofo? Ɛyɛ obi a ɔka se Yesu nyɛ Kristo no. Oyi ne Kristo tamfo. Ɔpo Agya no ne Ɔba no nyinaa.
23 Indi wa ana yeini ni vre'a na a nato ti'a na. Indi wa a buh yun ma da kpa vre'a hei ni ti'a game.
Obiara nni hɔ a ɔpo Ɔba no na ɔwɔ Agya no; nea ogye Ɔba no to mu biara wɔ Agya no nso.
24 Naki iwu du kpi wa'u woh rji ni mumla krie ni'u inde kpi wa u woh rji ni mumla ahei ni wu, in u' wu hei ni vre ba tima game.
Mommɔ mmɔden mfa asɛm a motee mfiase no nsie mo koma mu. Sɛ mode asɛm a motee mfiase no sie a, mo ne Ɔba no ne Agya no benya ayɔnkofa.
25 Wa yi hi ikpie wa a chu yun ni ta wu ire u tutru. (aiōnios g166)
Na eyi na Kristo no ankasa ahyɛ yɛn ho bɔ no, nkwa a enni awiei no. (aiōnios g166)
26 Me han kpi bi yi yiwu du bari gru ye yi you ni nkon meme ma na.
Mekyerɛw mo fa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo no ho.
27 Naki u' ikpie wa'u kpa ni wu ahei ni wu, wuna si wa indio du ye tsro u na du Ruhu ma wa wu kpa tsro kpe ba wawu wa ba jaji bana che na, ni yada a tsro u son ni'u na ki me.
Na mo de, Kristo ahwie ne Honhom Kronkron no agu mo so. Mmere dodow a ne Honhom no te mo mu no, ɛho nhia sɛ obi foforo bɛkyerɛkyerɛ mo. Efisɛ ne Honhom no kyerɛkyerɛ mo biribiara. Na nea ɔkyerɛ no nso yɛ nokware; ɛnyɛ atoro. Muntie Kristo nkyerɛkyerɛ no na montena ne mu.
28 Zizan mri son naki chachu wa aye ki hei ni gbengbenlen, ana shan ni tita niye ma na.
Me mma, montena ne mu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔba a, yebenya akokoduru na yɛmfa aniwu nkohintaw da a ɔbɛba no.
29 Inde wu toh da a hei ni kiklan suron, u ka toh di indi wa ani ti kpe wa a zizi ba grji di ki ma ni'u.
Munim sɛ Kristo yɛ ɔtreneeni. Na ɛsɛ sɛ muhu sɛ obiara a ɔyɛ ade trenee no yɛ Onyankopɔn ba.

< 1 Yohana 2 >