< ܡܬܝ 13 >

ܒܗܘ ܕܝܢ ܝܘܡܐ ܢܦܩ ܝܫܘܥ ܡܢ ܒܝܬܐ ܘܝܬܒ ܥܠ ܝܕ ܝܡܐ 1
Ɛda no ara Yesu firii adi kɔtenaa mpoano.
ܘܐܬܟܢܫܘ ܠܘܬܗ ܟܢܫܐ ܤܓܝܐܐ ܐܝܟ ܕܢܤܩ ܢܬܒ ܠܗ ܒܐܠܦܐ ܘܟܠܗ ܟܢܫܐ ܩܐܡ ܗܘܐ ܥܠ ܤܦܪ ܝܡܐ 2
Nnipakuo kɔɔ ne nkyɛn wɔ hɔ. Ɔkɔtenaa kodoɔ bi mu a na nnipakuo no nso gyinagyina mpoano hɔ.
ܘܤܓܝ ܡܡܠܠ ܗܘܐ ܥܡܗܘܢ ܒܦܠܐܬܐ ܘܐܡܪ ܗܐ ܢܦܩ ܙܪܘܥܐ ܕܢܙܪܘܥ 3
Ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn abɛbuo mu sɛ, “Okuafoɔ bi kɔɔ nʼafuom kɔguu aba.
ܘܟܕ ܙܪܥ ܐܝܬ ܕܢܦܠ ܥܠ ܝܕ ܐܘܪܚܐ ܘܐܬܬ ܦܪܚܬܐ ܘܐܟܠܬܗ 4
Ɔgu so reguo no, aba no bi guu ɛkwan mu maa nnomaa bɛsosɔɔ ne nyinaa.
ܘܐܚܪܢܐ ܢܦܠ ܥܠ ܫܘܥܐ ܐܝܟܐ ܕܠܝܬ ܗܘܐ ܡܕܪܐ ܤܓܝܐܐ ܘܒܪ ܫܥܬܗ ܫܘܚ ܡܛܠ ܕܠܝܬ ܗܘܐ ܥܘܡܩܐ ܕܐܪܥܐ 5
Ebi nso kɔguu abotan so. Ankyɛre na aba no fifiriiɛ.
ܟܕ ܕܢܚ ܕܝܢ ܫܡܫܐ ܚܡ ܘܡܛܠ ܕܠܝܬ ܗܘܐ ܠܗ ܥܩܪܐ ܝܒܫ 6
Esiane sɛ na dɔteɛ a ɛwɔ abotan no so sua no enti, owia bɔɔ so no, ne nyinaa hyeeɛ.
ܘܐܚܪܢܐ ܢܦܠ ܒܝܬ ܟܘܒܐ ܘܤܠܩܘ ܟܘܒܐ ܘܚܢܩܘܗܝ 7
Aba no bi nso guu nkasɛɛ mu, na nkasɛɛ no nyiniiɛ no ɛmiaa no.
ܘܐܚܪܢܐ ܢܦܠ ܒܐܪܥܐ ܛܒܬܐ ܘܝܗܒ ܦܐܪܐ ܐܝܬ ܕܡܐܐ ܘܐܝܬ ܕܫܬܝܢ ܘܐܝܬ ܕܬܠܬܝܢ 8
Aba no bi guu asase pa mu. Ɛnyiniiɛ, soo aba mmɔho aduasa; ebi aduosia ɛnna afoforɔ nso ɔha.
ܡܢ ܕܐܝܬ ܠܗ ܐܕܢܐ ܕܢܫܡܥ ܢܫܡܥ 9
Deɛ ɔwɔ aso no, ma ɔntie!”
ܘܩܪܒܘ ܬܠܡܝܕܘܗܝ ܘܐܡܪܝܢ ܠܗ ܠܡܢܐ ܒܦܠܐܬܐ ܡܡܠܠ ܐܢܬ ܥܡܗܘܢ 10
Ɔwiee ne nkyerɛkyerɛ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn na daa wonam abɛbuo so kasa kyerɛ nnipa no?”
ܗܘ ܕܝܢ ܥܢܐ ܘܐܡܪ ܠܗܘܢ ܕܠܟܘܢ ܗܘ ܝܗܝܒ ܠܡܕܥ ܐܪܙܐ ܕܡܠܟܘܬܐ ܕܫܡܝܐ ܠܗܢܘܢ ܕܝܢ ܠܐ ܝܗܝܒ 11
Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔde Ɔsoro Ahennie ho ahintasɛm ama mo na wɔn deɛ, wɔmmfa mmaa wɔn.
ܠܡܢ ܓܝܪ ܕܐܝܬ ܠܗ ܢܬܝܗܒ ܠܗ ܘܢܬܝܬܪ ܠܗ 12
Deɛ ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho na wanya ma abu ne so. Na deɛ ɔnni ahe bi no, kakra a ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.
ܘܠܡܢ ܕܠܝܬ ܠܗ ܘܗܘ ܕܐܝܬ ܠܗ ܢܫܬܩܠ ܡܢܗ ܡܛܠ ܗܢܐ ܒܦܠܐܬܐ ܡܡܠܠ ܐܢܐ ܥܡܗܘܢ ܡܛܠ ܕܚܙܝܢ ܘܠܐ ܚܙܝܢ ܘܫܡܥܝܢ ܘܠܐ ܫܡܥܝܢ ܘܠܐ ܡܤܬܟܠܝܢ 13
Deɛ enti a ɛma mekasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu no ne sɛ: “Wɔhunu deɛ, nanso wɔnhunu; wɔte deɛ, na wɔnte aseɛ.
ܘܫܠܡܐ ܒܗܘܢ ܢܒܝܘܬܗ ܕܐܫܥܝܐ ܕܐܡܪ ܕܫܡܥܐ ܬܫܡܥܘܢ ܘܠܐ ܬܤܬܟܠܘܢ ܘܡܚܙܐ ܬܚܙܘܢ ܘܠܐ ܬܕܥܘܢ 14
Yei maa Yesaia nkɔm a ɔhyɛɛ sɛ: “‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ; ɔhunu deɛ mobɛhunu, nanso morenhunu no, aba mu.
ܐܬܥܒܝ ܠܗ ܓܝܪ ܠܒܗ ܕܥܡܐ ܗܢܐ ܘܒܐܕܢܝܗܘܢ ܝܩܝܪܐܝܬ ܫܡܥܘ ܘܥܝܢܝܗܘܢ ܥܡܨܘ ܕܠܐ ܢܚܙܘܢ ܒܥܝܢܝܗܘܢ ܘܢܫܡܥܘܢ ܒܐܕܢܝܗܘܢ ܘܢܤܬܟܠܘܢ ܒܠܒܗܘܢ ܘܢܬܦܢܘܢ ܘܐܤܐ ܐܢܘܢ 15
Ɛfiri sɛ, ɔman yi akoma apirim. Wɔyɛ asoɔden; wɔakatakata wɔn ani. Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani bɛhunu adeɛ, na wɔn aso ate asɛm, na wɔn akoma ate asɛm ase, na wɔanu wɔn ho asane aba me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.’
ܕܝܠܟܘܢ ܕܝܢ ܛܘܒܝܗܝܢ ܠܥܝܢܝܟܘܢ ܕܚܙܝܢ ܘܠܐܕܢܝܟܘܢ ܕܫܡܥܢ 16
Na mo deɛ, wɔahyira mo ani sɛ ɛnhunu adeɛ; wɔahyira mo aso sɛ ɛnte asɛm.
ܐܡܝܢ ܓܝܪ ܐܡܪܢܐ ܠܟܘܢ ܕܤܓܝܐܐ ܢܒܝܐ ܘܙܕܝܩܐ ܐܬܪܓܪܓܘ ܕܢܚܙܘܢ ܡܕܡ ܕܚܙܝܢ ܐܢܬܘܢ ܘܠܐ ܚܙܘ ܘܠܡܫܡܥ ܡܕܡ ܕܫܡܥܝܢ ܐܢܬܘܢ ܘܠܐ ܫܡܥܘ 17
Na me deɛ mereka akyerɛ mo sɛ, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ pii pɛɛ sɛ wɔhunu deɛ mohunu no, nanso wɔanhunu. Wɔpɛɛ sɛ wɔte deɛ mote no, nanso wɔante.
ܐܢܬܘܢ ܕܝܢ ܫܡܥܘ ܡܬܠܐ ܕܙܪܥܐ 18
“Afei, montie ɛbɛ a ɛfa okuafoɔ a ɔkɔguu aba wɔ nʼafuom no ho no asekyerɛ.
ܟܠ ܕܫܡܥ ܡܠܬܐ ܕܡܠܟܘܬܐ ܘܠܐ ܡܤܬܟܠ ܒܗ ܐܬܐ ܒܝܫܐ ܘܚܛܦ ܡܠܬܐ ܕܙܪܝܥܐ ܒܠܒܗ ܗܢܘ ܗܘ ܕܥܠ ܝܕ ܐܘܪܚܐ ܐܙܕܪܥ 19
Wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm no, na wɔnte aseɛ no te sɛ aba a ɛguu ɛkwan mu no. Ɔbɔnefoɔ no ba, bɛhwim deɛ wɔadua wɔ wɔn akoma mu no.
ܗܘ ܕܝܢ ܕܥܠ ܫܘܥܐ ܐܙܕܪܥ ܗܘ ܗܘ ܕܫܡܥ ܡܠܬܐ ܘܒܪ ܫܥܬܗ ܒܚܕܘܬܐ ܡܩܒܠ ܠܗ 20
Aba a ɛguu abotan soɔ no gyina hɔ ma wɔn a wɔte asɛm no, na wɔde anigyeɛ sɔ mu.
ܠܝܬ ܠܗ ܕܝܢ ܥܩܪܐ ܒܗ ܐܠܐ ܕܙܒܢܐ ܗܘ ܘܡܐ ܕܗܘܐ ܐܘܠܨܢܐ ܐܘ ܪܕܘܦܝܐ ܡܛܠ ܡܠܬܐ ܥܓܠ ܡܬܟܫܠ 21
Nanso, asɛm no ntim wɔ wɔn mu. Yei enti, ɛnkyɛre na asɛm no awu. Esiane sɛ asɛm no awuo enti, sɛ ɔhaw anaa ɔtaa bi ba a, wɔpa aba.
ܗܘ ܕܝܢ ܕܒܝܬ ܟܘܒܐ ܐܙܕܪܥ ܗܘ ܗܘ ܕܫܡܥ ܡܠܬܐ ܘܪܢܝܐ ܕܥܠܡܐ ܗܢܐ ܘܛܘܥܝܝ ܕܥܘܬܪܐ ܚܢܩܝܢ ܠܗ ܠܡܠܬܐ ܘܕܠܐ ܦܐܪܐ ܗܘܝܐ (aiōn g165) 22
Aba a ɛguu nkasɛɛ mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔtie asɛm no, nanso ewiase yi mu abrabɔ mu haw ne agyapadeɛ ho dwene enti, ɛmma asɛm no ntumi nnyɛ wɔn mu adwuma. (aiōn g165)
ܗܘ ܕܝܢ ܕܥܠ ܐܪܥܐ ܛܒܬܐ ܐܙܕܪܥ ܗܘ ܗܘ ܕܫܡܥ ܡܠܬܝ ܘܡܤܬܟܠ ܘܝܗܒ ܦܐܪܐ ܘܥܒܕ ܐܝܬ ܕܡܐܐ ܘܐܝܬ ܕܫܬܝܢ ܘܐܝܬ ܕܬܠܬܝܢ 23
Na aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔtie asɛm no, na wɔte aseɛ. Wɔso aba mmɔho aduasa; ebi aduosia; ɛnna afoforɔ nso, ɔha.”
ܐܚܪܢܐ ܡܬܠܐ ܐܡܬܠ ܠܗܘܢ ܘܐܡܪ ܕܡܝܐ ܡܠܟܘܬܐ ܕܫܡܝܐ ܠܓܒܪܐ ܕܙܪܥ ܙܪܥܐ ܛܒܐ ܒܩܪܝܬܗ 24
Yesu de ɛbɛ foforɔ kaa asɛm sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ okuafoɔ bi a ɔdua aba wɔ nʼafuom.
ܘܟܕ ܕܡܟܘ ܐܢܫܐ ܐܬܐ ܒܥܠܕܒܒܗ ܘܙܪܥ ܙܝܙܢܐ ܒܝܢܬ ܚܛܐ ܘܐܙܠ 25
Ɛda koro anadwo a wada no, ne ɔtamfoɔ nso bɛduaa wira fraa aburoo a wadua no.
ܟܕ ܕܝܢ ܝܥܐ ܥܤܒܐ ܘܥܒܕ ܦܐܪܐ ܗܝܕܝܢ ܐܬܚܙܝܘ ܐܦ ܙܝܙܢܐ 26
Aburoo no renyini no, na wira no nso renyini.
ܘܩܪܒܘ ܥܒܕܘܗܝ ܕܡܪܐ ܒܝܬܐ ܘܐܡܪܘ ܠܗ ܡܪܢ ܠܐ ܗܐ ܙܪܥܐ ܛܒܐ ܙܪܥܬ ܒܩܪܝܬܟ ܡܢ ܐܝܡܟܐ ܐܝܬ ܒܗ ܙܝܙܢܐ 27
“Okuafoɔ no apaafoɔ bɛka kyerɛɛ no sɛ, ‘Owura, aba a woduaeɛ no, wira bi afifiri wɔ aseɛ!’
ܗܘ ܕܝܢ ܐܡܪ ܠܗܘܢ ܓܒܪܐ ܒܥܠܕܒܒܐ ܥܒܕ ܗܕܐ ܐܡܪܝܢ ܠܗ ܥܒܕܘܗܝ ܨܒܐ ܐܢܬ ܢܐܙܠ ܢܓܒܐ ܐܢܘܢ 28
“Okuafoɔ no buaa sɛ, ‘Ɔtamfoɔ bi na ɔduaeɛ!’ “Apaafoɔ no bisaa no sɛ, ‘Wopɛ sɛ yɛkɔtutu saa wira no anaa?’
ܗܘ ܕܝܢ ܐܡܪ ܠܗܘܢ ܕܠܡܐ ܟܕ ܡܓܒܝܢ ܐܢܬܘܢ ܙܝܙܢܐ ܬܥܩܪܘܢ ܥܡܗܘܢ ܐܦ ܚܛܐ 29
“Ɔbuaa wɔn sɛ, ‘Dabi! Anhwɛ a na moatutu aburoo no bi afra wira no.
ܫܒܘܩܘ ܪܒܝܢ ܬܪܝܗܘܢ ܐܟܚܕܐ ܥܕܡܐ ܠܚܨܕܐ ܘܒܙܒܢܐ ܕܚܨܕܐ ܐܡܪ ܐܢܐ ܠܚܨܘܕܐ ܓܒܘ ܠܘܩܕܡ ܙܝܙܢܐ ܘܐܤܘܪܘ ܐܢܘܢ ܡܐܤܪܝܬܐ ܕܢܐܩܕܘܢ ܚܛܐ ܕܝܢ ܟܢܫܘ ܐܢܝܢ ܠܐܘܨܪܝ 30
Momma ne nyinaa nyini nkɔsi otwa berɛ na mama atwafoɔ ayiyi wira no afiri aburoo no mu ahye no, na wɔde aburoo no nso agu asan so.’”
ܐܚܪܢܐ ܡܬܠܐ ܐܡܬܠ ܠܗܘܢ ܘܐܡܪ ܕܡܝܐ ܡܠܟܘܬܐ ܕܫܡܝܐ ܠܦܪܕܬܐ ܕܚܪܕܠܐ ܕܢܤܒ ܓܒܪܐ ܙܪܥܗ ܒܩܪܝܬܗ 31
Yesu buu wɔn ɛbɛ foforɔ sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ onyina aba ketewa bi a obi duaa wɔ nʼafuom.
ܘܗܝ ܙܥܘܪܝܐ ܗܝ ܡܢ ܟܠܗܘܢ ܙܪܥܘܢܐ ܡܐ ܕܝܢ ܕܪܒܬ ܪܒܐ ܗܝ ܡܢ ܟܠܗܘܢ ܝܪܩܘܢܐ ܘܗܘܝܐ ܐܝܠܢܐ ܐܝܟ ܕܬܐܬܐ ܦܪܚܬܐ ܕܫܡܝܐ ܬܩܢ ܒܤܘܟܝܗ 32
Ɛyɛ aba ketewaa bi, nanso sɛ ɛnyini a, ɛyɛ dutan kɛseɛ ma nnomaa kɔsisi ne mman so.”
ܐܚܪܢܐ ܡܬܠܐ ܐܡܪ ܠܗܘܢ ܕܡܝܐ ܡܠܟܘܬܐ ܕܫܡܝܐ ܠܚܡܝܪܐ ܗܘ ܕܫܩܠܬ ܐܢܬܬܐ ܛܡܪܬ ܒܬܠܬ ܤܐܝܢ ܕܩܡܚܐ ܥܕܡܐ ܕܟܠܗ ܚܡܥ 33
Ɔbuu wɔn ɛbɛ foforɔ sɛ, “Ɔsoro Ahennie te sɛ mmɔreka bi a burodotofoɔ de fotɔ mmɔre ma ɛtu.”
ܗܠܝܢ ܟܠܗܝܢ ܡܠܠ ܝܫܘܥ ܒܦܠܐܬܐ ܠܟܢܫܐ ܘܕܠܐ ܦܠܐܬܐ ܠܐ ܡܡܠܠ ܗܘܐ ܥܡܗܘܢ 34
Yesu nam abɛbuo so na ɔkasa kyerɛɛ nnipadɔm no.
ܐܝܟ ܕܢܬܡܠܐ ܡܕܡ ܕܐܬܐܡܪ ܒܝܕ ܢܒܝܐ ܕܐܡܪ ܐܦܬܚ ܦܘܡܝ ܒܡܬܠܐ ܘܐܒܥ ܟܤܝܬܐ ܕܡܢ ܩܕܡ ܬܪܡܝܬܗ ܕܥܠܡܐ 35
Esiane sɛ na adiyifoɔ ahyɛ nkɔm sɛ ɔnam abɛbuo so bɛkasa enti, wanka asɛm a wamfa abɛbuo amfra mu. Nkɔm a adiyifoɔ no hyɛeɛ ne sɛ, “Mɛkasa abɛbuo mu, na maka anwanwadeɛ mu ahintasɛm a ɛfiri adebɔ mfitiaseɛ.”
ܗܝܕܝܢ ܝܫܘܥ ܫܒܩ ܠܟܢܫܐ ܘܐܬܐ ܠܒܝܬܐ ܘܩܪܒܘ ܠܘܬܗ ܬܠܡܝܕܘܗܝ ܘܐܡܪܝܢ ܠܗ ܦܫܩ ܠܢ ܡܬܠܐ ܗܘ ܕܙܝܙܢܐ ܘܕܩܪܝܬܐ 36
Afei, Yesu firii nnipadɔm no nkyɛn kɔɔ efie. Nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔnkyerɛ wɔn abɛbuo a ɛfa ewira ne aba ho no ase.
ܗܘ ܕܝܢ ܥܢܐ ܘܐܡܪ ܠܗܘܢ ܗܘ ܕܙܪܥ ܙܪܥܐ ܛܒܐ ܐܝܬܘܗܝ ܒܪܗ ܕܐܢܫܐ 37
Yesu buaa wɔn sɛ, “Me Onipa Ba no, mene okuafoɔ a ɔduaa aba no.
ܘܩܪܝܬܐ ܐܝܬܝܗ ܥܠܡܐ ܙܪܥܐ ܕܝܢ ܛܒܐ ܒܢܝܗ ܐܢܘܢ ܕܡܠܟܘܬܐ ܙܝܙܢܐ ܕܝܢ ܐܝܬܝܗܘܢ ܒܢܘܗܝ ܕܒܝܫܐ 38
Afuo no ne ewiase, na aba no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ Ahennie no mma; ewira no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔyɛ ɔbonsam mma.
ܒܥܠܕܒܒܐ ܕܝܢ ܕܙܪܥ ܐܢܘܢ ܐܝܬܘܗܝ ܤܛܢܐ ܚܨܕܐ ܕܝܢ ܐܝܬܘܗܝ ܫܘܠܡܗ ܕܥܠܡܐ ܚܨܘܕܐ ܕܝܢ ܡܠܐܟܐ (aiōn g165) 39
Ɔtamfoɔ a ɔduaa ewira fraa aburoo no ne ɔbɔnefoɔ no. Otwa berɛ no yɛ ewiase awieeɛ; atwafoɔ no ne abɔfoɔ. (aiōn g165)
ܐܝܟܢܐ ܗܟܝܠ ܕܡܬܓܒܝܢ ܙܝܙܢܐ ܘܝܩܕܝܢ ܒܢܘܪܐ ܗܟܢܐ ܢܗܘܐ ܒܫܘܠܡܗ ܕܥܠܡܐ ܗܢܐ (aiōn g165) 40
“Sɛdeɛ asɛnka no mu, wɔtutuu wira no firi aburoo no mu kɔhyee no no, saa ara na ɛbɛyɛ ewiase awieeɛ. (aiōn g165)
ܢܫܕܪ ܒܪܗ ܕܐܢܫܐ ܡܠܐܟܘܗܝ ܘܢܓܒܘܢ ܡܢ ܡܠܟܘܬܗ ܟܠܗܘܢ ܡܟܫܘܠܐ ܘܟܠܗܘܢ ܥܒܕܝ ܥܘܠܐ 41
Onipa Ba no bɛsoma nʼabɔfoɔ, na wɔabɛboaboa wɔn a wɔpɛ bɔne, nsɛmmɔnedifoɔ nyinaa ano afiri Ahennie no mu,
ܘܢܪܡܘܢ ܐܢܘܢ ܒܐܬܘܢܐ ܕܢܘܪܐ ܬܡܢ ܢܗܘܐ ܒܟܝܐ ܘܚܘܪܩ ܫܢܐ 42
na wɔato wɔn agu ogyatannaa no mu, ahye wɔn. Ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.
ܗܝܕܝܢ ܙܕܝܩܐ ܢܢܗܪܘܢ ܐܝܟ ܫܡܫܐ ܒܡܠܟܘܬܗ ܕܐܒܘܗܘܢ ܡܢ ܕܐܝܬ ܠܗ ܐܕܢܐ ܕܢܫܡܥ ܢܫܡܥ 43
Na ateneneefoɔ no bɛhyerɛn sɛ owia wɔ wɔn Agya Ahennie no mu. Deɛ ɔwɔ aso no, ma ɔntie!”
ܬܘܒ ܕܡܝܐ ܡܠܟܘܬܐ ܕܫܡܝܐ ܠܤܝܡܬܐ ܕܡܛܫܝܐ ܒܩܪܝܬܐ ܗܝ ܕܐܫܟܚܗ ܓܒܪܐ ܘܛܫܝܗ ܘܡܢ ܚܕܘܬܗ ܐܙܠ ܙܒܢ ܟܠ ܕܐܝܬ ܠܗ ܘܙܒܢܗ ܠܩܪܝܬܐ ܗܝ 44
Yesu toaa abɛbuo no so sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ ademudeɛ bi a obi kɔhunuu wɔ afuo bi mu. Ɔkataa so, na ɔde ahopere kɔtɔn nʼahodeɛ nyinaa, de kɔtɔɔ afuo no.
ܬܘܒ ܕܡܝܐ ܡܠܟܘܬܐ ܕܫܡܝܐ ܠܓܒܪܐ ܬܓܪܐ ܕܒܥܐ ܗܘܐ ܡܪܓܢܝܬܐ ܛܒܬܐ 45
“Bio, Ɔsoro Ahennie te sɛ obi a ɔdi ahwene pa ho edwa a ɔrepɛ ahwene pa atɔ.
ܟܕ ܕܝܢ ܐܫܟܚ ܡܪܓܢܝܬܐ ܚܕܐ ܝܩܝܪܬ ܕܡܝܐ ܐܙܠ ܙܒܢ ܟܠ ܡܐ ܕܐܝܬ ܠܗ ܘܙܒܢܗ 46
Ɔkɔnyaa bi a ɛyɛ fɛ mmoroso, enti ɔkɔtɔn nʼahodeɛ nyinaa de kɔtɔeɛ!”
ܬܘܒ ܕܡܝܐ ܡܠܟܘܬܐ ܕܫܡܝܐ ܠܡܨܝܕܬܐ ܕܢܦܠܬ ܒܝܡܐ ܘܡܢ ܟܠ ܓܢܤ ܟܢܫܬ 47
Yesu toaa so bio sɛ, “Ɔsoro Ahennie no te sɛ obi a ɔkɔguu asau wɔ asuo bi mu yii nsuomnam ahodoɔ bebree.
ܘܟܕ ܡܠܬ ܐܤܩܘܗ ܠܤܦܪܝ ܝܡܐ ܘܝܬܒܘ ܓܒܝܘ ܘܛܒܐ ܐܪܡܝܘ ܒܡܐܢܐ ܘܒܝܫܐ ܫܕܘ ܠܒܪ 48
Asau no yɛɛ ma no, ɔtwe baa konkɔn so. Afei, ɔtenaa ase yiyii nam pa no guu kɛntɛn mu ɛnna ɔtoo deɛ ɛnyɛ no guiɛ.
ܗܟܢܐ ܢܗܘܐ ܒܫܘܠܡܗ ܕܥܠܡܐ ܢܦܩܘܢ ܡܠܐܟܐ ܘܢܦܪܫܘܢ ܒܝܫܐ ܡܢ ܒܝܢܝ ܙܕܝܩܐ (aiōn g165) 49
Saa ara na ewiase awieeɛ bɛyɛ. Abɔfoɔ no bɛba abɛpa abɔnefoɔ no afiri ateneneefoɔ no mu, (aiōn g165)
ܘܢܪܡܘܢ ܐܢܘܢ ܒܐܬܘܢܐ ܕܢܘܪܐ ܬܡܢ ܢܗܘܐ ܒܟܝܐ ܘܚܘܪܩ ܫܢܐ 50
na wɔato abɔnefoɔ no agu ogyatannaa no mu; ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.
ܐܡܪ ܠܗܘܢ ܝܫܘܥ ܐܤܬܟܠܬܘܢ ܟܠܗܝܢ ܗܠܝܢ ܐܡܪܝܢ ܠܗ ܐܝܢ ܡܪܢ 51
“Mote aseɛ?” Nʼasuafoɔ no buaa no sɛ, “Aane.”
ܐܡܪ ܠܗܘܢ ܡܛܠ ܗܢܐ ܟܠ ܤܦܪܐ ܕܡܬܬܠܡܕ ܠܡܠܟܘܬ ܫܡܝܐ ܕܡܐ ܠܓܒܪܐ ܡܪܐ ܒܝܬܐ ܕܡܦܩ ܡܢ ܤܝܡܬܗ ܚܕܬܬܐ ܘܥܬܝܩܬܐ 52
Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so sɛ, “Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔabɛyɛ mʼasuafoɔ no te sɛ efiewura a wada nʼagyapadeɛ foforɔ ne dada nyinaa adi.”
ܘܗܘܐ ܕܟܕ ܫܠܡ ܝܫܘܥ ܡܬܠܐ ܗܠܝܢ ܫܢܝ ܡܢ ܬܡܢ 53
Yesu wiee nʼabɛbuo no, ɔfiri baabi a ɔwɔ hɔ.
ܘܐܬܐ ܠܡܕܝܢܬܗ ܘܡܠܦ ܗܘܐ ܠܗܘܢ ܒܟܢܘܫܬܗܘܢ ܐܝܟܢܐ ܕܢܬܗܪܘܢ ܘܢܐܡܪܘܢ ܐܝܡܟܐ ܠܗ ܠܗܢܐ ܚܟܡܬܐ ܗܕܐ ܘܚܝܠܐ 54
Ɔkɔɔ ne kurom Nasaret. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu maa wɔn a wɔtiee no no ho dwirii wɔn. Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛhe na saa ɔbarima yi kɔnyaa nyansa a ɔde yɛ anwanwadeɛ sɛɛ yi?
ܠܐ ܗܘܐ ܗܢܐ ܒܪܗ ܕܢܓܪܐ ܠܐ ܐܡܗ ܡܬܩܪܝܐ ܡܪܝܡ ܘܐܚܘܗܝ ܝܥܩܘܒ ܘܝܘܤܐ ܘܫܡܥܘܢ ܘܝܗܘܕܐ 55
Ɛnyɛ dua dwumfoɔ no ba no ni? Ɛnyɛ ne maame ne Maria? Ɛnyɛ ne nua mmarimanom ne Yakobo ne Yosef ne Simon ne Yuda?
ܘܐܚܘܬܗ ܟܠܗܝܢ ܠܐ ܗܐ ܠܘܬܢ ܐܢܝܢ ܐܝܡܟܐ ܠܗ ܗܟܝܠ ܠܗܢܐ ܗܠܝܢ ܟܠܗܝܢ 56
Ɛnyɛ yɛne ne nuammaanom na ɛte ha? Na afei ɛhe na ɔkɔnyaa yeinom nyinaa yi?”
ܘܡܬܟܫܠܝܢ ܗܘܘ ܒܗ ܗܘ ܕܝܢ ܝܫܘܥ ܐܡܪ ܠܗܘܢ ܠܝܬ ܢܒܝܐ ܕܨܥܝܪ ܐܠܐ ܒܡܕܝܢܬܗ ܘܒܒܝܬܗ 57
Wɔn bo fuu no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Odiyifoɔ wɔ animuonyam baabiara, agye ne ɔman mu anaa ne nkurɔfoɔ mu.”
ܘܠܐ ܥܒܕ ܬܡܢ ܚܝܠܐ ܤܓܝܐܐ ܡܛܠ ܠܐ ܗܝܡܢܘܬܗܘܢ 58
Esiane sɛ wɔannye no annie no enti, wanyɛ anwanwadeɛ bebree wɔ hɔ.

< ܡܬܝ 13 >