< ܠܘܩܘܣ 17 >

ܘܐܡܪ ܗܘܐ ܝܫܘܥ ܠܬܠܡܝܕܘܗܝ ܠܐ ܡܫܟܚܐ ܕܠܐ ܢܐܬܘܢ ܡܟܫܘܠܐ ܘܝ ܕܝܢ ܠܗܘ ܕܒܐܝܕܗ ܢܐܬܘܢ 1
Ɛda bi Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ dɛn ara a sɔhwɛ a ɛde onipa kɔ bɔne mu no bɛba, nanso onipa a ɛnam ne so bɛba no, ɔnnue.
ܦܩܚ ܗܘܐ ܠܗ ܐܠܘ ܪܚܝܐ ܕܚܡܪܐ ܬܠܝܐ ܒܨܘܪܗ ܘܫܕܐ ܒܝܡܐ ܐܘ ܕܢܟܫܠ ܠܚܕ ܡܢ ܗܠܝܢ ܙܥܘܪܐ 2
Ɛyɛ ma saa onipa no sɛ wɔde ɛboɔ a emu yɛ duru bi bɛsɛn ne kɔn mu ato no atwene ɛpo mu sene sɛ ɔbɛto nkumaa yi mu baako suntidua ama wayɛ bɔne.
ܐܙܕܗܪܘ ܒܢܦܫܟܘܢ ܐܢ ܢܚܛܐ ܐܚܘܟ ܟܐܝ ܒܗ ܘܐܢ ܬܐܒ ܫܒܘܩ ܠܗ 3
Enti, monhwɛ mo ho so yie. “Sɛ wo nua fom wo a, ka nʼanim na sɛ ɔnu ne ho a, fa ne bɔne kyɛ no.
ܘܐܢ ܫܒܥ ܙܒܢܝܢ ܒܝܘܡܐ ܢܤܟܠ ܒܟ ܘܫܒܥ ܙܒܢܝܢ ܒܝܘܡܐ ܢܬܦܢܐ ܠܘܬܟ ܘܢܐܡܪ ܕܬܐܒ ܐܢܐ ܫܒܘܩ ܠܗ 4
Sɛ nso ɔfom wo mprɛnson da koro na mpɛn dodoɔ a ɔfom wo no nyinaa, ɔde ahonu srɛ wo a, fa kyɛ no.”
ܘܐܡܪܘ ܫܠܝܚܐ ܠܡܪܢ ܐܘܤܦ ܠܢ ܗܝܡܢܘܬܐ 5
Ɛda bi, asomafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, hyɛ yɛn gyidie mu den.”
ܐܡܪ ܠܗܘܢ ܐܢ ܐܝܬ ܗܘܬ ܠܟܘܢ ܗܝܡܢܘܬܐ ܐܝܟ ܦܪܕܬܐ ܕܚܪܕܠܐ ܐܡܪܝܢ ܗܘܝܬܘܢ ܠܬܘܬܐ ܗܢܐ ܕܐܬܥܩܪ ܘܐܬܢܨܒ ܒܝܡܐ ܘܡܫܬܡܥ ܗܘܐ ܠܟܘܢ 6
Yesu buaa wɔn sɛ, “Sɛ mowɔ gyidie te sɛ onyina aba a, anka mobɛtumi aka akyerɛ akyee yi sɛ, ‘Tutu kɔgu ɛpo mu,’ na ɛbɛba mu saa.
ܡܢܘ ܕܝܢ ܡܢܟܘܢ ܕܐܝܬ ܠܗ ܥܒܕܐ ܕܕܒܪ ܦܕܢܐ ܐܘ ܕܪܥܐ ܥܢܐ ܘܐܢ ܢܐܬܐ ܡܢ ܚܩܠܐ ܐܡܪ ܠܗ ܡܚܕܐ ܥܒܪ ܐܤܬܡܟ 7
“Mo mu hwan na ɔwɔ ɔsomfoɔ a ɔyɛ nʼafuom adwuma anaasɛ ɔhwɛ ne mmoa na ɔfiri afuom ba a, ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Wʼaduane si hɔ na kɔdidi?’
ܐܠܐ ܐܡܪ ܠܗ ܛܝܒ ܠܝ ܡܕܡ ܕܐܚܫܡ ܘܐܤܘܪ ܚܨܝܟ ܫܡܫܝܢܝ ܥܕܡܐ ܕܐܠܥܤ ܘܐܫܬܐ ܘܒܬܪܟܢ ܐܦ ܐܢܬ ܬܠܥܤ ܘܬܫܬܐ 8
Na mmom ɔrenka nkyerɛ no sɛ, ‘Noa aduane ma me na sɛ modidi wie a, wo nso woakɔdidi?’
ܠܡܐ ܛܝܒܘܬܗ ܡܩܒܠ ܕܗܘ ܥܒܕܐ ܕܥܒܕ ܡܕܡ ܕܐܬܦܩܕ ܠܗ ܠܐ ܤܒܪ ܐܢܐ 9
Sɛ ɔsomfoɔ yi yɛ nʼasɛdeɛ yi a, ne wura no bɛda no ase anaa?
ܗܟܢܐ ܐܦ ܐܢܬܘܢ ܡܐ ܕܥܒܕܬܘܢ ܟܠܗܝܢ ܐܝܠܝܢ ܕܦܩܝܕܢ ܠܟܘܢ ܐܡܪܘ ܕܥܒܕܐ ܚܢܢ ܒܛܝܠܐ ܕܡܕܡ ܕܚܝܒܝܢ ܗܘܝܢ ܠܡܥܒܕ ܥܒܕܢ 10
Saa ara nso na sɛ mo nso moyɛ mo asɛdeɛ a, ɛsɛ sɛ moka sɛ, ‘Yɛyɛ asomfoɔ a ayɛyie mfata yɛn, yɛn asɛdeɛ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛayɛ no.’”
ܘܗܘܐ ܕܟܕ ܐܙܠ ܝܫܘܥ ܠܐܘܪܫܠܡ ܥܒܪ ܗܘܐ ܒܝܬ ܫܡܪܝܐ ܠܓܠܝܠܐ 11
Ɛberɛ bi a Yesu rekɔ Yerusalem no, ɔfaa Samaria ne Galilea hyeɛ so.
ܘܟܕ ܩܪܝܒ ܠܡܥܠ ܠܩܪܝܬܐ ܚܕܐ ܐܪܥܘܗܝ ܥܤܪܐ ܐܢܫܝܢ ܓܪܒܐ ܘܩܡܘ ܡܢ ܪܘܚܩܐ 12
Ɔrebɛn akuraa bi ase no, akwatafoɔ edu bi a na wɔgyinagyina kurotia no hunuu no
ܘܐܪܝܡܘ ܩܠܗܘܢ ܘܐܡܪܝܢ ܪܒܢ ܝܫܘܥ ܐܬܪܚܡ ܥܠܝܢ 13
teateaam sɛ, “Yesu, yɛn wura, hunu yɛn mmɔbɔ.”
ܘܟܕ ܚܙܐ ܐܢܘܢ ܐܡܪ ܠܗܘܢ ܙܠܘ ܚܘܘ ܢܦܫܟܘܢ ܠܟܗܢܐ ܘܟܕ ܐܙܠܝܢ ܐܬܕܟܝܘ 14
Yesu hunuu wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa mo ho nkɔkyerɛ ɔsɔfoɔ!” Ɛberɛ a akwatafoɔ no rekɔ no, wɔn ho yɛɛ wɔn den.
ܚܕ ܕܝܢ ܡܢܗܘܢ ܟܕ ܚܙܐ ܕܐܬܕܟܝ ܗܦܟ ܠܗ ܘܒܩܠܐ ܪܡܐ ܡܫܒܚ ܗܘܐ ܠܐܠܗܐ 15
Wɔn mu baako hunuu sɛ ne ho ayɛ no den no, ɔsanee nʼakyi de ahurisie yii Onyankopɔn ayɛ sɛ, “Animuonyam nka Onyankopɔn, wama me ho ayɛ me den!”
ܘܢܦܠ ܥܠ ܐܦܘܗܝ ܩܕܡ ܪܓܠܘܗܝ ܕܝܫܘܥ ܟܕ ܡܘܕܐ ܠܗ ܘܗܘ ܗܢܐ ܫܡܪܝܐ ܗܘܐ 16
Ɔbɛkotoo Yesu anim daa no ase. Na saa ɔbarima yi yɛ Samariani.
ܥܢܐ ܕܝܢ ܝܫܘܥ ܘܐܡܪ ܠܐ ܗܘܐ ܥܤܪܐ ܗܘܝܢ ܗܠܝܢ ܕܐܬܕܟܝܘ ܐܝܟܐ ܐܢܘܢ ܬܫܥܐ 17
Yesu bisaa sɛ, “Ɛnyɛ nnipa edu na wɔn ho yɛɛ wɔn den? Baakron a wɔaka no wɔ he?
ܠܡܐ ܦܪܫܘ ܕܢܐܬܘܢ ܢܬܠܘܢ ܬܫܒܘܚܬܐ ܠܐܠܗܐ ܐܠܐ ܗܢܐ ܕܡܢ ܥܡܐ ܗܘ ܢܘܟܪܝܐ 18
Adɛn enti na ɔmamfrani yi nko na wasane aba sɛ ɔrebɛyi Onyankopɔn ayɛ?”
ܘܐܡܪ ܠܗ ܩܘܡ ܙܠ ܗܝܡܢܘܬܟ ܐܚܝܬܟ 19
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre kɔ, wo gyidie ama wo ho ayɛ wo den.”
ܘܟܕ ܫܐܠܘܗܝ ܠܝܫܘܥ ܡܢ ܦܪܝܫܐ ܐܡܬܝ ܐܬܝܐ ܡܠܟܘܬܗ ܕܐܠܗܐ ܥܢܐ ܘܐܡܪ ܠܗܘܢ ܠܐ ܐܬܝܐ ܡܠܟܘܬܗ ܕܐܠܗܐ ܒܢܛܘܪܬܐ 20
Ɛda bi Farisifoɔ bi bisaa Yesu sɛ, “Ɛberɛ bɛn na Onyankopɔn Ahennie no bɛba?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Onyankopɔn Ahennie no nnam nsɛnkyerɛnneɛ bi a mobɛhunu so na ɛbɛba,
ܘܠܐ ܐܡܪܝܢ ܗܐ ܗܪܟܐ ܗܝ ܘܗܐ ܗܪ ܬܡܢ ܗܝ ܗܐ ܓܝܪ ܡܠܟܘܬܗ ܕܐܠܗܐ ܠܓܘ ܡܢܟܘܢ ܗܝ 21
na obi rentumi nkyerɛ mo sɛ, ‘Ɛwɔ ha anaa ɛhɔ!’ Ɛfiri sɛ, Onyankopɔn Ahennie no te mo mu.”
ܘܐܡܪ ܠܬܠܡܝܕܘܗܝ ܢܐܬܘܢ ܝܘܡܬܐ ܕܬܬܪܓܪܓܘܢ ܠܡܚܙܐ ܚܕ ܡܢ ܝܘܡܬܐ ܕܒܪܗ ܕܐܢܫܐ ܘܠܐ ܬܚܙܘܢ 22
Na ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mmerɛ bi bɛba a mo ani bɛgyina sɛ mobɛhunu Onipa Ba no wɔ mo nkyɛn, nanso morenhunu no.
ܘܐܢ ܢܐܡܪܘܢ ܠܟܘܢ ܗܐ ܗܪܟܐ ܗܘ ܘܗܐ ܗܪ ܬܡܢ ܗܘ ܠܐ ܬܐܙܠܘܢ 23
Sɛ nnipa ka kyerɛ mo sɛ mewɔ ha anaa baabi foforɔ a, monnni wɔn akyi.
ܐܝܟܢܐ ܓܝܪ ܕܒܪܩܐ ܒܪܩ ܡܢ ܫܡܝܐ ܘܟܠܗ ܬܚܝܬ ܫܡܝܐ ܡܢܗܪ ܗܟܢܐ ܢܗܘܐ ܒܪܗ ܕܐܢܫܐ ܒܝܘܡܗ 24
Sɛdeɛ anyinam pa ogya wɔ ewiem ma nnipa nyinaa hunu no, saa ara nso na Onipa Ba no ba a ɔbɛsane aba no bɛyɛ.
ܠܘܩܕܡ ܕܝܢ ܥܬܝܕ ܗܘ ܕܢܚܫ ܤܓܝܐܬܐ ܘܢܤܬܠܐ ܡܢ ܫܪܒܬܐ ܗܕܐ 25
Nanso, ansa na yeinom nyinaa bɛba mu no, ɛsɛ sɛ mehunu amane na me nkurɔfoɔ nso po me.
ܘܐܝܟܢܐ ܕܗܘܐ ܒܝܘܡܬܗ ܕܢܘܚ ܗܟܢܐ ܢܗܘܐ ܒܝܘܡܬܗ ܕܒܪܗ ܕܐܢܫܐ 26
“Sɛdeɛ Noa ɛberɛ so nnipa yɛɛ asoɔden no, saa ara nso na sɛ Onipa Ba no ba a, ɛbɛyɛ no no.
ܕܐܟܠܝܢ ܗܘܘ ܘܫܬܝܢ ܘܢܤܒܝܢ ܢܫܐ ܘܝܗܒܝܢ ܠܓܒܪܐ ܥܕܡܐ ܠܝܘܡܐ ܕܥܠ ܢܘܚ ܠܟܘܝܠܐ ܘܐܬܐ ܛܘܦܢܐ ܘܐܘܒܕ ܠܟܠ ܐܢܫ 27
Saa ɛberɛ no, nnipa didi nomee, warewaree kɔsii sɛ Noa kɔhyɛɛ ɛhyɛn no mu na nsuyire bɛfaa saa nnipa no nyinaa.
ܘܐܝܟܢܐ ܬܘܒ ܕܗܘܐ ܒܝܘܡܬܗ ܕܠܘܛ ܕܐܟܠܝܢ ܗܘܘ ܘܫܬܝܢ ܘܙܒܢܝܢ ܘܡܙܒܢܝܢ ܘܢܨܒܝܢ ܗܘܘ ܘܒܢܝܢ 28
“Saa ara nso na Lot berɛ so no, na ɛte. Nnipa didi nomee, dii dwa, yɛɛ mfuo, sisii adan,
ܒܝܘܡܐ ܕܝܢ ܕܢܦܩ ܠܘܛ ܡܢ ܤܕܘܡ ܐܡܛܪ ܡܪܝܐ ܢܘܪܐ ܘܟܒܪܝܬܐ ܡܢ ܫܡܝܐ ܘܐܘܒܕ ܠܟܠܗܘܢ 29
kɔsii sɛ Lot firii Sodom na ogya ne sɔfe firi ɔsoro bɛhyee saa nnipa no nyinaa.
ܗܟܢܐ ܢܗܘܐ ܒܝܘܡܐ ܕܡܬܓܠܐ ܒܪܗ ܕܐܢܫܐ 30
“Saa ara nso na da a Onipa Ba no bɛsane aba no, ɛbɛyɛ.
ܒܗܘ ܝܘܡܐ ܡܢ ܕܒܐܓܪܐ ܗܘ ܘܡܐܢܘܗܝ ܒܒܝܬܐ ܠܐ ܢܚܘܬ ܕܢܫܩܘܠ ܐܢܘܢ ܘܡܢ ܕܒܚܩܠܐ ܗܘ ܠܐ ܢܬܗܦܟ ܠܒܤܬܪܗ 31
Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ obiara a ɔwɔ adwuma mu, afuo mu anaa edwa so sane nʼakyi ba efie sɛ ɔrebɛsesa nʼahodeɛ.
ܐܬܕܟܪܘ ܠܐܢܬܬܗ ܕܠܘܛ 32
Monkae asɛm a ɛtoo Lot yere.
ܡܢ ܕܨܒܐ ܕܢܚܐ ܢܦܫܗ ܢܘܒܕܝܗ ܘܡܢ ܕܢܘܒܕ ܢܦܫܗ ܢܚܝܗ 33
Obiara a ɔdɔ ne ɔkra no, ɛbɛfiri ne nsa. Na deɛ ɔbɛhwere ne ɔkra no, bɛnya.
ܐܡܪ ܐܢܐ ܠܟܘܢ ܕܒܗܘ ܠܠܝܐ ܬܪܝܢ ܢܗܘܘܢ ܒܚܕܐ ܥܪܤܐ ܚܕ ܢܬܕܒܪ ܘܐܚܪܢܐ ܢܫܬܒܩ 34
Ɛda no, wɔbɛfa nnipa baanu a wɔda faako no mu baako agya ɔbaako.
ܬܪܬܝܢ ܢܗܘܝܢ ܛܚܢܢ ܐܟܚܕܐ ܚܕܐ ܬܬܕܒܪ ܘܐܚܪܬܐ ܬܫܬܒܩ 35
Saa ara nso na wɔbɛfa mmaa baanu a wɔrenoa aduane no mu baako agya ɔbaako.
ܬܪܝܢ ܢܗܘܘܢ ܒܚܩܠܐ ܚܕ ܢܬܕܒܪ ܘܐܚܪܢܐ ܢܫܬܒܩ 36
Mmarima baanu a wɔreyɛ adwuma wɔ afuom no nso, wɔbɛfa ɔbaako agya ɔbaako.”
ܥܢܘ ܘܐܡܪܝܢ ܠܗ ܠܐܝܟܐ ܡܪܢ ܐܡܪ ܠܗܘܢ ܐܝܟܐ ܕܦܓܪܐ ܬܡܢ ܢܬܟܢܫܘܢ ܢܫܪܐ 37
Asuafoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Awurade, ɛhe na wɔde wɔn bɛkɔ?” Yesu buaa wɔn sɛ, “Baabi a efunu wɔ no, apete mpa hɔ!”

< ܠܘܩܘܣ 17 >