< أيُّوب 25 >

فَقَالَ بِلْدَدُ الشُّوحِيُّ: ١ 1
Na Suhini Bildad buae se,
«لِلهِ السُّلْطَانُ وَالْهَيْبَةُ، يَصْنَعُ السَّلامَ فِي أَعَالِيهِ. ٢ 2
“Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn; ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro.
هَلْ مِنْ إِحْصَاءٍ لأَجْنَادِهِ، وَعَلَى مَنْ لَا يُشْرِقُ نُورُهُ؟ ٣ 3
Wobetumi akan nʼakofo ana? Hena na ne hann nhyerɛn wɔ ne so?
فَكَيْفَ يَتَبَرَّرُ الإِنْسَانُ عِنْدَ اللهِ، وَكَيْفَ يَزْكُو مَوْلُودُ الْمَرْأَةِ؟ ٤ 4
Ɛno de, ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim? Ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no bɛyɛ kronn?
فَإِنْ كَانَ الْقَمَرُ لَا يُضِيءُ، وَالْكَوَاكِبُ غَيْرَ نَقِيَّةٍ فِي عَيْنَيْهِ، ٥ 5
Mpo sɛ ɔsram nhyerɛn na nsoromma nyɛ kronn wɔ nʼani so a,
فَكَمْ بِالْحَرِيِّ الإِنْسَانُ الرِّمَّةُ وَابْنُ آدَمَ الدُّودُ؟» ٦ 6
na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaammoa, onipa ba a ɔyɛ osunson bi kɛkɛ!”

< أيُّوب 25 >