< ܦܝܠܝܦܣܝ̈ܐ 3 >

ܡܟܝܠ ܐܚܝ ܚܕܘ ܒܡܪܢ ܗܢܝܢ ܟܕ ܗܢܝܢ ܕܐܟܬܘܒ ܠܟܘܢ ܠܐ ܡܐܢܐ ܠܝ ܡܛܠ ܕܠܟܘܢ ܡܙܗܪܢ 1
Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, momma mo ani nnye wɔ Awurade mu. Ɛnha me sɛ mɛti nsɛm a matwerɛ dada no mu. Ɛyɛ ma mo akwankyerɛ.
ܐܙܕܗܪܘ ܡܢ ܟܠܒܐ ܐܙܕܗܪܘ ܡܢ ܦܥܠܐ ܒܝܫܐ ܐܙܕܗܪܘ ܡܢ ܦܤܩ ܒܤܪܐ 2
Monhwɛ nnebɔneyɛfoɔ no a wɔte sɛ nkraman a wɔhyɛ mo sɛ montwa twetia ansa na moanya nkwagyeɛ no yie.
ܓܙܘܪܬܐ ܓܝܪ ܚܢܢ ܐܝܬܝܢ ܐܝܠܝܢ ܕܦܠܚܝܢܢ ܠܐܠܗܐ ܒܪܘܚܐ ܘܡܫܬܒܗܪܝܢܢ ܒܝܫܘܥ ܡܫܝܚܐ ܘܠܐ ܬܟܝܠܝܢܢ ܥܠ ܒܤܪܐ 3
Ɛyɛ yɛn, na ɛnyɛ wɔn na agye nokorɛ twetiatwa ato mu. Ɛfiri sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn Honhom na ɔma yɛn tumi ma yɛsom no. Na hyɛ a yɛde yɛn ho ahyɛ Kristo Yesu mu no enti, yɛanya fawohodie. Yɛmmfa yɛn ho nto honam so.
ܟܕ ܠܝ ܐܝܬ ܗܘܐ ܠܝ ܬܘܟܠܢܐ ܐܦ ܥܠ ܒܤܪܐ ܐܢ ܓܝܪ ܐܢܫ ܤܒܪ ܕܬܘܟܠܢܗ ܒܒܤܪܐ ܗܘ ܝܬܝܪ ܡܢܗ ܐܢܐ 4
Sɛ obi wɔ hɔ a ɔdwene sɛ, sɛ ɔde ne ho to amanneɛ so na ɛyɛ a, anka ɛyɛ me.
ܓܙܝܪܐ ܒܪ ܬܡܢܝܐ ܝܘܡܝܢ ܡܢ ܛܘܗܡܐ ܕܐܝܤܪܝܠ ܡܢ ܫܒܛܐ ܕܒܢܝܡܝܢ ܥܒܪܝܐ ܒܪ ܥܒܪܝܐ ܒܢܡܘܤܐ ܦܪܝܫܝܐ 5
Ɛberɛ a medii nnawɔtwe pɛ na wɔtwaa me twetia. Meyɛ Israelni firi mʼawosuo mu. Mefiri Benyamin abusua a wɔyɛ Hebrifoɔ kronn no mu. Sɛ wɔka Yudafoɔ mmara sodie ho asɛm nso a, meyɛ Farisini
ܒܛܢܢܐ ܪܕܘܦܐ ܕܥܕܬܐ ܘܒܙܕܝܩܘܬܐ ܕܢܡܘܤܐ ܕܠܐ ܪܫܝܢ ܗܘܝܬ 6
a na me ho pere me sɛ mɛtaa Kristo. Sɛ mmara no sodie nko tumi ma obi yɛ ɔteneneeni a, anka me deɛ, me ho nni mfomsoɔ biara.
ܐܠܐ ܗܠܝܢ ܕܝܘܬܪܢܐ ܗܘܝ ܠܝ ܚܘܤܪܢܐ ܚܫܒܬ ܐܢܝܢ ܡܛܠ ܡܫܝܚܐ 7
Nanso, nneɛma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfasoɔ nyinaa no, ɛsiane Kristo enti, ayɛ adehwereɛ.
ܐܦ ܚܫܒ ܐܢܐ ܠܗܝܢ ܟܠܗܝܢ ܚܘܤܪܢܐ ܡܛܠ ܪܒܘܬܐ ܕܝܕܥܬܗ ܕܝܫܘܥ ܡܫܝܚܐ ܡܪܝ ܗܘ ܕܡܛܠܬܗ ܟܠܡܕܡ ܚܤܪܬ ܘܐܝܟ ܙܒܠܐ ܚܫܒܬ ܕܠܡܫܝܚܐ ܐܬܪ 8
Ɛnyɛ ɛno nko, seesei megye medi nso sɛ biribiara nkyɛn sɛ wode wo ho bɛto Kristo Yesu a ɔyɛ mʼAwurade no so. Ne enti, mato biribiara atwene. Mefa biribiara sɛ nneɛma hunu bi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, me nsa bɛka Kristo,
ܘܐܫܬܟܚ ܒܗ ܟܕ ܠܝܬ ܠܝ ܙܕܝܩܘܬܐ ܕܢܦܫܝ ܗܝ ܕܡܢ ܢܡܘܤܐ ܐܠܐ ܗܝ ܕܡܢ ܗܝܡܢܘܬܐ ܕܡܫܝܚܐ ܕܐܝܬܝܗ ܙܕܝܩܘܬܐ ܕܡܢ ܐܠܗܐ 9
na mahunu sɛ me ne no ayɛ baako. Afei, meremfa mʼahoɔden mpere sɛ mɛyɛ pɛ. Merenhwehwɛ pɛyɛ a ɛfiri Mmara no mu bio. Na mmom mɛhwehwɛ pɛyɛ a ɛfiri gyidie mu. Mɛhwehwɛ pɛyɛ a ne fapem ne Kristo ne Onyankopɔn mu gyidie.
ܕܒܗ ܐܫܬܘܕܥ ܠܝܫܘܥ ܘܠܚܝܠܐ ܕܩܝܡܬܗ ܘܐܫܬܘܬܦ ܒܚܫܘܗܝ ܘܐܬܕܡܐ ܒܡܘܬܗ 10
Deɛ merehwehwɛ ara ne sɛ, mɛhunu Kristo na mɛnya ne wusɔreɛ no mu suahunu, na mahunu nʼamaneɛ no bi, na mayɛ sɛ ɔno wɔ ne owuo no mu,
ܕܠܡܐ ܐܫܟܚ ܐܡܛܐ ܠܩܝܡܬܐ ܕܡܢ ܒܝܬ ܡܝܬܐ 11
na mewɔ anidasoɔ sɛ, me nso me owuo akyi, mɛsɔre afiri owuo mu.
ܠܐ ܗܘܐ ܡܢ ܟܕܘ ܢܤܒܬ ܐܘ ܡܢ ܟܕܘ ܐܬܓܡܪܬ ܐܠܐ ܪܗܛ ܐܢܐ ܕܠܡܐ ܐܕܪܟ ܠܡܕܡ ܕܡܛܠܬܗ ܐܕܪܟܢܝ ܝܫܘܥ ܡܫܝܚܐ 12
Mennka sɛ madi nkonim anaasɛ meyɛ pɛ. Na mmom merepere akɔ mʼanim ara sɛ me nsa bɛka deɛ enti a Kristo Yesu nso nsa aka me no.
ܐܚܝ ܐܢܐ ܥܠ ܢܦܫܝ ܠܐ ܪܢܐ ܐܢܐ ܕܐܕܪܟܬ ܚܕܐ ܕܝܢ ܝܕܥ ܐܢܐ ܕܕܒܤܬܪܝ ܛܥܐ ܐܢܐ ܘܠܩܕܡܝ ܡܫܬܘܫܛ ܐܢܐ 13
Anuanom, mennye nni sɛ madi saa nkonim no. Adeɛ baako a ɛsɛ sɛ meyɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ me werɛ firi mʼakyi na meyere me ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛduru deɛ ɛwɔ mʼanim no ho.
ܘܪܗܛ ܐܢܐ ܠܘܩܒܠ ܢܝܫܐ ܕܐܤܒ ܙܟܘܬܐ ܕܩܪܝܢܐ ܕܠܥܠ ܕܐܠܗܐ ܒܝܫܘܥ ܡܫܝܚܐ 14
Yei enti, metu mmirika kɔ mʼanim tee na madu ɔsoro botaeɛ no a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no ho.
ܐܝܠܝܢ ܕܓܡܝܪܝܢ ܗܟܝܠ ܗܠܝܢ ܢܬܪܥܘܢ ܘܐܢ ܡܕܡ ܐܚܪܢܝܐܝܬ ܡܬܪܥܝܢ ܐܢܬܘܢ ܐܦ ܗܕܐ ܐܠܗܐ ܢܓܠܐ ܠܟܘܢ 15
Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛnyini wɔ Honhom mu no nyinaa dwene saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforɔ a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo.
ܒܪܡ ܠܗܕܐ ܕܡܛܝܢ ܒܚܕ ܫܒܝܠܐ ܢܫܠܡ ܘܒܚܕܐ ܐܘܝܘܬܐ 16
Nanso deɛ yɛn nsa aka dada no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu.
ܐܬܕܡܘ ܒܝ ܐܚܝ ܘܗܘܝܬܘܢ ܡܬܒܩܝܢ ܒܐܝܠܝܢ ܕܗܟܢܐ ܡܗܠܟܝܢ ܐܝܟ ܕܡܘܬܐ ܕܒܢ ܚܙܝܬܘܢ 17
Anuanom, monkɔ so nsuasua me. Yɛama mo nhwɛso pa, enti montie wɔn a wɔwɔ saa nhwɛso pa no.
ܐܝܬ ܓܝܪ ܤܓܝܐܐ ܕܐܚܪܢܝܐܝܬ ܡܗܠܟܝܢ ܗܢܘܢ ܕܙܒܢܝܢ ܤܓܝܐܢ ܐܡܪܬ ܠܟܘܢ ܥܠܝܗܘܢ ܗܫܐ ܕܝܢ ܟܕ ܒܟܐ ܐܢܐ ܐܡܪ ܐܢܐ ܗܢܘܢ ܕܒܥܠܕܒܒܐ ܐܢܘܢ ܕܙܩܝܦܗ ܕܡܫܝܚܐ 18
Maka saa asɛm yi akyerɛ mo sɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔn abrabɔ ma wɔyɛ Kristo wu a ɔwuu wɔ asɛnnua no ho no atamfoɔ.
ܕܚܪܬܗܘܢ ܐܒܕܢܐ ܗܝ ܗܢܘܢ ܕܐܠܗܗܘܢ ܟܪܤܗܘܢ ܘܬܫܒܘܚܬܗܘܢ ܒܗܬܬܗܘܢ ܗܠܝܢ ܕܬܪܥܝܬܗܘܢ ܒܐܪܥܐ ܗܝ 19
Saa nnipa no bɛkɔ ɔsɛeɛ mu, ɛfiri sɛ, wɔn nyame ara ne wɔn honam mu nneɛma. Wɔma wɔn ho so wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔn ani wu ho no ho, na wɔdwene ewiase nneɛma nko ara ho.
ܕܝܠܢ ܕܝܢ ܦܘܠܚܢܢ ܒܫܡܝܐ ܗܘ ܘܡܢ ܬܡܢ ܡܤܟܝܢܢ ܠܡܚܝܢܐ ܠܡܪܢ ܝܫܘܥ ܡܫܝܚܐ 20
Yɛn deɛ, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛ twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔfiri ɔsoro bɛba no.
ܕܗܘ ܢܚܠܦ ܦܓܪܐ ܕܡܘܟܟܢ ܕܢܗܘܐ ܒܕܡܘܬܐ ܕܦܓܪܐ ܕܫܘܒܚܗ ܐܝܟ ܚܝܠܗ ܪܒܐ ܗܘ ܕܒܗ ܟܠ ܐܫܬܥܒܕ ܠܗ 21
Ɔnam tumi a ɛtumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn onipadua a ɛyɛ mmerɛ na ɛwu no, na wayɛ no sɛ ne deɛ a ɛwɔ animuonyam no.

< ܦܝܠܝܦܣܝ̈ܐ 3 >