< ܓܠܝܢܐ 13 >

ܘܩܡܬ ܥܠ ܚܠܐ ܕܝܡܐ ܘܚܙܝܬ ܕܤܠܩܐ ܚܝܘܬܐ ܡܢ ܝܡܐ ܕܐܝܬ ܠܗ ܥܤܪ ܩܪܢܢ ܘܫܒܥ ܩܪܩܦܢ ܘܥܠ ܩܪܢܬܗ ܥܤܪܐ ܬܐܓܝܢ ܘܥܠ ܩܪܩܦܬܗ ܫܡܐ ܕܓܘܕܦܐ 1
Na ɔwɔ no kɔgyinaa mpoano hɔ. Afei, mehunuu sɛ aboa bi apue ɛpo no mu reba. Na ɔwɔ mmɛn edu ne tire nson a na ahenkyɛ hyehyɛ mmɛn no biara so na edin a ɛgu Onyankopɔn ho fi bobɔ etire no ho.
ܘܚܝܘܬܐ ܗܝ ܕܚܙܝܬ ܕܡܘܬܐ ܗܘܬ ܕܢܡܪܐ ܘܪܓܠܝܗ ܐܝܟ ܕܕܒܐ ܘܦܘܡܗ ܐܝܟ ܕܐܪܝܘܬܐ ܘܝܗܒ ܠܗ ܬܢܝܢܐ ܚܝܠܗ ܘܟܘܪܤܝܗ ܘܫܘܠܛܢܐ ܪܒܐ 2
Aboa a mehunuu no no, na ɔte sɛ ɔsebɔ a ne nan te sɛ sisi, na nʼano nso te sɛ gyata. Ɔtweaseɛ no de ɔno ankasa ahoɔden ne nʼahennwa ne ne tumi nyinaa maa aboa no.
ܘܚܕܐ ܡܢ ܩܪܩܦܬܗ ܐܝܟ ܦܥܝܥܬܐ ܠܡܘܬܐ ܘܡܚܘܬܐ ܕܡܘܬܗ ܐܬܐܤܝܬ ܘܐܬܕܡܪܬ ܟܠܗ ܐܪܥܐ ܒܬܪ ܚܝܘܬܐ 3
Mehunuu sɛ wɔapira ne tiri no baako a ayɛ sɛ wɔrentumi nkum kuro no, nanso na kuro no awu. Aboa no ho yɛɛ ewiasefoɔ nyinaa nwanwa, enti wɔtu dii nʼakyi.
ܘܤܓܕܘ ܠܬܢܝܢܐ ܕܝܗܒ ܫܘܠܛܢܐ ܠܚܝܘܬܐ ܘܤܓܕܘ ܠܚܝܘܬܐ ܠܡܐܡܪ ܡܢܘ ܕܕܡܐ ܠܚܝܘܬܐ ܗܕܐ ܘܡܢܘ ܡܫܟܚ ܠܡܩܪܒܘ ܥܡܗ 4
Nnipa nyinaa somm ɔtweaseɛ no, ɛfiri sɛ, ɔde ne tumi nyinaa ama aboa no. Wɔsomm aboa no nso kaa sɛ, “Hwan na ɔte sɛ aboa no? Na hwan na ɔbɛtumi ne no ako?”
ܘܐܬܝܗܒ ܠܗ ܦܘܡܐ ܕܡܡܠܠ ܪܘܪܒܬܐ ܘܓܘܕܦܐ ܘܐܬܝܗܒ ܠܗ ܫܘܠܛܢܐ ܠܡܥܒܕ ܝܪܚܐ ܐܪܒܥܝܢ ܘܬܪܝܢ 5
Wɔmaa aboa no kwan maa ɔkaa abususɛm akɛseakɛseɛ tiaa Onyankopɔn, na wɔmaa no tumi sɛ ɔnyɛ deɛ ɔpɛ biara abosome aduanan mmienu.
ܘܦܬܚܬ ܦܘܡܗ ܠܡܓܕܦܘ ܩܕܡ ܐܠܗܐ ܕܬܓܕܦܝ ܒܫܡܐ ܘܒܡܫܪܝܐ ܕܐܝܠܝܢ ܕܫܪܝܢ ܒܫܡܝܐ 6
Ɔhyɛɛ aseɛ domee Onyankopɔn, ne din, baabi a ɔte ne wɔn a wɔte ɔsoro nyinaa.
ܘܐܬܝܗܒ ܠܗ ܠܡܥܒܕ ܩܪܒܐ ܥܡ ܩܕܝܫܐ ܘܠܡܙܟܐ ܐܢܘܢ ܘܐܬܝܗܒ ܠܗ ܫܘܠܛܢܐ ܥܠ ܟܠܗܝܢ ܫܪܒܬܐ ܘܐܡܘܬܐ ܘܠܫܢܐ ܘܥܡܡܐ 7
Wɔmaa no ɛkwan ma ɔne Onyankopɔn nkurɔfoɔ koeɛ sɛ ɔbɛdi wɔn so. Na wɔmaa no aman ne mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu so tumi.
ܘܢܤܓܕܘܢ ܠܗ ܟܠܗܘܢ ܥܡܘܪܝܗ ܕܐܪܥܐ ܗܢܘܢ ܐܝܠܝܢ ܕܠܐ ܟܬܝܒܝܢ ܒܟܬܒܐ ܕܚܝܐ ܗܘ ܕܐܡܪܐ ܩܛܝܠܐ ܩܕܡ ܬܪܡܝܬܗ ܕܥܠܡܐ 8
Nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛsom no: obiara a wantwerɛ ne din anhyɛ ateasefoɔ nwoma a ɛwɔ Odwammaa a wɔkumm no no mu ansa na wɔrebɔ ewiase.
ܡܢ ܕܐܝܬ ܠܗ ܐܕܢܐ ܢܫܡܥ 9
“Tie, wo a wowɔ aso, bɛtie.
ܡܢ ܕܒܫܒܝܐ ܡܘܒܠ ܒܫܒܝܐ ܐܙܠ ܘܐܝܢܐ ܕܒܚܪܒܐ ܩܛܠ ܒܚܪܒܐ ܢܬܩܛܠ ܗܪܟܐ ܗܝ ܗܝܡܢܘܬܐ ܘܡܤܝܒܪܢܘܬܐ ܕܩܕܝܫܐ 10
“Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no, wɔbɛkyere no. Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkum no akofena ano no, wɔbɛkum no.” Yei mu boasetɔ ne gyidie ho hia Onyankopɔn nkurɔfoɔ.
ܘܚܙܝܬ ܚܝܘܬܐ ܐܚܪܬܐ ܕܤܠܩܐ ܡܢ ܐܪܥܐ ܘܐܝܬ ܗܘܐ ܠܗ ܬܪܬܝܢ ܩܪܢܢ ܘܕܡܝܐ ܠܐܡܪܐ ܘܡܡܠܠܐ ܗܘܬ ܐܝܟ ܬܢܝܢܐ 11
Afei, mehunuu aboa foforɔ a ɔrepue afiri asase mu. Na ɔwɔ mmɛn mmienu te sɛ nnwammaa, nanso na ɔkasa te sɛ ɔtweaseɛ no.
ܘܫܘܠܛܢܐ ܕܚܝܘܬܐ ܩܕܡܝܬܐ ܟܠܗ ܬܥܒܕ ܩܕܡܘܗܝ ܘܬܥܒܕ ܠܐܪܥܐ ܘܠܕܥܡܪܝܢ ܒܗ ܘܢܤܓܕܘܢ ܠܚܝܘܬܐ ܩܕܡܝܬܐ ܗܝ ܕܐܬܚܠܡܬ ܡܚܘܬܐ ܕܡܘܬܗ 12
Ɔsii aboa a ɔdi ɛkan no ananmu de ne tumi kɛseɛ no dii dwuma, na ɔhyɛɛ asase ne ɛso nnipa sɛ wɔnsom deɛ nʼapirakuro no awu no.
ܘܬܥܒܕ ܐܬܘܬܐ ܪܘܪܒܬܐ ܐܝܟܢܐ ܕܢܘܪܐ ܬܥܒܕ ܠܡܚܬ ܡܢ ܫܡܝܐ ܥܠ ܐܪܥܐ ܩܕܡ ܒܢܝܢܫܐ 13
Aboa a ɔtɔ so mmienu yi yɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ bebree. Ɔmaa ogya firi ɔsoro baa asase so wɔ nnipa nyinaa anim.
ܘܬܛܥܐ ܠܕܥܡܪܝܢ ܥܠ ܐܪܥܐ ܒܝܕ ܐܬܘܬܐ ܕܐܬܝܗܒ ܠܗ ܠܡܥܒܕ ܩܕܡ ܚܝܘܬܐ ܠܡܐܡܪ ܠܕܥܡܪܝܢ ܥܠ ܐܪܥܐ ܠܡܥܒܕ ܨܠܡܐ ܠܚܝܘܬܐ ܐܝܕܐ ܕܐܝܬ ܠܗ ܡܚܘܬܐ ܕܚܪܒܐ ܘܚܝܬ 14
Na ɔnam anwanwadeɛ a wɔmaa no ho ɛkwan yɛeɛ wɔ aboa a ɔdi ɛkan no anim no so daadaa nnipa a wɔte asase so nyinaa. Aboa no ka kyerɛɛ ewiase nnipa nyinaa sɛ, wɔnsi ohoni mfa nhyɛ aboa a wɔde akofena piraa no nanso nʼapirakuro no awu na ɔte ase no animuonyam.
ܘܐܬܝܗܒ ܠܗ ܕܬܬܠ ܪܘܚܐ ܠܨܠܡܐ ܕܚܝܘܬܐ ܘܬܥܒܕ ܕܟܠ ܕܠܐ ܢܤܓܕܘܢ ܠܗ ܠܨܠܡܐ ܕܚܝܘܬܐ ܢܬܩܛܠܘܢ 15
Wɔmaa aboa a ɔtɔ so mmienu no ɛkwan ma ɔhomee nkwa guu aboa a ɔdi ɛkan ohoni no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ohoni no bɛtumi akasa, na wakum obiara a ɔnsom no no.
ܘܬܥܒܕ ܠܟܠܗܘܢ ܙܥܘܪܐ ܘܪܘܪܒܐ ܥܬܝܪܐ ܘܡܤܟܢܐ ܡܪܝܐ ܘܥܒܕܐ ܕܢܬܝܗܒ ܠܗܘܢ ܪܘܫܡܐ ܥܠ ܐܝܕܝܗܘܢ ܕܝܡܝܢܐ ܐܘ ܥܠ ܒܝܬ ܥܝܢܝܗܘܢ 16
Aboa no hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛseɛ; adefoɔ ne ahiafoɔ, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho sɛ wɔnhyɛ wɔn nsa nifa ho ne wɔn moma so agyiraeɛ.
ܕܠܐ ܐܢܫ ܢܙܒܢ ܐܘ ܢܙܒܢ ܬܘܒ ܐܠܐ ܐܝܢܐ ܕܐܝܬ ܥܠܘܗܝ ܪܘܫܡܐ ܕܫܡܐ ܕܚܝܘܬܐ ܐܘ ܡܢܝܢܐ ܕܫܡܗ 17
Obiara nni ho ɛkwan sɛ ɔtɔ anaa ɔtɔn, gye sɛ wɔde aboa no din anaa nsɛnkyerɛnneɛ a ɛgyina hɔ ma edin no hyɛ ne ho agyiraeɛ.
ܗܪܟܐ ܐܝܬܝܗ ܚܟܡܬܐ ܘܕܐܝܬ ܒܗ ܗܘܢܐ ܢܚܫܒܝܘܗܝ ܠܡܢܝܢܐ ܕܚܝܘܬܐ ܡܢܝܢܐ ܗܘ ܓܝܪ ܕܒܪܢܫܐ ܫܬܡܐܐ ܘܫܬܝܢ ܘܫܬ 18
Yei hia ma nyansa. Obiara a ɔnim nyansa no bɛtumi ahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɛgyina hɔ ma aboa no ase, ɛfiri sɛ, nsɛnkyerɛnneɛ no gyina hɔ ma onipa edin. Ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ ahansia aduosia nsia.

< ܓܠܝܢܐ 13 >